Yebefi Ase Asua Bɛn Yehowa Nhoma no wɔ Dapɛn a Efi Ase January 6
1. Efi dapɛn a efi ase January 6 rekɔ no, hokwan bɛn na yebenya de abɛn Yehowa kɛse?
1 Yehowa pɛ sɛ yɛbɛn no. (Yak. 4:8) Ɛno nti, yebefi ase asua Bɛn Yehowa nhoma no wɔ dapɛn a efi ase January 6 wɔ Asafo Bible Adesua ase. Wɔaka nea enti a wɔyɛɛ nhoma no ho asɛm wɔ ne nnianim asɛm no mu. Ɛka sɛ: “Sɛ yesusuw akwan a Yehowa fa so da ne su ahorow no mu biara adi ho, na yehu sɛnea Yesu Kristo daa no adi pɛpɛɛpɛ, na yɛte sɛnea yɛn nso yebetumi anya su ahorow no bi ase a, ɛbɛma yɛabɛn Onyankopɔn.” Asafo ahorow asua nhoma yi pɛn wɔ afe 2004 ne 2005 mu. Nanso, efi saa bere no, nnipa bɛboro ɔpepem abien na wɔaba nokware no mu ma enti eyi bɛyɛ bere a edi kan koraa a wobesua Yehowa su a ɛyɛ fɛ no ho ade akɔ akyiri. Ɛbɛboa wɔn a wɔasua nhoma no pɛn no nso ma anisɔ a wɔwɔ ma Yehowa su ahorow no ayɛ kɛse.—Dw. 119:14.
2. Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so asua Bɛn Yehowa nhoma no?
2 Ɔkwan a Yɛbɛfa So Asua: Onua a ɔbɛhwɛ so no bɛka asɛm tiawa de afi adesua no ase; ebetumi ayɛ ɔkasamu biako anaa abien bi. Wɔnkyerɛɛ kyerɛw nsɛm a yɛbɛkenkan, enti onua a ɔbɛhwɛ so no na ɔbɛpaw emu kyerɛw nsɛm atitiriw no bi ma wɔakenkan. Obetumi abisa asɛm biako anaa abien de ayɛ ntimũ wɔ adesua biara awiei. Sɛ adaka a wɔato din “Nsɛmmisa a Ɛsɛ sɛ Wususuw Ho” wɔ adesua no mu a, ɛnde ɛno na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ ntimũ no. Sɛ bere ma kwan a, nea ɔhwɛ so no betumi ama wɔakenkan kyerɛw nsɛm a ɛwɔ adaka no mu no bi na afei wabisa nsɛm foforo ma wɔama ho mmuae.
3. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a yɛresua nhoma no, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa?
3 Nya So Mfaso Kɛse: Sɛ woasua nhoma yi pɛn mpo a, siesie wo ho ansa na woakɔ adesua. Ɛyɛ a ma mmuae efisɛ, ɛbɛma woahyɛ Yehowa anuonyam, wobɛkae emu nsɛm no, na afoforo nso benya so mfaso. (Dw. 35:18; Heb. 10:24, 25) Bere a woredwinnwen Yehowa su horow a ɛkyɛn so ho no, ɛbɛma woabɛn no kɛse. (Dw. 77:11-13) Afei nso, eyi bɛma woasi wo bo paa sɛ wubedi Yehowa ahyɛde so, na ɛbɛka wo ma woayere wo ho aka ne ho asɛm akyerɛ afoforo.—Dw. 150:1-6.