Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
SEPTEMBER 2-8
BIBLE MU AKORADE DWOM 79-81
Kyerɛ Sɛ Yehowa Din Kɛse No Da Wo Koma So
w17.02 9 ¶5
Agyede No—“Adekyɛde a Ɛyɛ Pɛ” a Efi Agya no Nkyɛn
Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ Yehowa din no da yɛn koma so? Yɛde yɛn abrabɔ na ɛbɛkyerɛ. Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ kronkron. (Kenkan 1 Petro 1:15,16.) Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa nkutoo na yefi yɛn koma nyinaa mu yɛ osetie ma no. Sɛ wɔde ɔtaa ba yɛn so mpo a, yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛde Yehowa nnyinasosɛm ne ne mmara a ɛteɛ no bɛbɔ yɛn bra. Sɛ yɛyɛ adetrenee a, ɛma yɛn kanea hyerɛn, na ɛhyɛ Yehowa din anuonyam. (Mat. 5:14-16) Yɛbɔ yɛn bra sɛ nnipa a wɔyɛ kronkron, na ɛma obiara hu sɛ Yehowa mmara yɛ papa. Ɛsan ma ɛda adi sɛ, sobo a Satan bɔɔ Yehowa no yɛ atoro. Esiane sɛ bɔne wɔ yɛn ho nti, yɛn nyinaa di mfomso. Sɛ ɛba saa a, yefi yɛn komam nu yɛn ho, na yɛtwe yɛn ho fi biribiara a egu Yehowa din ho fĩ no ho.—Dw. 79:9.
ijwbv 3 ¶4-5
Romafo 10:13—“Ɔbɛbɔ Awurade Din No”
Bible mu no, wɔka sɛ obi ‘bɛbɔ Yehowa din afrɛ no’ a, nea ɛkyerɛ ne sɛ obehu Onyankopɔn din, na wabɔ din no bere a ɔresom no no. (Dwom 116:12-14) Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara. Nea ɛkyerɛ bio nso ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔde ne werɛ hyɛ Onyankopɔn mu, na ɔde ne ho to no so sɛ ɔmmoa no.—Dwom 20:7; 99:6.
Ná Onyankopɔn din hia Yesu Kristo paa. Bere a Yesu rekyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae no, asɛm a edi kan a ɔkae ne sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew,” anaa ɛnyɛ kronkron. (Mateo 6:9) Yesu san kaa sɛ, sɛ yebenya daa nkwa a, ɛsɛ sɛ yehu Onii ko a wɔfrɛ no Yehowa no, na yɛyɛ osetie ma no, na yɛdɔ no.—Yohane 17:3, 6, 26.
Tweetwee Bible Mu
it-2 111
Yosef
Edin Yosef No, Ɛyɛ Din Kɛse Wɔ Bible Mu. Yakob mma no nyinaa, Yosef na na ɔwɔ dibea kɛse paa. Ɛno nti ɛnyɛ nwanwa sɛ ɛtɔ da a Bible de Yosef din frɛ Israel mmusuakuw no nyinaa. (Dw 80:1) Akyiri yi, mmusuakuw a na ɛwɔ atifi fam ahemman no mu nso, na Bible tumi de Yosef din frɛ wɔn. (Dw 78:67; Am 5:6, 15; 6:6) Wohwɛ Bible nkɔmhyɛ nso a, ne din mpa mu. Wohwɛ Hesekiel nkɔmhyɛ no sei a, agyapade a wɔkyɛ maa Israel mmusuakuw no, Yosef nyaa nkyem mmienu. (Hes 47:13) Kurow a na wɔfrɛ no “Yehowa Wɔ Hɔ” no, na Yosef din da n’apon no baako so. (Hes 48:32, 35) Hesekiel nkɔmhyɛ no baako kaa sɛ wɔbɛka Yehowa nkurɔfo abom. Saa nkɔmhyɛ no de Yosef gyinaa hɔ maa ɔman no fã baako, ɛnna ɛde Yuda nso gyinaa hɔ maa ɔfã baako. (Hes 37:15-26) Obadia nkɔmhyɛ no kyerɛ sɛ, wɔn a wɔbɛsɛe “Esau fi” no, “Yosef fi” ka ho. (Ob 18) Sakaria nso hyɛɛ nkɔm sɛ Yehowa begye “Yosef fi.” (Sak 10:6) Adiyisɛm nhoma no mu nso, Efraim na anka ɛsɛ sɛ ne din da honhom fam Israel mmusuakuw no baako so, nanso Yosef din na ɛda so.—Adi 7:8.
Wohwɛ Adiyisɛm 7:8 a, wubehu sɛ Yosef din pue wɔ hɔ. Wei nti yebetumi aka sɛ, nkɔm a Yakob hyɛe bere a na ɔrewu no, na ɛfa honhom fam Israel nso ho. Ɛno nti, eye paa sɛ Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ ɔhoɔdenfo a ɔtaa Yakob akyi no maa Kristo Yesu bɛyɛɛ Oguanhwɛfo Pa a ɔde ne nkwa too hɔ maa “nguan no.” (Yoh 10:11-16) Kristo Yesu yi ara nso ne ntwea so bo titiriw no; ɔno na wɔato Onyankopɔn asɔrefie a honhom fam Israelfo wom no asi ne so. (Efe 2:20-22; 1Pe 2:4-6) Yesu Kristo a ɔyɛ Oguanhwɛfo san yɛ Ɔbo titiriw no, ɔne Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no na ɛwɔ hɔ.—Yoh 1:1-3; Aso 7:56; Heb 10:12; fa toto Ge 49:24, 25 ho.
SEPTEMBER 9-15
BIBLE MU AKORADE DWOM 82-84
Dwumadi Biara a Ɛhyɛ Wo Nsa No, Hu No Sɛ Ɛyɛ Akwannya Kɛse
wp16.6 8 ¶2-3
Sua Biribi Fi Wim Nnomaa Hɔ
Ná Yerusalemfo nim asomfena paa. Saa nnomaa yi taa yɛ wɔn berebuw wɔ ɔdan suhyɛ ano. Solomon asɔrefie hɔ nso, na ebi berebuw wɔ hɔ. Ɛda adi sɛ na asɔrefie hɔ ye ma asomfena paa. Afe biara na wɔyɛ wɔn berebuw wɔ hɔ, efisɛ ɛhɔ deɛ na wotumi yɛn wɔn mma a obiara nhaw wɔn.
Ɔsɔfo Kora mma no bi na ɔkyerɛw Dwom 84 no. Ná bosome nsia biara, ɔkɔsom wɔ asɔrefie hɔ nnawɔtwe baako. Sɛ ohu anomaa berebuw no saa a, na n’ani bere wɔn efisɛ wɔn deɛ, na ɛte sɛ nea wɔte Yehowa fie daa. Ɔkaa sɛ, “Hwɛ sɛnea wo ntamadan kɛse no som bo ma me, O asafo Yehowa! Me kra ani agyina Yehowa fie adiwo, na abotow. . . . Anomaa mpo anya atenae wɔ hɔ; asomfena nso ayɛ ne berebuw wɔ hɔ, na ɔde ne mma agu mu. Baabi a w’afɔremuka kɛse no wɔ, O asafo Yehowa a woyɛ me Hene ne me Nyankopɔn!” (Dwom 84:1-3) Enti ɛyɛ a yɛne yɛn mma nso ani gyina Yehowa fie na yɛn ani gye sɛ yɛne Onyankopɔn nkurɔfo behyiam wɔ hɔ?—Dwom 26:8, 12.
w08 7/15 30 ¶3-4
Yɛ Nea W’ahoɔden Betumi, na Nya Anigye
Onyin anaa yare betumi ama nea yetumi yɛ wɔ Yehowa som mu no so atew. Sɛ woyɛ ɔwofo a, wubetumi anya adwene sɛ esiane sɛ wode wo bere ne w’ahoɔden pii hwɛ wo mma nkumaa nti wunnya mfaso pii wɔ ade a w’ankasa wusua, anaa dwumadi a ɛkɔ so wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase no so. Nanso, so ebetumi aba sɛ nea wuntumi nyɛ no a wudwen ho dodo no nti na ɛtɔ mmere bi a ɛmma wunhu nea wubetumi ayɛ no?
Mfe mpempem pii a abɛsen kɔ no, ná Lewini bi pɛ sɛ onya biribi a ne nsa ntumi nka. Ná ɔwɔ hokwan soronko bi a ɛma ɔkɔsom wɔ asɔrefie hɔ adapɛn abien afe biara. Nanso, ɔkaa ɔpɛ pa a na ɔwɔ sɛ ɔbɛtra afɔremuka no ho daa no ho asɛm. (Dw. 84:1-3) Dɛn na ɛboaa saa ɔbarima nokwafo yi ma n’ani sɔɔ hokwan a na ɔwɔ no? Ohui sɛ da koro mpo a na obedi wɔ asɔrefie no abangua so no yɛ hokwan kɛse paa a na wanya. (Dw. 84:4, 5, 10) Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yehu nneɛma bi a yebetumi ayɛ na yɛkyerɛ ho anisɔ sen sɛ yebedwennwen nneɛma a yentumi nyɛ no ho pii.
w20.01 17 ¶12
Wo Som Bo Ma Yehowa Wo Nyankopɔn!
Sɛ yare bi abɔ wo a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa nim nea worefa mu. Srɛ no ma ɔmmoa wo, na ama woanya nea ato wo no ho adwempa. Afei kenkan Bible no, na hwehwɛ nsɛmpa a Yehowa de ahyɛ mu no. Kyerɛwnsɛm a ɛma yehu sɛnea Yehowa nkoa som bo ma no no, fa w’adwene si so. Woyɛ saa a, wubehu sɛ Yehowa yi ne yam boa wɔn a wɔsom no nokware mu no.—Dw. 84:11.
Tweetwee Bible Mu
it-1 816
Agyanka
Agyanka asɛm yɛ mmɔbɔ; onni kamafo. Israelfo no bere so no, sɛ wɔn werɛ fi wɔn ho kakraa bi a, na wɔn adwene reyɛ afi nnyanka so. Enti Yehowa maa Israelfo no hui sɛ sɛnea wɔne “nnyanka” di no, ɛkyerɛ sɛnea wɔne ɔno Yehowa ntam te. Sɛ ɔman no ne Yehowa ntam yɛ papa a, na wɔma wɔn ani ku nnyanka ho. Sɛ wɔsi bɔne kwan so de a, na wɔto nnyanka no asaworam. Enti wuhu sɛ nnyanka nenam hɔ mmɔbɔmmɔbɔ a, nea na ɛkyerɛ ara ne sɛ ɔman no atwe wɔn ho afi Yehowa ho. (Dw 82:3; 94:6; Yes 1:17, 23; Yer 7:5-7; 22:3; Hes 22:7; Sak 7:9-11; Mal 3:5) Yehowa kaa sɛ nnome nka obiara a ɔbɛteetee agyanka. (De 27:19; Yes 10:1, 2) Yehowa se ɔyɛ nnyanka Kamafo (Mme 23:10, 11), ɔyɛ wɔn Boafo (Dw 10:14), na ɔyɛ wɔn Agya (Dw 68:5). Ɔno na odi nnyanka asɛm ma wɔn (De 10:17, 18), ɔno na ohu wɔn mmɔbɔ (Ho 14:3), ɔno na ɔma wɔn kɔn mu dwo wɔn (Dw 146:9), na ɔno na ɔbɔ wɔn nkwa ho ban.—Yer 49:11.
Ade baako a ɛma yehu wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo ne sɛ, wɔnto nnyanka ne akunafo agyaagyaamu. Osuani Yakobo kyerɛw kɔmaa Kristofo nyinaa sɛ: “Ɔsom a ɛho tew na efĩ biara nni ho yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so ne sɛ obi bɛhwɛ nnyanka ne akunafo wɔn ahohia mu, na watwe ne ho afi wiase nkekae ho.”—Yak 1:27.
SEPTEMBER 16-22
BIBLE MU AKORADE DWOM 85-87
Mpaebɔ Boa Ma Yetumi Mia Yɛn Ani Gyina Sɔhwɛ Ano
w12 5/15 25 ¶10
So Woreda Yehowa Anuonyam Adi?
Ade foforo a ɛbɛboa yɛn ma yɛada Onyankopɔn anuonyam adi ne sɛ ‘yebekura mpaebɔ mu denneennen.’ (Rom. 12:12) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae sɛ Yehowa mmoa yɛn na yɛnsom no sɛnea ɔpɛ. Enti yebetumi asrɛ no ma wama yɛn honhom kronkron ne gyidi kɛse ne ahoɔden a yɛde begyina sɔhwɛ ano. Bio nso yebetumi asrɛ no ma waboa yɛn ma yɛakyerɛkyerɛ “nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.” (2 Tim. 2:15; Mat. 6:13; Luka 11:13; 17:5) Ehia sɛ yɛde yɛn ho to yɛn soro Agya Yehowa so sɛnea abofra de ne ho to n’agya so no. Sɛ yɛsrɛ no sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛnsom no yiye a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɔbɛboa yɛn. Ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ, sɛ yɛyɛ saa a, na yɛrehaw no. Enti momma yɛmmɔ no mpae, na bere a yɛreyɛ saa no, yennyi no ayɛ, yɛnna no ase, na yɛnhwehwɛ akwankyerɛ mfi ne hɔ, titiriw bere a yɛrehyia nsɛnnennen. Afei yebetumi asrɛ Yehowa na waboa yɛn ma yɛde yɛn som ahyɛ ne din kronkron no anuonyam.—Dw. 86:12; Yak. 1:5-7.
w23.05 13 ¶17-18
Sɛnea Yehowa Bua Yɛn Mpaebɔ
Kenkan Dwom 86:6, 7. Ná odwontofo Dawid wɔ awerɛhyem sɛ Yehowa tie ne mpaebɔ na obua nso. Wo nso wubetumi anya saa awerɛhyem no bi. Nhwɛso ahorow a yɛasusuw ho wɔ adesua yi mu no ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa betumi ama yɛn nyansa, na wahyɛ yɛn den ma yɛagyina yɛn haw ano. Ebia ɔbɛfa kwan bi so ama yɛn nuanom Kristofo anaa mpo wɔn a wɔnsom no aboa yɛn.
Ɛwom, yenim sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na Yehowa bua yɛn mpaebɔ sɛnea yɛhwɛ kwan, nanso yenim sɛ obebua. Ɔbɛma yɛn nea yehia, na ɔbɛma yɛn nsa aka no bere pɔtee a yehia nso. Enti, kɔ so bɔ Yehowa mpae na nya gyidi sɛ obetie wo. Afei nya awerɛhyem sɛ ɔbɛhwɛ wo nnɛ, na wiase foforo a ɛreba no mu nso, ‘ɔbɛma ɔteasefo biara anya nea ohia nyinaa.’—Dw. 145:16.
Tweetwee Bible Mu
it-1 1058 ¶5
Koma
Sɛnea Yɛde “Koma a Edi Mu” Bɛsom Yehowa. Koma ankasa a ɛda yɛn mu no, sɛ ebetumi ayɛ adwuma yiye a, gye sɛ ɛyɛ mua. Ɛrentumi mma sɛ obi koma mu apae mmienu nso na ɛreyɛ adwuma pɛpɛɛpɛ. Nanso yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no de, emu betumi akyɛ ama ayɛ yiye. Dawid bɔɔ mpae sɛ: “Ma me koma mũ, na minsuro wo din.” Saa asɛm yi ma yehu sɛ, obi koma mu betumi akyɛ. Nea ɛma yehu sɛ obi koma mu akyɛ ne nneɛma a n’ani gye ho, ɛne mpo nneɛma a osuro. (Dw 86:11, ase hɔ asɛm) Obi a ɔte saa no, wobɛhwɛ na ne “koma mu akyɛ abien”; kyerɛ sɛ ɔntene ne ho nsom Yehowa. (Dw 119:113, ase hɔ asɛm; Adi 3:16) Obi nso wɔ hɔ a, wobɛhwɛ na ne ‘koma ayɛ ntanta’ (ne nkyerɛase tee ne sɛ, ɔwɔ koma baako san wɔ koma foforo). Nea ɛkyerɛ sɛ obi koma yɛ ntanta no, baako ne sɛ, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsom awuranom mmienu. Anaa nso ɔyɛ ɔdaadaafo; ɔka sɛ hwɛ soro na woanhwɛ fam a, ade ayɛ wo. (1Be 12:33; Dw 12:2, ase hɔ asɛm) Nkurɔfo a wɔyɛ nyaatwom na wɔn koma yɛ ntanta no, Yesu kasa tiaa wɔn denneennen.—Mt 15:7, 8.
SEPTEMBER 23-29
BIBLE MU AKORADE DWOM 88-89
Ɔhene Biara Ne Yehowa Nsɛ
w17.06 28 ¶5
Gyina Yehowa Tumidi Akyi!
Yɛnhwɛ ade foforo nti a Yehowa na ɔfata sɛ amansan Hene. Ɛne sɛ, Yehowa mfa ne tumi nsisi obiara; obu atɛntrenee bere nyinaa. Yehowa ka sɛ: ‘Mene Yehowa, Nea ɔyɛ adɔe na obu atɛntrenee na ɔyɛ adetrenee wɔ asase so, efisɛ eyi na ɛsɔ m’ani.’ (Yer. 9:24) Mmara a nnipa a wɔtɔ sin ahyehyɛ no, ɛnyɛ ɛno na Yehowa gyina so de kyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛteɛ. Esiane sɛ Yehowa ne atɛntrenee farebae nti, ɔno na ɔhyehyɛɛ mmara maa nnipa. “Trenee ne atemmu yɛ [Yehowa] ahengua nnyinaso.” Enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa mmara, ne nnyinasosɛm, ne ne gyinaesi biara teɛ. (Dw. 89:14; 119:128) Satan aka sɛ Yehowa mfata sɛ odi tumi, nanso ɔno ankasa ntumi mmaa atɛntrenee papa biara mmaa wiase.
w17.06 29 ¶10-11
Gyina Yehowa Tumidi Akyi!
Yehowa mfa ne tumi nhyɛ nkurɔfo so na ɔnyɛ katee. Enti wɔn a odi wɔn so no nya ahofadi na ɛma wɔn ani gye. (2 Kor. 3:17) Dawid kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Nidi ne anuonyam wɔ n’anim; ahoɔden ne anigye wɔ ne tenabea.” (1 Be. 16:7, 27) Odwontofo Etan nso kae sɛ: “Anigye ne ɔman a wɔto ahurusi dwom. O Yehowa, w’anim hann mu na wɔnantew daa. Wo din mu na wodi ahurusi daa nyinaa na wo trenee mu na wɔama wɔn so.”—Dw. 89:15, 16.
Sɛ yɛtaa dwinnwen Yehowa papayɛ ho a, ɛbɛma yɛagye adi paa sɛ Yehowa tumidi ye sen tumidi biara. Yɛne odwontofo no bɛyɛ adwene. Ɔkae sɛ: “Wo fie adiwo da koro di ye sen nna apem wɔ baabi foforo.” (Dw. 84:10) Asɛm no ara na odwontofo no aka no. Yehowa dɔ yɛn. Ɔno na ɔnwenee yɛn na ɔbɔɔ yɛn, enti onim nea ɛbɛma yɛn ani agye ankasa. Wama yɛn nea yehia ama abu so. Biribiara a Yehowa bɛka sɛ yɛnyɛ no, yɛn yiyedi ntia. Sɛ mpo ehia sɛ yɛde nneɛma bi bɔ afɔre a, ɛnyɛ dɛn ara a daakye bi ɛbɛma yɛn ani agye paa.—Kenkan Yesaia 48:17.
w14 10/15 7 ¶14
Fa Wo Werɛ Hyɛ Ahenni no Mu Pintinn
Yehowa hyɛɛ tete Israel hene Dawid bɔ bi. Yɛfrɛ saa bɔhyɛ no Dawid apam. (Monkenkan 2 Samuel 7:12, 16.) Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ Mesia no bɛfi Dawid asefo mu na aba. (Luka 1:30-33) Afei deɛ na Yehowa rebue nneɛma so nkakrankakra ma nnipa ahu abusua a Mesia no bɛfi mu aba. Yehowa kae sɛ Dawid aseni yi na “ɛyɛ ne dea” sɛ ɔdi Mesia Ahenni no so Hene. (Hesekiel 21:25-27) Dawid ahenni no bɛtena hɔ daa efisɛ Yesu, Dawid aseni no, bɛtena hɔ afebɔɔ, na “n’ahengua bɛyɛ sɛ owia.” (Dwom 89:34-37) Yɛbɛtumi anya awerɛhyem sɛ nkekae biara remma Mesia nniso no ho da, na ɛde nhyira a ɛnni awiei bɛba!
Tweetwee Bible Mu
cl 281 ¶4-5
“Wo Nko Ara Ne Ɔnokwafo”
Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, sɛ yɛka sɛ “obi di obi nokware” a, ɛkyerɛ sɛ onii no dɔ ne yɔnko no, na ɔde ne ho abata no denneennen; ɔntwe ne ho. Mmom ɔkɔ so yɛ nea obetumi biara boa no. Ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa nti na ɔyɛ, mmom ɔdɔ a ɔwɔ ma ne yɔnko no nti na ɔyɛ saa. Enti sɛ yɛka sɛ obi yɛ ɔnokwafo a, ɛnkyerɛ sɛ ɔyɛ obi a yebetumi de yɛn ho ato no so kɛkɛ; ɛkɔ akyiri sen saa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, odwontofo no kaa sɛ ɔsram no yɛ “ɔdansefo nokwafo a ɛwɔ wim,” efisɛ anadwo biara epue. (Dwom 89:37) Enti ɔkwan bi so no, yebetumi aka sɛ ɔsram no yɛ ɔnokwafo anaa enni huammɔ. Nanso sɛ yɛka sɛ ɔsram yɛ ɔnokwafo a, ɛwɔ nea ɛkyerɛ, ɛnna sɛ yɛka sɛ onipa bi yɛ ɔnokwafo a, ɛno nso wɔ nea ɛkyerɛ. Adɛn ntia? Efisɛ ɔsram nni dɔ.
Sɛ yɛka sɛ obi di ne yɔnko nokware a, wɔ Bible mu no, ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ ne yɔnko no asɛm. Ɛsan nso kyerɛ sɛ ayɔnkofa da wɔn mmienu ntam. Saa nokwaredi no nsesa; nsu mu oo, awia mu oo, nea ɛte ara na ɛte. Ɛnte sɛ ɛpo asorɔkye a mframa tumi bɔ no kɔ baabiara a ɛpɛ no. Obi yɛ ɔnokwafo anaa ɔwɔ ɔdɔ a enni huammɔ a, ɔhaw biara nni hɔ a ɛbɛma wasesa n’adwene, anaa ɛbɛma wadan n’akyi akyerɛ ne yɔnko no.
SEPTEMBER 30–OCTOBER 6
BIBLE MU AKORADE DWOM 90-91
Sɛ Wopɛ Onyinkyɛ a, Fa Wo Ho To Yehowa So
wp19.3 5 ¶3-5
Nnipa Rehwehwɛ Nkwatenten
Nnipa abɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa akwan ahorow so ama yɛanyin akyɛ nanso nea nyansahufo pii reka ne sɛ, wonnye nni sɛ wei betumi ayɛ yiye. Ɛwom, wohwɛ mfe 200 a abɛsen kɔ no a, wuhu sɛ nnipa tumi nyin kyɛ kakra sen kan no. Nanso nea ama aba saa ne sɛ, seesei nnipa di wɔn ho ni, yetumi ko tia nsanyare, na yɛanya nnuru a yɛde siw nyarewa ano. Nyansahufo binom gye di sɛ sɛnea nnipa benyin no ara na yenyin no.
Bɛyɛ mfe 3,500 a atwam ni na Bible kyerɛwfo Mose kaa sɛ: “Yɛn mfe nna de, ɛyɛ aduɔson; na sɛ yɛwɔ ahoɔden paa a, na edu aduɔwɔtwe, nanso ɔhaw ne amanehunu nkutoo na ahyɛ mu mã; etwam ntɛm, na yɛyera.” (Dwom 90:10) Mmɔden a nnipa abɔ sɛ wobenya nkwatenten nyinaa akyi no, asetena te sɛ nea Mose kae no ara.
Nanso abɔde afoforo bi tumi nyin kyɛ pa ara. Akyekyedeɛ ahorow bi tumi di boro mfe 150, na nnua akɛse bi nso tumi di mfe mpempem pii. Enti sɛ yɛde yɛn nkwa nna toto weinom ne abɔde afoforo ho a, asɛm a ebia yebebisa yɛn ho ara ne sɛ, ‘Enti mfe 70 anaa 80 ara na yebetumi adi?’
wp19.1 5, adaka
Onyankopɔn Din De Sɛn?
Nnipa pii abisa saa asɛm yi. Ebia wo nso, woabisa pɛn. Yebetumi abisa asɛm yi ɔkwan foforo so sɛ: Sɛ amansan yi, kyerɛ sɛ ɔsoro ne asase ne nea ɛwom nyinaa, obi na ɔbɔe a, ɛnde ɛhe na Onyankopɔn fi bae?
Nyansahufo pii gye tom sɛ amansan a yehu yi, ɛwɔ mfiase. Bible mu asɛm a edi kan no foa saa nokwasɛm yi so. Ɛka sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.”—Genesis 1:1.
Amansan yi, ɛnyɛ n’ankasa na ɛbae kɛkɛ. Sɛ biribi nni hɔ a, biribiara ntumi mfi mu mma. Sɛ na biribiara nni hɔ ansa na amansan yi reba a, anka nnɛ amansan biara nni hɔ. Ɛwom sɛ yɛrentumi nte ase nwie de, nanso amansan a yehu yi, obi a ɔwɔ hɔ fi teteete a ɔde ne ho a ɔnka amansan yi ho na ɔde bae. Nea na ɔwɔ hɔ fi teteete no, ɔno ne Yehowa Nyankopɔn. Ɔyɛ honhom, na ɔyɛ onyansafo a ne tumi nni ano.—Yohane 4:24.
Bible ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ: “Wunnya nwoo mmepɔw, na wunnya nwoo asase ne wiase no, na woyɛ Onyankopɔn fi mmeresanten kosi mmeresanten.” (Dwom 90:2) Enti Onyankopɔn de, watena ase bere nyinaa fi teteete. Ɛno ansa na “mfiase no,” ɔrebɔ amansan a yehu no nyinaa.—Adiyisɛm 4:11.
w22.06 18 ¶16-17
Sɛnea Ɔdɔ Boa Yɛn Ma Yedi Ehu So
Satan nim sɛ yɛmpɛ sɛ yebewu. Waka sɛ yɛde nea yɛwɔ nyinaa bɛma de apere yɛn nkwa, na sɛ ɛbɛma yɛne Yehowa ntam asɛe mpo a, yɛbɛyɛ. (Hiob 2:4, 5) Nea Satan aka no yɛ atoro paa! Nanso esiane sɛ ɔno ne “nea otumi de owu ba” nti, ɔpɛ sɛ owu ho hu hyɛ yɛn so ma yɛpo Yehowa. (Heb. 2:14, 15) Ɛtɔ da a, Satan akyitaafo hunahuna Yehowa asomfo sɛ, sɛ wɔannyae Yehowa som a wobekum wɔn. Ɛtɔ da nso a, bere a yare bi a emu yɛ den abɔ yɛn no, Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa so ama yɛayɛ biribi a ɛbɛsɛe yɛne Yehowa ntam. Ebia adɔktafo ne yɛn abusuafo a wɔnyɛ Yehowa Adansefo bɛhyɛ yɛn sɛ yennye mogya; yɛyɛ saa nso a ɛbɛma yɛabu Onyankopɔn mmara so. Ebetumi aba nso sɛ, obi bɛkeka nsɛm bi ama yɛagye adi sɛ ayaresa bi a ɛne Bible nnyinasosɛm nhyia betumi aboa yɛn.
Ɛwom sɛ yɛmpɛ sɛ yewu, nanso yenim sɛ, sɛ yewu mpo a, Yehowa bɛkɔ so adɔ yɛn. (Kenkan Romafo 8:37-39.) Sɛ Yehowa nnamfo wu a, ne werɛ mfi wɔn; n’ani so de, wɔda so te ase. (Luka 20:37, 38) Ɔpɛ paa sɛ ɔde wɔn ba nkwa mu bio. (Hiob 14:15) Yehowa atɔ yɛn aboɔden sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ‘anya daa nkwa.’ (Yoh. 3:16) Yenim sɛ Yehowa dɔ yɛn paa na odwen yɛn ho. Enti sɛ yɛyare anaa sɛ obi hunahuna yɛn sɛ obekum yɛn a, yɛnnan yɛn akyi nkyerɛ Yehowa. Mmom, yɛkɔ ne nkyɛn kɔpɛ awerɛkyekye, nyansa, ne ahoɔden. Saa pɛpɛɛpɛ na Valérie ne ne kunu yɛe.—Dw. 41:3.
Tweetwee Bible Mu
wp17.5 5
Wowɔ W’ankasa Wo Bɔfo a Ɔbɔ Wo Ho Ban Anaa?
Bible no nkyerɛkyerɛ sɛ obiara wɔ n’ankasa bɔfo a ɔbɔ ne ho ban. Ɛyɛ nokware, bere bi Yesu kaa sɛ: “Monhwɛ na moammu nkumaa yi mu biako [Kristo asuafo] animtiaa; meka kyerɛ mo sɛ wɔn abɔfo a wɔwɔ soro no hu m’Agya a ɔwɔ soro no anim daa.” (Mateo 18:10) Ɛnyɛ nea na Yesu reka ne sɛ, onipa biara wɔ n’ankasa bɔfo a ɔbɔ ne ho ban. Mmom, nea na ɔreka ara ne sɛ, n’asuafo no mu biara ho hia abɔfo. Enti nokware Kristofo mfa wɔn nkwa nto asiane mu nnyɛ nneɛma a nyansa nnim nsusuw sɛ Onyankopɔn abɔfo bɛbɔ wɔn ho ban.
Wei kyerɛ sɛ abɔfo mmoa nnipa anaa? Ɛnyɛ saa na ɛte. (Dwom 91:11) Ebinom susuw sɛ Onyankopɔn nam abɔfo so kyerɛ wɔn kwan anaa wɔbɔ wɔn ho ban. Kenneth a yɛadi kan aka ne ho asɛm no wɔ saa adwene no. Yɛrentumi nka sɛ kyenkyen ara a, ɛnte saa. Ebia na ɛyɛ nokware. Sɛ Yehowa Adansefo reyɛ asɛnka adwuma no a, wɔtaa hu adanse a ɛkyerɛ sɛ abɔfo ka wɔn ho. Nanso esiane sɛ yentumi nhu abɔfo nti, yɛrentumi nkyerɛ sɛnea Onyankopɔn nam wɔn so boa ankorankoro. Ne nyinaa mu no, sɛ yɛda ade nyinaa so Tumfo no ase wɔ nea wayɛ ama yɛn biara ho a, ɛyɛ ne kwan so.—Kolosefo 3:15; Yakobo 1:17, 18.
OCTOBER 7-13
BIBLE MU AKORADE DWOM 92-95
Yehowa Som, Worennya Mpo!
w18.04 26 ¶5
Mmabun, Mode Botae a Ɛbɛma Moabɛn Yehowa Asisi Mo Ani So?
Nea enti pa ara a yɛde botae a ɛbɛma yɛabɛn Yehowa sisi yɛn ani so ne sɛ yɛpɛ sɛ yɛma Yehowa hu sɛ yɛn ani sɔ ɔdɔ a wada no adi akyerɛ yɛn ne nea wayɛ ama yɛn no. Odwontofo no kaa sɛ: “Eye sɛ yɛda Yehowa ase . . . O Yehowa, wo na woma midi ahurusi wo nnwuma ho; wo nsa ano adwuma nti, meto ahurusi dwom.” (Dw. 92:1, 4) Bere a woyɛ ɔbabun yi, wo de, kaakae nea Yehowa ayɛ ama wo nyinaa. Yehowa ama wo nkwa, wama woanya ne mu gyidi, wama wo Bible, wama woahu n’asafo, na woanya daakye ho anidaso papa bi. Ɔkwan baako a wubetumi afa so akyerɛ sɛ w’ani sɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama wo yi nyinaa ne sɛ wode ne som bedi kan wɔ w’asetena mu, na ɛno bɛma woabɛn no pa ara.
w18.11 20 ¶8
Hena Na Ɔkyerɛ Wo Nea Ɛsɛ Sɛ Woyɛ?
Yehowa te sɛ ɔwofo a odwen ne mma ho; enti ɔpɛ sɛ esi ne mma yiye daakye. (Yes. 48:17, 18) Wei nti, ɔkyerɛkyerɛ yɛn nnyinasosɛm a yɛde bɛbɔ yɛn bra ne sɛnea yɛne afoforo bɛtena yiye. Nneɛma a ɛte saa ho no, nea ɔpɛ ne sɛ yebesuasua sɛnea odwen nneɛma ho na yɛanya ne suban no bi. Wei nyɛ den koraa. Mmom, ɛboa yɛn ma yehu nyansa, na ɛma yetumi susuw nneɛma ho yiye. (Dw. 92:5; Mmeb. 2:1-5; Yes. 55:9) Ɛboa yɛn ma yetumi sisi gyinae a ɛma yenya anigye, na bere koro no ara nso yetumi yɛ nneɛma a yɛn ankasa pɛ. (Dw. 1:2, 3) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yenya Yehowa adwene a, eye, na mfaso wɔ so!
w20.01 19 ¶18
Wo Som Bo Ma Yehowa Wo Nyankopɔn!
Bere a yɛn mfe rekɔ anim no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛkɔ so de yɛn ayɛ adwuma. (Dw. 92:12-15) Yesu akyerɛkyerɛ yɛn sɛ, sɛ yɛte nka sɛ yentumi nyɛ pii anaa nea yɛreyɛ no sua mpo a, nea yetumi yɛ wɔ Yehowa som mu biara no n’ani sɔ. (Luka 21:2-4) Enti fa w’adwene si nea wubetumi ayɛ so. Ebi ne sɛ, wubetumi aka Yehowa ho asɛm akyerɛ afoforo, wubetumi abɔ mpae ama wo nuanom, na wubetumi nso ahyɛ afoforo nkuran ama wɔakɔ so adi nokware. Yehowa bu wo sɛ ne yɔnko dwumayɛni. Ɛnyɛ nea wutumi yɛ nti na Yehowa bu wo saa, na mmom esiane sɛ wuyi wo yam tie no ntia.—1 Kor. 3:5-9.
Tweetwee Bible Mu
cl 176 ¶18
‘O Hwɛ Sɛnea Onyankopɔn Nyansa Mu Dɔ!’
18 Yehowa nyansa da mu fua. Hwɛ sɛnea ɔsomafo Paul kaa ho asɛm: “O hwɛ sɛnea Onyankopɔn ahonyade ne ne nyansa ne ne nimdeɛ mu dɔ! Yɛrentumi mpɛɛpɛɛ n’atemmu mu nwie da, na yɛrentumi nhwehwɛ n’akwan mu nwie da!” (Romafo 11:33) Sɛnea Paul kaa “O” no ma yehu sɛ na asɛm no yɛ no nwanwa paa. Greek asɛmfua a ɔde gyinaa hɔ maa ‘emu dɔ’ no, wubetumi akyerɛ ase “amena donkudonku.” Enti, nsɛmfua a ɔde kaa n’asɛm no ma wutumi hu nea na ɔrekyerɛ no yiye paa. Sɛ yedwinnwen Yehowa nyansa ho a, ɛte sɛ amena donkudonku anaa ekũ tenteenten bi a yɛrehwɛ mu a yentumi nhu ase. Emu dɔ anaa ɛsõ ara ma wuntumi nhu sɛnea ne kɛse te mpo na akɔba sɛ wubehu emu nyinaa. (Dwom 92:5) Sɛ yɛhwɛ Yehowa nyansa a, wunhu sɛ yɛyɛ nkyene a na yɛayera mu?
OCTOBER 14-20
BIBLE MU AKORADE DWOM 96-99
‘Ka Asɛmpa No’!
w11 3/1 6 ¶1-2
Dɛn Ne Asɛmpa No?
ƐYƐ Kristofo asɛde sɛ wɔka “ahenni no ho asɛmpa.” Wɔkyerɛkyerɛ mu kyerɛ nkurɔfo sɛ Onyankopɔn Ahenni no yɛ aban bi a ɛbɛba abedi asaase so daakye, na nneɛma pa nko ara na ɛbɛyɛ ama nnipa. Nanso ɛtɔ da a, Bible tumi de asɛmfua “asɛmpa” no bata biribi foforo ho. Ebi ne “nkwagye ho asɛmpa” (Dwom 96:2); “Onyankopɔn asɛmpa” (Romafo 15:16); ne “Yesu Kristo ho asɛmpa.”—Marko 1:1.
Enti yebetwa no tiaa a, nneɛma a Yesu kyerɛkyerɛe a n’asuafo no kyerɛw too hɔ no, ne nyinaa na yɛfrɛ no asɛmpa no. Ansa na Yesu rekɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Enti nokware Kristofo de, wɔn adwuma paa ne sɛ wɔbɛboa nkurɔfo ama wɔabɛyɛ Yesu asuafo; ɛnyɛ ɛno ara ne sɛ wɔbɛka Ahenni no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo kɛkɛ.
w12 9/1 16 ¶1
Dɛn na Ɛbɛkɔ so Atemmu Da?
Sɛnea yehu wɔ mfonini a ɛwɔ nifa so hɔ mu no, nnipa pii susuw sɛ, Atemmu Da no, Onyankopɔn bɛma akra ɔpepepem pii abegyina n’ahengua no anim, na wagyina wɔn bɔne a wɔayɛ atwam so abu wɔn atɛn. Onyankopɔn betua ebinom ka ma wɔakɔ soro, na ebinom nso bɛkɔ hell. Nanso Bible ma yehu nea Atemmu Da no de bɛba; ɛne sɛ ebegye nnipa afi nsisi mu. (Dwom 96:13) Onyankopɔn ayi Yesu sɛ Ɔtemmufo, na ɔde atɛntrenee bɛsan aba.—Kenkan Yesaia 11:1-5; Asomafo Nnwuma 17:31.
w12 9/15 12 ¶18-19
Asomdwoe Bɛtena Hɔ Mfe Apem—Ne Akyi!
Bere a Satan daadaa nnipa ma wɔtew Yehowa tumidi so atua no, asomdwoe a ɛwɔ Yehowa ne nnipa ntam no sɛee. Nanso efi afe 1914 reba no, Mesia Ahenni no retoto nneɛma nkakrankakra sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe ne biakoyɛ bɛsan aba. (Efe. 1:9, 10) Mfirihyia Apem Nniso no mu no, yebehu nneɛma nwonwaso a seesei ‘yenhu’ no. Afei “awiei no” bɛba. “Awiei no” ne Kristo Mfirihyia Apem Nniso no awiei. Ɛno akyi, dɛn na ebesi? Ɛwom sɛ “wɔde tumi nyinaa ama [Yesu] wɔ ɔsoro ne asase so” de, nanso ɔne Yehowa rempere tumidi. Mmom ‘ɔde ahenni no bɛhyɛ ne Nyankopɔn ne n’Agya nsa.’ Ɔde ne tumi ne dibea titiriw a ɔwɔ ‘bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam.’—Mat. 28:18; Filip. 2:9-11.
Saa bere no, wɔn a Ahenni no bedi wɔn so wɔ asase so nyinaa bɛyɛ pɛ. Wobesuasua Yesu na wɔabrɛ wɔn ho ase agye Yehowa tumidi atom. Sɛ wotumi fa sɔhwɛ a etwa to no mu a, ɛbɛkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ Yehowa di wɔn so. (Adi. 20:7-10) Ɛno akyi no wobeyi atuatewfo nyinaa afi hɔ—nnipa oo, abɔfo oo, wɔn nyinaa befi hɔ korakora. Ɛbɛyɛ anigye ne osebɔ bere ankasa! Yehowa amansan abusua no mufo nyinaa bɛtontono no, na ‘ɔbɛyɛ ade nyinaa ama obiara.’—Monkenkan Dwom 99:1-3.
Tweetwee Bible Mu
it-2 994
Dwom
Ɛnyɛ Nnwom nhoma no nko ara na asɛm “dwom foforo” pue wom. Wohwɛ Bible mu nhoma a Yesaia ne ɔsomafo Yohane kyerɛwee no a, wubehu bi wom. (Dw 33:3; 40:3; 96:1; 98:1; 144:9; 149:1; Yes 42:10; Adi 5:9; 14:3) “Dwom foforo” no, ɛyɛ dwom bɛn? Sɛ yɛpɛ sɛ yehu a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ mmeae a epue wɔ Bible mu no, na yɛhwɛ asɛm a na Bible reka a “dwom foforo” no bepuee mu. Yɛyɛ saa a, yebehu sɛ mpɛn pii no, bere biara a Yehowa bɛyɛ ade foforo bi de akyerɛ sɛ ɔno ne amansan hene no, saa bere no na wɔto “dwom foforo.” Ebi na ɛwɔ Dwom 96:10 no. Ɛhɔ ka sɛ: “Yehowa abɛyɛ Ɔhene!” Ɛnde, “dwom foforo” no, dɛn na ɛwom? Ebetumi aba sɛ ade foforo a Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔyɛ amansan hene no, ɛno na ɛwɔ “dwom foforo” no mu. Afei nso, nhyira a nea Yehowa yɛe no de aba ɔsoro ne asaase so no, ɛno nso ka ho.—Dw 96:11-13; 98:9; Yes 42:10, 13.
OCTOBER 21-27
BIBLE MU AKORADE DWOM 100-102
Ɔdɔ a Enni Huammɔ a Yehowa Ayi No Adi Akyerɛ Wo No, Ma Onhu Sɛ W’ani Sɔ
w23.03 12 ¶18-19
Sɛnea Wubesiesie Wo Ho Ama Asubɔ
Ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no yɛ su a ɛyɛ fɛ. Suban a wowɔ nyinaa, ɛno na ɛda mu fua. (Kenkan Mmebusɛm 3:3-6.) Sɛ wodɔ Onyankopɔn paa a, ɔhaw biara a wubehyia no, ebetumi aboa wo ama woagyina ano. Bible taa ka sɛ, Yehowa da ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ n’asomfo. Wei kyerɛ sɛ ɔrennan n’akyi nkyerɛ n’asomfo da, na ɔbɛkɔ so adɔ wɔn. (Dw. 100:5) Onyankopɔn bɔɔ wo wɔ ne suban so. (Gen. 1:26) Wobɛyɛ dɛn ada ne dɔ no bi adi?
Fa aseda fi ase. (1 Tes. 5:18) Da biara, bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ me?’ Afei hwɛ hu sɛ wobɛda Yehowa ase wɔ wo mpaebɔ mu; ka nneɛma pɔtee a wayɛ ama wo no ho asɛm. Kae sɛ, nneɛma pa a Yehowa yɛ ma wo no kyerɛ sɛ ɔdɔ wo; ɔsomafo Paul nso behuu no saa. (Kenkan Galatifo 2:20.) Bisa wo ho sɛ, ‘Mepɛ sɛ me nso meyɛ biribi de kyerɛ sɛ medɔ no anaa?’ Ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no bɛboa wo ma woakɔ so ako atia sɔhwɛ, na woagyina ɔhaw ano. Ɛbɛkanyan wo ma nhyehyɛe a woayɛ de resom Yehowa no, woakura mu, na woakɔ so akyerɛ sɛ wodɔ Yehowa da biara da.
w23.02 17 ¶10
“Mo Ani Nna Hɔ Na Monwɛn!”
Nneɛma a ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam no, ebi ne sɛ obi de ne ho bɛhyehyɛ obi a ɔnyɛ ne hokafo, asanom bebrebe, adidi ntraso, nseku anaa kasafi, anigyede a basabasayɛ wom, ponografi, ne nneɛma a ɛtete saa. (Dw. 101:3) Daa, yɛn tamfo Bonsam hwehwɛ akwan a ɔbɛfa so asɛe yɛne Yehowa ntam. (1 Pet. 5:8) Sɛ yɛamma yɛn ani anna hɔ a, Satan betumi de ahoɔyaw, atorodi, anibere, ɔtan, ahomaso, ne afoforo ho menasepɔw adua yɛn adwene anaa yɛn koma mu. (Gal. 5:19-21) Mfiase no, ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ atenka a ɛte saa no nhyɛ da nyɛ bɔne. Nanso sɛ yɛanyɛ ntɛm antu ase a, ebegye ntini na ɛde ɔhaw abrɛ yɛn.—Yak. 1:14, 15.
w11 7/15 16 ¶7-8
So Wubetie Kɔkɔbɔ A Emu Da Hɔ A Yehowa De Ma No?
Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de twe yɛn ho fi akyerɛkyerɛfo atorofo ho? Ɛnsɛ sɛ yegye wɔn ba yɛn fie, na ɛnsɛ sɛ yekyia wɔn nso. Ɛnsɛ sɛ yɛkenkan wɔn nhoma, yɛhwɛ dwumadi a wɔyɛ wɔ TV so, yɛkɔ wɔn Intanɛt dwumadibea, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛw nsɛm bi fa wɔn nsɛm a wɔkyerɛw wɔ Intanɛt so no ho. Dɛn nti na yesi yɛn bo denneennen saa? Ɛyɛ ɔdɔ ntia. Yɛdɔ “nokware Nyankopɔn” no, enti yɛn ani nnye nkyerɛkyerɛ a wɔakyinkyim no a ɛne n’Asɛm a ɛyɛ nokware no nhyia ho. (Dw. 31:5; Yoh. 17:17) Yɛn ani gye Yehowa ahyehyɛde a wɔnam so akyerɛkyerɛ yɛn nokware a ɛyɛ anigye no nso ho. Nokware a wɔakyerɛkyerɛ yɛn no bi ne Yehowa din ne nea edin no kyerɛ, nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asase, tebea a awufo wom, ne owusɔre ho anidaso. So wubetumi akae sɛnea w’ani gyei bere a edi kan a wuhuu saa nokware yi ne nokware afoforo a ɛsom bo no? Sɛ saa a, dɛn nti na atosɛm a akyerɛkyerɛfo atorofo ka tia ahyehyɛde no nti wotwe wo ho fi ahyehyɛde a akyerɛkyerɛ wo saa nokware yi no ho?—Yoh. 6:66-69.
Ɛmfa ho nea akyerɛkyerɛfo atorofo bɛka biara no, yɛrenni wɔn akyi! Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ mmura a emu nsu ayow yi ho ma wɔdaadaa yɛn ma yɛn nsa si fam? Mmom no, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so adi Yehowa ne ahyehyɛde no nokware. Saa ahyehyɛde no akɔ so de nokware nsu a emu tew na ɛma akomatɔyam a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no a efi honhom mu no akum yɛn sukɔm fi bere tenten.—Yes. 55:1-3; Mat. 24:45-47.
Tweetwee Bible Mu
it-2 596
Nsu So Dabodabo
Sɛ nsu so dabodabo didi ma n’afuru yɛ totwee a, na watu kɔ akyirikyiri baabi a atew ne ho. Onya kodu hɔ a, ɔpɛ baabi butuw. Afei ɔde ne kɔn kɔ akyi de n’ano to ne koko so, enti wuhu no a, asɛ wayɛ kosoo. Ɔyɛ saa nso a, nnɔnhwerew bebree na ɔnkekaa ne ho, enti sɛ wowɔ akyiri na wunnim a, wobɛka sɛ ɔbo fitaa bi na ɛda hɔ. Wei nti, bere bi a odwontofo no werɛ howee no, ɔkaa sɛ: “Mayɛ sɛ nsu so dabodabo a watew ne ho kɔ akyirikyiri.” (Dw 102:6) Nea enti a ɔkaa saa ne sɛ, sɛ awerɛhow hyɛ ne so a, na ɔtew ne ho kɔtena baabi dinn. Ɔkaa sɛ aboa no tew ne ho kɔ akyirikyiri, kyerɛ sɛ, baabi a nnipa nni. Ebetumi aba sɛ na ɔkɔ akyirikyiri wuram baabi a nsu taataa. Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, wokɔ Yordan Subon no atifi hɔ baabi a nsu taataa no a, wubehu nsu so dabodabo wɔ hɔ; wɔde hɔ ayɛ wɔn fie. Nsu so dabodabo ahorow mmiɛnsa na ɛwɔ Israel. Baako bi wɔ hɔ a ne ho yɛ fitaa (Pelecanus onocrotalus). Wɔn na wɔdɔɔso paa. Yɛwɔ baako bi nso a ne ntaban ano yɛ tuntum a n’ano yɛ kɔkɔɔ (Pelecanus crispus), ɛnna yɛwɔ nea n’akyi yɛ kɔkɔɔ kakra (Pelecanus rufescens). Saa mmienu yi de, wɔnnɔɔso papa.
Nsu so dabodabo de, baabi a wɔpɛ paa ne baabi a atew ne ho a obiara nni, efisɛ wɔmpɛ haw. Wɔnya baabi saa a, wɔawie koraa. Ɛhɔ na wɔyɛ wɔn biribiara. Ɛhɔ na wɔyɛ wɔn mmerebuw to wɔn nkosua, na ɛhɔ ara nso na wɔhuan. Afei nso, sɛ wɔkɔ nsu mu kɔpɛ nam di a, ɛhɔ ara na wɔsan de wɔn ani kyerɛ kogye wɔn ahome. Sɛnea yɛadi kan aka no, baabi a onipa biara nni no, ɛhɔ na nsu so dabodabo pɛ. Ɛno nti, sɛ Bible ka sɛ nsu so dabodabo begye kurow bi afa a, nea ɛkyerɛ ne sɛ kurow no bɛbɔ anaa ɛbɛsɛe pasaa; ɛrenka onipa baako koraa wɔ hɔ. Wei ho nhwɛso ne sɛ, bere a Yesaia rehyɛ nkɔm sɛ wɔbɛsɛe Edom kurow no, ɔkaa sɛ nsu so dabodabo begye kurow no afa. (Yes 34:11) Sefania nso hyɛɛ nkɔm sɛ, Niniwe kurow no, nsu so dabodabo bɛdeda n’adum so. Ɛno kyerɛ sɛ kurow no bɛbɔ koraa; ɛrenka ɔdasani baako koraa wɔ hɔ.—Sef 2:13, 14.
OCTOBER 28–NOVEMBER 3
BIBLE MU AKORADE DWOM 103-104
“Ɔkae Sɛ Yɛyɛ Dɔte”
w23.07 21 ¶5
Suasua Yehowa Na Yɛ Fakaa
Esiane sɛ Yehowa brɛ ne ho ase na ɔwɔ mmɔborɔhunu nti, ɔyɛ fakaa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ansa na Yehowa resɛe abɔnefo a ɛwɔ Sodom no, nea ɔyɛe no di adanse sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Yehowa somaa abɔfo ma wɔkɔka kyerɛɛ ɔtreneeni Lot sɛ onguan nkɔ bepɔw bi so. Ná Lot suro sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Enti ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmma ɔne n’abusua nkɔbɔ wɔn ho aguaa wɔ Soar mmom. Ná Soar yɛ kurow ketewa bi a Yehowa abɔ ne tirim pɔw sɛ ɔbɛsɛe no. Anka Yehowa betumi ahyɛ Lot ketee sɛ ɔnyɛ nea waka no. Nanso, ɔyɛɛ Lot abisade no maa no, enti wansɛe Soar. (Gen. 19:18-22) Mfe pii akyi no, Yehowa huu Niniwefo no nso mmɔbɔ. Ɔsomaa odiyifo Yona sɛ ɔnkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, wɔn bɔne nti, ɔrebɛsɛe wɔne wɔn kurow no nyinaa. Nanso bere a wɔsakrae no, Yehowa huu wɔn mmɔbɔ, na wansɛe kurow no.—Yona 3:1, 10; 4:10, 11.
w23.09 6-7 ¶16-18
Fa Wo Ho To Yehowa So Sɛnea Samson Yɛe No
Ɛwom, mfomso a Samson dii no kɔfaa nsunsuanso bɔne brɛɛ no, nanso wannyae sɛ ɔbɛyɛ Yehowa apɛde. Yɛn nso, sɛ yedi mfomso bi mpo na ehia sɛ wɔka yɛn anim anaa hokwan bi a yɛwɔ fi yɛn nsa a, ɛnsɛ sɛ yɛn abam bu. Kae sɛ, yedi mfomso mpo a, Yehowa ntow yɛn nkyene. (Dw. 103:8-10) Yɛn mfomso nyinaa akyi no, Yehowa betumi ahyɛ yɛn den ma yɛayɛ n’apɛde sɛnea ɔyɛ maa Samson no.
Momma yɛnhwɛ onua aberantewa bi a ne din de Michael. Ná ɔmfa Yehowa som nni agorɔ koraa; na ɔyɛ ɔsomfo san yɛ daa kwampaefo. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ odii mfomso. Ɛbaa saa no, hokwan a ɔwɔ wɔ asafo no mu no, ne nyinaa bɔɔ no. Ɔka sɛ: “Ebesi saa bere yi, na biribiara rekɔ yiye ma me wɔ Yehowa som mu. Nanso prɛko pɛ, ɛyɛɛ te sɛ nea makɔpem ban. Mannya adwene da sɛ Yehowa bɛtow me akyene. Nanso sɛnea na me ne ne ntam te no, ɛyɛɛ me sɛ anhwɛ a merennya no saa bio. Anaa sɛnea na mekeka me ho wɔ ne som mu no, anhwɛ a na mantumi anyɛ no saa bio.”
Anigyesɛm ne sɛ, Michael amma n’abam ammu. Ɔde ka ho sɛ: “Nea ɛbɛyɛ na masiesie me ne Yehowa ntam no, mede sii m’ani so sɛ daa mɛbɔ no mpae, mesua ade na madwinnwen ho.” Bere bi akyi no, Michael san nyaa hokwan a na ɔwɔ wɔ asafo no mu no. Seesei, ɔyɛ asafo mu panyin ne daa kwampaefo. Ɔka sɛ: “Mmoa ne nkuranhyɛ a minya fii anuanom hɔ, ɛnkanka asafo mu mpanyimfo no hɔ no, ɛboaa me ma mihui sɛ Yehowa da so ara dɔ me. Seesei, metumi de ahonim pa asom wɔ asafo no mu bio. Nea mefaa mu yi ama mahu sɛ, obiara a obefi ne komam anu ne ho no, Yehowa de ne bɔne bɛkyɛ no.” Sɛ yɛadi mfomso mpo a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa betumi ama yɛayɛ n’apɛde na wahyira yɛn. Nanso sɛ wei betumi ayɛ yiye a, gye sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara siesie yɛn akwan na yɛkɔ so de yɛn ho to Yehowa so.—Dw. 86:5; Mmeb. 28:13.
w23.05 26 ¶2
Botae a Wode Asisi W’ani So Wɔ Yehowa Som Mu No, Wubetumi Adu Ho
Sɛ wode botae bi asi w’ani so na wuntumi nnuu ho a, mma w’abam mmmu. Kae sɛ botae biara a wode besi w’ani so no, sɛ ɛyɛ ketewa mpo a, gye sɛ woyere wo ho paa na woatumi adu ho. Nokwasɛm ne sɛ, ɔpɛ a woda so ara wɔ sɛ wubedu wo botae ho no kyerɛ sɛ ayɔnkofa a wo ne Yehowa wɔ no som bo ma wo, na wopɛ sɛ woyɛ nea wubetumi nyinaa de som no. Yehowa ani sɔ wo mmɔdenbɔ no. Nanso ɔnhwɛ kwan sɛ wobɛyɛ nea ɛboro w’ahoɔden so. (Dw. 103:14; Mika 6:8) Enti hwɛ wo tebea ho na fa botae a wubetumi adu ho si w’ani so. Sɛ wode botae bi si w’ani so a, dɛn na wobɛyɛ na woatumi adu ho? Momma yɛnhwɛ nyansahyɛ ahorow bi a ɛbɛboa yɛn.
Tweetwee Bible Mu
cl 55 ¶18
Tumi a Ɔde Bɔ Ade—‘Nea Ɔyɛɛ Ɔsoro Ne Asaase’
Yehowa tumi a ɔde bɔ ade no, ɛdɛn na yebetumi asua afi mu? Yɛhwɛ nneɛma ahorow ahorow bebree a Yehowa abɔ a, ɛma yɛn ho dwiriw yɛn. Odwontofo bi kaa sɛ: “O Yehowa, wo nnwuma dɔɔso! . . . Wo nsa ano adwuma ahyɛ asaase so ma.” (Dwom 104:24) Saa asɛm yi yɛ nokware turodoo! Abɔde mu nyansapɛfo ahu sɛ abɔde a nkwa wom ahorow ahorow bɛboro ɔpepem baako na ɛwɔ wiase, nanso ebinom adwene yɛ wɔn sɛ ɛboro saa koraa. Ɛtɔ da a obi a ɔyɛ mfoni hu sɛ n’apɔ asa; ɔtwe a ɛmma. Nanso, Yehowa de, ne nimdeɛ ne ne nyansa a ɔde yɛ nneɛma ahorow ahorow no, ɛnsa da; obetumi ayɛ biribi foforo da biara.