Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase November 4
DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 4
Dwom 116 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
jl Adesua 3-4 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Tito 1-3–Filemon 1-25(Simma 10)
No. 1: Tito 2:1-15 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: So Ɛho Hia sɛ Obi De Ne Ho Hyɛ Nyamesom Kuw Bi Mu?—rs-E kr. 326 ¶2–kr. 327 ¶2; +w00 1/1 nkr. 30-31 (Simma 5)
No. 3: Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ ‘Yetie Atosɛm’—1 Tim. 1:3, 4; 2 Tim. 4:3, 4 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Akwan a Yɛbɛfa so De Nsɛmma Nhoma Ama wɔ November Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Fa anibu 30 kosi 60 ka nea enti a asasesin no mufo ani begye nsɛmma nhoma no ho kyerɛ. Afei, gyina asɛm a ɛda Ɔwɛn-Aban no so bisa atiefo ma wɔnkyerɛ nsɛm a ɛkanyan anigye a wobebisa, ne afei kyerɛwsɛm a wɔbɛpɛ sɛ wɔkenkan. Fa Nyan! no nso di dwuma saa ara, na sɛ bere wom a, ka nsɛmma nhoma no mu biako mu asɛm foforo bi ka ho. Ma wɔnyɛ sɛnea yebetumi de nsɛmma nhoma no mu biara ama ho ɔyɛkyerɛ.
10 min: Asafo mu ahiade.
10 min: Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi. (Heb. 4:12) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina afe 2013 Yearbook no kratafa 57 nkyekyɛm 1, kosi kratafa 59 nkyekyɛm 3 so. Ma atiefo nka nea wɔasua afi mu.
Dwom 114 ne Mpaebɔ