Young People Ask—What Will I Do With My Life? Video No (Ɔfã 2)
Sɛ wokɔ Young People Ask—What Will I Do With My Life? video no so a, kɔ “main menu,” na kɔ “Interviews,” na afei kɔ “Sections.” Sɛ wohwɛ afã abiɛsa no mu biara wie a, fa nsɛmmisa a ɛwɔ nkyekyɛm 2 no yɛ ntĩmu. Afei kɔ “main menu” na bue “Supplementary material” no mu. Sɛ wohwɛ “supplementary interviews” anum no mu biara wie a, fa nsɛmmisa a ɛwɔ nkyekyɛm 3 no yɛ ntĩmu.
“Sections—Dedication to Vain Pursuits or to God”: (1) Botae bɛn na wɔhyɛ mmabun sɛ wonni akyi? (2) Ɔkwan bɛn so na 1 Yohane 2:17 betumi aboa mmerante ne mmabaa ma wɔasi baabi a wɔbɛkɔ sukuu akodu ho gyinae? (3) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma ehu ka yɛn ma yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛbɔ asu? (4) Nneɛma a ebetumi aboa ma yɛafata ama asubɔ no bi ne nea ɛwɔ he? “Learning to Enjoy Your Ministry”: (5) Dɛn nti na ebinom ani nnye asɛnkakɔ ho? (6) Nneɛma bɛn na ebetumi aboa yɛn? (7) Dɛn na ɛma ebinom bɔ hu paa sɛ wɔne ahɔho bɛkasa, na dɛn nti? (8) Yɛbɛyɛ dɛn adi ehu a ɛka yɛn no so na yɛanya akokoduru de akasa? (9) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛma yɛn ho kokwaw wɔ asɛnka adwuma no mu? “An Open Door to Service”: (10) Ɔkwan bɛn so na akwampae adwuma no ma obi nya hokwan yɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu? (Filip. 3:16) (11) Dɛn nti na ebinom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛyɛ akwampae adwuma no bi? (12) Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛadi sikasɛm ho dadwen so? (13) Dɛn na ebinom yɛ de nya sika de hwɛ wɔn ho bere a wɔreyɛ akwampae adwuma no? (14) Sɛ obi nsɛm tebea mma ontumi nyɛ bere nyinaa som adwuma no bi a, dɛn na obetumi ayɛ?
“Supplementary material—The Value of Personal Study”: (15) Dɛn nti na nhyehyɛe pa a yɛbɛyɛ de asua ade ho hia paa? “Alternative Witnessing” (seesei wɔfrɛ no baguam adansedi): (16) Ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma no afã horow a yɛbɛyɛ bi no bɛma yɛanya anigye kɛse? “Bethel Service”: (17) Anigye a ɛwɔ Betel som adwuma mu no bi ne dɛn? “Ministerial Training School”: (18) Mfaso bɛn na wɔn a wɔakɔ sukuu yi bi no (seesei wɔfrɛ no Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Anuanom Mmarima Asigyafo) anya? “Gilead Missionary Training”: (19) Dɛn na Peter ne Fiona yɛ de siesiee wɔn ho maa asɛmpatrɛw adwuma no, na mfaso bɛn na wonya fii Gilead sukuu no so?