Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
© 2024 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
JULY 1-7
BIBLE MU AKORADE DWOM 57-59
Wɔn a Wɔsɔre Tia Yehowa Nkurɔfo No, Ɔma Wɔn Agyinatu Yɛ Kwa
bt 220-221 ¶14-15
Yɛaka Asɛm No Akodu ‘Asaase Ano Nohoa’
14 Stefano de akokoduru dii adanse ansa na n’atamfo rekum no. (Aso. 6:5; 7:54-60) ‘Ɔtan denneennen’ a ɛbae saa bere no mu no, asuafo no nyinaa bɔ hwetee Yudea ne Samaria nsaase nyinaa so ma ɛkaa asomafo no nko ara. Nanso ɛno amma wɔannyae adansedi adwuma no. Filipo kɔɔ Samaria ‘kɔkaa Kristo ho asɛm,’ na ɛsow aba pii. (Aso. 8:1-8, 14, 15, 25) Bio nso, Bible ka sɛ: “Asuafo a amanehunu a ɛbae wɔ Stefano wu akyi nti wɔbɔ hwetee no, wɔkɔe ara kɔfaa Foinike ne Kipro ne Antiokia. Nanso Yudafo nko ara na wɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn. Nso wɔn mu bi a wɔfi Kipro ne Kirene baa Antiokia, na wɔfii ase ne wɔn a wɔka Greek kasa no kasae, na wɔkaa Awurade Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ wɔn.” (Aso. 11:19, 20) Saa bere no, ɔtan no maa Ahenni no ho asɛm no trɛwee.
15 Yɛn bere yi so nso, asɛm a ɛte saa sii wɔ kan Soviet Union. Wɔtwaa Yehowa Adansefo mpempem pii asu kɔɔ Siberia, titiriw, efi afe 1950 kosi afe 1959 ntam hɔ. Esiane sɛ wɔbɔɔ wɔn hwetee ma wɔkɔɔ mmeae ahorow pii nti, asɛmpa no kɔɔ so trɛwee wɔ saa asaase kɛse no so. Anka ɛbɛyɛ den paa sɛ Adansefo a wɔdɔɔso saa betumi anya sika a wɔde betu kwan atwa kwantenten bɛyɛ kilomita 10,000 akɔka asɛmpa no wɔ hɔ! Nanso, aban no ankasa de wɔn twaa saa kwantenten no. Onua baako kaa sɛ, “Nea ɛkɔbae ne sɛ, atumfoɔ no ankasa boaa nnipa a wɔwɔ koma pa mpempem pii a wɔwɔ Siberia no ma wɔbehuu nokware no.”
Tweetwee Bible Mu
w23.07 18-19 ¶16-17
“Muntintim, Munnhinhim”
16 Mma wo koma nnhinhim. Ɔhene Dawid kaa sɛ ɔbɛdɔ Yehowa akosi daa. Ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔremma ‘ne koma nhinhim.’ (Dw. 57:7) Yɛn nso, sɛ yɛamma yɛn koma anhinhim a, yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so bere nyinaa. (Kenkan Dwom 112:7.) Momma yɛnhwɛ sɛnea wei boaa Bob a yɛadi kan aka ne ho asɛm no. Bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ, wɔde mogya no bi besi hɔ, na sɛ ɛho behia a wɔde ama no no, ɛhɔ ara na ɔkaa sɛ, sɛ ohu sɛ wɔpɛ sɛ wɔma no mogya a, ntɛm pa ara, obefi ayaresabea hɔ. Akyiri yi Bob kaa sɛ, “Ná masi m’adwene pi, na na minsuro nea na ebetumi asi biara.”
17 Bob tumi gyinaa pintinn, efisɛ na wasi n’adwene pi dedaadaw ansa na ɔrekɔ ayaresabea hɔ. Nea edi kan, na ɔpɛ sɛ ɔma Yehowa ani gye. Nea ɛtɔ so mmienu, nea Bible ne asafo nhoma ka fa mogya ho no, ɔtoo ne bo ase suae. Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, na ogye di paa sɛ, sɛ odi Yehowa akwankyerɛ so a, obehyira no. Ɛmfa ho sɔhwɛ biara a yebehyia no, yɛn nso yebetumi agyina pintinn.
JULY 8-14
BIBLE MU AKORADE DWOM 60-62
Yehowa Yɛ Yɛn Abannennen, Ɔbɔ Yɛn Ho Ban, Na Ɔnsesa N’ano
it-2 1118 ¶7
Abannennen
Bible Tumi De Gyina Hɔ Ma Biribi Foforo. Wɔn a wɔde wɔn werɛ hyɛ Yehowa mu na wɔtie n’asɛm no, wɔwɔ ahobammɔ a ɛso bi nni. Dwom bi a Dawid toe ma yehu saa. Ɔkaa wɔ dwom no mu sɛ: “[Wo Yehowa,] wone me guankɔbea ne abannennen a wobɔ me ho ban fi m’atamfo ho.” (Dw 61:3) Sɛ yenim nea Yehowa din no kyerɛ, na yegye no di, na yɛde yɛn abrabɔ tew ne din ho a, ɛnsɛ sɛ yesuro biribiara, efisɛ Bible ka sɛ: “Yehowa din yɛ abannennen. Emu na ɔtreneeni guan kɔ, na onya ahobammɔ.”—Mme 18:10; fa toto 1Sa 17:45-47 ho.
it-2 1084 ¶8
Ntamadan
Bible tumi de “ntamadan” gyina hɔ ma biribi foforo nso. Ɛho nhwɛso bebree wɔ hɔ. Wo de, ma yɛnhwɛ ntamadan a na ɛwɔ hɔ tete no. Emu na na nkurɔfo da gye wɔn ahome. Afei nso, na ɛbɔ wɔn ho ban fi nsu, awia, ne nneɛma a ɛtete saa ho. (Ge 18:1) Bio nso tete no, woyɛ hɔho na obi gye wo ba ne ntamadan mu a, nea na ɛkyerɛ ara ne sɛ onipa no bɛhwɛ wo yiye na wadi wo ni. Enti asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 7:15 a ɛka sɛ Onyankopɔn “bɛtrɛw ne ntamadan mu” wɔ nnipakuw kɛse no so no, yebetumi aka sɛ ɛkyerɛ sɛ Yehowa bɛbɔ nnipakuw kɛse no ho ban na wahwɛ wɔn. (Dw 61:3, 4) Wohwɛ Yesaia nso a, na ɔreka ahoboa a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn yere Sion yɛ de twɛn ne mma mmarima a ɔbɛwo wɔn no. Wɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ ‘ɔntrɛw ne ntamadan mu.’ (Yes 54:2) Ɛno kyerɛ sɛ, ahobammɔ a ne mma no wɔ no, ɔbɛtrɛw mu ama ayɛ kɛse.
w02 4/15 16 ¶14
Onyankopɔn Mmara Wɔ Hɔ ma Yɛn Yiyedi
14 Onyankopɔn mmara nsakra ankasa. Wɔ basabasa bere a yɛte mu yi mu no, Yehowa yɛ ɔbotantim a ɔwɔ hɔ daa. (Dwom 90:2) Ɔkaa n’ankasa ho asɛm sɛ: “Me [Yehowa, NW], mensakra.” (Malaki 3:6) Sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no, Onyankopɔn gyinapɛn ahorow yɛ nea wotumi de ho to so koraa—ɛnte sɛ nnipa nsusuwii a ɛkɔ so sakra no. (Yakobo 1:17) Sɛ nhwɛso no, adwene ne nneyɛe ho animdefo de mfirihyia pii akamfo akyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔteɛ mmofra so, nanso ebinom asesa wɔn adwene akyiri yi agye atom sɛ na wɔn afotu no nyɛ papa. Wiase no gyinapɛn ne n’akwankyerɛ a ɛfa asɛm yi ho sakrasakra te sɛ nea mframa rebɔ no. Nanso, Yehowa Asɛm nsakra. Mfehaha pii ni na Bible no de sɛnea wofi ɔdɔ mu tete mmofra ho afotu ama. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Hwɛ awerɛhyem a ɛyɛ sɛ yebetumi de yɛn ho ato Yehowa gyinapɛn ahorow so; ɛrensakra!
Tweetwee Bible Mu
w06 6/1 11 ¶7
Nnwom Nhoma no Fã a Ɛto so Abien no Mu Nsɛntitiriw
62:11. Onyankopɔn nhwehwɛ ahoɔden mfi baabi foforo biara. Ɔno ne ahoɔden nyinaa wura. ‘Tumi yɛ ne dea.’
JULY 15-21
BIBLE MU AKORADE DWOM 63-65
“Wo Dɔ a Enni Huammɔ Ye Sen Nkwa”
w01 10/15 15-16 ¶17-18
Hena Na Ɔbɛtetew Yɛne Onyankopɔn Dɔ Mu?
17 Onyankopɔn dɔ ho hia wo dɛn? So wote nka sɛ Dawid a ɔkyerɛw eyi no: “W’adɔe ye sen nkwa, mede m’ano meyi wo ayɛ. Ne saa na mete ase yi mehyira wo, wo din mu na mɛma me nsa so.” (Dwom 63:3, 4) Nokwarem no, so biribi wɔ hɔ a yebetumi anya wɔ asetram a eye sen Onyankopɔn dɔ ne n’adamfofa a edi mũ a yebenya no? Sɛ nhwɛso no, so adwuma a sika wom akyi a yebedi ye sen asomdwoe ne anigye a yenya fi yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a emu yɛ den mu no? (Luka 12:15) Kristofo binom ahyia Yehowa a wɔbɛpa no anaa wu a wobewu ho sɔhwɛ. Eyi too Yehowa Adansefo pii wɔ Nasi nneduaban ahorow mu wɔ Wiase Ko II no mu. Yɛn nuanom Kristofo dodow no ara pawee sɛ wɔbɛtra Onyankopɔn dɔ mu, a na wɔwɔ ɔpɛ sɛ sɛ ɛhwehwɛ sɛ wowu mpo a, wobewu. Wɔn a wɔkɔ so de nokwaredi tra Onyankopɔn dɔ mu no betumi anya ahotoso sɛ ɔbɛma wɔn nsa aka daakye a enni awiei, biribi a wiase no ntumi mma wonnya. (Marko 8:34-36) Nanso, nneɛma pii wom sen daa nkwa a wobenya.
18 Ɛwom sɛ obi ntumi ntra ase daa bere a Yehowa ho nnim de, nanso sɛ yɛn Bɔfo no ho nnim a susuw sɛnea nkwatenten bɛyɛ no ho hwɛ. Ɛbɛyɛ hunu a atirimpɔw papa biara nnim. Yehowa ama ne nkurɔfo adwuma a abotɔyam wom sɛ wɔnyɛ wɔ nna a edi akyiri yi mu. Enti yebetumi anya ahotoso sɛ sɛ Yehowa, Atirimpɔw Wura, no ma yɛn daa nkwa a, yebenya nneɛma a ɛyɛ anigye na mfaso wɔ so asua na yɛayɛ. (Ɔsɛnkafo 3:11) Ɛmfa ho nhwehwɛmu dodow biara a yɛbɛyɛ wɔ mfirihyia mpempem pii a ɛda yɛn anim mu no, yɛrentumi nhu “Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ” no mu nwie koraa da.—Romafo 11:33.
w19.12 28 ¶4
‘Biribiara Mu Fa Aseda Ma’
Onyankopɔn paa na ɛfata sɛ yɛda no ase. Yebetumi aka paa sɛ, nneɛma pii a Yehowa ayɛ ama wo ne nea ɔkɔ so yɛ ma wo no, ɛtɔ da a, wudwinnwen ho. (Deut. 8:17, 18; Aso. 14:17) Nneɛma pa a Onyankopɔn ayɛ ama wo ne w’adɔfo no, sɛ́ anka wubeyi w’adwene afi so ntɛm ara no, adɛn nti na wunnye bere nnwinnwen ho? Sɛ wugye bere dwinnwen nneɛma a Ɔbɔadeɛ no ayi ne yam ayɛ ama wo ho a, ɛbɛma woanya anisɔ kɛse ama no na woahu paa sɛ ɔdɔ wo na n’ani sɔ wo.—1 Yoh. 4:9.
w15 10/15 22 ¶7
Kɔ So Dwendwene Honhom Fam Nneɛma Ho
7 Ɛgye mmɔdenbɔ paa na ama yɛde yɛn adwene asi ade a yɛresua no so na yɛadwendwene ho. Ɛno nti na eye paa sɛ wodwendwene nneɛma ho bere a wommrɛe, na ɛsɛ sɛ woyɛ saa wɔ baabi a ɛhɔ yɛ dinn, baabi a nneɛma pii rentwetwe w’adwene. Odwontofo Dawid dwendwenee nneɛma ho bere a ɔda ne mpa so anadwo a n’ani ate. (Dwom 63:6) Ná Yesu mpo a ɔyɛ pɛ no taa hwehwɛ baabi a ɛhɔ yɛ dinn kɔdwendwene nneɛma ho bɔ mpae.—Luka 6:12.
w09 7/15 16 ¶6
Munsuasua Yesu—Monkyerɛkyerɛ Wɔ Ɔdɔ Mu
6 Yɛde anigye ka nneɛma a ɛho hia yɛn ho asɛm, na sɛ yɛyɛ saa a, nkurɔfo tumi hu sɛ yɛn ani agye. Eyi yɛ nokware paa wɔ bere a yɛreka obi a yɛdɔ no ho asɛm no. Mpɛn pii no, yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛka nea yenim fa saa onipa no ho akyerɛ afoforo. Yɛkamfo no, yɛhyɛ no anuonyam, na yɛka ne ho asɛmpa. Nea enti a yɛyɛ saa ne sɛ yɛpɛ sɛ nkurɔfo ani gye saa onipa no ne ne suban ho te sɛ nea yɛn nso yɛn ani gye ne ho no.
Tweetwee Bible Mu
w07 11/15 15 ¶6
So Woma Afoforo Nya Akomatɔyam?
Ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wɔbɛsɛe ɔdan bi sen sɛ wobesi foforo. Saa ara na yɛn kasa nso betumi asɛe obi din anaa ahyɛ no nkuran. Sɛ́ nnipa a yɛnnyɛ pɛ no, yɛn nyinaa wɔ sintɔ ne mmerɛwyɛ. Ɔhene Salomo kae sɛ: “Onipa trenee bi nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne.” (Ɔsɛnkafo 7:20) Ɛnyɛ den koraa sɛ yebehu obi mfomso na yɛaka nsɛm yayaayaw de asɛe ne din. (Dwom 64:2-4) Nanso, egye mmɔdenbɔ na yɛatumi aka nsɛm a ɛhyɛ nkuran.
JULY 22-28
BIBLE MU AKORADE DWOM 66-68
Yehowa Soa Yɛn Adesoa Ma Yɛn Da Biara
w23.05 12 ¶15
Sɛnea Yehowa Bua Yɛn Mpaebɔ
15 Ɛnyɛ bere nyinaa na Yehowa bua yɛn mpaebɔ a yehu no tee. Nanso mmuae a yɛn Agya a ɔwɔ soro no de ma yɛn no, ɛno ara na yehia na yɛakɔ so de nokwaredi asom no. Enti, ɛyɛ a fa w’ani to fam na woahu sɛnea Yehowa bua wo mpaebɔ. Onuawa bi a ne din de Yoko nyaa adwene sɛ, sɛ ɔbɔ mpae a onhu sɛ Yehowa bua, nanso ofii ase kyerɛkyerɛw nea ɔde ato Yehowa anim no too hɔ. Bere bi akyi no, nhoma a na wakyerɛw n’abisade no wom no, ɔfa hwɛe, na ohui sɛ Yehowa abua dodow no ara; ebi mpo wɔ hɔ a na ne werɛ afi sɛ wabisa. Ɛwom ara a, ɛsɛ sɛ yegye bere dwinnwen sɛnea Yehowa bua yɛn mpaebɔ no ho.—Dw. 66:19, 20.
w11 1/1 22 ¶6
Hu Awofo a Wonni Ahokafo no Mmɔbɔ
Yehowa na ɔma wɔkyerɛw nnwom a na Israelfo no to bere a wɔresom no. Susuw nkuranhyɛ a Israelfo akunafo ne nnyanka no nyae bere a wɔreto nnwom a wɔnam Yehowa honhom so kyerɛwee na emu nsɛm no ma wɔkaee sɛ Yehowa yɛ wɔn “agya” ne wɔn “temmufo,” na obedi aboa wɔn no. (Dwom 68:5; 146:9) Yɛn nso, yebetumi aka nkuranhyɛsɛm akyerɛ ɔwofo a onni ɔhokafo ma wakae daa. Ɛwom sɛ mfe 20 atwam de, nanso Ruth a ɔyɛ ɔwofo a onni ɔhokafo no da so ara kae nkuranhyɛsɛm a agya bi a ne ho akokwaw ka kyerɛɛ no bere bi no: “Worebɔ mmɔden paa wɔ wo mmabarima baanu a woretete wɔn yi ho. Kɔ so saa ara.” Ruth ka sɛ: “Saa nsɛm a mete fii ne hɔ no boaa me yiye.” Nokwarem no, “nsɛm a ɛhyɛ nkuran tumi sa yare” na ebetumi ahyɛ ɔwofo a onni ɔhokafo nkuran sen sɛnea yesusuw. (Mmebusɛm 15:4, Contemporary English Version) So wubetumi adwen nsɛm pɔtee bi ho de akamfo ɔwofo bi a onni ɔhokafo?
w09 7/1 32 ¶1
Nnyanka Agya
“NNYANKA agya . . . ne Onyankopɔn a ɔte ne kronkronbea no.” (Dwom 68:5) Nsɛm a ɛwɔ Bible mu yi ma yesua biribi fa Yehowa Nyankopɔn ho—odwen mmɔborɔfo ho. Sɛnea odwen nnyanka ho no da adi pefee wɔ Mmara a ɔde maa Israelfo no mu. Ma yensusuw bere a edi kan a wɔkaa “agyanka” ho asɛm wɔ Bible mu wɔ Exodus 22:22-24 no ho nhwɛ.
w23.01 19 ¶17
Yehowa Reboa Wo Ama Asi Wo Yiye
17 Kenkan Dwom 40:5. Obi a ɔforo bepɔw botae ne sɛ ɔbɛkɔ akodu bepɔw no atifi. Nanso ɔreforo nyinaa, mmeae bi a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ hɔ no, obetumi agyinagyina na wahwɛ. Wo nso, sɛ worehyia ɔhaw bi a, sɛnea Yehowa ama asi wo yiye no, ɛyɛ a taa gye bere dwinnwen ho. Da biara sɛ da no kɔ awiei a, bisa wo ho sɛ: ‘Sɛn na Yehowa ahyira me nnɛ? Ɛwom sɛ ɔhaw no mfii hɔ de, nanso sɛn na Yehowa reboa me ama magyina ano?’ Hwɛ sɛ wubetumi ahu ade baako a Yehowa ayɛ ama wo a ɛkyerɛ sɛ wama asi wo yiye anaa.
Tweetwee Bible Mu
w06 6/1 10 ¶5
Nnwom Nhoma no Fã a Ɛto so Abien no Mu Nsɛntitiriw
68:18—Ná henanom ne “nnipa mu ayɛyɛde” no? Ná saa mmarima yi ka nnipa a wɔko faa wɔn nnomum wɔ Bɔhyɛ Asase no so no ho. Akyiri yi wɔmaa saa mmarima no yɛɛ nnwuma bi boaa Lewifo no.—Esra 8:20.
JULY 29–AUGUST 4
BIBLE MU AKORADE DWOM 69
Yesu Asetena Mu Nsɛm—Bible Hyɛɛ Ho Nkɔm Wɔ Dwom 69
w11 8/15 11 ¶17
Wɔtwɛnee Mesia No
17 Ná wɔbɛtan Mesia no kwa. (Dw. 69:4) Ɔsomafo Yohane bɔɔ amanneɛ sɛ Yesu kae sɛ: “Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ bi da wɔ [nkurɔfo no] mu a, anka wonni bɔne; nanso seesei wɔahu na wɔatan me ne m’Agya nyinaa. Nanso ɛno na ɛbɛma asɛm a wɔakyerɛw wɔ wɔn Mmara no mu no aba mu sɛ, ‘Wɔtan me kwa.’” (Yoh. 15:24, 25) Sɛ wɔka “Mmara” no ho asɛm a, mpɛn pii no, na ɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm mũ no nyinaa na ɛwɔ hɔ saa bere no. (Yoh. 10:34; 12:34) Asɛmpa no da no adi sɛ na wɔtan Yesu, titiriw, Yudafo nyamesom akannifo no. Afei nso, Kristo kae sɛ: “Wiase no nni nea ebegyina so atan mo, na me de, ɛtan me, efisɛ midi ne ho adanse sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.”—Yoh. 7:7
w10 12/15 8 ¶7-8
Yɛ Nnam Wɔ Nokware Som Mu
7 Asɛm bi a esii wɔ Yesu asetena mu ma ɛda adi paa sɛ na ɔyɛ nnam. Saa asɛm no sii bere a ofii ne som adwuma no ase wɔ Twam bere no mu wɔ afe 30 Y.B. mu. Yesu ne n’asuafo no kɔɔ Yerusalem, na wohuu “wɔn a wɔtɔn anantwi ne nguan ne mmorɔnoma ne sikasesafo sɛ wɔtete” asɔrefie hɔ. Dɛn na Yesu yɛe, na ɛkaa n’asuafo no dɛn?—Monkenkan Yohane 2:13-17.
8 Ɛfata paa sɛ nea Yesu yɛe ne asɛm a ɔkae saa bere no maa n’asuafo no kaee nkɔmhyɛ a ɛwɔ dwom bi a Dawid toe mu sɛ: “Wo fie ho nnamyɛ nko na amene me” no. (Dw. 69:9) Dɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na nea Yesu yɛe no betumi de ne nkwa ato asiane kɛse mu. Anyɛ yiye koraa no, na mpanyimfo a wɔwɔ asɔrefie hɔ no—asɔfo, akyerɛwfo, ne afoforo—hyɛ gua a na nkurɔfo no di wɔ asɔrefie hɔ de pɛ mfaso bɔne no akyi. Ná wɔn ho ntama a Yesu bɛpa ne wɔn adwuma a na ɔbɛsɛe no no bɛma nyamesom akannifo no atan no. Sɛnea asuafo no huu no pefee no, na Yesu reda ‘Onyankopɔn fie ho nnamyɛ,’ anaa nokware som ho nnamyɛ adi. Ɛnde, dɛn ne nnamyɛ? So nsonsonoe wɔ nnamyɛ ne ntɛmpɛ mu?
g95 10/22 31 ¶4
Ateetee Betumi Ama Wo Koma Atew?
Ebinom ka sɛ, bere a Yesu Kristo sɛn asɛndua so no, ade baako a ɛma owui ne sɛ ne koma tewee. Ná Bible ahyɛ Yesu ho nkɔm sɛ: “Animguase ama me koma abubu [anaa atew me koma], na ayɛ kuru a enni sabea.” (Dwom 69:20) Saa asɛm yi kyerɛ sɛ Yesu koma tewee paa? Ebetumi aba saa, efisɛ aka kakra ama Yesu awu no, ɛyaw a ɔtee wɔ ne honam mu ne ateetee a ɔfaa mu no, na ɛnyɛ agorɔ. (Mateo 27:46; Luka 22:44; Hebrifo 5:7) Afei nso, bere a Yesu wui a obi de peaw wɔɔ ne mfe no, “mogya ne nsu bae.” Ɛbɛyɛ sɛ ne koma a ɛtewee no nti na ɛbaa saa. Adɛn nti na yɛreka saa? Ntini akɛse a ɛwɔ koma no mu no, sɛ ebi mu tew anaasɛ koma no ankasa pae a, ebetumi ama mogya anwini agu onipa no bo. Ɛnyɛ ɛno nko ara. Ɛnam bi dura koma no ho a nsu gyina mu. Ɛno nso, mogya no bi betumi anwini akogu mu. Enti ɛba sɛ biribi kɔwɔ onipa no mfe a, nea ɛbɛba no, wohwɛ a, wobɛka sɛ ɛyɛ “mogya ne nsu.”—Yohane 19:34.
it-2 650
Awuduru
Bible ka too hɔ sɛ Mesia no, nkurɔfo bɛma no “awuduru.” (Dw 69:21) Saa asɛm yi, aka kakra ama Yesu Kristo awu no na esii. Nea ɛbae ne sɛ, nkurɔfo no de ade nwenweenwene anaa bɔnwoma fraa bobesa maa Yesu. Ebia nea enti a wɔde maa no ne sɛ ɛremma ɔnte yaw bebree. Nanso bere a ɔka hwɛe no, wannom. Bere a Mateo rekyerɛw sɛnea saa nkɔmhyɛ yi baa mu no, ɔkae wɔ Mateo 27:34 sɛ wɔde bɔnwoma na ɛmaa no. Greek asɛmfua a ɔde yɛɛ adwuma ne kho·leʹ (anaa bɔnwoma). Saa asɛmfua no, wubue Greek Septuagint Bible no kɔ Dwom 69:21 a, ɛno ara bi na ɛhyɛ hɔ. Nanso wohwɛ Marko Asɛmpa no a, ɔno de, ɔkaa sɛ kurobow na wɔde maa Yesu. (Mr 15:23) Wei nti ebinom adwene yɛ wɔn sɛ “awuduru” anaa “bɔnwoma” a wɔde maa Yesu no, na ɛyɛ “kurobow.” Ebetumi nso aba sɛ nsã a wɔde maa Yesu no, na wɔde bɔnwoma ne kurobow nyinaa afra.
Tweetwee Bible Mu
w99 1/15 18 ¶11
Ma Nsa A Ɛho Tew So Wɔ Mpaebɔ Mu
11 Nnipa pii bɔ mpae de hwehwɛ biribi nkutoo, nanso ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa Nyankopɔn no ka yɛn ma yɛde aseda ne ayeyi ma no wɔ kokoam ne baguam mpaebɔ nyinaa mu. Paulo kyerɛwee sɛ: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” (Filipifo 4:6, 7) Yiw, nea ɛka mpaebɔ ne adesrɛ ho no, ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase wɔ honhom ne honam fam nhyira a ɔde ma yɛn no ho. (Mmebusɛm 10:22) Odwontofo no too dwom sɛ: “Fa aseda bɔ Onyankopɔn afɔre, na tua w’aboade ma nea ɔwɔ ɔsorosoro no.” (Dwom 50:14) Na na nsɛm a ɛka koma yi ka Dawid dwonto mpaebɔ no ho: “Mede dwonto meyi Nyankopɔn din ayɛ, na mede aseda mɛkamfo no.” (Dwom 69:30) So ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa ara wɔ baguam ne kokoam mpaebɔ mu?
AUGUST 5-11
TREASURES FROM GOD’S WORD DWOM 70-72
‘Ka Onyankopɔn Tumi Ho Asɛm Kyerɛ Awo Ntoatoaso’
w99 9/1 18 ¶17
Mmofra—Montete Mo Nkatede!
17 Sɛ wubetumi akwati Satan mfiri a, ebehia sɛ woma w’ani da hɔ bere nyinaa—na ɛtɔ mmere bi a, egye akokoduru kɛse. Ɛtɔ mmere bi a wubehu sɛ ɛnyɛ w’atipɛnfo mu nko na woyɛ soronko, na mmom wiase mũ no nyinaa nso. Odwontofo Dawid bɔɔ mpae sɛ: “Na wo, [Yehowa, NW], ne m’anidaso, nea mifi me mmofraase mede me ho metoo no so. Onyankopɔn, wo na wufi me mmofraase kyerɛkyerɛɛ me, na maka w’anwonwade no mabedu sesɛɛ.” (Dwom 71:5, 17) Yenim sɛ na Dawid yɛ ɔkokodurufo. Nanso bere bɛn na onyaa akokoduru no? Wɔ ne mmofraase! Ansa na Dawid ne Goliat rebɛko wɔn ko a agye din no mpo, na wada akokoduru soronko adi abɔ ne papa nguan ho ban—akum gyata ne osisi. (1 Samuel 17:34-37) Nanso, Dawid de akokoduru biara a ɔdaa no adi ho nkamfo nyinaa maa Yehowa, na ɔfrɛɛ no “nea mifi me mmofraase mede me ho metoo no so.” Dawid ho a otumi de too Yehowa so no maa otumi gyinaa sɔhwɛ biara a ohyiae ano. Wo nso wubehu sɛ sɛ wode wo ho to Yehowa so a, ɔbɛma wo akokoduru ne ahoɔden a wode ‘bedi wiase so nkonim.’—1 Yohane 5:4.
g04 10/8 23 ¶3
Wɔn a Wɔn Ani Afi No, Sɛn Na Ɛsɛ Sɛ Yɛne Wɔn Tena?
Odwontofo no bɔɔ mpae sɛ: “Ntow me nkyene me nkwakoraabere mu; sɛ m’ahoɔden so huan a, nnyaw me.” (Dwom 71:9) Ɛtɔ da a, Onyankopɔn asomfo anokwafo tumi te nka sɛ, baabi a wɔanyin adu no, yɛde wɔn yɛ hwee a ɛrenyɛ yiye. Nanso Yehowa de, ‘ɔnto wɔn nkyene.’ Odwontofo no ante nka sɛ Yehowa ato no asaworam; mmom ɔbɛtee ase sɛ, ogu so ara renyin no, saa bere no paa na ɛsɛ sɛ ɔde ne ho to ne Bɔfo Yehowa so. Sɛ Yehowa hu sɛ obi de ne ho nyinaa ato ne so a, ɔno nso kurakura saa nipa no ne nkwa nna nyinaa. (Dwom 18:25) Mpɛn pii no, ɔfa yɛn nuanom Kristofo so na ɛboa no.
w14 1/15 23 ¶4-5
Som Yehowa Ansa na Nna Bɔne no Aba
4 Sɛ wo mfe akɔ anim a, wowɔ suahu pii, enti wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Seesei a meda so wɔ ahoɔden kakra yi, dɛn na mede bɛyɛ?’ Onyin ne suahu nti, wowɔ hokwan pii a afoforo nni. Ɛho nhwɛso ni: Woasua Yehowa ho ade pii a mmabun nnim, enti wubetumi de akyerɛkyerɛ wɔn. Bio, woanya suahu pii wɔ wo som mu, na wubetumi aka ho asɛm de ahyɛ afoforo den. Ná Ɔhene Dawid ani gye hokwan a ɛte saa ho, enti ɔbɔɔ mpae sɛ: “O Onyankopɔn, wufi me mmofraase na akyerɛkyerɛ me. . . . Sɛ mebɔ akwakoraa na mifuw dwen mpo a, nnyaw me, kosi sɛ mɛka wo basa ho asɛm akyerɛ awo ntoatoaso, na mɛka wo kɛseyɛ ho asɛm akyerɛ nkyirimma.”—Dw. 71:17, 18.
5 Onyin ne osuahu ama woanya nyansa pii. Ɛnde, wobɛyɛ dɛn de aboa afoforo? Ebia wubetumi ato nsa afrɛ anuanom nkumaa aba wo fie ne wɔn abɔ nkɔmmɔ ahyɛ wɔn nkuran. Anaa wubetumi ayɛ nhyehyɛe ne wɔn akɔ asɛnka ama wɔahu sɛ Yehowa som yɛ wo dɛ. Elihu kae sɛ: “Mɛma nna akasa, na mfe dodow ada nyansa adi.” (Hiob 32:7) Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo mmea mpanyimfo sɛ wɔmfa wɔn kasa ne wɔn nneyɛe nhyɛ afoforo nkuran. Ɔkyerɛwee sɛ: ‘Mmerewa nso nkyerɛ ɔkyerɛ pa.’—Tito 2:3.
Tweetwee Bible Mu
it-1 768
Eufrate
Israelfo Asaase No Hyeɛ. Onyankopɔn ne Abraham yɛɛ apam sɛ ɔde asaase bi bɛma n’asefo. Saa asaase no, na “efi Egypt asubɔnten no ho kosi asubɔnten kɛse Eufrate ho.” (Ge 15:18) Akyiri yi Yehowa san tii saa bɔhyɛ no mu kyerɛɛ Israel man no. (Ex 23:31; De 1:7, 8; 11:24; Yos 1:4) Beresosɛm Nhoma a Edi Kan 5:9 ma yehu sɛ, ansa na Dawid rebedi ade no, Ruben asefo no bi trɛw wɔn ahyeɛ mu “kɔpem Asubɔnten Eufrate sare no ano.” Nanso nea ɛte ne sɛ, Asubɔnten Eufrate no, wufi Gilead rekɔ hɔ na wode w’ani kyerɛ “apuei” a, (1Be 5:10) wubetwa akwansin bɛyɛ 500 anaa kilomita 800. Enti ebetumi aba sɛ bere a Rubenfo no de wɔn ani kyerɛɛ Gilead apuei no, wɔtrɛw wɔn ahyeɛ mu koduu Siria anweatam no ano. Saa anweatam no nso, ɛkɔ ara kɔpem Asubɔnten Eufrate no ano. (Asɛm a ɛwɔ 1 Beresosɛm 5:9 no, Revised Standard Version Bible no ka no sɛ, na wɔn ahyeɛ no “kɔ ara kɔpem anweatam no ano wɔ Asubɔnten Eufrate no fa ha.” The Jerusalem Bible no nso ka no sɛ, na wɔn ahyeɛ no “kɔpem anweatam no ano. Na saa anweatam no kɔ ara kɔpem Asubɔnten Eufrate no ano.”) Enti ebetumi aba sɛ ɛbɔ a Yehowa hyɛe no, bere a na Dawid ne Solomon di ade no na edii kan baa mu. Saa bere no, Israelfo no trɛw wɔn ahyeɛ mu kɔfaa Aramfo kurow Soba twaam kɔɔ Siria atifi fam, na ɛsan kɔe ara koduu Asubɔnten Eufrate no ano. (2Sa 8:3; 1Ah 4:21; 1Be 18:3-8; 2Be 9:26) Esiane sɛnea na Asubɔnten Eufrate agye din nti, edin a na nkurɔfo taa de frɛ no ne “Asubɔnten no.”—Yos 24:2, 15; Dw 72:8.
AUGUST 12-18
BIBLE MU AKORADE DWOM 73-74
Sɛ Yehu Sɛ Yɛn Ani Bere Wɔn a Wɔnsom Onyankopɔn No a, Yɛbɛyɛ No Dɛn?
w20.12 19 ¶14
‘Yehowa Gye Wɔn a Wɔn Abam Abu’
14 Lewini bi na ɔkyerɛw Dwom 73. Enti na ɔwɔ hokwan soronko, ɛne sɛ, na ɔsom wɔ baabi a wɔsom Yehowa. Nanso bere bi n’abam bui paa. Adɛn ntia? N’ani fii ase beree abɔnefo ne ahantanfo. Ná ɛnyɛ nneɛma bɔne a wɔreyɛ no nti, na mmom sɛnea na nneɛma kɔ yiye ma wɔn no na n’ani beree. (Dw. 73:2-9, 11-14) Ná ɛte sɛ nea abɔnefo yi wɔ biribiara; ahonyade, asetena pa, na na ɛte sɛ nea wonni ɔhaw biara. Bere a odwontofo no huu wei no, n’abam bui ara ma ɔkaa sɛ: “Ampa matew me komam kwa, na mahohoro me nsa bemdi mu kwa.” Yehu paa sɛ, na wei betumi ama wagyae Yehowa som.
w20.12 19-20 ¶15-16
‘Yehowa Gye Wɔn a Wɔn Abam Abu’
15 Kenkan Dwom 73:16-19, 22-25. Lewini no ‘kɔɔ Onyankopɔn kronkronbea kɛse no mu.’ Bere a ɔkɔɔ hɔ kɔkaa ne nuanom a wɔsom Yehowa ho no, ɛbɛyɛ sɛ otumi bɔɔ mpae, na ɔtɔɔ ne bo ase susuw asɛm no ho yiye. Enti ohui sɛ wanyɛ n’ade nyansam, efisɛ nea ɔyɛe no anka ebetumi ama no atwe ne ho afi Yehowa ho. Ɔsan hui sɛ, abɔnefo gyina baabi a “ɛhɔ yɛ toro” na “wɔn awiei” bɛba. Sɛ na Lewini no hu nneɛma sɛnea Yehowa hu no no a, na ɛremma n’abam mmu na n’ani remmere abɔnefo. Bere a ɔyɛɛ saa no, ɛmaa n’asom dwoo no na ɔsan nyaa anigye. Ɔkae sɛ: ‘Yehowa akyi no, minni obiara ho anigye asase so.’
16 Nea yesua fi mu Sɛ ɛyɛ yɛn sɛ nneɛma rekɔ yiye ma nnipa abɔnefo mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere wɔn da. Anigye a wɔwɔ no yɛ aniso kɛkɛ na ɛnkyɛ, na daakye nso wɔrennya daa nkwa. (Ɔsɛnk. 8:12, 13) Sɛ yɛma yɛn ani bere wɔn a, yɛn abam bebu na ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam. Sɛnea ayɛ sɛ nneɛma rekɔ yiye ama abɔnefo no, sɛ wuhu sɛ w’ani reyɛ abere a, yɛ nea Lewini no yɛe no bi. Tie afotu a ɔdɔ wom a Onyankopɔn de ma no, na fa wo ho bɔ wɔn a wɔyɛ Yehowa apɛde no. Sɛ wodɔ Yehowa sen biribi foforo biara a, w’ani begye ankasa. Na wobɛkɔ so anantew ɔkwan a ɛkɔ “nkwa ankasa” mu no so.—1 Tim. 6:19.
w14 4/15 4 ¶5
Suasua Mose Gyidi
5 Wobɛyɛ dɛn akwati ‘bɔne mu anigye a wubenya bere tiaa bi’? Mma wo werɛ mfi sɛ “bɔne mu anigye” twam hwim. Wo gyidi bɛma woahu sɛ “wiase ne n’akɔnnɔ retwam.” (1 Yoh. 2:15-17) Gye bere susuw ho hwɛ: Dɛn na ɛda hɔ retwɛn abɔnefo a wonnu wɔn ho? Bible se ‘nea ɛhɔ yɛ toro na wogyina.’ Anokwa, abɔnefo awiei yɛ awerɛhow! (Dw. 73:18, 19) Sɛ bɔne bi regyigye wo a, bisa wo ho sɛ, ‘Mepɛ sɛ ewie me sɛn?’
w13 2/15 25-26 ¶3-5
Mma Anuonyam Mmɔ Wo
3 Na odwontofo no wɔ awerɛhyem sɛ Yehowa beso ne nsa nifa na wahyɛ no anuonyam. (Monkenkan Dwom 73:23, 24.) Dɛn na Yehowa yɛ de hyɛ n’asomfo a wɔbrɛ wɔn ho ase anuonyam? Ɔfa akwan pii so yɛ saa. Emu biako ne sɛ ɔma wohu n’apɛde. (1 Kor. 2:7) Afei nso wɔn a wɔde n’asɛm yɛ adwuma na wotie no no, ɔma wɔn akwannya kɛse bi—wɔbɛyɛ ne nnamfo.—Yak. 4:8.
4 Bio nso Yehowa de asɛmpaka adwuma no ahyɛ n’asomfo nsa. Eyi yɛ ɔkwan biako a ɔfa so hyɛ yɛn anuonyam. (2 Kor. 4:1, 7) Bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma no na yɛreboa afoforo nyinaa na yɛrehyɛ Yehowa anuonyam, na ɔno nso hyɛ yɛn anuonyam. Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ: “Wɔn a wodi me ni no, me nso medi wɔn ni.” (1 Sam. 2:30) Wɔn a wɔreka asɛmpa no nya din pa wɔ Yehowa anim na asafo no mufo nso bɔ wɔn din pa. Eyi nyinaa yɛ ɔkwan a Yehowa fa so di wɔn ni.—Mmeb. 11:16; 22:1.
5 Dɛn na wɔn a ‘wɔtwɛn Yehowa na wɔfa ne kwan so’ no benya? Bible hyɛ wɔn bɔ sɛ Yehowa ‘bɛma wɔn so na wɔanya asase no adi. Sɛ woyi nnebɔneyɛfo hɔ a, wobehu.’ (Dw. 37:34) Wɔwɔ anidaso nwonwaso bi: Wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtena ase daa.—Dw. 37:29.
Tweetwee Bible Mu
it-2 240
Lewiatan
Dwom 74 ma yehu gye a Onyankopɔn gyee ne man Israel fii aman bi nsam. Nkyekyɛm 13 ne 14 no hyɛ da ka gye a ogyee wɔn fii Egypt no ho asɛm. Nanso wohwɛ saa nkyekyɛm no a, wunhu sɛ wɔbɔɔ Egypt din wɔ hɔ. Mmom wɔkaa “nsuboa akɛse bi ho asɛm; [Hebri kasa mu no, sɛ nsuboa no dɔɔso a, wɔfrɛ wɔn than·ni·nimʹ. Sɛ ɔyɛ baako a, wɔfrɛ no tan·ninʹ].” Saa nsuboa akɛse no ara na Bible frɛ wɔn “Lewiatan” no. Kyerɛwsɛm no kaa sɛ Yehowa bobɔɔ Lewiatan ti pasaa. Ebetumi akyerɛ di a Yehowa dii Farao ne n’asraafo so nkonim yɛɛ wɔn pasaa bere a Israelfo fi Egypt reba no. Sɛ wokan saa nkyekyɛm yi wɔ Aram Targum Bible nkyerɛase no mu a, anka sɛ Yehowa bobɔɔ “Lewiatan ti”; mmom ɛkaa sɛ ɔbobɔɔ “Farao akatakyi ti.” (Fa toto Hes 29:3-5 ho hwɛ. Ɛhɔ no, ɔkaa sɛ Farao yɛ “asuboa kɛse” a ɔda Nil asuasu mu; hwɛ Hes 32:2 nso.) Wohwɛ Yesaia 27:1 a, wutumi hu sɛ ɔde Lewiatan gyina hɔ ma biribi foforo koraa. (Wohwɛ The Septuagint Bible no mu a, asɛmfua Lewiatan no, ɔkaa no “ɔwɔ a ne ho yɛ hu.”) Ɔde gyinaa hɔ maa ahemman, anaa kuw kɛse bi a ɛwɔ nkorabata wɔ wiase baabiara. Nea ɔda saa kuw no ano no, ɔno nso, Bible frɛ no “ɔwɔ” anaa ‘ɔwɔ a ne ho yɛ hu.’ (Adi 12:9) Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 27:1 no, ɛfa Israelfo a na Yehowa bɛsan de wɔn aba wɔn asaase so no ho. Ná Babilonfo abɛsoa Israelfo no bi kɔ wɔn kurow mu. Enti asɛm a Yehowa kae sɛ ‘ɔde sekan kɛse bɛba Lewiatan so’ no, na Babilon ho bɛka. Nkyekyɛm 12 ne 13 nso ma yehu sɛ Asiria ne Egypt nso remfa wɔn ho nni. Enti yebetumi aka sɛ, Lewiatan a ɔbɔɔ din wɔ ha no, egyina hɔ ma ahemman anaa kuw kɛse bi a ɛwɔ nkorabata wɔ wiase baabiara a ɛsɔre tia Yehowa ne ne nkurɔfo.
AUGUST 19-25
BIBLE MU AKORADE DWOM 75-77
Adɛn Nti Na Ɛnsɛ Sɛ Yɛhoahoa Yɛn Ho?
w18.01 28 ¶4-5
Hu Nsonsonoe a Ɛda Wɔn a Wɔsom Yehowa Ne Wɔn a Wɔnsom No Ntam
4 Bere a Paulo kae sɛ nnipa pii bɛyɛ ahopɛ, anaa wɔbɛdɔ wɔn ho dodo na wɔayɛ sikanibere no, ɔsan kae sɛ ebinom bɛyɛ ahohoahoa, ahantan, ne ahomaso. Mpɛn pii no, nnipa a wɔda saa suban yi adi no susuw sɛ wɔkyɛn afoforo. Ebia nea ɛma wɔn adwene yɛ wɔn saa ne wɔn ahoɔfɛ, nneɛma a wotumi yɛ, wɔn sika, anaa dibea a wɔwɔ. Nnipa a wɔwɔ suban a ɛte saa no, sɛ nkurɔfo kamfo wɔn na wɔhoahoa wɔn a, wɔn ani gye ho paa. Nhomanimfo bi kyerɛw asɛm a edi so yi faa obi a ɔyɛ ahomaso ho. Ɔkae sɛ: “Onipa a ɔte saa bu ne ho araa ma ɔsom ne ho wɔ ne komam.” Ebinom aka sɛ ahomaso yɛ subammɔne paa, na ɛno nti nnipa a wɔyɛ ahantan mpo hu sɛ obi yɛ ahomaso a, wɔn ani nnye ne ho.
5 Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa kyi ahomaso, na ɔtan “ani a ɛtra ntɔn” nso. (Mmeb. 6:16, 17) Sɛ obi yɛ ahomaso a, ɔrentumi mmɛn Onyankopɔn. (Dw. 10:4) Ahomaso yɛ Ɔbonsam suban. (1 Tim. 3:6) Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, Yehowa asomfo anokwafo binom mpo bɛyɛɛ ahomaso. Yuda hene Usia dii nokware mfe pii. Bible ka sɛ: “Nanso ɔyɛɛ den ara pɛ, ne koma maa ne ho so de no kɔɔ ɔsɛe mu; wanni Yehowa ne Nyankopɔn nokware, na ɔkɔɔ Yehowa asɔrefie hɔ sɛ ɔrekɔhyew aduhuam wɔ aduhuam afɔremuka no so.” Akyiri yi, Ɔhene Hesekia nso bɛyɛɛ ahomaso bere tiaa bi.—2 Be. 26:16; 32:25, 26.
w23.04 5 ¶11, 12
Anwanwade Ahorow a Yesu Yɛe No, Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Mu?
11 Anwanwade a Yesu yɛ maa nsu danee nsa no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Yebetumi asua ahobrɛase. Yesu amfa anwanwade a ɔyɛe no anhoahoa ne ho. Nokwasɛm ne sɛ, wamfa nea ɔyɛe mu biara anhoahoa ne ho da. Mmom, bere biara na ɔbrɛ ne ho ase de biribiara ho anuonyam ma n’Agya. (Yoh. 5:19, 30; 8:28) Sɛ yesuasua Yesu na yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛremfa nea yɛatumi ayɛ biara nhoahoa yɛn ho. Nea yebetumi ayɛ wɔ Yehowa som mu biara, mommma yɛmmfa nnhoahoa yɛn ho, mmom momma yɛnhoahoa yɛn ho sɛ yɛanya hokwan resom Onyankopɔn. (Yer. 9:23, 24) Momma yɛmfa anuonyam a ɛfata no no mma no. Ade yi, sɛ Yehowa nsa nnim a, dɛn paa na anka yebetumi ayɛ?—1 Kor. 1:26-31.
12 Momma yɛnhwɛ ɔkwan foforo a yebetumi afa so asuasua Yesu ahobrɛase. Susuw wei ho hwɛ: Asafo mu somfo aberantewaa bi rebɛma ne baguam kasa a edi kan, na asafo mu panyin bi de bere pii aboa no ma wasua. Ɛno nti, onua aberantewaa no kasa no hyɛɛ anuanom nkuran na wɔn ani gyei. Bere a wɔpɔn adesua no, obi baa ɔpanyin no nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wunhu sɛ Onua Asomasi maa ɔkasa no paa?’ Wohwɛ a, ɛsɛ sɛ ɔpanyin no ka sɛ: ‘Yiw, me ara na meboaa no?’ Anaa ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase ka sɛ: ‘Yiw, ɔyɛɛ ade paa. Wabɔ mmɔden.’ Sɛ yɛwɔ ahobrɛase na sɛ yɛyɛ biribi ma afoforo a, yɛrennye ho anuonyam no. Nim a yenim sɛ Yehowa hu nea yɛyɛ na ɛsom bo ma no no, ɛno ara dɔɔso ma yɛn. (Fa toto Mateo 6:2-4; Heb. 13:16 ho) Ampa, sɛ yesuasua Yesu na yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛma Yehowa gye yɛn tom.—1 Pet. 5:6.
Tweetwee Bible Mu
w06 7/15 11 ¶4
Nnwom Nhoma a Ɛto So Abiɛsa ne Anan no mu Nsɛntitiriw
76:10—Ɔkwan bɛn so na “nnipa abufuhyew” betumi ayi Yehowa ayɛ? Sɛ Onyankopɔn ma kwan ma nkurɔfo sɔre hyɛ yɛn esiane sɛ yɛyɛ n’asomfo nti a, biribi pa bi betumi afi mu aba. Ahokyere biara a yɛbɛfa mu no betumi ateɛteɛ yɛn wɔ ɔkwan bi so. Yehowa remma yenhu amane ntra baabi a ɛsɛ sɛ ɛteɛteɛ yɛn kodu no. (1 Petro 5:10) ‘Onyankopɔn de abufuhyew a ɛboro onipa so no bɔ n’ankasa ho so.’ Na sɛ yehu amane na yewu nso ɛ? Eyi nso betumi ayi Yehowa ayɛ efisɛ wɔn a wohu yɛn nokwaredi kosi owu mu no nso betumi ahyɛ Nyankopɔn anuonyam.
AUGUST 26–SEPTEMBER 1
BIBLE MU AKORADE DWOM 78
Bɔne a Israelfo Yɛe No Yɛ Sɛnnahɔ a Ɛbɔ Yɛn Kɔkɔ
w96 12/1 29-30
‘Monkae Kan Nna No’—Dɛn Ntia?
Awerɛhosɛm ne sɛ mpɛn pii na Israelfo no maa awerɛfiri bɔne nyaa wɔn so nkɛntɛnso. Dɛn na efii mu bae? “Wɔsan sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, na woyii Israel kronkronni no ahii. Wɔankae ne nsa, da a oyii wɔn fii ɔhohiafo nsam [no].” (Dwom 78:41, 42) Awiei koraa no, Yehowa ahyɛde ahorow a wɔmaa wɔn werɛ fii no maa ɔpow wɔn.—Mateo 21:42, 43.
Odwontofo a ɔkyerɛw nea edi so yi no yɛɛ nhwɛso pa: “Mɛkae Yah nneyɛe maka, yiw, mɛkae wo tete anwonwade, na masusuw w’adwuma nyinaa ho, na madwen wo nneyɛe ho.” (Dwom 77:11, 12) Kan nokwaredi a ɛte saa a wɔde somee no a yɛbɛkae adwen ho, ne Yehowa nneyɛe a ɔdɔ wom no bɛkanyan yɛn ahyɛ yɛn nkuran, na ama yɛanya anisɔ. Afei nso, ‘kan nna no a yɛbɛkae’ no betumi ama yɛako atia ɔbrɛ, na ebetumi akanyan yɛn ma yɛayɛ nea yebetumi nyinaa de akura yɛn mudi mu.
w06 7/15 17 ¶16
‘Monkwati Anwiinwii Biara’
16 Anwiinwii ma yɛdwene yɛn nkutoo ne yɛn haw ahorow ho. Eyi ma yebu yɛn ani gu mfaso horow a yenya sɛ Yehowa Adansefo no so. Sɛ tebea a ebetumi ama yɛanwiinwii sɔre, na yɛpɛ sɛ yedi ho dwuma a, ehia sɛ yesusuw nhyira a yenya no ho. Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ hokwan kɛse a yɛanya sɛ Yehowa din da yɛn mu biara so. (Yesaia 43:10) Yebetumi ne “mpaebɔ Tiefo” no akasa bere biara, na yɛne no anya abusuabɔ a emu yɛ den. (Dwom 65:2; Yakobo 4:8) Esiane amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw no ho ntease a yɛwɔ ne hokwan a yɛanya sɛ yedi Nyankopɔn nokware nti, yɛn asetra wɔ atirimpɔw ankasa. (Mmebusɛm 27:11) Yebetumi aka Ahenni no ho asɛmpa bere nyinaa. (Mateo 24:14) Yesu Kristo ogye afɔre no mu gyidi a yɛwɔ no ma yenya ahonim pa. (Yohane 3:16) Eyinom yɛ nhyira horow a yenya ɛmfa ho ɔhaw biara a yehyia no.
w11 7/1 10 ¶3-4
Yehowa Wɔ Atenka?
Odwontofo no kaa sɛ: “Mpɛn pii na wɔtew atua tiaa no wɔ sare no so.” (Nkyekyɛm 40) Nkyekyɛm a edi hɔ no nso kan sɛ: “Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe mpɛn pii.” (Nkyekyɛm 41) Wohwɛ nea odwontofo no kae no a, wuhu sɛ Israelfo no atuatew no, wɔanyɛ no baako anaa mmienu; na ayɛ wɔn suban. Bere a Yehowa yii Israelfo no fii Egypt no, ankyɛ koraa na saa suban bɔne no yii ne ti wɔ sare no so hɔ. Nkurɔfo no fii ase nwiinwii tiaa Nyankopɔn. Wutie nsɛm a wɔfii ase kekae no a, wutumi hu sɛ na wɔrepɛ akyerɛ sɛ Nyankopɔn ntumi nhwɛ wɔn, na enni ne komam mpo sɛ ɔbɛhwɛ wɔn. (Numeri 14:1-4) Wɔn a wɔkyerɛ Bible ase no, nhoma bi a ɛboa wɔn ka sɛ, asɛm a ɛne “wɔtew atua tiaa no” no, yebetumi aka no sɛ “wɔmaa wɔn koma yɛɛ den wɔ Nyankopɔn anim” anaa “nea Nyankopɔn bɛka biara, wɔse daabi.” Yehowa mmɔborɔhunu nti, sɛ ohu sɛ nkurɔfo no asakra wɔn adwene a, na ɔde akyɛ wɔn. Nanso ɛwɔ hɔ ara a, na wɔasan akɔfa suban dedaw no, na wɔasan atew atua bio. Saa na na wɔyɛ.—Dwom 78:10-19, 38.
Bere biara a saa nkurɔfo yi bɛtew Yehowa so atua no, na ɛma ɔte nka sɛn? Nkyekyɛm 40 no ka sɛ: “Wɔmaa ne werɛ howee.” Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu kyerɛ mu sɛ: “Ná Israelfo no akɔyɛ sɛ abofra soɔdenfo tuatewfo bi a ɔmma n’awofo ho ntɔ wɔn. Wɔn suban no maa Yehowa dii yaw.” Sɛnea abofra a wopoa no a ɛmpoa ma n’awofo di awerɛhow wɔn komam no, saa na Israelfo no maa “Israel Kronkronni no dii awerɛhow.”—Nkyekyɛm 41.
Tweetwee Bible Mu
w06 7/15 11 ¶5
Nnwom Nhoma a Ɛto So Abiɛsa ne Anan no mu Nsɛntitiriw
78:24, 25—Dɛn nti na wɔfrɛ mana “ɔsoro aduan” anaa abɔfo aduan? Asɛm yi mu biara nkyerɛ sɛ na mana yɛ abɔfo aduan. Efi soro nti na na wɔfrɛ no “ɔsoro aduan.” (Dwom 105:40) Esiane sɛ abɔfo anaa “atumfo” te soro nti, ɛbɛyɛ sɛ nea ɔkasasin, “abɔfo aduan” kyerɛ ara ne sɛ Onyankopɔn a ɔte soro no na ɔde mae. (Dwom 11:4) Ebetumi aba sɛ Yehowa nam abɔfo so na ɛmaa Israelfo no mana dii.