January 7-13
ASOMAFO NNWUMA 21-22
Dwom 55 Ne Mpaebɔ
Nnianim Nsɛm (Simma 3 anaa nea ennu saa)
BIBLE MU AKORADE
“Yehowa Pɛ Na Ɛnyɛ Hɔ”: (Simma 10)
Aso 21:8-12—Paulo mfɛfo Kristofo srɛɛ no sɛ mma ɔnnkɔ Yerusalem, efisɛ na ɔbɛkɔ akɔtɔ asiane mu wɔ hɔ (bt 177-178 ¶15-16)
Aso 21:13—Paulo sii ne bo sɛ ɔbɛyɛ Yehowa apɛde (bt 178 ¶17)
Aso 21:14—Bere a anuanom no hui sɛ Paulo asi ne bo sɛ ɔbɛkɔ no, wogyaa no haw (bt 178 ¶18)
Tweetwee Bible Mu: (Simma 8)
Aso 21:23, 24—Sɛ Kristofo nhyɛ Mose Mmara no ase bio a, ɛnde adɛn nti na mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no de akwankyerɛ yi maa Paulo? (bt 184-185 ¶10-12)
Aso 22:16—Ɔkwan bɛn na na wɔbɛfa so ahohoro Paulo bɔne? (nwtsty adesua asɛm)
Dɛn na nnawɔtwe yi Bible akenkan ama woasua afa Yehowa ho?
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, ade foforo bɛn na wuhui?
Bible Akenkan: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Aso 21:1-19 (th adesua 5)a
MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho: (Simma 10) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video a yɛato din Ma Wo Nnianim Nsɛm Ntu Mpɔn no. Afei nhomawa a yɛato din Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho no, munsusuw adesua 1 no ho.
Ɔkasa: (Simma 5 anaa nea ennu saa) w10-E 2/1 13 ¶2-14 ¶2—Asɛmti: Enti Ɛsɛ Sɛ Kristofo Di Nnawɔtwe Nnawɔtwe Homeda? (th adesua 1)b
KRISTOFO ABRABƆ
“Yehowa Akyerɛ Yɛn Sɛnea Yɛbɛtete Yɛn Mma”: (Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video no.
Asafo Bible Adesua: (Simma 30) jy ti 49
Ntĩmu Ne Nea Yebesua Nnawɔtwe a Edi Hɔ (Simma 3)
Dwom 70 Ne Mpaebɔ
a b Hyɛ no nsow: Efi January rekɔ no, wɔde nea ɛsɛ sɛ osuani biara di ho dwuma wɔ ne dwumadi mu no bɛhyɛ nkahyemde “()” mu aka akwankyerɛ a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ so yɛ ne dwumadi no ho wɔ adesua nhoma no mu. Wobeyi nea ɛsɛ sɛ osuani biara di ho dwuma no afi nhomawa a yɛato din Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho (th) no mu.