Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 July kr. 6-7
  • July 22-28

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • July 22-28
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 July kr. 6-7

JULY 22-28

DWOM 66-68

Dwom 7 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Yehowa Soa Yɛn Adesoa Ma Yɛn Da Biara

(Simma 10)

Sɛ yɛbɔ mpae a, Yehowa yɛ aso tie, na odi ho dwuma (Dw 66:19; w23.05 12 ¶15)

Mmɔborɔwafo asɛm hia Yehowa paa (Dw 68:5; w11 1/1 22 ¶6; w09 7/1 32 ¶1)

Yehowa boa yɛn da biara da (Dw 68:19; w23.01 19 ¶17)

Mfoni: Onuawa bi rebɔ mpae mpɛn pii. 1. Wada asɔre anɔpa, na ɔrebɔ mpae. 2. Ɔde ne mma rebɛkɔ sukuu, na ɔne wɔn rebɔ mpae. 3. Wakodu adwumam, na ɔrebɔ mpae.

DWINNWEN WEI HO: Dɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛagyaw yɛn adesoa ama Yehowa sɛ ɔnsoa mma yɛn?

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 68:18—Tete Israel no, nnipa bɛn na wɔde wɔn “kɔyɛɛ akyɛde” no? (w06 6/1 10 ¶5)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 66:​1-20 (th adesua 11)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. Fa no sɛ nipa a wokɔtoo no no, ɛsono ɔman a ofi mu, kasa a ɔka, anaa n’amammerɛ. (lmd adesua 5 nkyekyɛm 3)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Fa no sɛ wudii kan kɔɔ hɔ no, womaa no kratawa bi. Nkɔmmɔ a wo ne no bɔɔ wɔ mu no, montoa so. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 3)

6. Yɛ Asuafo

(Simma 5) lff adesua 15 no nnianim asɛm ne nkyekyɛm 1-3 (th adesua 8)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 102

7. Wubetumi Ama Wo Nua Kɔn Mu Adwo No Kakra?

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Onyankopɔn nkurɔfo de, sɛ yehyia ɔhaw a, ɛnyɛ yɛn nko ara na yɛko. (2Be 20:15; Dw 127:1) Yehowa wɔ hɔ a ɔbɛboa yɛn. (Yes 41:10) Akwan a Yehowa fa so boa yɛn no, ebi ne sɛn? Ɔnam n’Asɛm Bible no ne n’asafo no so kyerɛ yɛn kwan. (Yes 48:17) Ɔde ne tumi kɛse anaa ne honhom kronkron no boa yɛn. (Lu 11:13) Afei nso, otumi ka anuanom koma ma wɔka nsɛm a ɛhyɛ nkuran kyerɛ yɛn, na yehia mmoa bi nso a, wɔde ma yɛn. (2Ko 7:6) Wei kyerɛ sɛ, sɛ onua bi refa amanehunu mu a, Yehowa betumi afa yɛn mu biara so aboa no ama ne kɔn mu adwo no kakra.

Video a yɛato din “Kɔ So Da Ɔdɔ a Ɛto Ntwa Da Adi Wɔ Asafo No Mu​—Kyerɛ Nkwakoraa Ne Mmerewa” no, emu mfoni no bi na ɛwɔ ha yi. Onuawa Paulina Sántiz Gómez gyina ne fie anim; wuhu sɛ n’anim ayɛ sereserew.

Yi VIDEO a yɛato din Kɔ So Da Ɔdɔ a Ɛto Ntwa Da Adi Wɔ Asafo No Mu—Kyerɛ Nkwakoraa Ne Mmerewa. Afei bisa sɛ:

  • Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no, dɛn na wubetumi ayɛ ama wɔn na wɔn kɔn mu adwo wɔn kakra?

Video a yɛato din “Kɔ So Da Ɔdɔ a Ɛto Ntwa Da Adi Wɔ Asafo No Mu​—Kyerɛ Bere Nyinaa Asomfo” no, emu mfoni no bi na ɛwɔ ha yi. Joseph ne Anita DeVito nam asɛnka mu.

Yi VIDEO a yɛato din Kɔ So Da Ɔdɔ a Ɛto Ntwa Da Adi Wɔ Asafo No Mu—Kyerɛ Bere Nyinaa Asomfo. Afei bisa sɛ:

  • Yɛn nuanom a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma no bi no, dɛn na wubetumi ayɛ ama wɔn na wɔn kɔn mu adwo wɔn kakra?

Video a yɛato din “Kɔ So Da Ɔdɔ a Ɛto Ntwa Da Adi Wɔ Asafo No Mu​—Kyerɛ Ahɔho” no, emu mfoni no bi na ɛwɔ ha yi. Anuanom aba Bill ne Maggie Zeng nkyɛn ne wɔ resua Bible, na wuhu sɛ wɔn ani agye.

Yi VIDEO a yɛato din Kɔ So Da Ɔdɔ a Ɛto Ntwa Da Adi Wɔ Asafo No Mu—Kyerɛ Ahɔho. Afei bisa sɛ:

  • Yɛn nuanom a wɔnam sɔhwɛ a emu yɛ den mu no, dɛn na wubetumi ayɛ ama wɔn na wɔn kɔn mu adwo wɔn kakra?

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 13 ¶1-7, ɔfã 5 no nnianim nsɛm, ne adaka a ɛwɔ kr. 103

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 88 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena