Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
© 2023 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
MARCH 4-10
BIBLE MU AKORADE | DWOM 16-17
“Yehowa, Adepa Biara a Minya No, Wo Nkyɛn Na Efi”
w18.12 26 ¶11
Mmabun, Mubetumi Anya Asetena a Akomatɔyam Wom
FA NNAMFO PA
11 Kenkan Dwom 16:3. Ná Dawid nim sɛnea yɛfa nnamfo pa. Wɔn a wɔdɔ Yehowa a ɔne wɔn bɔe no, ‘n’ani sɔe pa ara,’ anaa ɛmaa n’ani gyei pa ara. Ɔkaa wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ “akronkronfo,” efisɛ wɔn ho tew, na wɔteɛ. Odwontofo foforo nso tee nka saa ara wɔ nkurɔfo a ɔfaa wɔn nnamfo ho. Ɔkaa sɛ: “Me nnamfo ne wɔn a wosuro wo ne wɔn a wodi w’ahyɛde so.” (Dw. 119:63) Adesua a edi wei anim no, yehui sɛ wo nso wubetumi anya nnamfo pa pii wɔ wɔn a wosuro Yehowa na wotie n’asɛm mu. Nanso, ɛnyɛ nkurɔfo a wo ne wɔn bɔ tipɛn nko ara na ɛsɛ sɛ wofa wɔn nnamfo.
w14 2/15 29 ¶4
‘Hwɛ Yehowa Papayɛ’
Dawid too dwom sɛ: “Yehowa ne me kyɛfa ne kuruwa a wɔasusuw ama me. Me kyɛfa hyɛ wo nsa. Susuhama no atwa nea ɛhɔ ye ama me.” (Dw. 16:5, 6) Ná Dawid ani sɔ ne “kyɛfa,” kyerɛ sɛ na ɛyɛ no dɛ sɛ ɔne Yehowa afa adamfo na wanya hokwan resom no. Sɛnea Dawid faa ahohia ne amanehunu pii mu no, yɛn nso ebi betumi ato yɛn. Nanso yɛnkae sɛ Yehowa de nneɛma pii adom yɛn! Enti momma nokware som nyɛ yɛn dɛ na ‘yɛmfa anisɔ nhwɛ’ Yehowa honhom fam asɔrefie no daa.
w08 2/15 3 ¶2-3
Monkɔ So Nkae Yehowa Bere Nyinaa
2 Yɛn nyinaa betumi asua nneɛma pii afi nnipa a wɔaka wɔn ho nsɛm wɔ Bible mu a yenim wɔn yiye no hɔ. Wɔn mu bi ne Abraham, Sara, Mose, Rut, Dawid, Ester, ɔsomafo Paulo, ne afoforo. Saa ara na yebetumi asua biribi afi nnipa bi a wɔanka wɔn ho nsɛm pii wɔ Bible mu no nso hɔ. Sɛ yesusuw Bible mu nsɛm ho a, ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ yɛn ade te sɛ odwontofo no. Ɔkae sɛ: “Mede [Yehowa, NW] masi m’anim daa yi, na ɔwɔ me nifa yi, merenhim.” (Dw. 16:8) Ɛsɛ sɛ yɛte saa asɛm no ase dɛn?
3 Ɔsraani taa kura ne nkrante wɔ ne nsa nifa mu, na ɛno ma ɛyɛ den sɛ ɔkyɛm a ekura ne nsa benkum mu no betumi abɔ ne nsa nifa no ho ban. Nanso, sɛ ne yɔnko bi gyina ne nifa so reko a, ɔbɔ no ho ban. Sɛ yɛkɔ so kae Yehowa na yɛyɛ n’apɛde a, ɔbɛbɔ yɛn ho ban. Enti, momma yɛnhwɛ sɛnea Bible mu nsɛm a yebesusuw ho no betumi ahyɛ yɛn gyidi den ma “yɛakɔ so akae Yehowa bere nyinaa.”—Byington.
Tweetwee Bible Mu
it-2 714
Ani Kosua
Hebri asɛmfua ʼi·shohnʹ (De 32:10; Mme 7:2) no, sɛ wɔkyerɛw ka Hebri asɛmfua ʽaʹyin (ani) ho a, nea ɛkyerɛ paa ne “nipa ketewa a ɔda ani so.” Biribi a ɛte saa ara wɔ Kwadwom 2:18. Ɛhɔ de, wɔde asɛmfua bath (ɔbabea), na ɛkaa ʽaʹyin (ani) ho, na ɛkyerɛ “ani babea.” Nea ne nyinaa kyerɛ ne “ani kosua.” Sɛ wokɔ Dwom 17:8 a, ɛhɔ no, wɔde ʼi·shohnʹ ne bath nyinaa kaa ʽaʹyin ho de sii asɛm a ɛwɔ hɔ no so dua (ʼi·shohnʹ bath-ʽaʹyin), na nea ɛkyerɛ paa ne “nipa ketewa, ɔbabea a ɔda ani so” (nea ɛkyerɛ ne “tuntum a ɛwɔ yɛn ani kosua so no”). Sɛ wohwɛ obi anim a, wubehu sɛ n’ani kosua no, woabɛda tuntum no mu ketekete. Ɛno nti na Hebri mu no, asɛm ‘ani kosua’ no, wɔkyerɛ ase nipa ketewa anaa ɔbabea a ɔda ani so no.
Ani wɔ hɔ yi, enni ahoɔden, na biribi ketekete mpo tɔ so a, wote; sɛ nwi ketekete bi anaa anwea ketekete bi koraa tɔ so a, ɛhɔ ara na woate. Tuntum a ɛwɔ yɛn ani kosua so no, nsu tentann bi taa so. Saa nsu tentann no, sɛ biribi twiw so anaa yare ba mu a, etumi ma w’ani so yɛ wo wusiwusi na w’ani tumi fura mpo. Ɛno nti saa nsu tentann no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ bɔ ho ban yiye na biribiara ansɛe no. Enti sɛ Bible reka biribi a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ bɔ ho ban yiye a, ɛka sɛ yɛmmɔ saa ade no ho ban te sɛ yɛn ‘ani kosua’ anaa tuntum a ɛwɔ yɛn ani kosua so no. Sɛ Bible ka no saa a, ɛma yehu sɛ asɛm no yɛ asɛnhia paa, na ɛnsɛ sɛ yɛde di agorɔ. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Bible ka sɛ yɛmmɔ Onyankopɔn mmara ho ban sɛ yɛn ani kosua. (Mme 7:2) Deuteronomium 32:10 ma yehu sɛnea Nyankopɔn hwɛɛ Israelfo no sɛ ne mma. Ɛka sɛ ɔbɔɔ wɔn ho ban sɛ “n’ani kosua.” Dawid nso bɔɔ mpae srɛɛ Nyankopɔn sɛ ɔmmɔ ne ho ban na ɔnhwɛ no sɛ ‘N’ani kosua.’ (Dw 17:8) Ná ɔpɛ sɛ Yehowa tutu mmirika begye no fi n’atamfo nsam. (Fa toto Sak 2:8 ho; ɛhɔ no, wɔde Hebri asɛm ba·vathʹ ʽaʹyin, anaa ‘ani kosua,’ yɛɛ adwuma.)
MARCH 11-17
BIBLE MU AKORADE | DWOM 18
“Yehowa Ne . . . Me Gyefo”
w09 5/1 14 ¶4-5
Yehowa Mu Anigye Ne Yɛn Abannennen
Ɛtɔ da a, Bible tumi de Yehowa toto nneɛma bi a nkwa nnim ho. Bible ka sɛ Yehowa ne “Israel Botan no”; ɛka sɛ ɔyɛ “botan,” na ɔsan yɛ ‘abannennen.’ (2 Samuel 23:3; Dwom 18:2; Deuteronomium 32:4) Adɛn nti na Bible de Yehowa toto saa nneɛma no ho? Sɛnea ɔbotan tim hɔ denneennen a biribiara ntumi mpia no no, saa ara na Yehowa Nyankopɔn nso, wode wo ho tweri no a, worenhwe ase da.
5 Nnwom nhoma no mu nsɛm pii wɔ hɔ a, ɛde Yehowa toto nneɛma bi ho, na ɛma yehu nneɛma ahorow a Yehowa betumi ayɛ. Wohwɛ Dwom 84:11 sei a, ɛka Yehowa ho asɛm sɛ ɔyɛ “owia ne ɔkyɛm,” efisɛ ɔno na ɔma hann, ɔma yɛn nkwa, ɔma yɛn ahoɔden, ne bammɔ. Nanso Dwom 121:5 de, ɛdan asɛm no koraa. Ɛhɔ ka sɛ “Yehowa ne wo nwini, na ɔwɔ wo nsa nifa so.” Wugyina nwini mu a, awia ntumi nhye wo. Yehowa nso yɛ owini ma ne nkurɔfo. Amanehunu a ɛma wɔn ho hyehye wɔn te sɛ ogya no, ogye wɔn fi mu, na ɔma wɔnya onwini anaa ahobammɔ wɔ ne “nsa” anaa ne “ntaban” ase.—Yesaia 51:16; Dwom 17:8; 36:7.
it-2 1161 ¶7
Ɛnne
Nyankopɔn te n’asomfo nne. Wɔn a wɔsom Nyankopɔn wɔ honhom ne nokwarem no, sɛ wɔbɔ no mpae a, wɔbetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛte wɔn nne, ɛmfa ho ne kasa a wɔde bɛbɔ mpae no. Afei nso, sɛ obi bɔ mpae wɔ ne tirim na wammue n’ano ankasa mpo a, Onyankopɔn ‘bɛte,’ kyerɛ sɛ obehu nea nipa no reka, efisɛ onim nea ɛwɔ nnipa komam. (Dw 66:19; 86:6; 116:1; 1Sa 1:13; Ne 2:4) Onyankopɔn te ohiani sufrɛ, na ɔboa no, na wɔn a wɔsɔre tia no ne wɔn a wɔbɔ ne nkurɔfo ho pɔw no, wɔn nso ɔte wɔn nne, na onim wɔn adwene.—Ge 21:17; Dw 55:18, 19; 69:33; 94:9-11; Yer 23:25.
w22.04 3 ¶1
Sɛnea Wubetumi Agyina Dadwen Ano
2. Dwinnwen nea Yehowa ayɛ ama wo no ho. Sɛ wohwɛ w’asetenam a, ebia wobɛkae sɛ ɔhaw bi a wuhyiae no, sɛ Yehowa ammoa wo a, anka woantumi annyina ano. Sɛnea Yehowa aboa yɛn, ne sɛnea ɔboaa n’asomfo tete no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛma yenya akokoduru. Afei nso, ɛma yenya Yehowa mu ahotoso kɛse. (Dw. 18:17-19) Asafo mu panyin bi a ne din de Joshua ka sɛ: “Me mpae biara a Yehowa abua no, makyerɛw ato hɔ. Wei nti, mitumi kae biribi pɔtee a mibisa fii Yehowa hɔ ma ɔyɛ maa me no.” Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yedwinnwen nea Yehowa ayɛ ama yɛn pɛn no ho a, ɛma yenya ahoɔden foforo de gyina dadwen ano.
Tweetwee Bible Mu
it-1 432 ¶2
Kerubim
Aman a na ɛte bɛn Israelfo no, abosom a na wɔsom wɔn no bi wɔ hɔ a, w’ani bɔ wɔn so a, wo yam bɛhyew wo. Ná wɔwɔ ntaban, na wɔsoso, na na wɔn ho yɛ hu. Ebinom ka sɛ, Israelfo no hwɛɛ saa abosom no so na ɛyɛɛ kerubim a na wɔsisi apam adaka no so no. Enti wɔkyerɛ sɛ, kerubim no nso, w’ani bɔ wɔn so a, na wɔn ho yɛ hu. Nanso wei nyɛ nokware. Tete Yudafo dodow no ara kyerɛ sɛ, kerubim no, na wɔayɛ wɔn te sɛ nnipa (Bible nka wei ho asɛm). Nea ɛte ne sɛ, sɛnea na wɔayɛ kerubim no, na ɛyɛ fɛ paa. Ná wɔyɛ abɔfo sɛso; abɔfo nso de, wɔn ahoɔfɛ yɛ adutwam. Yehowa ankasa na ‘ɔkyerɛɛ’ Mose sɛnea wɔnyɛ kerubim no, na wɔyɛɛ wɔn saa pɛpɛɛpɛ. (Ex 25:9) Ɔsomafo Paul kaa kerubim no ho asɛm sɛ ‘wɔwɔ anuonyam, na wɔbutuw mpata mmuaso no so wɔ apam adaka no so.’ (Heb 9:5) Kerubim a na wɔsisi apam adaka no so no, na Yehowa yi ne ho adi wɔ wɔn ntam: “Meyi me ho adi akyerɛ wo wɔ hɔ, na kerubim abien a wɔwɔ Adanse Adaka no mmuaso so no, me ne wo bɛkasa wɔ wɔn ntam.” (Ex 25:22; Nu 7:89) Ɛno nti, na wɔka Yehowa ho asɛm sɛ “ɔte kerubim so [anaa, ɔwɔ wɔn ntam].” (1Sa 4:4; 2Sa 6:2; 2Ah 19:15; 1Be 13:6; Dw 80:1; 99:1; Yes 37:16) Kerubim no ‘gyina hɔ ma teaseɛnam a Yehowa te so no.’ (1Be 28:18) Sɛnea yɛbɛka no no, sɛ Yehowa te kerubim so a, wɔn ntaban no de no kɔ mmirika paa, na ɛsan bɔ ne ho ban. Enti yɛhwɛ dwom bi a Dawid toe a, ɔkaa biribi de kyerɛe sɛ Yehowa de mmirikaden bɛboaa no. Ɔkaa sɛ Yehowa ‘tenaa kerubim so tu bae. Ɔtenaa ɔbɔfo ntaban so.’—2Sa 22:11; Dw 18:10.
MARCH 18-24
BIBLE MU AKORADE | DWOM 19-21
“Ɔsoro Pae Mu Ka Onyankopɔn Anuonyam”
w04 1/1 8 ¶1-2
Momma Yɛn Nyinaa Nhyɛ Yehowa Anuonyam
WƆTETEE Yisai ba aberantewaa Dawid sɛ oguanhwɛfo wɔ Betlehem. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ bere a na ɔhwɛ n’agya nguan wɔ adidibea a na ɛmmɛn fie no, na ɔtaa hwɛ wim a nsoromma ahyɛ hɔ ma wɔ anadwo a na wim atɛm dinn no! Akyinnye biara nni ho sɛ ɔkaee nneɛma a ɛtete saa bere a Nyankopɔn honhom kronkron kaa no ma ɔde nsɛm a ɛyɛ dɛ too Dwom a ɛto so 19 yi no: “Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma. Ɔsoro susuhama du asase nyinaa so, na ne nsɛm du wiase ano.”—Dwom 19:1, 4.
2 Ɔsoro a ɛyɛ Yehowa nsa ano adwuma no ma obiara hu Yehowa anuonyam daa adesae. Abɔde kɔ so hyɛ Onyankopɔn anuonyam a ennyae, na ɛho adanse a asase sotefo nyinaa hu wɔ “asase nyinaa so” no ma yehu sɛnea yɛba fam koraa no. Nanso nea abɔde ma yehu no nkutoo nnɔɔso. Wɔhyɛ nnipa anokwafo nkuran sɛ wɔnka biribi mfa nni ho adanse. Odwontofo bi a yennim ne din kaa nsɛm a efi honhom mu yi kyerɛɛ nnipa anokwafo a wɔsom Yehowa no sɛ: “Momfa anuonyam ne tumi mma [Yehowa, NW]. Momfa [Yehowa, NW] din anuonyam mma no.” (Dwom 96:7, 8) Wɔn a wɔne Yehowa wɔ abusuabɔ pa no de anigye gye saa ɔfrɛ no so. Ɛnde Onyankopɔn a yɛbɛhyɛ no anuonyam no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn?
w04 6/1 11 ¶8-10
Abɔde Ka Onyankopɔn Anuonyam Kyerɛ!
8 Dawid toa so kyerɛkyerɛ Yehowa abɔde a ɛyɛ nwonwa foforo mu sɛ: “Wasi ntamadan ama owia ɔsoro hɔ. Na ofi adi sɛ ayeforokunu a ofi ne pia mu, ɔde ahosɛpɛw tu ne kwan sɛ ɔbran. N’adifi wɔ ɔsoro ano, na ne kyini kodu ano hɔ, na biribiara nkora ne ho mfi ne hyew ano.”—Dwom 19:4-6.
9 Sɛ wɔde owia no toto nsoromma a aka ho a, owia no nyɛ nea ɛso ahe biara. Nanso, ɛyɛ nsoromma a ɛyɛ kɛse paa, na ɛma okyinnsoromma a etwa ho hyia no bɛyɛ nketenkete. Nhoma bi ka sɛ owia no mu duru bɛyɛ sɛ asase no mmɔho 330,000. Ɛkame ayɛ sɛ owia no kɛse reyɛ ayɛ sɛ yɛn amansan no nyinaa! Ɔkwan a ɛda owia ne asase no ntam yɛ kilomita ɔpepem 150, na esiane tumi a ɛtwe ade a ɛwɔ owia no mu nti, ɛmma asase no mmɛn owia no na saa ara na ɛntwe ne ho nkɔ akyiri nso. Owia no ahoɔden fã ketewaa bi pɛ na edu yɛn asase yi so, nanso ɛno ara ma yetumi tra ase.
10 Odwontofo no ka owia no ho asɛm wɔ sɛnkyerɛnne kwan so sɛ “ɔbran” a ofi asase ano kɔ asase ano adekyee na ɔkɔda ne “ntamadan” mu anadwo. Bere a saa nsoromma kɛse no kɔtɔ asase ano sɛnea nnipa hu no no, ɛte sɛ nea ɔrekɔda ne “ntamadan” mu. Ɛte sɛ nea epue mpofirim na ɛhyerɛn sɛ “ayeforokunu a ofi ne pia mu” pue anɔpa. Sɛ oguanhwɛfo no, na Dawid nim sɛnea anadwo awɔw ano yɛ den fa. (Genesis 31:40) Ɔkaa sɛnea na owia no bɔ ma ne ho bae no na ɛma ɛhɔnom asase no so yɛ hyew ntɛm ara no ho asɛm. Ɛda adi sɛ na owia no mmrɛe wɔ n’akwantu a efi epuei kɔ atɔe no mu, na mmom na ɛte sɛ “ɔbran” a wayɛ krado sɛ ɔbɛsan atoa “n’akwantu” so.
g95 11/8 7 ¶2
Odwumfo a Wɔabu Ani Agu Ne So Sen Biara Wɔ Yɛn Bere Yi Mu
Anisɔ a yɛwɔ ma abɔde mu adwinnidi a yɛbɛma ayɛ kɛse no betumi aboa yɛn ma yɛahu yɛn Bɔfo a ne nsa ano adwuma atwa yɛn ho ahyia no. Bere bi Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnhwɛ nhwiren a enyin wɔ Galilea no. Ɔkae sɛ: “Monhwɛ wuram sukooko, sɛnea enyin; ɛnyɛ adwuma, nso ɛnto asaawa, nanso mise mo sɛ, Salomo anuonyam nyinaa mu po wankekã ne ho sɛ eyinom mu biako.” (Mateo 6:28, 29) Nhwiren a ɛho nhia no fɛ a ɛyɛ no betumi akae yɛn sɛ Onyankopɔn mmu n’ani ngu adesamma abusua no ahiade ahorow so.
Tweetwee Bible Mu
it-1 1073
Hebri
Hebri kasa mu no, akwan pii na wɔfa so kyerɛw anwensɛm. Baako bi wɔ hɔ a, sɛ obi ka asɛm bi a, na wasan aka saa asɛm no ara wɔ kwan foforo so. Ebi nso wɔ hɔ a, asɛm a onipa no aka no, na waka asɛm foforo a ɛne no bɔ abira. Nanso nea yɛrebɛka ho asɛm yi de, asɛm a nipa no aka no, ɔka bi to so de bae mu. Ɛho nhwɛso wɔ Dwom 19:7-9:
Yehowa mmara di mu,
na ɛma ahoɔden foforo.
Yehowa nkaesɛm nni huammɔ,
ɛma nea onni nimdeɛ hu nyansa.
Yehowa ahyɛde teɛ,
na ɛma koma di ahurusi;
Yehowa mmara nsɛm ho tew,
na ebue nnipa ani.
Yehowa suro ho tew,
na ɛwɔ hɔ daa.
Yehowa atemmusɛm yɛ nokware;
ne nyinaa teɛ.
Wohwɛ kyerɛwsɛm no a, wubehu sɛ nkyekyɛm biara wɔ afã mmienu. Yɛhwɛ nkyekyɛm nson no sei a, n’afã mmienu no ni. Nea edi kan: “Yehowa mmara di mu, na ɛma ahoɔden foforo.” Nea ɛtɔ so mmienu: “Yehowa nkaesɛm nni huammɔ, ɛma nea onni nimdeɛ hu nyansa.” Wofa ɔfã biara a, wubehu sɛ ɛno nso wɔ afã mmienu, na ne fã a ɛtɔ so mmienu no na ɛma asɛm no si pi. Enti asɛm a ɛne “na ɛma ahoɔden foforo” no, odwontofo no de kaa ho na ama yɛahu nea enti a “Yehowa mmara di mu.” Afei nso asɛm a ɛne “ɛma nea onni nimdeɛ hu nyansa” no, ɔde kaa ho na ama yɛahu nea enti a “Yehowa nkaesɛm nni huammɔ.” Saa anwensɛm yi, sɛnea wɔahyehyɛ no no nti, sɛ wokan nkyekyɛm biara fã a edi kan a, wubetumi ahome so kakra ansa na woakan ɔfã a ɛtɔ so mmienu no. Nkyekyɛm nson no sei, sɛ wokan “Yehowa mmara di mu, na ɛma ahoɔden foforo” no wie a, wubetumi ahome so kakra ansa na woakan “Yehowa nkaesɛm nni huammɔ, ɛma nea onni nimdeɛ hu nyansa.” Enti anwensɛm a yɛreka ho asɛm yi, saa na ɛkɔ.
MARCH 25-31
BIBLE MU AKORADE | DWOM 22
Yesu Wu No, Bible Kaa Ɛho Nsɛm Bi Too Hɔ
w11 8/15 15 ¶16
Wohuu Mesia No!
16 Ná ɛbɛyɛ te sɛ nea Onyankopɔn agyaw Mesia no. (Monkenkan Dwom 22:1.) Sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no, “eduu dɔn a ɛto so akron [bɛyɛ awia nnɔnabiɛsa] no, Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: ‘Eli, Eli, lama sabaktani?’ a asekyerɛ ne sɛ: ‘Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woapa me?’” (Mar. 15:34) Bere a Yesu kae sɛ Onyankopɔn apa no no, na ɛnkyerɛ sɛ onni n’Agya mu gyidi bio. Ná Yesu nim sɛ Onyankopɔn remmɔ ne ho ban mfi n’atamfo nsam wɔ bere a na ɔrebewu no. Ná eyi bɛma Yesu anya hokwan ada no adi sɛ obedi Onyankopɔn nokware bere nyinaa. Na ɛnne kɛse a Yesu de teɛɛm no maa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 22:1 no baa mu wɔ no so.
w11 8/15 15 ¶13
Wohuu Mesia No!
13 Dawid hyɛɛ nkɔm sɛ nkurɔfo bɛsopa Mesia no. (Monkenkan Dwom 22:7, 8.) Nkurɔfo sopaa Yesu bere a na ɔrehu amane wɔ asɛndua no so no. Mateo bɔ yɛn amanneɛ sɛ: “Wɔn a wɔretwam no wosow wɔn ti kasa tiaa no, na wɔkae sɛ: ‘O wo a anka wubedwiriw asɔrefie agu na woasi no nnansa ntam, gye wo ho! Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, fi asɛndua no so si fam!’” Saa ara nso na asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo ne mpanyimfo no fii ase dii ne ho agoru na wɔkae sɛ: “Ogyee afoforo, nanso ontumi nnye ɔno ara ne ho! Ɔyɛ Israel hene; afei ma onsi mfi asɛndua no so na yebegye no adi. Ɔde ne ho ato Onyankopɔn so; afei sɛ ɔpɛ no a ma onnye no, efisɛ ɔno ara na ɔkae sɛ, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba.’” (Mat. 27:39-43) Nanso, Yesu hyɛɛ ne ho so a wanka asɛmmɔne biara da. Hwɛ sɛnea ɔyɛɛ nhwɛso pa maa yɛn!
w11 8/15 15 ¶14
Wohuu Mesia No!
14 Ná wɔbɛbɔ Mesia no atade so ntonto. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Wɔkyekyɛ me nguguso mu fa, na m’atade nso, wɔbɔ so ntonto.” (Dw. 22:18) Saa na ɛbae efisɛ “bere a [Roma asraafo no bɔɔ Yesu] asɛndua mu no, wɔbɔɔ ntonto kyɛɛ n’atade nguguso mu.”—Mat. 27:35; monkenkan Yohane 19:23, 24.
Tweetwee Bible Mu
w06 11/1 29 ¶7
Ɛsɛ Sɛ Yenya Obu Ma Yɛn Nhyiam A Ɛyɛ Kronkron No
7 Akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so akyerɛ obu ama nhyiam ahorow a yɛyɛ no. Emu biako ne sɛ yebedu hɔ ntɛm na yɛato Ahenni dwom a wɔde fi ase no bi. Nnwom no mu pii mu nsɛm te sɛ mpaebɔ ma ɛno enti ɛsɛ sɛ yɛto no nidi mu. Bere a ɔsomafo Paulo refa asɛm a ɛfa Yesu ho a ɛwɔ Dwom 22 aka asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom; mede nnwonto beyi wo ayɛ wɔ asafo mfinimfini.” (Hebrifo 2:12) Enti, ɛsɛ sɛ yɛma ɛyɛ yɛn su sɛ yebedu nhyiam ase atra ase ansa na oguamtrani no aka dwom a ɛsɛ sɛ yɛto de fi nhyiam no ase, yɛto bi na yɛde yɛn adwene si nea emu nsɛm kyerɛ no so bere a yɛreto no. Momma yemfi yɛn komam nto dwom sɛnea odwontofo a ɔkyerɛw asɛm a edi so yi yɛe no: “Mede me koma nyinaa mɛkamfo [Yehowa, NW], treneefo guabɔ ne asafo mu.” (Dwom 111:1) Yiw, ayeyi dwom a yɛbɛto ama Yehowa no nso yɛ ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ yedu yɛn nhyiam ahorow ase ntɛm na yɛtwɛn kosi sɛ wɔbɛpɔn no.
w03 9/1 20 ¶1
Munyi Yehowa Ayɛ ‘Wɔ Asafo no Mu’
Sɛnea na ɛte tete mmere mu no, wɔyɛ nsiesiei ma ankorankoro gyidifo ma wɔda wɔn gyidi adi ‘wɔ asafo no mu’ ɛnnɛ. Hokwan biako a ɛwɔ hɔ ma obiara ne nsɛm a wobisa atiefo ho mmuae a wɔde ma wɔ asafo nhyiam ahorow ase no. Mmu mfaso horow a eyi betumi de aba no adewa da. Sɛ nhwɛso no, mmuae a ɛda ɔkwan a yɛbɛfa so adi ɔhaw ahorow so anaa yɛakwati no hyɛ yɛn nuanom bo a wɔasi sɛ wobedi Bible nnyinasosɛm ahorow akyi no mu den. Mmuae a ɛkyerɛkyerɛ Bible kyerɛwnsɛm a wɔatwe adwene asi so mu nanso wɔamfa mu asɛm anka anaa yɛn ankasa nhwehwɛmu a yɛyɛe mu nsusuwii betumi ahyɛ afoforo nkuran ma wɔanya adesua ho su pa.
APRIL 1-7
BIBLE MU AKORADE | DWOM 23-25
“Yehowa Ne Me Hwɛfo”
w11 5/1 31 ¶3
“Yehowa Ne Me Hwɛfo”
Yehowa kyerɛ ne nguan kwan. Nguan yɛ mmoa bi a, sɛ obiara nni hɔ a ɔrekyerɛ wɔn kwan a, wɔtaa yera. Saa na nnipa nso te. Yehia obi a ɔbɛboa yɛn ama yɛahu kwan pa a ɛsɛ sɛ yɛfa so wɔ abrabɔ mu. (Yeremia 10:23) Dawid kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yehowa kyerɛ ne nkurɔfo kwan kɔ “adidibea a ɛhɔ wura yɛ frɔmfrɔm,” ne “homebea a nsu pii wɔ.” Ɔde wɔn fa “fa ɔkwantrenee so.” (Nkyekyɛm 2, 3) Nguanhwɛ ho nsɛm a Dawid kyerɛwee yi ma yenya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn renni yɛn huammɔ da. Enti sɛ yɛma Onyankopɔn honhom kyerɛ yɛn kwan, na yɛde Bible mu nsɛm bɔ yɛn bra a, ɛbɛma yɛafa kwantrenee no so, na yɛn ani begye, yebenya akomatɔyam, na yɛanya ahobammɔ.
w11 5/1 31 ¶4
“Yehowa Ne Me Hwɛfo”
Yehowa bɔ ne nguan ho ban. Sɛ oguanhwɛfo nni hɔ a, ne nguan bɔ hu na wuhu sɛ wɔn ani so atan wɔn. Yehowa aka akyerɛ ne nkurɔfo sɛ, sɛ ‘wɔnam obon a emu yɛ sum kabii mu,’ kyerɛ sɛ, sɛ abrabɔ mu yɛ den sɛ dɛn mpo a, enni sɛ wɔbɔ hu. (Nkyekyɛm 4) Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yehowa ani wɔ wɔn ho na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa wɔn. Sɛ ne nkurɔfo hyia sɔhwɛ a, obetumi ama wɔn nyansa ne ahoɔden a wɔde begyina mu.—Filipifo 4:13; Yakobo 1:2-5.
w11 5/1 31 ¶5
“Yehowa Ne Me Hwɛfo”
Yehowa ma ne nguan aduan. Oguanhwɛfo na ɔpɛ aduan ma ne nguan, anyɛ saa a, ɔkɔm bɛde wɔn. Yɛn nso, yehia honhom fam aduan, anaa nneɛma a ɛbɛhyɛ yɛn den, na Onyankopɔn nko ara na obetumi de ama yɛn. (Mateo 5:3) Nea ɛyɛ yɛn dɛ ne sɛ, Yehowa yi ne yam kyɛ ade, na ɔto pon kɛse ma ne nkurɔfo. (Nkyekyɛm 5) Bible ne nhoma a yɛde sua Bible na ɛma yenya honhom fam aduan. Nea worekenkan yi koraa ka ho. Ne nyinaa ma yehu nea enti a yɛwɔ wiase anaa nea enti a Onyankopɔn bɔɔ yɛn.
Tweetwee Bible Mu
w11 2/15 24 ¶1-3
Fa Wo Koma Nyinaa Dɔ Trenee
YEHOWA nam n’Asɛm ne ne honhom kronkron so de ne nkurɔfo refa “ɔkwantrenee so.” (Dw. 23:3) Nanso esiane sɛ yɛtɔ sin nti, yɛtaa man fi ɔkwantrenee no so. Na egye mmɔdenbɔ paa ansa na yɛatumi asan afa saa kwan no so bio. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi ayɛ saa? Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛdɔ trenee sɛnea Yesu yɛe no.—Monkenkan Dwom 45:7.
2 Dɛn ne “ɔkwantrenee” no? Ɛno ne sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra ma ɛne Yehowa trenee gyinapɛn ahyia. Wɔ Hebri ne Hela kasa mu no, ‘trenee’ kyerɛ ade a “ɛteɛ,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ obi bedi abrabɔ pa ho mmara so pɛpɛɛpɛ. Esiane sɛ Yehowa yɛ “trenee tenabea” nti, n’asomfo ani gye ho sɛ wɔbɛma wakyerɛ wɔn ɔkwan a ɛteɛ a ɛsɛ sɛ wɔfa so bɔ wɔn bra.—Yer. 50:7.
3 Sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu yere yɛn ho di Onyankopɔn gyinapɛn a ɛteɛ no so nkutoo a, ɛnna n’ani bɛsɔ yɛn koraa. (Deut. 32:4) Nea ɛbɛma yɛayɛ saa ne sɛ yɛbɛbɔ mmɔden asua nea yebetumi nyinaa afa Yehowa Nyankopɔn ho wɔ n’Asɛm Bible mu. Dodow a yesua ne ho ade na yɛbɛn no kɛse da biara da no, dodow no ara na yɛbɛdɔ ne trenee. (Yak. 4:8) Saa ara nso na sɛ ɛho behia sɛ yesisi gyinae a ɛho hia wɔ asetena mu a, ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no kyerɛ yɛn kwan.
APRIL 8-14
BIBLE MU AKORADE | DWOM 26-28
Dɛn Na Dawid Yɛe a Otumi Dii Nokware Maa Yehowa?
w04 12/1 14 ¶8-9
Nantew Mudi Mu
8 Dawid bɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW], hwehwɛ me mu na sɔ me hwɛ, nan m’asaabo ne me koma.” (Dwom 26:2) Asaabo hyɛ nipadua no mu tɔnn. Asaabo gyina hɔ ma obi nsusuwii ne ne nkate ankasa. Koma a wɔreka ho asɛm no kyerɛ nsɛm a ɛwɔ onipa no mu—nea ɛkanyan no, ne nkate, ne ne nyansa. Bere a Dawid kae sɛ Yehowa nhwehwɛ ne mu no, na nea ɔreka ne sɛ ɔnhwehwɛ ne komam nsɛm ne ne nkate mu mpɛɛpɛe mu.
9 Dawid srɛe sɛ wɔnnan anaa wonsiesie n’asaabo ne ne koma. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nan anaa osiesie yɛn nsusuwii? Dawid too dwom sɛ: “Mekamfo [Yehowa, NW] a wakyerɛ me kasanyansa, nso anadwo m’asaabo tu me fo.” (Dwom 16:7) Dɛn na ɛno kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn afotu du Dawid komam tɔnn na ɛtra hɔ, na esiesie ne nsusuwii ne ne nkate ahorow yiye. Sɛ yɛde anisɔ susuw Onyankopɔn afotu a ɔnam N’asɛm, n’ananmusifo, ne n’ahyehyɛde so de ma yɛn no ho na yɛma ɛtra yɛn mu a, ebetumi asiesie yɛn nso. Yehowa a yɛbɛbɔ no mpae daa sɛ onsiesie yɛn wɔ saa kwan yi so no bɛboa yɛn ma yɛanantew mudi mu.
w04 12/1 15 ¶12-13
Nantew Mudi Mu
12 Bere a Dawid reka ade foforo a ɛhyɛɛ no den ma okuraa ne mudi mu ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Me ne nnipa huhuw antra, na me ne nyaatwomfo anhyia mu. Metan nnipa bɔne guabɔ, na me ne nnebɔneyɛfo ntra.” (Dwom 26:4, 5) Dawid ne nnebɔneyɛfo antra. Ná okyi fekubɔne.
13 Na yɛn nso ɛ? So yɛne nnipa huhuw nntra wɔ television, video, sini, Intanɛt, anaa akwan foforo so? So yɛtwe yɛn ho fi nyaatwomfo ho? Ebia ebinom bɛbɔ mmɔden wɔ sukuu mu anaa adwumam sɛ wɔne yɛn bɛfa nnamfo na wɔnam so ne yɛn ayɛ nneɛma bɔne. So yɛn ani gye ho sɛ yɛne wɔn a wɔnnantew Onyankopɔn nokware mu benya abusuabɔ a emu yɛ den ankasa? Ebetumi aba sɛ awaefo nso bɛyɛ wɔn ho sɛ nnipa pa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenhu wɔn adwemmɔne a ɛne sɛ wɔpɛ sɛ wɔma yegyae Yehowa som no. Na sɛ asafo no mufo bi wɔ hɔ a wɔn akwan mu nna hɔ nso ɛ? Wɔn nso yɛ nyaatwomfo. Ná Jayson a mprempren ɔresom sɛ asafo mu ɔsomfo no wɔ nnamfo bi a wɔte saa bere a na ɔyɛ ɔbabun no. Ɔka wɔn ho asɛm sɛ: “Da bi wɔn mu biako ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Nea yɛyɛ mprempren ho nhia efisɛ sɛ wiase foforo no ba a, owu kɛkɛ na yebewu. Yɛrenhu sɛ yɛahwere biribi.’ Nsɛm a ɛte saa a ɔkae no maa m’ani baa me ho so. Mempɛ sɛ wiase foforo no ba a mewu.” Jayson ne nnipa a wɔte saa no gyaee fekubɔ. Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Mma wɔnndaadaa hom: fɛkuw bɔn sɛɛ bra pa.” (1 Korintofo 15:33, Fanti Bible) Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛkwati fekubɔne!
w04 12/1 16 ¶17-18
Nantew Mudi Mu
17 Ná ntamadan no ne n’afɔremuka no ne beae a wɔsom Yehowa wɔ Israel. Bere a Dawid reka sɛnea n’ani gye saa beae hɔ ho asɛm no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW], medɔ wo fi trabea ne faako a w’anuonyam te.”—Dwom 26:8.
18 So yɛn ani gye sɛ yɛbɛkɔ mmeae a yehyiam sua Yehowa ho ade no? Ahenni Asa a wosua Onyankopɔn ho ade wɔ hɔ daa no ne beae a wɔsom Onyankopɔn nokware mu wɔ saa mpɔtam hɔ. Afei nso, yɛyɛ afe afe amantam nhyiam, amansin nhyiam, ne da koro nhyiam titiriw. Yesusuw Yehowa ‘adansesɛm’ ho wɔ nhyiam ahorow a ɛte saa ase. Sɛ yenya ‘ɔdɔ kɛse’ saa a, yɛde anigye bɛkɔ nhyiam ahorow no, na yɛbɛyɛ aso atie asɛm bere a yɛwɔ hɔ. (Dwom 119:167) Hwɛ sɛnea abotɔyam wom sɛ yɛne yɛn mfɛfo gyidifo a yɛn yiyedi ho hia wɔn na wɔboa yɛn ma yɛkɔ so kura yɛn mudi mu bɛbɔ!—Hebrifo 10:24, 25.
Tweetwee Bible Mu
w06 7/15 28 ¶15
Yehowa Gye Ɔmanehunufo
15 Odwontofo Dawid too dwom sɛ: “M’agya ne me na agyaw me, na [Yehowa, NW] de, ogye me.” (Dwom 27:10) Hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ bere a yehu sɛ Yehowa dɔ yɛn sen sɛnea yɛn awofo mpo dɔ yɛn no! Ɛwom, sɛ w’awofo po wo, wogyaw wo, anaa wɔyɛ wo basabasa a ebetumi ayɛ wo yaw de, nanso ɛrentumi nsɛe wo ne Yehowa ntam abusuabɔ da. (Romafo 8:38, 39) Kae sɛ, Onyankopɔn twe wɔn a wɔdɔ no no bɛn no. (Yohane 3:16; 6:44) Ɛmfa ho sɛnea nnipa ne wo adi nsɛm afa biara no, wo soro Agya no dɔ wo!
APRIL 15-21
BIBLE MU AKORADE | DWOM 29-31
Nteɛso—Ɛkyerɛ Onyankopɔn Dɔ
it-1 802 ¶3
Anim
Sɛ yɛka sɛ obi ‘de n’anim ahintaw’ a, etumi kyerɛ nneɛma bebree; asɛm a yɛreka no na ɛbɛkyerɛ. Sɛ Bible ka sɛ Yehowa Nyankopɔn de n’anim ahintaw obi a, mpɛn pii no, ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ayi n’adom anaa ne honhom afi onipa no so. Nea ɛma Nyankopɔn de n’anim hintaw obi anaa nnipa dodow bi ne sɛ, ebia na saa nipa no anaa saa nkurɔfo no ayɛ asoɔden. Ebi na Israel man no yɛe no. (Hio 34:29; Dw 30:5-8; Yes 54:8; 59:2) Ɛtɔ da nso a, sɛ Yehowa de n’anim hintaw obi a, ɛkyerɛ sɛ, biribi a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ma saa nipa no anaa mmuae bi a ɛsɛ sɛ ɔde ma no no, ɔretwɛn so. Ɔretwɛn akosi sɛ ɔno Yehowa bere bɛso. (Dw 13:1-3) Bere bi, Dawid srɛɛ Yehowa sɛ, “Yi w’ani fi me bɔne so,” anaa fa w’ani hintaw me bɔne. Ɛha nso, nea na ɔrekyerɛ ne sɛ Onyankopɔn mfa ne bɔne nkyɛ no anaa ommu n’ani ngu ne bɔne no so.—Dw 51:9; fa toto Dw 10:11 ho.
w07 3/1 19 ¶1
Ɛyɛ Anigye sɛ Yɛbɛtwɛn Yehowa
Yebetumi de mfaso a yenya fi nteɛso a Yehowa de ma yɛn mu no atoto sɛnea aduaba nyin na ɛbere no ho. Bible ka nteɛso a Onyankopɔn de ma no ho asɛm sɛ: “Ɛsow asomdwoe aba a ɛne trenee.” (Hebrifo 12:11) Sɛnea egye bere a ansa na aduaba abere no, saa ara na egye bere na ama yɛn nso yɛasesa yɛn suban na yɛagye ntetee a Onyankopɔn de ma yɛn no atom. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛn nneyɛe bɔne bi ma wogye ɔsom hokwan bi a yɛwɔ wɔ asafo no mu fi yɛn nsam a, ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛtwɛn Onyankopɔn no remma yɛn abam mmu, na yɛrempa abaw. Dawid nsɛm a ɛhyɛ nkuran a Onyankopɔn ma ɔkyerɛwee no bɛhyɛ yɛn den wɔ tebea a ɛte saa mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “[Onyankopɔn abufuw] kyɛ kakraa bi, na n’adɔe de, ɛtra hɔ sɛ nkwa bere. Osũ bɛsoɛ anadwofa,—na ade kye a, na anigye aba.” (Dwom 30:5) Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase twɛn na yɛde afotu a Onyankopɔn Asɛm ne n’ahyehyɛde no de ma yɛn no yɛ adwuma a, yɛn “anigye” bere bɛba.
w21.10 6 ¶18
Dɛn Na Ɛkyerɛ Sɛ Obi a Wayɛ Bɔne Anu Ne Ho Ampa?
18 Sɛ wotu obi a, ade baako a ɔbɛyɛ de akyerɛ sɛ wanu ne ho ampa ne sɛ ɔbɛba adesua daa. Afei nso, afotu a mpanyimfo no de bɛma no sɛ ɔmmɔ mpae na onsua Bible daa no, ɔde bɛyɛ adwuma. Bio nso, ɔbɛhwɛ yiye paa na nea ɛma ɔkɔyɛɛ bɔne no, wansan ankɔ ho bio. Sɛ ɔyere ne ho siesie ɔne Yehowa ntam a, obetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa de ne bɔne no bɛkyɛ no korakora, na mpanyimfo no bɛsan agye no aba asafo no mu. Enti sɛ mpanyimfo no rehwɛ sɛ ɔbɔnefo bi anu ne ho ampa a, wɔma ɛtena wɔn adwenem sɛ asɛm biara nko, enti wɔmfa susudua baako nto ne nyinaa ho. Wɔyɛ saa a, ɛbɛboa wɔn na wɔne ɔbɔnefo no anni no atirimɔden so.
Tweetwee Bible Mu
w06 5/15 19 ¶13
Dwom Nhoma a Edi Kan no mu Nsɛntitiriw
31:23—Ɔkwan bɛn so na wotua ɔhantanfo ka ma ɛboro so? Akatua a wɔreka ho asɛm wɔ ha no yɛ asotwe. Yehowa teɛ ɔtreneeni so de twe n’aso wɔ mfomso a wanhyɛ da anyɛ ho. Esiane sɛ ɔhantanfo ntwe ne ho mfi n’akwammɔne ho nti, onya asotwe a ɛboro so sɛ akatua.—Mmebusɛm 11:31; 1 Petro 4:18.
APRIL 22-28
BIBLE MU AKORADE | DWOM 32-33
Sɛ Woyɛ Bɔne Kɛse a, Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Woka?
w93 3/15 9 ¶7
Yehowa Mmɔborohunu Gye Yɛn Fi Abasamtu Mu
7 Sɛ yedi Onyankopɔn mmara sobu ho fɔ anibere so a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛka yɛn bɔne, de akyɛrɛ Yehowa mpo. Dɛn na tebea ahorow a ɛte saa betumi de aba? Dawid gye toom wɔ Dwom 32 sɛ: “Mimuaa m’ano no [sɛ anka mɛka no], me nnompe gurowee, m’apini a misii daa nyinaa nti. Na awia ne anadwo wo [Yehowa] nsa yɛɛ me so duru, me mu nsu twee, na mikisae sɛ awia bere mu.” (Nkyekyem 3, 4) Mmɔden a Dawid a wafom no bɔe sɛ ɔbɛkata ne bɔne so na wahyɛ n’ahonim a ebu no fɔ so no gurow no. Ahoyeraw maa n’ahoɔden so tew araa ma ɔbɛyɛɛ sɛ ɔpɛ bere mu dua a ennya nsu a ema nkwa. Ebia ɔtee adwene ne honam mu ɔhaw nka ankasa. Sɛnea ete biara no, ɔhweree n’anigye. Sɛ yɛn mu bi ba tebea a ɛte sɛɛ mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
cl 262 ¶8
Onyankopɔn a ‘Oyi Ne Yam De Bɔne Kyɛ’
8 Bere a Dawid yɛɛ bɔne a onuu ne ho no, ɔkaa sɛ: “Mekaa me bɔne kyerɛɛ wo; mankata me mfomso so. . . . Na wo nso wode me bɔne ne me mfomso kyɛɛ me.” (Dwom 32:5) Hebri asɛmfua a yɛakyerɛ ase wɔ Twi mu sɛ ‘ɔde kyɛɛ’ me no, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ “wubepagyaw biribi” anaa “wobɛma biribi so.” Sɛnea wɔde adi dwuma wɔ Dwom 32:5 no kyerɛ sɛ, woreyi bɔne a obi ayɛ anaa sɛnea n’ahonim bu no fɔ no afi ne so. Enti Dawid tee nka sɛ bɔne a na wayɛ a ayɛ sɛ adesoa wɔ ne so no, Yehowa pagyawee anaa oyi fii ne so. Wei maa Dawid kɔn mu dwoo no, kyerɛ sɛ bɔne a na wayɛ ho adwinnwen a na ayɛ sɛ adesoa a ɛso no no, ɛso tewee. (Dwom 32:3) Yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ sɛ yenya Yesu afɔre no mu gyidi na yɛsrɛ bɔnefakyɛ a, Onyankopɔn beyi yɛn bɔne no afi yɛn so.—Mateo 20:28.
w01 6/1 30 ¶1
Bɔneka A Ɛma Ahotɔ
Bere a Dawid kaa ne bɔne wiei no, wamma abasamtu anni no so. Nsɛm a ɛfa bɔne ka ho a ɔkyerɛwee no ma yehu sɛnea ne ho tɔɔ no ne si a osii ne bo sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn nokware mu no. Sɛ nhwɛso no, hwɛ Dwom 32. Yɛkenkan wɔ nkyekyem 1 sɛ: “Nhyira ne nea wɔde ne mmarato afiri no, na wɔakata ne bɔne so.” Ɛmfa ho sɛnea bɔne no yɛ anibere fa no, sɛ onipa no fi koma pa mu nu ne ho a, n’ani betumi agye. Ɔkwan biako a wɔfa so da koma pa adi ne sɛ onii no begye ne nneyɛe no ho asodi nyinaa atom sɛnea Dawid yɛe no. (2 Samuel 12:13) Wammɔ mmɔden sɛ obebu ne ho bem Yehowa anim anaasɛ ɔbɛdan ho asodi no ato afoforo so. Nkyekyem 5 ka sɛ: “Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumɔyɛ so. Mekae sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ [Yehowa, NW]. Na wo na wuyii me bɔne so mmusu.” Komam a obi befi aka ne bɔne no de ahotɔ ba, ma enti enhia sɛ onii no ma n’ahonim haw no bio wɔ bɔne a wayɛ atwam ho.
Tweetwee Bible Mu
w06 5/15 20 ¶1
Dwom Nhoma a Edi Kan no mu Nsɛntitiriw
33:6—Dɛn ne Yehowa anom “honhom,” anaa home no? Saa honhom yi yɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi, anaa honhom kronkron a ɔde bɔɔ soro no. (Genesis 1:1, 2) Wɔfrɛ no n’anom honhom efisɛ, te sɛ ɔhome a tumi wom no, obetumi asoma ma akɔ akyirikyiri akɔyɛ n’apɛde.
APRIL 29–MAY 5
BIBLE MU AKORADE | DWOM 34-35
“Yi Yehowa Ayɛ Bere Nyinaa”
w07 3/1 22 ¶11
Momma Yɛmmom Mma Yehowa Din So
11 “Mehyira [Yehowa, NW] nna nyinaa, n’ayeyi wɔ m’anom daa yi. (Dwom 34:1) Esiane sɛ na wɔapam Dawid afi ne man mu na onni baabi te nti, ɛbɛyɛ sɛ na ohia honam fam nneɛma pii, nanso sɛnea ne nsɛm yi kyerɛ no, wamma nneɛma a na ohia no anka ne bo a na wasi sɛ obeyi Yehowa ayɛ no anhyɛ. Eyi yɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yesuasua bere a yɛakɔ ahokyere mu no! Sɛ́ yɛwɔ sukuu mu, adwumam, yɛne yɛn mfɛfo Kristofo rebɔ fekuw, anaasɛ yɛwɔ asɛnka mu no, nea ehia yɛn titiriw ne sɛ yebeyi Yehowa ayɛ. Wo de, susuw nneɛma pii a enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa no ho hwɛ! Sɛ nhwɛso no, yentumi nhwehwɛ Yehowa abɔde a ɛyɛ nwonwa no mu nwie, na saa ara nso na ɛho anigye a yenya no nso rensa da. San susuw nea ɔnam n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so ayɛ no ho hwɛ! Ɛwom sɛ nnipa a wɔwɔ ahyehyɛde no mu nyɛ pɛ de, nanso Yehowa de nnipa anokwafo yi ayɛ nnwuma akɛse wɔ yɛn bere yi mu. Sɛ wode nnwuma a Onyankopɔn ayɛ no toto nea nnipa a wiase no hoahoa wɔn no ayɛ no ho a, ɛte dɛn? So wo ne Dawid a ɔkyerɛwee sɛ: “Obiara nte sɛ wo anyame mu, [Yehowa, NW], na biribiara nte sɛ wo nnwuma” no nyɛ adwene?—Dwom 86:8.
w07 3/1 23 ¶13
Momma Yɛmmom Mma Yehowa Din So
13 “[Yehowa, NW] mu na me kra bɛhoahoa ne ho, ahobrɛasefo bɛte, na wɔn ani agye.” (Dwom 34:2) Ɛnyɛ nneɛma a na Dawid atumi ayɛ no na ɔde hoahoaa ne ho wɔ kyerɛwsɛm yi mu. Sɛ nhwɛso no, wamfa sɛnea otumi daadaa Gat hene no antu no ho. Ohui sɛ Yehowa na ɔbɔɔ ne ho ban wɔ Gat, na ɛyɛ Yehowa na ɔboaa no ma onyaa ne ti didii mu. (Mmebusɛm 21:1) Enti, Dawid hoahoaa ne ho wɔ Yehowa mu, na ɛnyɛ nneɛma a n’ankasa atumi ayɛ ho. Esiane sɛ Yehowa na Dawid hyɛɛ no anuonyam nti, ɛmaa ahobrɛasefo baa Yehowa nkyɛn. Yesu nso hyɛɛ Yehowa din anuonyam, na ɛmaa nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase na wɔkyerɛkyerɛ wɔn a ɛyɛ yiye no baa Yehowa nkyɛn. Ɛnnɛ nso, nnipa a wodwo a wofi aman nyinaa mu aba Kristofo a wɔasra wɔn no asafo a ɛwɔ wiase nyinaa a Yesu yɛ Ti no mu. (Kolosefo 1:18) Sɛ saa nnipa a wodwo yi te sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔbrɛ wɔn ho ase no rehyɛ Yehowa din anuonyam, na wɔsan te sɛ wɔreka Bible mu asɛm a Onyankopɔn honhom kronkron boa wɔn ma wɔte ase no a, ɛka wɔn koma.—Yohane 6:44; Asomafo Nnwuma 16:14
w07 3/1 23 ¶15
Momma Yɛmmom Mma Yehowa Din So
15 “Mahwehwɛ [Yehowa, NW], na wabua me, na wagye me afi nea misuro nyinaa mu.” (Dwom 34:4) Ná saa asɛm yi ho hia Dawid. Enti, ɔtoaa so kae sɛ: “Ohiani yi teɛɛm, na [Yehowa, NW] tiee no, na ogyee no n’ahohia nyinaa mu.” (Dwom 34:6) Sɛ yɛne yɛn mfɛfo gyidifo hyiam a, yenya hokwan pii ka osuahu a ɛhyɛ nkuran a ɛfa sɛnea Yehowa boaa yɛn ma yegyinaa nsɛnnennen bi ano ho asɛm. Nsɛm a ɛte saa hyɛ yɛn mfɛfo gyidifo gyidi den te sɛ nea Dawid nsɛm no hyɛɛ n’akyitaafo gyidi den no ara pɛ. Wɔ Dawid asɛm no mu no, ne mfɛfo no ‘hwɛɛ Yehowa, na wɔn anim tewee, na wɔn anim angu ase.’ (Dwom 34:5) Ɛwom sɛ na wɔreguan afi Ɔhene Saul anim de, nanso anyɛ wɔn aniwu. Na wɔwɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn taa Dawid akyi, na ɛno maa wɔn anim tewee. Saa ara nso na nnipa a wɔaba Kristofo asafo no mu foforo ne wɔn a wɔatra mu akyɛ nyinaa hwehwɛ Yehowa mmoa. Esiane sɛ Yehowa asomfo anya Yehowa mmoa nti, wɔn anim a ɛtew no da no adi sɛ wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so adi nokware.
Tweetwee Bible Mu
w11 8/15 14 ¶9
Wohuu Mesia No!
9 Ná adansekurumfo bedi adanse atia Mesia no. Odwontofo Dawid kae sɛ: “Adansefo nkontompofo sɔre; nea minnim na wobisa me.” (Dw. 35:11) Sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm pɛpɛɛpɛ no, ‘ná asɔfo mpanyin ne Sanhedrin no nyinaa rehwehwɛ adansekurum bi de atia Yesu ma wɔagyina so akum no.’ (Mat. 26:59) “Nokwarem no, nnipa bebree dii adansekurum tiaa no, nanso na wɔn adanse no nhyia.” (Mar. 14:56) Anhaw Yesu atamfo a wɔn tirim yɛ den a na wɔpɛ sɛ wɔma wokum no no koraa sɛ wobedi adansekurum atia no.