Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
© 2024 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
NOVEMBER 4-10
BIBLE MU AKORADE DWOM 105
‘Ɔkae N’apam Kosi Daa’
w23.04 28 ¶11-12
Gyidi a Yɛwɔ Wɔ Wiase Foforo No Mu No, Yɛbɛyɛ Dɛn Ahyɛ Mu Den?
11 Nneɛma a nnipa ani so no, na asɛ ɛrentumi nyɛ yiye a tete no Yehowa de hyɛɛ ne nkurɔfo bɔ no, momma yensusuw emu bi ho. Ɛwom sɛ na Abraham abɔ akwakora na na ne yere Sara nso abɔ aberewa, nanso Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔbɛwo ɔbabarima. (Gen. 17:15-17) Afei nso, ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔde Kaanan asaase no bɛma n’asefo. Mfe pii a Israelfo a na wɔyɛ Abraham asefo yɛ nkoa wɔ Egypt no, nnipa ani so no, na asɛ saa bɔhyɛ no rentumi mma mu da. Nanso ɛbaa mu. Akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ Elisabet a na wabɔ aberewa no sɛ ɔbɛwo ba. Bio nso, ɔka kyerɛɛ Maria a na ɔyɛ ɔbaabun no sɛ ɔbɛwo Onyankopɔn Ba. Ná ɛno bɛma ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ no mfe mpempem pii wɔ Eden turom hɔ no aba mu!—Gen. 3:15.
12 Sɛ yedwinnwen ɛbɔ ahorow a Yehowa hyɛe ne sɛnea ɛbaa mu no ho a, ɛma yehu sɛ ɔwɔ tumi paa, na ɛma yenya gyidi paa sɛ wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no bɛba. (Kenkan Yosua 23:14; Yesaia 55:10, 11.) Wei boa yɛn paa ma yetumi boa afoforo ma wɔhu sɛ wiase foforo a Yehowa ahyɛ ho bɔ no nyɛ adaeso anaa anansesɛm. Yehowa ankasa aka sɛ ɔkwan biara so ɔsoro foforo ne asaase foforo no bɛba, efisɛ Bible ka sɛ, ‘saa asɛm no yɛ nokware, na ɛrenni huammɔ.’—Adi. 21:1, 5.
it-2 1201 ¶2
Asɛm No
Nneɛma a Onyankopɔn abɔ no, nea nkwa wom ne nea nkwa nnim, ne nyinaa di n’asɛm so, na Onyankopɔn tumi de yɛ adwuma ma n’atirimpɔw ba mu. (Dw 103:20; 148:8) Onyankopɔn asɛm nni huammɔ, na ɔhyɛ bɔ nso a, odi so; ne werɛ mfi da. (De 9:5; Dw 105:42-45) Ɔno ankasa aka sɛ n’asɛm de, “etim hɔ daa.” Ɛrensan mma ne nkyɛn kwa. Mmom, sɛnea ɛte biara, ebewie nea enti a ɔsomae no.—Yes 40:8; 55:10, 11; 1Pe 1:25.
Tweetwee Bible Mu
w16.08 23 ¶13
Wuhu Nea Enti a Ehia sɛ Wunya Nkɔso Wɔ Honhom Fam?
13 Ma Yehowa nsiesie wo. Sɛ afoforo ne wo anni no yiye a, dɛn na wobɛyɛ? Ebia wubetumi asiesie asɛm no wɔ hɔ ara. Nanso, ɛtɔ mmere bi na woyere wo ho sɛ wobɛkyerɛkyerɛ w’asɛm mu a, wobɛsɛe w’asɛm koraa. Yosef nuanom ne no anni no yiye, nanso wamfa wɔn ho asɛm anhyɛ ne mu. Akyiri yi, nkurɔfo twaa atoro too Yosef so na wobuu no atɛnkyea de no too afiase. Nanso, n’ahohia nyinaa mu no, ɔmaa Yehowa kyerɛɛ no kwan. Ekosii sɛn? Bible ka sɛ: ‘Yehowa asɛm siesiee no.’ (Dw. 105:19) Bere a Yosef sɔhwɛ no baa awiei no, na wafata ama adwuma soronko bi. (Gen. 41:37-44; 45:4-8) Sɛ wuhyia nsɛnnennen a, bɔ mpae. Srɛ Onyankopɔn ma ɔnhyɛ wo den na ɔmma wo nyansa a wode bɛkasa na woayɛ w’ade wɔ odwo mu. Woyɛ saa a, Yehowa bɛboa wo.—Kenkan 1 Petro 5:10.
NOVEMBER 11-17
BIBLE MU AKORADE DWOM 106
“Wɔn Werɛ Fii Onyankopɔn a Ogyee Wɔn”
w18.07 20 ¶13
“Hena Na Ɔwɔ Yehowa Afã?”
13 Omununkum tumm, aprannaa, ne nsɛnkyerɛnne foforo a ɛyɛ hu a Onyankopɔn de daa ne ho adi no maa ehu kaa Israelfo no. Enti, wɔsrɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ wɔn kasamafo, na ɔnka wɔn asɛm nyinaa nkyerɛ Yehowa. Mose penee so, na ɔne Yehowa kɔkasae wɔ Bepɔw Sinai so. (Ex. 20:18-21) Bere a Mose kɔɔ bepɔw no so no, ɔkyɛe. Wei maa Israelfo no adwene yɛɛ wɔn sɛ wɔn kannifo a wɔwɔ ne mu ahotoso no agyaw wɔn kwan mu wɔ sare no so anaa? Ɛbɛyɛ sɛ na nkurɔfo no de wɔn werɛ ahyɛ Mose a na wɔde wɔn ani hu no no mu dodo. Afei wɔn ho yeraw wɔn, na wɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Yɛ onyame ma yɛn na onni yɛn anim, na Mose yi a odii yɛn anim fii Egypt asase so no de, yennim nea ato no.”—Ex. 32:1, 2.
Tweetwee Bible Mu
w06 7/15 13 ¶9
Nnwom Nhoma a Ɛto So Abiɛsa ne Anan no mu Nsɛntitiriw
106:36, 37. Nkyekyɛm yi de ahonisom bata afɔre a wɔbɔ ma adaemone ho. Eyi kyerɛ sɛ, sɛ obi de ahoni di dwuma a, adaemone betumi anya ne so nkɛntɛnso. Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: ‘Yɛnhwɛ yɛn ho yiye wɔ ahoni ho.’—1 Yohane 5:21.
NOVEMBER 18-24
BIBLE MU AKORADE DWOM 107-108
“Monna Yehowa Ase, Efisɛ Oye”
w07 4/15 20 ¶2
Momma Asafo No Nyi Yehowa Ayɛ
2 Asafo no nyɛ fekuw bi ara kɛkɛ. Ɛnyɛ fekuw a nnipa a wɔn nyinaa ani gye agodi bi anaa biribi foforo ho dɔm. Mmom no, dwuma titiriw a asafo no di ne sɛ ebeyi Yehowa Nyankopɔn ayɛ. Saa na ɛte fi tete, sɛnea Nnwom nhoma no ka ho asɛm no. Yɛkenkan wɔ Dwom 35:18 sɛ: “Mɛda wo ase, gua kɛse mu, meyi wo ayɛ, ɔman dodow mu.” Saa ara na Dwom 107:31, 32 hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Wɔnkamfo [Yehowa, NW], n’adɔe ho, ne n’anwonwade nnipa mma mu, na wɔmma no so, ɔman ahyiae mu.”
w15 1/15 4 ¶4
Da Yehowa Ase na Nya Nhyira
4 Sɛ yɛanhu nhyira a yɛanya afi Yehowa hɔ a, ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛda no ase. Nea ɛdi kan, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa kaakae nneɛma a Yehowa ayɛ ama yɛn. Afei ɛsɛ sɛ yɛto yɛn bo ase dwendwene ho. Wei bɛma yɛahu sɛ nhyira yi nyinaa kyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn paa. Ɔdwontofoɔ no yɛɛ saa, na nneɛma a ɔhuu sɛ Yehowa ayɛ ama no no yɛɛ no nwanwa.—Kenkan Dwom 40:5; 107:43.
Tweetwee Bible Mu
it-2 420 ¶4
Moab
Akyiri yi, bere a Dawid ankasa bedii hene no, Israelfo ne Moabfo san koe. Israelfo dii Moabfo so nkonim, na Moabfo bɛyɛɛ Dawid nkoa a wɔtua tow ma no. Ɛda adi sɛ, ɔko no awiei no, wɔkyɛɛ Moabfo mmarima a wɔkɔ ɔko no mu mmiɛnsa, ɛnna wɔkunkum emu mmienu. Ɛbɛyɛ sɛ Dawid ma wɔdedaa fam. Bere a wɔhyehyɛɛ wɔn ho wɔ fam hɔ no, ɔde susuhama susuw nnipa no dodow, na ɔkyɛɛ wɔn mu mmiɛnsa. Ɔma wɔkunkum nkyem mmienu, ɛnna wɔgyaw nkyem baako sɛ wɔntena nkwa mu. (2Sa 8:2, 11, 12; 1Be 18:2, 11) Ebetumi aba sɛ saa ɔko no ara mu na Yehoiada ba Benaia ‘kum Moabni Ariel mma mmarima baanu no.’ (2Sa 23:20; 1Be 11:22) Nkogu pɔtɔɔ a Moabfo dii wɔ Dawid nsa ano yi, na Baalam ahyɛ ho nkɔm ato hɔ bɛboro mfe 400 ansa na ɛresi. Ɔkaa sɛ: “Nsoromma bi bepue afi Yakob mu, na ahempoma bi bɛsɔre afi Israel mu. Na sɛnea ɛte biara, ɔbɛpaapae Moab moma, na wapaapae mma a wɔyɛ dede no tikora.” (Nu 24:17) Afei nso, ɛbɛyɛ sɛ saa nkonim yi ara ho asɛm na na odwontofo no reka bere a ɔkaa Moab ho asɛm sɛ ɛbɛyɛ ‘ade a Onyankopɔn bɛhohoro ne nsa wom’ no.—Dw 60:8; 108:9.
NOVEMBER 25–DECEMBER 1
BIBLE MU AKORADE DWOM 109-112
Taa Ɔhene Yesu Akyi!
w06 9/1 13 ¶6
Nnwom Nhoma no Fã a Ɛto so Anum no Mu Nsɛntitiriw
110:1, 2—Dɛn na “[Dawid] wura” Yesu Kristo yɛe bere a na ɔte Onyankopɔn nifa so no? Bere a wonyan Yesu na ɔkɔɔ soro no, ɔkɔtraa Onyankopɔn nifa twɛn kosii afe 1914, ansa na ɔrefi ase adi tumi sɛ Ɔhene. Saa bere no, Yesu dii n’akyidifo a wɔasra wɔn no so na ɔmaa wɔn akwankyerɛ wɔ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no ho, na osiesiee wɔn maa tumi a na ɔne wɔn bedi wɔ n’Ahenni mu no.—Mateo 24:14; 28:18-20; Luka 22:28-30.
w00 4/1 18 ¶3
Wɔn A Wɔko Tia Nyankopɔn No Bedi Nkogu!
3 Wɔasɔre atia Yehowa nkurɔfo fi afeha a ɛto so 20 no mfiase. Wɔ aman pii mu no, nnipa a wokura adwemmɔne abɔ mmɔden sɛ wobesiw Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka adwuma no ano—yiw, sɛ wɔbɛma wɔagyae ho dawurubɔ—koraa. Yɛn Tamfo kɛse, Ɔbonsam a ‘ɔnam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene’ no no na opiapia wɔn. (1 Petro 5:8) Bere a “amanaman no bere” baa awiei wɔ afe 1914 mu no, Nyankopɔn de ne Ba no yɛɛ asase so hene foforo, na ɔmaa no ahyɛde sɛ ‘onkodi nkonim wɔ n’atamfo mfinimfini.’ (Luka 21:24; Dwom 110:2) Bere a Kristo de N’ahenni tumi redi dwuma no, ɔpam Satan fii soro ma ɔbaa asase so ha. Esiane sɛ Ɔbonsam nim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa nti, ne bo afuw Kristofo a wɔasra wɔn no ne wɔn ayɔnkofo no. (Adiyisɛm 12:9, 17) Dɛn na afi ɔsɔretia a wɔn a wɔko tia Onyankopɔn yi de aba wɔn so no mu aba?
be 76 ¶2
Nya Nkɔanim—Nya Nkɔso
Afotu a ɛka sɛ fa wo dom akyɛde di dwuma no hwehwɛ sɛ wubefi wo pɛ mu ayɛ ade. So wufi wo pɛ mu ne afoforo yɛ adwuma wɔ asɛnka mu? So wohwehwɛ hokwan a wode bɛboa w’asafo mufo a wɔyɛ afoforo, mmofra, anaa wɔn a wonni apɔwmuden no? So wutu wo ho ma siesie Ahenni Asa so anaasɛ woboa wɔ akwan pii so wɔ ɔmantam ne ɔmansin nhyiam ahorow ase? So wubetumi de wo ho ahyɛ akwampae boafo adwuma mu bere ne bere mu? So wutumi som sɛ daa kwampaefo anaasɛ woboa wɔ asafo bi a mmoa ho hia kɛse mu? Sɛ woyɛ onuabarima a, so worepere adu Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde ma asafo mu asomfo ne mpanyimfo no ho? Ɔpɛ a wubenya sɛ wobɛboa na woagye asɛyɛde ato wo ho so no yɛ nkɔso ho sɛnkyerɛnne.—Dw. 110:3.
Tweetwee Bible Mu
it-1 524 ¶2
Apam
Apam a Ɛbɛma Yɛanya Ɔsɔfo Te Sɛ Melkisedek. Saa apam yi, wɔaka ho asɛm wɔ Dwom 110:4, na nea ɔkyerɛw Hebrifo nhoma a ɛwɔ Bible mu no kaa sɛ ɛfa Kristo ho. Ɔkaa ho asɛm wɔ Hebrifo 7:1-3, 15-17. Ɛyɛ apam a Yehowa ne Yesu Kristo nko ara na ɛyɛe. Ɛbɛyɛ sɛ saa apam yi na Yesu kaa ho asɛm bere a ɔne n’akyidifo yɛɛ ahenni ho apam no. (Lu 22:29) Yehowa kaa ntam sɛ, Yesu Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn Ba a ɔwɔ soro no bɛyɛ ɔsɔfo te sɛ Melkisedek. Ná Melkisedek yɛ ɔhene, ɛnna ɔsan yɛ Onyankopɔn sɔfo wɔ asaase so. Nanso Yesu Kristo de, na gye sɛ ɔkɔ soro ansa na wakura dibea mmienu no mu. Bere a ɔkɔɔ soro no na ɔbɛyɛɛ Ɔhene na ɔsan yɛɛ Ɔsɔfo Panyin, na ɛnyɛ bere a na ɔwɔ asaase so no. Bere a ɔforo kɔɔ soro no akyi na ɔbɛyɛɛ Ɔhene ne Ɔsɔfo Panyin afebɔɔ. (Heb 6:20; 7:26, 28; 8:1) Saa apam yi, na ɛbɛyɛ adwuma afebɔɔ, efisɛ Yesu bɛyɛ Ɔhene ne Ɔsɔfo Panyin wɔ Yehowa akwankyerɛ ase daa.—Heb 7:3.
DECEMBER 2-8
BIBLE MU AKORADE DWOM 113-118
Dɛn Na Yɛde Betua Yehowa Ka?
w01 1/1 10 ¶13
Momma Ɔdɔ Nhyɛ Yɛn Den
13 Yɛnam Yesu nsɛm no so hu sɛ nea edi kan ne nea ɛsen biara no, ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yehowa. Nanso, wɔmfa Yehowa a yɛbɛdɔ no koraa no nwo yɛn. Ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yesua. Bere a yedii kan tee ne ho asɛm no, nea yɛtee no maa yɛn ani gyee no ho. Yɛde nkakrankakra huu ɔkwan a ɔfaa so siesiee asase maa adesamma no. (Genesis 2:5-23) Yehuu sɛnea ɔne adesamma dii, sɛ wanto yɛn ankyene bere a bɔne baa adesamma abusua mu nea edi kan no, na mmom wafa kwan bi so a ɔde begye yɛn. (Genesis 3:1-5, 15) Ɔne wɔn a wodii no nokware no dii no ayamye so, na awiei koraa no, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro mae maa yɛn bɔne fafiri. (Yohane 3:16, 36) Saa nimdeɛ a ɛdɔɔso yi maa anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa no yɛɛ kɛse. (Yesaia 25:1) Ɔhene Dawid kae sɛ ɔdɔ Yehowa esiane N’adɔe nti. (Dwom 116:1-9) Ɛnnɛ, Yehowa hwɛ yɛn so, ɔkyerɛ yɛn kwan, ɔhyɛ yɛn den, na ɔhyɛ yɛn nkuran. Dodow a yesua ne ho ade no, dodow no ara na yɛn dɔ mu yɛ den.—Dwom 31:23; Sefania 3:17; Romafo 8:28.
w09 7/15 29 ¶4-5
Fa Anisɔ Gye—Fi Koma Nyinaa Mu Ma
Odwontofo no kae sɛ: “Dɛn na mede betua Yehowa ka, papa a wayɛ me nyinaa ho?” (Dw. 116:12) Papa bɛn na na Yehowa ayɛ ama no? Ná Yehowa aboa no wɔ “ahohia ne awerɛhow” mu. Afei nso, na Yehowa ‘agye ne kra afi owu mu.’ Enti na ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribi de ‘tua’ Yehowa “ka.” Ná dɛn na odwontofo no betumi ayɛ? Ɔkae sɛ: “Metua me bɔhyɛ ade ama Yehowa.” (Dw. 116:3, 4, 8, 10-14) Ɔbɔɔ ne tirim sɛ obedi ɛbɔ a na wafi ne komam ahyɛ Yehowa no nyinaa so na wayɛ nea ɔhwehwɛ fi ne hɔ nyinaa.
Wo nso wubetumi ayɛ saa ara. Ɔkwan bɛn so? Ɔkwan a wubetumi afa so ayɛ saa ne sɛ wode Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow bɛbɔ wo bra bere nyinaa. Enti ma Yehowa som nkɔ so nyɛ ade a ɛho hia wo sen biara wɔ w’asetena mu, na ma Onyankopɔn honhom nkyerɛ wo kwan wɔ biribiara a woyɛ mu. (Ɔsɛnk. 12:13; Gal. 5:16-18) Nokwarem no, worentumi ntua Yehowa ka wɔ nneɛma a wayɛ ama wo nyinaa ho nwie da. Nanso, ‘Yehowa koma tɔ ne yam’ sɛ obehu sɛ wufi wo koma nyinaa mu reyɛ ne som adwuma no. (Mmeb. 27:11) Hwɛ sɛnea ɛyɛ hokwan soronko koraa sɛ wobɛma Yehowa ani agye wɔ saa kwan no so!
w19.11 22-23 ¶9-11
Nea Yebetumi Asua Afi Leviticus Nhoma No Mu
9 Asuade a ɛto so mmienu: Yɛn ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama yɛn nti na yɛsom no. Nea ɛbɛma yɛahu saa asuade no, momma yɛnhwɛ asomdwoe afɔre a na Israelfo no bɔ no. Tete no, na saa afɔre no yɛ ade titiriw wɔ nokware som mu. Leviticus nhoma no ma yehu sɛ na Israelni bi betumi abɔ asomdwoe afɔre ‘sɛ ɔde reda ase.’ (Lev. 7:11-13, 16-18) Sɛ Israelni bi bɔ saa afɔre no a, na ɛyɛ ɔno ankasa na ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa, na ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ ntia. Esiane ɔdɔ a na ɔdɔ ne Nyankopɔn Yehowa nti na na ofi ne pɛ mu bɔ saa afɔre no. Ná onii a ɔrebɔ afɔre no, n’abusua, ne asɔfo no na wɔwe aboa a wɔde abɔ afɔre no nam. Nanso na wɔde aboa a wɔde abɔ afɔre no fã pɔtee bi ma Yehowa nko ara. Ná ɛyɛ ne fã bɛn?
10 Asuade a ɛto so mmiɛnsa: Dɔ a yɛdɔ Yehowa nti, yɛde nea ɛsom bo ma yɛn paa ma no. Sɛ wokum aboa a, ne srade no na na Yehowa bu no sɛ edi mũ paa. Yehowa san kyerɛe sɛ, aboa no fã bi te sɛ n’asaabo nso som bo paa. (Kenkan Leviticus 3:6, 12, 14-16.) Enti, sɛ Israelni bi fi ne pɛ mu de aboa no fã a ɛsom bo saa ne ne srade bɔ afɔre ma Yehowa a, na n’ani sɔ paa. Sɛ Israelni bi bɔ afɔre a ɛte saa a, na ɔda no adi sɛ ɔpɛ sɛ ɔde nea ɛsom bo ma no paa ma Onyankopɔn. Saa pɛpɛɛpɛ na Yesu fi ne pɛ mu de nea ɛsom bo ma no paa maa Yehowa; ɔdɔ Yehowa nti, ofii ne kra nyinaa mu som no. (Yoh. 14:31) Ná Yesu ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde; na Onyankopɔn mmara da ne koma so. (Dw. 40:8) Bere a Yehowa hui sɛ Yesu fi ne pɛ mu resom no no, hwɛ sɛnea n’ani begye afa!
11 Ɔsom a yɛde ma Yehowa no te sɛ asomdwoe afɔre a na wɔbɔ no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛma yefi yɛn pɛ mu kyerɛ sɛnea yɛte nka wɔ Yehowa ho. Yɛde nea ɛsom bo ma yɛn paa ma Yehowa efisɛ yefi yɛn koma nyinaa mu dɔ no. Nnipa ɔpepem pii fi wɔn pɛ mu resom Yehowa, efisɛ wɔdɔ no paa na wɔn ani gye n’akwankyerɛ ho. Sɛ Yehowa hu saa a, hwɛ sɛnea ɛma n’ani gye! Ɛnyɛ nea yɛyɛ nko na Yehowa hu, na mmom ohu adwene a yɛde yɛ saa nso; yɛkae wei a ebetumi aka yɛn koma ato yɛn yam. Yɛmfa no sɛ wo mfe akɔ anim, na nea wopɛ sɛ woyɛ no, seesei wuntumi nyɛ no saa. Nya awerɛhyem sɛ Yehowa te wo ase. Ebia w’adwene yɛ wo sɛ wuntumi nyɛ pii, nanso Yehowa hu sɛ ɔdɔ na ɛkanyan wo ma wufi wo komam yɛ nea wutumi yɛ no. Nea wubetumi ayɛ nyinaa no, n’ani gye ho sɛ obegye atom.
Tweetwee Bible Mu
w12 5/15 22 ¶1-2
Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Onyankopɔn honhom kaa odwontofo bi ma ɔtoo dwom sɛ: “Yehowa anokwafo wu yɛ aboɔden, n’ani so.” (Dw. 116:15) Yehowa somfo nokwafo biara nkwa som bo ma no paa. Nanso asɛm a ɛwɔ Dwom 116:15 no mfa nnipa nkorɛnkorɛ wu ho titiriw.
Enti sɛ Kristoni bi de nokwaredi som Yehowa kosi owu mu mpo, na sɛ yɛrema ne wu ho kasa a, ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛka sɛ Dwom 116:15 fa ne ho. Dɛn ntia? Efisɛ asɛm a odwontofo no kae no mfa obiakofo wu ho. Na mmom ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn remma kwan mma wonkunkum n’anokwafo nyinaa efisɛ wɔsom bo ma no.—Hwɛ Dwom 72:14; 116:8.
DECEMBER 9-15
BIBLE MU AKORADE DWOM 119:1-56
“Aberante Bɛyɛ Dɛn Ama N’abrabɔ Ho Atew?”
w88 3/1 18 ¶10
So Worekɔ So Ama Wo Ho Atew Wɔ Biribiara Mu?
10 Wɔ Efesofo 5:5 no, Paulo bɔ kɔkɔ sɛ: “Efisɛ munim dedaw sɛ aguaman biara anaa afideyɛfo anaa oniberefo a ɔyɛ ɔbososonni nni apɛgyade Kristo ne Onyankopɔn ahenni mu.” Nanso afe biara no wɔka mpempem pii anim anaasɛ wotu wɔn esiane aguamammɔ—‘bɔne a etia nipadua’—no nti. (1 Korintofo 6:18) Mpɛn pii efi ‘wɔn ho so a wɔnhwɛ sɛnea Onyankopɔn asɛm se’ nti. (Dwom 119:9) Sɛ nhwɛso no, anuanom pii nhwɛ wɔn abrabɔ so yiye wɔ akwamma bere mu. Wobu wɔn ani gu teokrase fekubɔ so na wɔne wiasefo a wodi akwamma fa nnamfo. Esiane sɛ Kristofo binom susuw sɛ eyinom yɛ ‘nnipa pa ankasa’ nti, wɔde wɔn bo bɔɔ wɔn ho wɔ dwumadi ahorow a enye mu. Saa ara nso na afoforo ne wɔn mfɛfo adwumayɛfo anya adamfofa a emu yɛ den. Kristoni panyin biako ne ne yɔnko dwumayeni ɔbea bi bɔe araa ma oguan gyaw n’abusua hɔ na ɔne no kɔtrae. Wotuu no. Hwɛ sɛnea Bible mu asɛm a ese “Fekubɔ bɔne sɛe su a ɛho wɔ mfaso” no yɛ nokware—1 Korintofo 15:33, NW.
w06 6/15 25 ¶1
‘Minni Wo Nkaesɛm Ho Agoru’
YEHOWA kɔ so kaakae ne nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa wɔn ma wɔadi nhyɛso a wohyia wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no ho dwuma. Yenya nkaesɛm a ɛtete saa no bi bere a yɛkenkan Bible no, ne bere a yetie afoforo a wɔma ɔkasa anaa mmuae wɔ Kristofo nhyiam ase no. Nneɛma a yɛkenkan anaa yetie wɔ nhyiam horow ase no nyɛ ade foforo mma yɛn. Ebetumi aba sɛ yɛasusuw asɛm a ɛte saa ho pɛn. Nanso esiane sɛ yɛn werɛ tumi fi ade nti, ehia sɛ wɔkɔ so kaakae yɛn Yehowa atirimpɔw, ne mmara ne n’akwankyerɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ Yehowa nkaesɛm ho anisɔ. Ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛde yɛn adwene si nea enti a yɛapaw sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra ma ɛne Onyankopɔn apɛde hyia no so. Ne saa nti, odwontofo no too Yehowa dwom sɛ: ‘Minni wo nkaesɛm ho agoru.’—Dwom 119:24.
w10 4/15 20 ¶2
Mmfa W’aniwa Nnhwɛ Ahuhude!
2 Nanso, nneɛma a yɛhwɛ betumi de ɔhaw nso abrɛ yɛn. Abusuabɔ a ɛda yɛn aniwa ne yɛn adwene ntam mu yɛ den araa ma nneɛma a yɛde yɛn ani hwɛ betumi ama yɛafi ase anya nneɛma bi ho anigye ne ho akɔnnɔ wɔ yɛn koma mu anaasɛ ama emu ayɛ den. Na esiane sɛ yɛte wiase a Satan Ɔbonsam na odi so na ɔbrasɛe ahyɛ mu ma, na emu nnipa di wɔn akɔnnɔ akyi mu nti, wɔde mfonini ne nsɛm a ɛnyɛ den koraa sɛ sɛ yɛn ani twa so kɛkɛ mpo a ebetumi adaadaa yɛn puapua yɛn. (1 Yoh. 5:19) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ odwontofo no srɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Mma m’aniwa nnhwɛ ahuhude; wo kwan mu na kora me nkwa so.”—Dw. 119:37.
Tweetwee Bible Mu
w05 4/15 10 ¶2
Fa Wo Ho To Yehowa Asɛm So
2 Asɛntitiriw a ɛwɔ Dwom 119 mu no ne mfaso a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm anaa ne nkrasɛm so. Ɛda adi sɛ nea ɔkyerɛw saa dwom no hyehyɛɛ no nnidiso nnidiso na ama wɔakae emu nsɛm no. Wɔakyekyɛ Dwom 119 mu afã 22, na ɔfã biara kura nkyekyɛm 8. Wɔde Hebri nkyerɛwde baako na efi ɔfã biara ase; edu ɔfã foforo a, na wɔde nkyerɛwde foforo aba. Hebri nkyerɛwde no nso, ne nyinaa yɛ 22. Enti afã ahorow 22 a emu biara kura nkyekyɛm 8 no, sɛ woka bom a, esi nkyekyɛm mmaako mmaako 176. Saa dwom yi twe adwene si Onyankopɔn asɛm, ne mmara, ne nkaesɛm, n’akwan, n’ahyɛde, n’atemmusɛm ne ne nsɛm so. Wɔ asɛm yi ne nea edi hɔ no mu no, yebegyina Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm a wɔakyerɛ ase pɛpɛɛpɛ no so asusuw Dwom 119 ho. Ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo a wɔtraa ase tete ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no ho nsɛm a yebesusuw ho no ma anisɔ a yɛwɔ ma dwom a wɔnam honhom so hyehyɛe yi ne Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw, Bible no, yɛ kɛse.
DECEMBER 16-22
BIBLE MU AKORADE DWOM 119:57-120
Sɛnea Yebetumi Afa Ahohia Mu
w06 6/15 20 ¶2
“Medɔ Wo Mmara Dɛn Ara!”
2 Ebia wubebisa sɛ, “Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn mmara tumi kyekyee odwontofo no werɛ?” Yehowa mu ahotoso a na ɔwɔ no na ɛboaa no. Esiane sɛ na odwontofo no nim Onyankopɔn mmara a ofi ɔdɔ mu de ama no so mfaso nti, n’ani gyei ɛmfa ho amanehunu a n’asɔretiafo de baa no so no. Ohui sɛ Yehowa ne no adi no yiye. Afei nso, akwankyerɛ a ɛwɔ Onyankopɔn mmara mu a ɔde dii dwuma no ma ɔbɛyɛɛ onyansafo sen n’atamfo, na ɛkoraa ne nkwa so mpo. Onyankopɔn mmara a odii so no ma onyaa asomdwoe ne ahonim pa.—Dwom 119:1, 9, 65, 93, 98, 165.
w00 12/1 14 ¶3
So Wodɔ Yehowa Nkae Nsɛm Kɛse?
3 Na odwontofo a ɔtoo dwom yi ani gye Onyankopɔn nkae nsɛm ho kɛse: “Mayɛ ntɛm, na mentwentwɛn me nan ase, sɛ medi wo mmara nsɛm so. Abɔnefo nhama abobare me ho, nanso me werɛ mfii wo mmara ɛ.” (Dwom 119:60, 61) Yehowa nkae nsɛm boa yɛn ma yegyina ɔtaa ano efisɛ yɛwɔ ahotoso sɛ yɛn soro Agya no betumi atwitwa nhama a atamfo de abobare yɛn ho no mu. Wɔ bere a ɛsɛ mu no, oyi yɛn fi akwanside a ɛtete saa mu na ama yɛatumi ayɛ Ahenni ho asɛnka adwuma no.—Marko 13:10.
w06 9/1 14 ¶3
Nnwom Nhoma no Fã a Ɛto so Anum no Mu Nsɛntitiriw
119:71—Adepa bɛn na ebetumi afi amanehunu mu aba? Amanehunu betumi aboa yɛn ma yɛasua sɛnea yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so koraa, abɔ no mpae denneennen, na yɛayere yɛn ho paa asua Bible, na yɛde nea ɛka no abɔ yɛn bra. Bio nso, sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ amanehunu ho no bɛma yɛahu yɛn sintɔ ahorow bi a yebetumi asiesie. Sɛ yɛma kwan ma amanehunu siesie yɛn saa a, ɛremma yɛmfa obiara ho abufuw.
w17.07 13 ¶3, 5
“Mo ne Wɔn a Wosu Nsu”
3 Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa paa na obetumi akyekye yɛn werɛ, efisɛ ɔno ne mmɔborɔhunu Agya. (Kenkan 2 Korintofo 1:3, 4.) Yɛreka obi a ɔwɔ tema paa a, ɔne Yehowa. Ɔmaa ne nkurɔfo awerɛhyem sɛ: “Me ara na mɛkyekye mo werɛ.”—Yes. 51:12; Dw. 119:50, 52, 76.
5 Yebetumi anya ahotoso paa sɛ Yehowa bɛboa yɛn. Enti sɛ yɛredi awerɛhow anaa yɛrefa yaw bi mu a, ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛbɔ no mpae na yɛaka ne nyinaa akyerɛ no. Sɛ yehu sɛ yaw a yɛrefa mu nyinaa, Yehowa nim na ɔkyekye yɛn werɛ a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam paa! Ɛnde, dɛn na ɔyɛ de kyekye yɛn werɛ?
Tweetwee Bible Mu
w06 9/1 14 ¶4
Nnwom Nhoma no Fã a Ɛto so Anum no Mu Nsɛntitiriw
119:96—Dɛn na “pɛyɛ nyinaa awiei” no kyerɛ? Ná ɛyɛ ade a nnipa bu no sɛ ɛyɛ pɛ ho asɛm na na odwontofo no reka. Ɛda adi sɛ nea na ɛwɔ n’adwenem ne sɛ sintɔ wɔ ade a nnipa bu no sɛ ɛyɛ pɛ ho. Nanso, sintɔ a ɛte saa biara nni Onyankopɔn ahyɛde ho. Yetumi de akwankyerɛ a ɛwɔ Onyankopɔn ahyɛde mu yɛ adwuma wɔ asetram biribiara mu.
DECEMBER 23-29
BIBLE MU AKORADE DWOM 119:121-176
Nea Wobɛyɛ Na Woankɔfa Ɛyaw Bebree Ammɛto Wo Ho So
w18.06 17 ¶5-6
Ma Onyankopɔn Mmara Ne Ne Nnyinasosɛm Ntete W’ahonim
5 Sɛ Onyankopɔn mmara bɛboa yɛn a, ɛnyɛ sɛ yɛbɛkenkan kɛkɛ, na mmom ɛsɛ sɛ yehu mmara no yiye. Ɛsɛ sɛ yebu mmara no na yɛn ani gye ho. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Montan bɔne na monnɔ papa.” (Amos 5:15) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ɛne sɛ yebesua sɛ yebehu nneɛma sɛnea Yehowa hu no no. Mfatoho bi ni: Fa no sɛ woda a, wuntumi nna. Ɛnna wo dɔkota ka kyerɛɛ wo sɛ di nnuan a ahoɔden wom, teɛteɛ w’apɔw mu, na yɛ nsakrae bi wɔ w’asetena mu. Bere a wosɔ hwɛe no, wuhui sɛ aboa wo pa ara! Ebia w’ani bɛsɔ pa ara sɛ wo dɔkota no aboa wo ama nneɛma rekɔ yiye wɔ w’asetena mu.
6 Saa ara na yɛn Bɔfo no ama yɛn mmara a ebetumi abɔ yɛn ho ban afi ɔhaw a bɔne de ba ho, na ɛboa ma nneɛma kɔ yiye wɔ yɛn asetena mu. Bible ahyɛ mmara sɛ ɛnsɛ sɛ yedi atoro, ɛnsɛ sɛ yesisi afoforo, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ korɔn, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ aguaman, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ basabasa, na ɛnsɛ sɛ yedi ahonhonsɛm. Sɛ yedi so a, wo de, hwɛ mfaso a yenya. (Kenkan Mmebusɛm 6:16-19; Adi. 21:8) Sɛ yɛyɛ Yehowa apɛde na yenya nhyira a, ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma no no yɛ kɛse, na yɛn ani gye ne mmara ho pa ara.
w93 4/15 17 ¶12
Mmofra—Dɛn Na Mudi Akyi?
12 Nea ehia sen biara no, sua sɛ wubekyi bɔne. (Dwom 97:10) Wobɛyɛ dɛn akyi nea mfiase no ɛbɛyɛ te sɛ agoru anaa anigye? Ɛdenam nea ebefi mu aba a wubesusuw ho no so! “Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa. Nea ogu gu ne honam so no fi honam mu betwa porɔwee.” (Galatifo 6:7, 8) Sɛ wuhyia nna nkate ho sɔhwɛ a, susuw ɔhaw kɛse a ebefi mu aba—sɛnea eyi betumi ayɛ Yehowa Nyankopɔn yaw—no ho. (Fa toto Dwom 78:41 ho.) Afei, susuw nyinsɛn a wompɛ a ebetumi aba anaa ɔyare te sɛ AIDS a wubetumi anya no nso ho. Susuw nkate mu yaw a wubedi ne obu a wobɛhwere no ho. Ebia nea ebefi mu aba no bi bɛtra hɔ akyɛ. Kristoni bea bi gye tom sɛ: “Me ne me kunu nyinaa ne afoforo dae ansa na yɛrehu yɛn ho aware. Ɛwom sɛ nnɛ yɛn nyinaa yɛ Kristofo de, nanso nna ho asɛm a atwam yi de akasakasa ne ninkuntwe ba yɛn aware mu.” Nea ɛnsɛ sɛ wubu w’ani gu so nso ne teokrase hokwan ahorow a ebetumi afi wo nsa anaa Kristofo asafo no a wobetumi atu wo afim no! (1 Korintofo 5:9-13) So ɛfata sɛ bere tiaa mu anigye bi a wubenya de eyinom nyinaa ba?
Tweetwee Bible Mu
w23.01 2 ¶2
Nya Awerɛhyem Sɛ Onyankopɔn ‘Asɛm Yɛ Nokware’
2 Yɛn Yehowa asomfo de, yegye di sɛ Yehowa ne “nokware Nyankopɔn” no, na bere nyinaa ɔpɛ sɛ esi yɛn yiye. (Dw. 31:5; Yes. 48:17) Yenim sɛ nea yɛkenkan wɔ Bible mu no, yebetumi agye adi, efisɛ “[Onyankopɔn asɛm] nyinaa yɛ nokware.” (Kenkan Dwom 119:160.) Bible ho ɔbenfo bi kaa sɛ: “Asɛm biara a Onyankopɔn aka no, atoro ketekete mpo nnim, na biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ebedi huammɔ. Onyankopɔn nkurɔfo betumi agye asɛm biara a ɔka adi, efisɛ wɔgye Onyankopɔn a ɔkaa saa asɛm no di.” Yɛne no yɛ adwene.
DECEMBER 30–JANUARY 5
BIBLE MU AKORADE DWOM 120-126
Wɔde Nisu Na Egui, Nanso Wɔde Ahurusi Na Etwae
w04 6/1 16 ¶10
Nhyira Ne Wɔn A Wɔhyɛ Onyankopɔn Anuonyam
10 Sɛ yegye kɔndua a Yesu de ma yɛn sɛ n’asuafo no to yɛn ho so a, na yɛreko atia Satan. Yakobo 4:7 ma yɛn awerɛhyem sɛ, “Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn.” Eyi nkyerɛ sɛ ne yɛ yɛ mmerɛw. Onyankopɔn a yɛbɛsom no no gye mmɔdenbɔ kɛse. (Luka 13:24) Nanso Bible no hyɛ yɛn bɔ wɔ Dwom 126:5 sɛ: “Wɔn a wɔde nusu gu de ahurusi betwa.” Yiw, Onyankopɔn a yɛsom no no nyɛ bonniayɛ. Ɔyɛ “wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo,” na ohyira wɔn a wɔhyɛ no anuonyam.—Hebrifo 11:6.
w21.11 24 ¶17
Wo Gyidi Betumi Ama Woagyina Nea Ɛreba No Ano Anaa?
17 Obi a wopɛ n’asɛm awu ama woredi awerɛhow anaa? Ɛnde wɔn a wowuwui a Bible ka sɛ wonyan wɔn no, tɔ wo bo ase kenkan wɔn ho asɛm na dwinnwen ho. Woyɛ saa a, ɛbɛma owusɔre no mu gyidi a wowɔ no mu ayɛ den. Wo busuani bi a wɔatu no nti, woredi awerɛhow anaa? Sɛ saa a, yere wo ho sua Bible no, na ɛbɛma woahu sɛ ɔkwan a Yehowa fa so teɛ yɛn so no, ɛno na eye paa. Ɔhaw biara a worehyia no, fa no sɛ ɛyɛ akwannya a wode bɛhyɛ wo gyidi den. Ka nea ɛrehaw wo nyinaa kyerɛ Yehowa. Ntew wo ho mfi anuanom ho, mmom ka bɛn wɔn. (Mmeb. 18:1) Yɛ nneɛma a ɛbɛboa wo ma woatumi agyina wo haw no ano; sɛ ɛbɛma woatew nisu mpo a, mia w’ani yɛ. (Dw. 126:5, 6) Nnyae adesuakɔ, asɛnkakɔ ne Bible akenkan. Afei nso, nneɛma pa a Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma wo daakye no, kɔ so dwinnwen ho. Sɛ wuhu sɛnea Yehowa reboa wo no a, ɛbɛma ne mu gyidi a wowɔ no mu ayɛ den.
w01 7/15 18-19 ¶13-14
Monkɔ So Wɔ Otwa Adwuma No Mu!
13 Nea ɛkyekyee Onyankopɔn otwa adwumayɛfo, ne titiriw, wɔn a wohyia ɔtaa no werɛ kɛse ne nsɛm a ɛwɔ Dwom 126:5, 6 yi: “Wɔn a wɔde nusu gu de ahurusi betwa. Ɔde nusu nennam kura aba a wogu, ɔde ahurusi kura n’afiafi bɛba.” Odwontofo no nsɛm a ɛfa aba a wogu ne otwa ho no kyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa hwɛɛ nkaefo a wofii tete Babilon nnommumfa mu bae no so na ohyiraa wɔn no mu. Wɔn ani gyei wɔ ahofadi a wonyae no ho, nanso ɛbɛyɛ sɛ wɔde nusu na eguu aba wɔ asase a na ada mpan a na wɔnyɛɛ so adwuma wɔ mfe 70 a wɔde tu kɔe no mu. Nanso, wɔn a wɔkɔɔ so guu aba na wosisii adan no nyaa wɔn adwuma no so akatua pa.
14 Yebetumi ate nusu wɔ ɔtaa mu anaasɛ bere a yɛn anaa yɛn mfɛfo gyidifo rehu amane esiane trenee nti no. (1 Petro 3:14) Wɔ yɛn otwa adwuma mu no, ebia mfitiase no, yebehyia tebea a emu yɛ den esiane sɛ ɛte sɛ nea yennyaa yɛn mmɔdenbɔ so mfaso biara no nti. Nanso sɛ yɛkɔ so gu aba na yegugu so nsu a, Onyankopɔn bɛma anyin, na mpɛn pii no, aboro sɛnea yɛhwɛɛ kwan no so. (1 Korintofo 3:6) Nea etumi fi Bible ne Bible ho nhoma a yɛkyekyɛ mu ba no betumi akyerɛkyerɛ eyi mu yiye.
Tweetwee Bible Mu
cl 73 ¶15
Tumi a Ɔde Bɔ Ne Nkurɔfo Ho Ban—“Onyankopɔn Yɛ Yɛn Guankɔbea”
15 Nea edi kan no, ma yɛnhwɛ kwan a Yehowa fa so bɔ yɛn nkwa ho ban. Yehowa remma kwan da mma wɔnhyew n’asomfo ase. Ɛnte saa a anka Satan akyere yɛn nyinaa awe dedaadaw. Wo de hwɛ: Satan na “odi wiase yi so,” na nea esi n’ani so ara ne sɛ obegu nokware som. (Yohane 12:31; Adiyisɛm 12:17) Aban a ɛwɔ tumi paa no bi abara yɛn asɛnka adwuma no wɔ wɔn man mu, na wɔayere wɔn ho sɛ wɔbɛtɔre yɛn ase korakora. Nanso, Yehowa nkurɔfo agyina pintinn, na wɔakɔ so aka asɛm no; wɔnnyaee da! Yehowa asomfo nnɔɔso, na wohwɛ wɔn a, asɛ wɔnni ahobammɔ. Ɛnde, adɛn nti na aman akɛse no ntumi mmaa wɔnnyaee asɛnka adwuma no? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yehowa de ne ntaban a ɛyɛ den no bɔ yɛn ho ban!—Dwom 17:7, 8.