Nhyehyɛe Ma Nnawɔtwe a Ɛfi Aseɛ September 14
NNAWƆTWE A ƐFI ASEƐ SEPTEMBER 14
Dwom 50 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 30 ¶10-18 (simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 2 Ahemfo 16-18 (simma 8)
No. 1: 2 Ahemfo 17:12-18 (simma 3 anaa nea ɛnnu saa)
No. 2: Sɛ Worekenkan Bible a Ɛdeɛn na Ɛbɛma Woanya so Mfasoɔ Kɛse?—igw kr. 32 (simma 5)
No. 3: Ɛpo Kɔkɔɔ no Twa—my adesua 33 (simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
Bosome Yi Asɛmti: ‘Di asɛmpa no ho adanseɛ fekɔfekɔ.’—Aso. 20:24.
10 min: ‘Di Asɛmpa no Ho Adanseɛ Fekɔfekɔ.’ Ɔkasa a ɛgyina bosome yi asɛmti so. Afei hwɛ Di Adanse nwoma no ti 1, nkyekyɛm 1-11.—Aso. 20:24.
20 min: “Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Asasesin a Nnwuma Wom.” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ ntiatiaa mmienu. Nea ɛdi kan mu no, ɔdawurubɔfo bi pɛ sɛ ɔdi odwumayɛni bi adanse nanso wamfa nhumu anyɛ adwuma. Afei ɔyɛ ɔyɛkyerɛ no bio, nanso saa bere yi deɛ, ɔde nhumu yɛ adwuma. Wɔwie a, bisa anuanom ma wɔnka nea enti a ɔyɛkyerɛ a ɛtɔ so mmienu no yɛ papa.
Dwom 96 ne Mpaebɔ