Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase December 16
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 16
Dwom 116 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
jl Adesua 20-22 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Adiyisɛm 1-6 (Simma 10)
No. 1: Adiyisɛm 3:14–4:8 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Nokware Som Nyɛ Amanne na Mmom Wɔde Bɔ Bra—rs-E kr. 329 ¶2; +w07 3/1 kr. 6 ¶3-7 (Simma 5)
No. 3: Akwan Bɛn So na Yesu ‘Gyaw Nhwɛsode’ Maa N’akyidifo?—Yohane 13:15 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: So Wokae? Ɔkasa a asafo mu panyin ma. Tĩ nsɛm a ɛbaa Yɛn Ahenni Som mu yi mu: “Nea Kyerɛwnsɛm no Ka wɔ Ayiyɛ ho a Yebegye Atom—Ɔfã 1” (km-Gh 5/08). Fa kyerɛw nsɛm no si emu nsɛntitiriw so dua, na baabi a ɛho hia no, kyerɛ sɛnea mubetumi de emu nsɛm no adi dwuma wɔ mo mpɔtam hɔ.
10 min: Mmabun Munyi Yehowa Ayɛ. (Dw. 148:12, 13) Bisabisa mmabun baanu anaa baasa a wɔyɛ nhwɛso pa nsɛm. Wɔn gyidi ho sɔhwɛ bɛn na wohyia wɔ sukuu mu? Dɛn na wɔn awofo ne afoforo ayɛ de aboa wɔn ma wɔatumi agyina saa sɔhwɛ yi ano? Dɛn na ama wɔanya akokoduru de aka wɔn gyidi ho asɛm? Ma wɔnka osuahu ahorow nkyerɛ.
10 min: “Yebefi Ase Asua Bɛn Yehowa Nhoma no wɔ Dapɛn a Efi Ase January 6.” Nsɛmmisa ne mmuae.
Dwom 75 ne Mpaebɔ