Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr24 May kr. 1-12
  • “Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma” Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma” Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2024
  • Nsɛmti Nketewa
  • MAY 6-12
  • Onyankopɔn Ahenni no Ba a, Dɛn na Ebefi Hɔ?
  • MAY 13-19
  • MAY 20-26
  • MAY 27–JUNE 2
  • JUNE 3-9
  • JUNE 10-16
  • JUNE 17-23
  • JUNE 24-30
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2024
mwbr24 May kr. 1-12

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

© 2024 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

MAY 6-12

BIBLE MU AKORADE DWOM 36-37

“Mma Wo Bo Mmfuw Esiane Nnebɔneyɛfo Nti”

w17.04 10 ¶4

Onyankopɔn Ahenni no Ba a, Dɛn na Ebefi Hɔ?

Dɛn na nnebɔneyɛfo yɛ a ɛhaw yɛn nnɛ? Onyankopɔn honhom maa ɔsomafo Paulo ka too hɔ sɛ, “mmere a emu yɛ den bɛba” wɔ yɛn bere yi so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nnipa bɔne ne nnaadaafo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔneyɛ mu.” (2 Tim. 3:1-5, 13) Saa nkɔmhyɛ no, wohwɛ a aba mu anaa? Nnebɔneyɛfo te sɛ asisifo a wɔn tirim yɛ den, wɔn a wɔyɛ nnipa mu nyiyim, ne nsɛmmɔnedifo a wɔn ho yɛ hu ayɛ yɛn mu pii bɔne. Saa nnebɔneyɛfo no mu bi di nsɛmmɔne ma obiara hu. Afoforo nso de, wɔyɛ nnaadaafo; wɔyɛ wɔn ho treneefo wɔ nnipa anim, anaa wɔyɛ wɔn ho sɛ nnipa a wɔwɔ adwempa de kata wɔn nneyɛe bɔne no so. Sɛ saa nnebɔneyɛfo yi mu bi nyɛɛ yɛn ankasa bɔne da mpo a, wɔn nneyɛe bɔne no haw yɛn. Sɛ yehu anaa yɛte awudisɛm a nnipa a wɔte saa yɛ no a, yedi yaw wɔ yɛn komam. Sɛ yɛte ayayade a nnebɔneyɛfo de yɛ mmofra, nkwakoraa ne mmerewa, ne wɔn a wonni kamafo no ho asɛm a, ehu ka yɛn paa. Suban a nnebɔneyɛfo da no adi no, ɛma wɔbɛyɛ te sɛ nea wɔnyɛ nnipa. Saa nkurɔfo no yɛ wɔn ade te sɛ nkekaboa, anaa adaemone mpo. (Yak. 3:15) Nanso, anigyesɛm ne sɛ, asɛmpa a ɛwɔ Yehowa Asɛm mu no mma nsɛmmɔne a ɛte saa no nhyɛ yɛn so pii.

w22.06 10 ¶10

Yehowa Hyira Wɔn a Wɔde Bɔne Kyɛ

Sɛ yɛde obi ho asɛm hyɛ yɛn mu a, epira yɛn. Sɛ yɛde obi ho asɛm hyɛ yɛn mu a, ɛte sɛ nea yɛso adesoa a emu yɛ duru. Yehowa pɛ sɛ ɔsoɛ yɛn ma yɛn kɔn mu dwo yɛn. (Kenkan Efesofo 4:31, 32.) Otu yɛn fo sɛ, “mma abufuw nnhyɛ wo so, na mma abufuhyew kwan.” (Dw. 37:8) Nyansa wom sɛ yɛde saa afotu no bɛyɛ adwuma. Sɛ yɛde afoforo ho asɛm hyɛ yɛn mu a, ebetumi abɔ yɛn yare, na ebetumi nso ama yɛanya adwenemhaw. (Mmeb. 14:30) Sɛ yɛde obi ho asɛm hyɛ yɛn mu, na yɛhwɛ kwan sɛ onii no na ɔbɛbrɛ a, na akɔyɛ te sɛ koterɛ rewe ne mako na ɔhwɛ kwan sɛ aponkyerɛne bɛte ho fifiri. Ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ yiye? Enti sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn a, yɛn ara na ɛboa yɛn. (Mmeb. 11:17) Ɛma yenya asomdwoe ne akomatɔyam, na ɛboa yɛn ma yɛkɔ so som Yehowa.

w03 12/1 13 ¶20

“‘Ma W’ani Nka Yehowa Ho’”

Afei, “ahobrɛasefo benya asase no adi.” (Dwom 37:11a) Yiw, “ahobrɛasefo” yɛ wɔn a wɔtwɛn Yehowa ma osiesie ntɛnkyea a wɔabu wɔn nyinaa no. ‘Wobegye wɔn ani asomdwoe bebree mu.’ (Dwom 37:11b) Ɛnnɛ mpo yenya asomdwoe pii wɔ honhom fam paradise a ɛwɔ nokware Kristofo asafo mu no mu.

Tweetwee Bible Mu

it-2 445

Bepɔw

Enhinhim, etim hɔ daa, na ɛkorɔn. Bible ka mmepɔw ho asɛm sɛ enhinhim, na etim hɔ daa. (Yes 54:10; Hab 3:6; fa toto Dw 46:2 ho.) Wei nti, bere a odwontofo no kaa sɛ Yehowa trenee te sɛ “mmepɔw akɛse” [anaa, “Onyankopɔn mmepɔw,” ase hɔ asɛm]” no, (Dw 36:6) ɛbɛyɛ sɛ na ɔrepɛ akyerɛ sɛ Yehowa trenee tim hɔ daa anaa enhinhim. Ebetumi nso aba sɛ, esiane sɛ mmepɔw korɔn nti, na odwontofo no repɛ akyerɛ sɛ Onyankopɔn trenee korɔn anaa ɛwɔ soro koraa sen nnipa de. (Fa toto Yes 55:8, 9 ho.) Adiyisɛm 16:20 ma yehu sɛ bere a Onyankopɔn hwiee n’abufuw kyɛnsee a ɛtɔ so nson no, “wɔanhu mmepɔw.” Ebia nea wei kyerɛ ne sɛ, nneɛma a ɛkorɔn te sɛ mmepɔw mpo ntumi nguan Onyankopɔn abufuw.—Fa toto Yer 4:23-26 ho.

MAY 13-19

BIBLE MU AKORADE DWOM 38-39

W’ahonim Bu Wo Fɔ Boro So Anaa? Yi Saa Adesoa No Fi Wo So

w20.11 27 ¶12-13

“Ma W’aniwa Nhwɛ Tee” Na Fa Si Wiase Foforo No So

Kenkan 1 Yohane 3:19, 20. Yɛn nyinaa, ɛtɔ da a yɛn ahonim bu yɛn fɔ. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ebinom wɔ hɔ a nneɛma bi a wɔyɛe ansa na wɔrebehu nokware no nti, wɔn ahonim tumi bu wɔn fɔ. Ebinom nso, bere a wɔbɔɔ asu akyi no, wodii mfomso na ɛno nti wɔn ahonim bu wɔn fɔ. Nea yɛreka yi betumi ato obiara. (Rom. 3:23) Ɛwom, yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ. Nanso “yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii.” (Yak. 3:2; Rom. 7:21-23) Sɛ yɛn ahonim bu yɛn fɔ a ɛmma yɛn ani nnye, nanso ebetumi aboa yɛn. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ yɛn ahonim bu yɛn fɔ a, ɛboa yɛn ma yɛyɛ nsakrae wɔ asetenam na yesi yɛn bo sɛ yɛrensan nyɛ bɔne no bio.—Heb. 12:12, 13.

Ɛtɔ da a yɛn ahonim betumi abu yɛn fɔ atra so. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, sɛ yenu yɛn ho gyae bɔne bi yɛ na yehu adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa de akyɛ yɛn mpo a, yɛn ahonim betumi akɔ so ara ahaw yɛn. Yebu yɛn ho fɔ saa a, ebetumi apira yɛn. (Dw. 31:10; 38:3, 4) Adɛn ntia? Yɛnhwɛ saa nhwɛso yi. Onuawa bi ahonim haw no wɔ bɔne bi a wayɛ atwam ho. Ɔkaa sɛ: “Ná mete nka sɛ mfaso biara nni so sɛ mɛyere me ho wɔ Yehowa som mu, efisɛ na misusuw sɛ Yehowa rennye me nkwa.” Ebetumi aba sɛ yɛn mu pii ate nka te sɛ yɛn nuabea yi pɛn. Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛammu yɛn ho fɔ antra so. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ yegyae Yehowa som ɛmfa ho sɛ Yehowa de yɛn bɔne akyɛ yɛn a, ɛbɛma Satan ani agye paa.—Fa toto 2 Korintofo 2:5-7, 11 ho.

w02 11/15 20 ¶1-2

Yɛbɛyɛ Dɛn Ama Yɛn Nna Asom Bo Wɔ Yehowa Anim?

ƐTE sɛ nea yɛn nkwa nna sua na etwam ntɛm. Odwontofo Dawid susuwii sɛnea nkwa yɛ tiaa fa no ho na ɛkaa no ma ɔbɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW], ma minhu m’awiei ne me nna kakra a wɔasusuw no, ma minhu me kyɛ a mammɛkyɛ. Hwɛ, woayɛ me nna nsaama pɛ, na me mfe nyɛ hwee, w’anim.” Ná Dawid dadwen ne sɛ ɔbɛtra ase wɔ ɔkwan a ɛbɛma ne kasa ne ne nneyɛe asɔ Onyankopɔn ani so. Bere a ɔrekyerɛ sɛnea ɔdan Nyankopɔn no, ɔkae sɛ: “Wo so na m’ani da.” (Dwom 39:4, 5, 7) Yehowa tiei. Nokwarem no, osusuw Dawid nnwuma ho, na otuaa ne so ka sɛnea ɛfata.

Ɛnyɛ den sɛ yebenya biribi ayɛ wɔ da mũ no nyinaa mu wɔ asetra a adagyew nnim koraa yi mu. Eyi betumi ama yɛahaw, titiriw bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma pii na yenya osuahu ahorow nanso bere a yɛde bɛyɛ saa sua no. So ɛyɛ yɛn ahiasɛm sɛnea na ɛyɛ Dawid ahiasɛm no—sɛ́ yebebu yɛn bra anya Onyankopɔn anim dom? Ɔkwan biara so no, Yehowa hu nea yɛyɛ na ɔhwehwɛ yɛn mu biara mu. Hiob, ɔbarima a na osuro Nyankopɔn no, gye toom bɛyɛ mfirihyia 3,600 a atwam ni sɛ Yehowa nim n’akwan na ohu n’anammɔntu nyinaa. Hiob bisaa asɛm a ɛma wosusuw nsɛm ho yi sɛ: “Sɛ obisa a, dɛn na mede mebua no?” (Hiob 31:4-6, 14) Yebetumi ama yɛn nna asom bo wɔ Onyankopɔn anim denam honhom fam nneɛma a yɛde besisi yɛn ani so, n’ahyɛde ahorow a yebedi so, ne yɛn bere a yɛde bedi dwuma nyansam no so. Ma yensusuw saa nneɛma yi ho mmiako mmiako.

w21.10 15 ¶4

Sɛnea Wobɛsan Asiesie Wo Ne Yehowa Ntam

Bɔ Yehowa mpae daa. Yehowa nim sɛ, sɛ w’ahonim kɔ so teetee wo a, ebetumi ayɛ den sɛ wobɛbɔ no mpae. (Rom. 8:26) Nanso ‘bɔ mpae daa,’ na ma Yehowa nhu sɛ wo ne n’adamfofa no ho hia wo paa. (Rom. 12:12) Andrej ka sɛ: “Ná m’ahonim teetee me paa, na na m’ani awu. Nanso, sɛ mebɔ mpae biara wie a, na saa atenka no so atew ama me koma atɔ me yam.” Sɛ wunhu nea wommɔ ho mpae a, wubetumi ahwɛ Ɔhene Dawid mpae a ɛwɔ Dwom 51 ne 65 no. Ɛyɛ mpae a ɔbɔe bere a onuu ne ho no.

Tweetwee Bible Mu

w22.09 13 ¶16

Yɛ Nea Ɛbɛma Afoforo Atumi Agye Wo Adi

Ahohyɛso yɛ su a ɛho hia paa na ama afoforo atumi agye yɛn adi. Sɛ ɛyɛ yɛn sɛ yenyi obi kokoam nsɛm adi a, saa su yi bɛboa yɛn na yɛaka yɛn ano atom. (Kenkan Mmebusɛm 10:19.) Yɛwɔ sohyia midia so a, ebia ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho so. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yebetumi ayi kokoam nsɛm adi akyerɛ nnipa pii mpo a yɛn ani nna. Sɛ yenya fa ɛlɛtrɔnik mfiri so yi kokoam nsɛm a ɛte saa adi a, nea afoforo de bɛyɛ, anaa ɔhaw a ɛbɛkɔ akɔfa aba de, yenni so tumi bio. Kokoam nsɛm a sɛ yeyi no adi a ebetumi akɔfa ɔhaw abrɛ anuanom no, sɛ asɔretiafo pɛ sɛ wɔdaadaa yɛn ma yɛka kyerɛ wɔn a, ahohyɛso bɛboa yɛn ma yɛayɛ dinn. Aman a wɔabara yɛn adwuma no wɔ hɔ, anaa wɔmma yentumi nsom Yehowa sɛnea yɛpɛ wɔ hɔ no, sɛ apolisifo rebisabisa yɛn nsɛm a, yɛanhwɛ yiye a yebeyi kokoam nsɛm adi. Nnyinasosɛm a ɛka sɛ, “mede ade bɛhyɛ m’ano” no, yebetumi de ayɛ adwuma wɔ saa tebea yi ne tebea afoforo mu. (Dwom 39:1) Sɛ yɛn abusuafo na yɛne wɔn redi oo, sɛ yɛn nnamfo oo, sɛ anuanom oo, anaa obi foforo biara oo, ɛsɛ sɛ wotumi gye yɛn di. Sɛ wobetumi agye yɛn adi nso a, ehia sɛ yetumi hyɛ yɛn ho so.

MAY 20-26

BIBLE MU AKORADE DWOM 40-41

Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛboa Nkurɔfo?

w18.08 22 ¶16-18

Nnipa a Woyi Wɔn Yam Yɛ Afoforo Papa Ani Gye

Nnipa a woyi wɔn yam ankasa yɛ papa no, ɛyɛ a wɔnhwɛ kwan sɛ nkurɔfo bɛyɛ bi atua wɔn ka. Wei na na ɛwɔ Yesu adwenem. Ɔkaa sɛ: “Sɛ woto pon a, to nsa frɛ ahiafo, mmubuafo, mpakye, ne anifuraefo; na wubenya anigye, efisɛ wɔn de wonni biribiara a wɔde betua wo so ka.” (Luka 14:13, 14) Bible kyerɛwfo bi kaa sɛ, “Nea ohu mmɔbɔ [anaa nea ne yam ye] no benya nhyira.” Bible kyerɛwfo foforo kaa sɛ: “Anigye ne nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ.” (Mmeb. 22:9; Dw. 41:1) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ papa, efisɛ yɛboa afoforo a, yɛn ani gye pa ara.

Paulo faa Yesu asɛm kaa sɛ “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” Ɛnyɛ honam fam nneɛma a yɛde bɛkyɛ afoforo nko ara ho asɛm na na Paulo reka, na mmom sɛ́ yɛbɛhyɛ wɔn nkuran, yɛbɛma wɔn akwankyerɛ, na yɛaboa wɔn nso. (Aso. 20:31-35) Ɔsomafo no nam ne kasa ne ne nneyɛe so kyerɛɛ yɛn sɛ yenyi yɛn yam nyɛ ade mma afoforo; ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔn, yedwen wɔn ho, yenya bere ma wɔn, na yɛde yɛn ahoɔden boa wɔn.

Nkurɔfo a wɔyɛ nhwehwɛmu wɔ nnipa asetenam nsɛm ho nso ahu sɛ, sɛ nkurɔfo yi wɔn yam yɛ papa a, wɔn ani gye. Nhoma bi ka sɛ “nkurɔfo kyerɛ sɛ, sɛ woyi wɔn yam yɛ afoforo papa a, wɔn ani gye kɛse.” Wɔn a wɔyɛ nhwehwɛmu ka sɛ, sɛ yɛboa afoforo a ɛma yenya “atirimpɔw ne akomatɔyam” wɔ asetena mu “efisɛ ɛma nnipa nya wɔn ahiade.” Ɛno nti, abenfo taa hyɛ nkurɔfo nkuran sɛ, wontu wɔn ho mma nsom ɔmanfo, na ɛbɛma wɔn ankasa anya apɔwmuden na wɔanya anigye kɛse. Wɔn a wogye tom sɛ Bible yɛ Yehowa, adesamma Bɔfo a ɔdɔ yɛn nhoma no de, wei nyɛ wɔn nwonwa.—2 Tim. 3:16, 17.

w15 12/15 24 ¶7

Yehowa Bɛwowa Wo

Nanso sɛ woyare a, Yehowa bɛkyekye wo werɛ na waboa wo sɛnea ɔyɛɛ n’asomfo a wɔtenaa ase tete no. Ɔhene Dawid kaa sɛ: “Anigyeɛ ne deɛ ɔhu ɔbrɛfoɔ mmɔbɔ; Yehowa bɛgye no ahohia da mu. Yehowa bɛhwɛ ne so na wama no nkwa.” (Dwom 41:1, 2) Nokwasɛm ne sɛ, Dawid anka sɛ onipa pa a na ɔte ase saa bere no a ɔhu ɔbrɛfoɔ mmɔbɔ no renwu da. Ɛnneɛ ɔkwan bɛn so na na Yehowa bɛboa onipa pa a ɔte saa no? Dawid kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yehowa bɛwowa no yarepa so; wobɛhwɛ no ne yareɛ mu.” (Dwom 41:3) Yehowa nim ɔhaw pɔtee a n’asomfo refa mu, na ne werɛ mfi wɔn. Ɔbɛtumi ama wɔn akokoduru ne nyansa. Yehowa bɔɔ nipadua no nso wɔ ɔkwan bi so a ɛma ɛtumi sa ne ho yareɛ.

w17.09 12 ¶17

Suasua Yehowa Ayamhyehye

Ɛwom sɛ woda ayamhyehye adi a ɛboa wo, nanso ɛnyɛ ɛno ne ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ woyɛ saa. Nea enti paa a ɛsɛ sɛ woyɛ saa ne sɛ, wopɛ sɛ wusuasua Yehowa Nyankopɔn na wohyɛ no anuonyam efisɛ Ɔno na ɔdɔ ne ayamhyehye fi no. (Mmeb. 14:31) Wayɛ nhwɛso a edi mu ama yɛn. Ɛnde, momma yɛnyɛ nea yebetumi biara nna ayamhyehye adi mfa nsuasua no. Yɛyɛ saa a, yɛne yɛn nuanom ntam bɛyɛ kama, na yɛne afoforo nso bɛtena yiye.—Gal. 6:10; 1 Yoh. 4:16.

Tweetwee Bible Mu

it-2 16

Yehowa

Bible mu nsɛm nyinaa woka bom a, asɛntitiriw a ɛwom ne sɛ, ɛsɛ sɛ obiara hu sɛ Yehowa na ɔfata sɛ odi tumi. Wei ma yehu ade a ɛho hia Yehowa Nyankopɔn paa. Ɛno ne sɛ ne din ho bɛtew. Na sɛ ne din ho bɛtew a, gye sɛ yɛwaawae efĩ a aba ho nyinaa fi ho. Nanso nea ehia kyɛn saa koraa ne sɛ nnipa a ɛwɔ asaase so ne abɔfo a ɛwɔ soro nyinaa bɛhyɛ Nyankopɔn din anuonyam na yɛabu no kronkron. Yɛbɛyɛ no sɛn? Yebefi yɛn koma nyinaa mu agye atom sɛ Yehowa ne ade nyinaa so tumfoɔ, na n’akyi no, obiara nni hɔ. Yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ama no na yɛasom no, na yɛde anigye ayɛ apɛde. Wei nyinaa, dɔ a yɛdɔ no nti na yɛbɛyɛ. Mpae a Dawid bɔe a ɛwɔ Dwom 40:5-10 no, wohwɛ emu nsɛm no a, wuhu sɛ na onim sɛnea yɛtew Yehowa din ho, na na ɛda ne koma so sɛ ɔbɛyɛ nso. (Wohwɛ Heb 10:5-10 a, wubehu sɛnea ɔsomafo Paul de Dawid nsɛm no bi kaa Kristo Yesu ho asɛm.)

MAY 27–JUNE 2

BIBLE MU AKORADE DWOM 42-44

Ma Yehowa Nkyerɛkyerɛ Nwura Wo Komam Na Wubenya Nhyira

w06 6/1 9 ¶4

Nnwom Nhoma no Fã a Ɛto so Abien no Mu Nsɛntitiriw

42:4, 5, 11; 43:3-5. Sɛ esiane tebea bi a yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye nti yɛne Kristofo asafo no mu tetew bere tiaa mu a, fekubɔ a yɛne yɛn nuanom anya dedaw no mu anigye a yɛbɛkaakae no betumi aboa yɛn ma yɛakɔ so adi nokware. Ɛwom sɛ ebia mfiase no fekubɔ a ɛyɛ anigye a yɛne yɛn nuanom anya dedaw no a yɛbɛkaakae no bɛma yɛadi yaw kɛse sɛ yɛayɛ ankonam de, nanso ɛbɛma yɛakae nso sɛ Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea, na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to no so ma ɔboa yɛn.

w12 1/15 15 ¶2

Ma Adesua Nyɛ Anika na Nya so Mfaso

BƆ MPAE: Ade a edi kan a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ yɛbɛbɔ mpae. (Dw. 42:8) Dɛn ntia? Ɛsɛ sɛ yehu sɛ Onyankopɔn Asɛm a yebesua no ka yɛn som ho. Enti ɛho hia sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn na yɛmfa yɛn adwene ne yɛn koma nsi nea yebesua no so, na ɔmma yɛn ne honhom kronkron. (Luka 11:13) Barbara a ɔde mfe pii ayɛ asɛmpatrɛw adwuma no ka sɛ: “Bere nyinaa mebɔ mpae ansa na masua Bible. Ɛno akyi no, mete nka sɛ Yehowa ka me ho na n’ani sɔ ade a meresua no.” Sɛ yedi kan bɔ mpae ansa na yɛasua ade a, ebue yɛn adwene ne yɛn koma mu ma yegye nea yɛresua no tom.

w16.09 5 ¶11-12

“Mma Wo Nsam Nngow”

Yɛn nso, Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ a yenya wɔ yɛn Kristofo nhyiam ase, amansin ne amantam nhyiam ase, ne yɛn teokrase sukuu ahorow mu no hyɛ yɛn den. Nkyerɛkyerɛ a ɛte saa betumi aboa yɛn ama yɛde adwempa asom Onyankopɔn na yɛde botae asisi yɛn ani so wɔ ne som mu. Ebetumi aboa yɛn ama yɛadi asɛyɛde pii a yɛwɔ sɛ Kristofo no ho dwuma. (Dw. 119:32) Worebɔ mmɔden paa sɛ wobɛma saa nkyerɛkyerɛ yi ahyɛ wo den anaa?

Yehowa boaa Israelfo no ma wodii Amalekfo ne Etiopiafo no so nkonim, na ɔhyɛɛ Nehemia ne wɔn a wɔka ne ho no den ma wowiee ɔfasu a na wɔresan atow no. Saa ara na Onyankopɔn bɛhyɛ yɛn nso den ama yɛatumi agyina ɔsɔretia, asɛmpa no a nkurɔfo ntie, ne yɛn dadwen ano pintinn ma yɛakɔ so ayɛ asɛmpaka adwuma no. (1 Pet. 5:10) Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛyɛ anwonwade ama yɛn. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn fam de. Yɛn fam de a yɛbɛyɛ no bi ne sɛ, yɛbɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no daa. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe biara no bi. Ansa na yɛbɛkɔ no, ɛsɛ sɛ yedi kan sua nneɛma a yebesusuw ho wɔ hɔ no. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn ankasa sua ade, na yɛyɛ abusua som de siesie yɛn adwene ne yɛn koma. Ehia nso sɛ yɛbɔ mpae daa de yɛn ho to Yehowa so. Weinom yɛ akwan a Yehowa fa so hyɛ yɛn den na ɔhyɛ yɛn nkuran. Enti ɛnsɛ sɛ yɛma nneɛma ne nnwuma foforo biara twitware mu da. Sɛ wuhu sɛ wo nsam agow wɔ saa nneɛma yi biara mu a, bɔ Onyankopɔn mpae ma ɔmmoa wo. Afei wubehu sɛnea ne honhom ‘bɛyɛ wo mu adwuma na ama woanya ɔpɛ no na woayɛ nso.’ (Filip. 2:13) Nanso, dɛn na wubetumi ayɛ de ahyɛ afoforo nsam den?

Tweetwee Bible Mu

it-1 1242

Sakraman

Bible taa de sakraman yɛ mfatoho kyerɛkyerɛ nsɛm mu. Baako ni. Bere a na Hiob redi nea ato no no ho abooboo no, ɔkaa sɛ ‘sakraman na abɛyɛ ne nua.’ (Hio 30:29) Bere bi nso Onyankopɔn nkurɔfo dii nkogu pɔtɔɔ wɔ atamfo anim, na bere a odwontofo no reka ho asɛm no, ɔkaa sɛ: “Woabubu yɛn pasaa wɔ sakraman tenabea.” (Dw 44:19) Adɛn nti na ɔkaa sɛ sakraman tenabea na nkurɔfo no wuwui? Mpɛn pii no, sɛ ɔko si a, nnipa a ebewuwu no, na sakraman behyiam wɔ hɔ di wɔn nam. Ɛbɛyɛ sɛ ɛno nti na odwontofo no kaa saa. (Fa toto Dw 68:23 ho.) Afei nso bere a Babilonfo kotwaa Yerusalem kurow no ho hyiae afe 607 A.Y.B. no, ɛkɔfaa ɔkɔm kɛse bi bae. Ɛbaa saa no, nea mmaatan bi de yɛɛ wɔn mma no, na ɛyɛ asefem. Ɛno nti Yeremia kaa sɛ nea wɔyɛe no, sakraman mpo renyɛ saa. Ɔkaa sɛ, sakraman mpo ma wɔn mma nufu, nanso ‘Onyankopɔn man de,’ wɔn tirim yɛ den.—Kwa 4:3, 10.

JUNE 3-9

BIBLE MU AKORADE DWOM 45-47

Ɔhene Bi Aware Ho Nnwom

w14 2/15 9-10 ¶8-9

Oguammaa no Ayeforohyia Adu—Momma Yenni Ahurusi!

Monkenkan Dwom 45:13, 14a. Wɔasiesie ayeforo no fɛfɛɛfɛ ama n’ayeforohyia no. Adiyisɛm 21:2 de ayeforo no toto kurow bi ho. Kurow no ne ɔsoro Yerusalem Foforo no, na “wɔahyehyɛ no ama ne kunu.” Saa kurow no wɔ “Onyankopɔn anuonyam,” na ɛhyerɛn “te sɛ ɔbo a ne bo yɛ den paa, ɛte sɛ ahwehwɛbo hyɛnhyɛn.” (Adi. 21:10, 11) Adiyisɛm nhoma no ma yehu sɛ Yerusalem Foforo no yɛ fɛ papa. (Adi. 21:18-21) Odwontofo no kae a ɔmmoa sɛ ayeforo no wɔ “anuonyam nyinaa bi wɔ fie”! Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa, adeɛ yi ɔsoro na wɔrehyia ayeforo no.

Ayeforokunu no ne Ɔhene Mesia, na ɔno na wɔde ayeforo no rekɔma no. Ɔhene no ‘nam asɛm no so de nsu atew ne ho.’ Ɔyɛ ‘kronkron na dɛm biara nni ne ho.’ (Efe. 5:26, 27) Ɛnde, atade bɛn na ayeforo no bɛhyɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛhyɛ atade a ɛho wɔ nyam, na saa ara na Bible ka. Ɛka sɛ ‘wɔde sika anwene n’atade mu; ɔhyɛ ntade a wɔanwene, na wɔde no brɛ ɔhene.’ Wɔama Oguammaa no ayeforo kwan sɛ “omfura nwera pa a ɛho tew hyɛnn, efisɛ nwera pa no gyina hɔ ma akronkronfo no adetrenee.”—Adi. 19:8

w22.05 17 ¶10-12

Adiyisɛm Nhoma No Mu Nsɛm—Ɛfa Wo Daakye Ho Sɛn?

Sɛ atamfo no tow hyɛ Yehowa nkurɔfo so atirimɔden so saa a, dɛn na ɔbɛyɛ? Yehowa ka sɛ: “M’abufuw bɛdɛw.” (Hes. 38:18, 21-23) Adiyisɛm ti 19 ka nea ebesi wɔ ɛno akyi. Yehowa bɛsoma ne Ba no ama wabetwitwa agye ne nkurɔfo, na wasɛe atamfo no. “Asraafodɔm a wɔwɔ ɔsoro” a wɔne abɔfo anokwafo ne 144,000 no bɛka Yesu ho ma wɔne atamfo no de asi ani. (Adi. 17:14; 19:11-15) Saa ɔko yi bɛkɔ akowie sɛn? Nnipa ne nnwumakuw a ɛsɔre tia Yehowa nyinaa ase bɛhyew dwerɛbee!—Kenkan Adiyisɛm 19:19-21.

Sɛ Onyankopɔn sɛe n’atamfo pasaa, na anokwafo a ɛwɔ asaase so nya wɔn ti didi mu a, hwɛ sɛnea wɔn ani begye afa! Ɛbɛyɛ anigye bere ankasa! Ɛwom sɛ wɔsɛe Babilon Kɛse no a, anigye kɛse bɛkɔ so wɔ soro, nanso biribi foforo wɔ hɔ a ɛbɛma anigye kɛse paa akɔ so wɔ hɔ. (Adi. 19:1-3) Nokwasɛm ne sɛ, ɛno ne dwumadi titiriw a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu. Ɛyɛ “Oguammaa no ayeforohyia.”—Adi. 19:6-9.

Bere bɛn na ayeforohyia no bɛba so? Ansa na Armagedon ko no befi ase no, na 144,000 no mufo nyinaa wɔ soro. Nanso ɛnyɛ saa bere no na Oguammaa no ayeforohyia no bɛba so. (Kenkan Adiyisɛm 21:1, 2.) Oguammaa no ayeforohyia no bɛba so wɔ Armagedon ko no akyi. Saa bere no, na Onyankopɔn ayi n’atamfo nyinaa afi hɔ.—Dw. 45:3, 4, 13-17.

it-2 1169

Ɔko

Sɛ Armagedon ko no ba awiei a, asomdwoe bɛba asaase so mfe apem. Odwontofo no kaa sɛ: “[Yehowa ma] akodi gyae wɔ asaase nyinaa so. Obubu agyan mu, na otwitwa peaw mu asinasin; ɔde gya hyew asraafo nteaseɛnam.” Saa asɛm yi dii kan baa mu wɔ Israelfo bere so, bere a Onyankopɔn sɛee wɔn atamfo akode maa asomdwoe baa Israel asaase so no. Enti daakye, sɛ Armagedon ko no ba na Kristo sɛe wɔn a wɔn ani gye akodi ho no a, saa bere no, asomdwoe a enni kabea bebu so wɔ asaase so baabiara. (Dw 46:8-10) Wɔn a “wɔde wɔn mfoa bɛyɛ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayɛ kantankrankyi” a “wɔrensua akodi bio” no, wɔn na Yehowa bɛdom wɔn ama wɔn daa nkwa. “Asafo Yehowa ano na aka.”—Yes 2:4; Mik 4:3, 4.

Tweetwee Bible Mu

w17.04 11 ¶9

Onyankopɔn Ahenni no Ba a, Dɛn na Ebefi Hɔ?

Sɛ woyi ahyehyɛde ahorow a enni nokware no fi hɔ a, dɛn na ebesi ananmu? Ahyehyɛde bi bɛka asase so wɔ Harmagedon akyi anaa? Bible ma yehu sɛ: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo, na eyi mu na trenee bɛtena.” (2 Pet. 3:13) Ɔsoro dedaw no ne nniso ahorow a enni nokware no. Ɛnna asase dedaw no ne adesamma a nniso ahorow a enni nokware no di wɔn so. Wobeyi wɔn nyinaa afi hɔ. Dɛn na ebesi ananmu? Asɛm a ɛne “ɔsoro foforo ne asase foforo” no kyerɛ sɛ, yebenya nniso foforo ne adesamma abusua foforo. Adesamma abusua foforo no na nniso foforo no bedi wɔn so. Ahenni a Yesu Kristo di so no bɛda Yehowa Nyankopɔn a ɔnyɛ sakasaka Nyankopɔn no suban adi pɛpɛɛpɛ. (1 Kor. 14:33) Enti nhyehyɛe pa bɛkɔ so wɔ “asase foforo” no so. Saa bere no, wobenya mmarima a wɔyɛ treneefo ama wɔahwɛ atoto nneɛma. (Dw. 45:16) Kristo ne 144,000 a ɔne wɔn bedi ade no na wɔbɛma saa mmarima no akwankyerɛ. Wo de, twa ho mfonini wɔ w’adwene mu hwɛ. Ahyehyɛde baako a entumi nni atoro da a baakoyɛ wom bɛba abesi ahyehyɛde a enni nokware no nyinaa ananmu!

JUNE 10-16

BIBLE MU AKORADE DWOM 48-50

Awofo—Mommoa Mo Mma Ma Wɔnnya Yehowa Asafo No Mu Gyidi

w22.03 22 ¶11

Nokware Som Bɛma Woanya Anigye Kɛse

Sɛ yesua Bible, na yɛkyerɛkyerɛ yɛn mma ma wohu Yehowa a, ɛkyerɛ sɛ yɛresom no. Homeda no maa Israelfo no nyaa hokwan de nneɛma a wɔyɛ no daa no too nkyɛn, na wɔde wɔn adwene sii wɔne Yehowa ayɔnkofa so. (Ex. 31:16, 17) Anokwafo a ɛwɔ wɔn mu no kyerɛkyerɛɛ wɔn mma ma wohuu Yehowa ne ne papayɛ. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yi bere si hɔ de kenkan Onyankopɔn Asɛm na osua. Wei ka ɔsom a yɛde ma Yehowa no ho, na ɛboa yɛn ma yɛbɛn no. (Dw. 73:28) Sɛ yebom sua ade sɛ abusua a, yebetumi aboa yɛn mma ama wɔne yɛn Agya a ɔwɔ soro a ɔdɔ yɛn no anya ayɔnkofa a emu yɛ den.—Kenkan Dwom 48:13.

w11 3/15 19-20 ¶5-7

Wowɔ Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Wudi Ahurusi

“Muntwa Sion ho nhyia; mommɔ ho aporɔw. Monkan n’abantenten. Momfa mo ani nsi ne pempe so, monhwɛ n’abantenten, na moatumi aka akyerɛ nkyirimma.” (Dw. 48:12, 13) Saa bere no, odwontofo no ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔnhwɛ Yerusalem yiye. So wubetumi de w’adwene abu sɛnea na Israelfo mmusua a na wotu kwan kɔ kurow kronkron no mu kodi afe afe afahyɛ a na wohu asɔrefie fɛfɛ no kaakae nea wohu ma wɔn ani gye no? Ɛbɛyɛ sɛ nea wohui no kaa wɔn ma ‘wɔka kyerɛɛ nkyirimma.’

Susuw Saba hemmaa no a bere a odii kan tee Solomon ahenni nwonwaso ne ne nyansa kɛse ho asɛm no wannye anni no ho hwɛ. Dɛn na ɛma ogye dii sɛ nsɛm a na wate no yɛ nokware? Ɔkae sɛ, “Mannye wɔn nsɛm no anni kosii sɛ m’ankasa mede m’aniwa behui.” (2 Be. 9:6) Nokwarem no, nea yɛn ‘ankasa’ de yɛn ‘aniwa’ hu betumi aka yɛn kɛse.

Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wo mma ma wɔde wɔn ‘ankasa aniwa’ ahu Yehowa ahyehyɛde no ho nneɛma a ɛyɛ nwonwa? Sɛ Yehowa Adansefo baa dwumadibea wɔ baabi a wote a, mommɔ mmɔden nkɔhwɛ hɔ. Sɛ nhwɛso no, wɔtetee Mandy ne Bethany wɔ baabi a efi Betel a ɛwɔ wɔn man mu rekɔ hɔ bɛyɛ akwansin 900 (kilomita 1,500). Nanso, na wɔn awofo taa yɛ nhyehyɛe ma wɔkɔhwɛ hɔ, titiriw bere a na wɔn mmabea no renyinyin no. Wɔka sɛ, “Ansa na yɛrekɔhwɛ Betel no, na yesusuw sɛ mmara kyekyere wɔn a wɔwɔ hɔ no dodo, na wɔn a wɔn ani afi nkutoo na wɔwɔ hɔ. Nanso, yehyiaa mmabun a na wɔde anigye reyɛ adwumaden ama Yehowa wɔ hɔ! Yehui sɛ Yehowa ahyehyɛde no yɛ kɛse sen beae ketewa a na yɛte no, na bere biara a na yɛkɔhwɛ Betel no, na ɛma yɛbɛn Yehowa kɛse, na na ɛma yɛyere yɛn ho som no yiye.” Onyankopɔn ahyehyɛde no a Mandy ne Bethany huu no yiye no kanyan wɔn ma wofii ase yɛ akwampae adwuma, na wɔtoo nsa frɛɛ wɔn ma wɔkɔsom wɔ Betel bere tiaa bi mpo.

w12 8/15 12 ¶5

Mommɔ Mo Bra Sɛ Ahenni No Mma!

Sua ɔman no abakɔsɛm. Obi pɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔman bi ba a, ɛsɛ sɛ ohu ɔman no abakɔsɛm. Saa ara na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no mma sua Ahenni no ho ade pii. Susuw nea Kora mma no yɛe ho. Ná wɔsom wɔ tete Israel. Ná wɔde Yerusalem ne beae a wɔsom no hoahoa wɔn ho, na na wɔka kurow no abakɔsɛm kyerɛ afoforo. Ɛnyɛ kurow no fɛ nti na wɔyɛɛ saa, na mmom nea na kurow no ne beae a wɔsom no kyerɛ ntia. Ná Yerusalem yɛ “Ɔhenkɛse kurow,” kyerɛ sɛ Yehowa kurow. Eyi te saa efisɛ ɛhɔ na na wosua Yehowa Mmara na wɔsom no. Ɛyɛ wɔn a Yerusalem Hene di wɔn so no na Yehowa daa n’adɔe adi kyerɛɛ wɔn. (Monkenkan Dwom 48:1, 2, 9, 12, 13.) Wo nso, so w’ani gye ho sɛ wubesua Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no ho ade na woaka ho abakɔsɛm akyerɛ afoforo sɛnea Kora mma no yɛe no? Sɛ wokɔ so sua Onyankopɔn ahyehyɛde no ho nsɛm na wuhu sɛnea Yehowa boa ne nkurɔfo a, wubehu sɛ Onyankopɔn Ahenni no yɛ nniso a ɛwɔ hɔ ankasa. Eyi bɛhyɛ wo mpamden ma wode ahokeka aka Ahenni ho asɛmpa no.—Yer. 9:24; Luka 4:43

Tweetwee Bible Mu

it-2 805

Ahonyade

Ná Israel man no di yiye; ná wɔwɔ nea wɔbedi ne nea wɔbɛnom. (1Ah 4:20; Ɔsɛ 5:18, 19) Esiane sɛ na wɔwɔ ahonyade nti, na ohia ho dadwen biara nna wɔn so. (Mme 10:15; Ɔsɛ 7:12) Ɛwom, na entia Yehowa mmara sɛ Israelfo no bedi yiye; ná ɛyɛ ne pɛ sɛ wɔbedi wɔn nsa ano adwuma ama wɔn ani agye. (Fa toto Mme 6:6-11; 20:13; 24:33, 34 ho.) Nanso Yehowa hwɛ ma wɔbɔɔ Israelfo no kɔkɔ sɛ, wɔnhwɛ yiye na wɔamfa wɔn werɛ anhyɛ wɔn ahonyade no mu amma wɔn werɛ amfi ɔno a ɔma wɔnyaa ahonyade no, anyɛ saa a, ɛrensi wɔn yiye. (De 8:7-17; Dw 49:6-9; Mme 11:4; 18:10, 11; Yer 9:23, 24) Yehowa kaee wɔn sɛ ahonyade ntena hɔ daa, (Mme 23:4, 5), wɔrentumi mfa mpata Nyankopɔn mma onnye wɔn nkwa (Dw 49:6, 7), na wɔwu nso a, wɔrentumi mfa nkɔ (Dw 49:16, 17; Ɔsɛ 5:15). Ɔma wɔhui sɛ, wɔde wɔn werɛ hyɛ ahonyade no mu pii a, ɛbɛma wɔabɔ nkurɔfo apoo na obeyi ne nhyira anaa n’adom afi wɔn so. (Mme 28:20; fa toto Yer 5:26-28; 17:9-11 ho.) Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ ‘wɔmfa wɔn ahonyade nhyɛ Yehowa anuonyam.’—Mme 3:9.

JUNE 17-23

BIBLE MU AKORADE DWOM 51-53

Tutu W’anammɔn Yiye Na Woankɔyɛ Bɔne Kɛse

w19.01 15 ¶4-5

Wobɛyɛ Dɛn Abɔ Wo Koma Ho Ban?

Asɛmfua “koma” a ɛwɔ Mmebusɛm 4:23 no, etumi kyerɛ nea yedwinnwen ho, sɛnea yɛte nka wɔ nneɛma ho, ne nea yɛpɛ. Ɛkyerɛ sɛnea yɛte ankasa wɔ yɛn mu, na ɛnyɛ sɛnea yɛte wɔ nnipa ani so.

Momma yɛmfa yɛn apɔwmuden nkyerɛkyerɛ sɛnea yɛte ankasa wɔ yɛn koma mu. Nea edi kan, sɛ yɛpɛ sɛ yɛte apɔw wɔ nipaduam a, ɛsɛ sɛ yedidi yiye, na yɛtaa teɛteɛ yɛn apɔw mu. Saa ara na sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Yehowa ntam yɛ kama a, ɛsɛ sɛ yedi honhom fam aduan a ahoɔden wom, na yɛyɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu gyidi daa. Nea yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu gyidi ne sɛ yɛde nea yesua no bɛbɔ yɛn bra, na yɛaka nea yegye di no ho asɛm akyerɛ afoforo. (Rom. 10:8-10; Yak. 2:26) Nea ɛto so mmienu, sɛ yɛhwɛ yɛn nipadua a, anhwɛ a yebenya adwene sɛ yɛwɔ apɔwmuden, nanso ebia na yɛyare pa ara. Saa ara na sɛ yɛhwɛ nea yɛyɛ wɔ Yehowa som mu a, ebia yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ yɛn gyidi yɛ den, nanso ebia na akɔnnɔ bɔne regye ntini wɔ yɛn mu. (1 Kor. 10:12; Yak. 1:14, 15) Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Satan pɛ sɛ yenya n’adwene no bi. Ɔkwan pɔtee bɛn na ebia ɔbɛfa so ayɛ saa? Yɛbɛyɛ dɛn abɔ yɛn ho ban?

w15 6/15 15 ¶5-6

Yɛbɛtumi Akura Yɛn Ahotew Mu

Sɛ yɛkɔ so bɔ mpae a, Yehowa bɛboa yɛn ma yɛayi nsusuiɛ bɔne afi yɛn adwenem. Ɔma yɛn ne honhom kronkron sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnya akokoduru ama yɛn ho akɔ so atew. Sɛ yɛrebɔ mpae a, yɛbɛtumi aka akyerɛ Yehowa sɛ yɛpɛ sɛ yɛdwendwene nneɛma a ɛsɔ n’ani ho. (Dwom 19:14) Ɛsɛ sɛ yɛde ahobrɛase srɛ Yehowa sɛ ɔnhwɛ sɛ nsusuiɛ bɔne bi wɔ yɛn komam a ɛbɛtumi ama yɛayɛ bɔne anaa. (Dwom 139:23, 24) Sɛ mpo ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛtwe wo ho afi ɔbrasɛe ho na woayɛ nea ɛtene a, kɔ so srɛ Yehowa ma ɔmmoa wo.—Mateo 6:13.

Ansa na yɛresua Yehowa ho ade no, ebia na yɛtaa yɛ nneɛma bi a Yehowa ani nnye ho, na ebi mpo a yɛda so ara repere sɛ yɛbɛdi akɔnnɔ bɔne a ɛte saa so. Nanso Yehowa bɛtumi aboa yɛn ma yɛasesa na yɛayɛ nea ɛsɔ n’ani. Sɛ yɛhwɛ Ɔhene Dawid sɛɛ a, bere a ɔne Bat-Seba sɛee aware no, ɔnuu ne ho, na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmma no “akoma a emu teɛ,” na ɔmmoa no mma ɔntie no. (Dwom 51:10, 12) Enti sɛ yɛda so ara repere sɛ yɛbɛdi akɔnnɔ bɔne bi a ɛyɛ den paa sɛ yɛbɛgyae so a, Yehowa bɛtumi aboa yɛn ma yɛanya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛtie no na yɛayɛ nea ɛtene. Yehowa bɛtumi aboa ma yɛadi yɛn nsusuiɛ bɔne so.—Dwom 119:133.

Tweetwee Bible Mu

it-1 644

Doeg

Ná Doeg yɛ Edomni; ɔno na na ɔyɛ Ɔhene Saul nguanhwɛfo so panyin. Enti, na okura dibea kɛse. (1Sa 21:7; 22:9) Biribiara kyerɛ sɛ na Doeg de ne ho abɛbɔ Israelfo no resom Yehowa. Bere bi, okodii Nob. “Ná wɔahyɛ no sɛ ɔntena Yehowa anim” wɔ hɔ. Ebetumi aba sɛ na waka ntam bi, anaa wayɛ biribi ama ne ho agu fi, anaa biribi wɔ ne ho a ɛreyɛ ayɛ sɛ kwata. Ɛno na ɛma okodii Nob no. Bere a ɔwɔ hɔ no, ohui sɛ Ɔsɔfo Panyin Ahimelek de paanoo a wɔde kyerɛ ne Goliat sekan no rema Dawid. Akyiri yi, Saul ne ne nkoa no hyiaam, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔhwɛ a wɔabɔ ne ho pɔw. Ɛhɔ na Doeg kaa nea ohui wɔ Nob no nyinaa kyerɛɛ Saul. Saul tee ara na ɔsoma kɔfrɛɛ ɔsɔfo panyin no ne asɔfo a ɛwɔ Nob no nyinaa baa n’anim. Ɛnna obisaa Ahimelek sɛ nea wate no yɛ nokware anaa. Ɛhɔ ara na Saul ka kyerɛɛ n’awɛmfo no sɛ wɔnkunkum asɔfo no, nanso wɔanyɛ. Enti Saul ka kyerɛɛ Doeg sɛ ɔno mmom nkunkum asɔfo no. Ɔno de, wantwentwɛn so koraa. Okunkum asɔfo mmaako mmaako 85. Odii saa awurukasɛm yi wiei no, ɔsan sɛee Nob kurow no kunkum emu nnipa nyinaa. Mpanyin oo, mmofra oo, anka baako koraa. Emu mmoa mpo, wamfa wɔn ho ankyɛ wɔn.—1Sa 22:6-20.

Enti wohwɛ Dwom 52 atifi asɛm no a, wubehu sɛ asɛm a edi hɔ yi, Dawid ka faa Doeg ho. Ɔkaa sɛ: “Wo tɛkrɛma a ano yɛ nnam sɛ oyiwan no, ɛbɔ pɔw bɔne, na ɛyɛ nnaadaa nnwuma. Wodɔ bɔne sen papa, na wodɔ nkontompo sen sɛ wobɛka nsɛm a ɛteɛ. O tɛkrɛma a woyɛ okontomponi; w’ani gye asɛm biara a epira ho.”—Dw 52:2-4.

JUNE 24-30

BIBLE MU AKORADE DWOM 54-56

Onyankopɔn Wɔ W’afã

w06 8/1 22 ¶10-11

Suro Onyankopɔn—Na Ama Woahu Nyansa!

Bere bi, Dawid kɔhwehwɛɛ ahobammɔ wɔ Akis a na ɔyɛ ɔhene wɔ Filistifo kurow Gat mu no nkyɛn. Na saa kurow no mu na Goliat fi. (1 Samuel 21:10-15) Ɔhene no nkoa kae sɛ Dawid yɛ wɔn man no tamfo. Dɛn na Dawid yɛe bere a ohui sɛ ne nkwa da asiane mu no? Ofi ne komam bɔɔ Yehowa mpae. (Dwom 56:1-4, 11-13) Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ Dawid yɛ ne ho sɛ obi a wabɔ dam de tete ne ho de, nanso na onim sɛ ɛyɛ Yehowa ankasa na ɔmaa no nyansa de gyee no fii asiane no mu. Dawid koma nyinaa mu a ofi de ne ho too Yehowa so no daa no adi sɛ na Dawid suro Onyankopɔn ankasa.—Dwom 34:4-6, 9-11.

Sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn bɔ a wahyɛ sɛ ɔbɛboa yɛn ma yɛadi yɛn haw ho dwuma so a, na yɛreda no adi sɛ yesuro Onyankopɔn te sɛ Dawid. Dawid kae sɛ: “Fa wo kwan hyɛ [Yehowa, NW] nsam, na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ.” (Dwom 37:5) Eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn haw to Yehowa so na yɛhwɛ kwan sɛ obedi ho dwuma ama yɛn bere a yɛnyɛ ho biribiara. Dawid ammɔ mpae sɛ Onyankopɔn mmoa no ɛnna ɔtoo n’adwenem pɛɛ ne baabi trae. Ɔde ahoɔden ne nyansa a Yehowa de ama no no dii ɔhaw no ho dwuma. Nanso, na Dawid nim sɛ onipa ahoɔden nkutoo ntumi mmoa no. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yehu. Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara a, ɛsɛ sɛ yegyae nea aka ma Yehowa. Nokwarem no, ɔhaw bi wɔ hɔ a sɛ ɛto yɛn a yentumi nyɛ ho hwee, gye sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so. Sɛ yɛyɛ saa wɔ bere a ɛte saa mu a, na yɛreda no adi sɛ yesuro Onyankopɔn ankasa. Asɛm a Dawid fi ne komam kae yi betumi akyekye yɛn werɛ: “[Yehowa, NW] yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wosuro no.”—Dwom 25:14

cl 243 ¶9

Biribiara Rentumi “Ntew Yɛn Mfi Onyankopɔn Dɔ” Ho

Sɛ Yehowa hu sɛnea yɛde animia resom no no a, ɛno nso ma n’ani gye paa. (Mateo 24:13) Kae sɛ, nea Satan pɛ ara ne sɛ wubegyae Yehowa som. Ɛno da nkyɛn a, otwa Yehowa adapaa da biara. Enti bere biara a wubedi Yehowa nokware no, ɛma onya asɛm de bua Satan a otwa no adapaa no. (Mmebusɛm 27:11) Yɛreka yi, nneɛma a yɛfa mu wɔ abrabɔ mu ma etumi yɛ den sɛ yɛde animia bɛsom Yehowa. Yare tumi teetee yɛn, yɛn sikasɛm tumi yɛ basaa, yetumi botow, na ɔhaw afoforo ma nneɛma mu tumi yɛ den ma yɛn da biara. Afei nso, sɛ yɛrehwɛ biribi kwan na yɛn nsa nka a, etumi ma yɛn abam bu. (Mmebusɛm 13:12) Sɛ yɛrefa ɔhaw a yɛaka ho asɛm yi bi mu na sɛ yɛde animia som Yehowa a, ɛma n’ani gye paa. Ɔhene Dawid nso faa ɔhaw a ɛtete saa mu bi. Enti ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne nisu ngu “kotoku” mu. Ɔsan de ahotoso nso kaa sɛ: “Wonkyerɛwee wɔ wo nhoma mu anaa?” (Dwom 56:8) Nea ɛwom ne sɛ, sɛ yɛrehu amane, na yɛrete nisu na sɛ ne nyinaa mu no yemia yɛn ani di nokware ma Yehowa a, ɛka ne koma paa, na ne werɛ remfi da.

w22.06 18 ¶16-17

Sɛnea Ɔdɔ Boa Yɛn Ma Yedi Ehu So

Satan nim sɛ yɛmpɛ sɛ yebewu. Waka sɛ yɛde nea yɛwɔ nyinaa bɛma de apere yɛn nkwa, na sɛ ɛbɛma yɛne Yehowa ntam asɛe mpo a, yɛbɛyɛ. (Hiob 2:4, 5) Nea Satan aka no yɛ atoro paa! Nanso esiane sɛ ɔno ne “nea otumi de owu ba” nti, ɔpɛ sɛ owu ho hu hyɛ yɛn so ma yɛpo Yehowa. (Heb. 2:14, 15) Ɛtɔ da a, Satan akyitaafo hunahuna Yehowa asomfo sɛ, sɛ wɔannyae Yehowa som a wobekum wɔn. Ɛtɔ da nso a, bere a yare bi a emu yɛ den abɔ yɛn no, Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa so ama yɛayɛ biribi a ɛbɛsɛe yɛne Yehowa ntam. Ebia adɔktafo ne yɛn abusuafo a wɔnyɛ Yehowa Adansefo bɛhyɛ yɛn sɛ yennye mogya; yɛyɛ saa nso a ɛbɛma yɛabu Onyankopɔn mmara so. Ebetumi aba nso sɛ, obi bɛkeka nsɛm bi ama yɛagye adi sɛ ayaresa bi a ɛne Bible nnyinasosɛm nhyia betumi aboa yɛn.

Ɛwom sɛ yɛmpɛ sɛ yewu, nanso yenim sɛ, sɛ yewu mpo a, Yehowa bɛkɔ so adɔ yɛn. (Kenkan Romafo 8:37-39.) Sɛ Yehowa nnamfo wu a, ne werɛ mfi wɔn; n’ani so de, wɔda so te ase. (Luka 20:37, 38) Ɔpɛ paa sɛ ɔde wɔn ba nkwa mu bio. (Hiob 14:15) Yehowa atɔ yɛn aboɔden sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ‘anya daa nkwa.’ (Yoh. 3:16) Yenim sɛ Yehowa dɔ yɛn paa na odwen yɛn ho. Enti sɛ yɛyare anaa sɛ obi hunahuna yɛn sɛ obekum yɛn a, yɛnnan yɛn akyi nkyerɛ Yehowa. Mmom, yɛkɔ ne nkyɛn kɔpɛ awerɛkyekye, nyansa, ne ahoɔden. Saa pɛpɛɛpɛ na Valérie ne ne kunu yɛe.—Dw. 41:3.

Tweetwee Bible Mu

it-1 857-858

Tumi a Wɔde Hu Daakye Asɛm

Yi a Yuda Iskariot yii Yesu mae no maa Yehowa nkɔmhyɛ baa mu, na ɛsan ma yehu sɛ Yehowa ne ne Ba Yesu nyinaa tumi hu daakye asɛm. (Dw 41:9; 55:12, 13; 109:8; Aso 1:16-20) Nanso yɛrentumi nka sɛ Onyankopɔn na ɔhyehyɛ too hɔ sɛ Yuda na obeyi Yesu ama. Bible nkɔmhyɛ kaa sɛ obi a ɔbɛn Yesu paa na obeyi no ama, nanso ammɔ obiara din. Afei nso, ɛrentumi nyɛ yiye sɛ Onyankopɔn bɛhyehyɛ saa ade no ato hɔ, efisɛ etia Bible nnyinasosɛm. Wo de, hwɛ nnyinasosɛm a ɔsomafo Paul kaa ho asɛm yi: “Mpere wo ho mfa wo nsa ngu obiara so da; mma ebinom bɔne nso mmmɛka wo; kɔ so bɔ ɔbra kronkron.” (1Ti 5:22; fa toto 3:6 ho.) Yesu rebeyi asomafo 12 no, Bible ka sɛ, ɔbɔɔ n’Agya mpae anadwo no nyinaa. Ɛno akyi na ɔde ne gyinaesi no too gua. Ɛno ma yehu sɛ na ɔpɛ sɛ ɔpaw wɔn a wɔfata paa, ɛnyɛ obiara kɛkɛ. (Lu 6:12-16) Enti sɛ na Onyankopɔn ahyehyɛ ato hɔ sɛ Yuda na obeyi Yesu ama a, ɛnde adɛn nti na ɔkyerɛɛ Yesu kwan ma ɔpaw Yuda kaa asomafo no ho? Wuhu sɛ ɛne no nkɔ koraa. Ɛno da nkyɛn a, ɔsomafo Paul asɛm no ma yehu sɛ, sɛ Yehowa yɛɛ saa a, anka Yuda bɔne no bi bɛka no, kyerɛ sɛ, anka yebetumi de Yuda bɔne no ho sobo no bi abɔ Yehowa.

Enti yebetumi aka sɛ, ahyɛase no de, na biribiara nni Yuda ho a ɛkyerɛ sɛ onya Yesu a obeyi no ama. Yuda maa kwan maa ‘ntini a bɔre wom puee wɔ ne mu beguu ne ho fi,’ na ɛma ɔtwee ne ho fii Nyankopɔn kwan so kodii Ɔbonsam akyi. Enti ɔbɛdanee korɔmfo ne obi a otwitwa nkurɔfo nantin. (Heb 12:14, 15; Yoh 13:2; Aso 1:24, 25; Yak 1:14, 15) Eduu baabi no, na Yuda aman koraa afi Onyankopɔn kwan so, enti Yesu tumi hwɛɛ Yuda komam huu sɛ ɔno na obeyi no ama.—Yoh 13:10, 11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena