Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb25 March kr. 12-13
  • April 21-27

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • April 21-27
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
mwb25 March kr. 12-13

APRIL 21-27

MMEBUSƐM 10

Dwom 76 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Ɛdɛn Na Ɛma Obi Yɛ Ɔdefo Ankasa?

(Simma 10)

Nea ɛma obi yɛ ɔdefo no, ebi ne sɛ ɔde “mmɔdenbɔfo nsa” bɛyɛ ɔsom adwuma no. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɔbɛyere ne ho aboa nkurɔfo ama wɔabehu Yehowa (Mme 10:​4, 5; w01 7/15 25 ¶1-3)

Sɛ obi yɛ adetrenee a, ɛsom bo koraa sen ahonyade (Mme 10:​15, 16; w01 9/15 24 ¶3-4; 25 ¶1)

Yehowa nhyira na ɛma obi yɛ ɔdefo ankasa (Mme 10:22; it-1 340)

Anuanom mmea mmienu wɔ ɔmantam nhyiam ase; wɔayɛ wɔn ho atuu.

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Mme 10:22—Sɛ Yehowa hyira obi a, ɔmfa yaw biara nka ho. Ɛnde adɛn nti na Onyankopɔn asomfo hyia sɔhwɛ pii? (w06 5/15 30 ¶18)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Mme 10:​1-19 (th adesua 10)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Fa no sɛ ofiewura no aka akyerɛ wo sɛ onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. (lmd adesua 4 nkyekyɛm 3)

5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Ka kyerɛ ofiewura no sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible. (lmd adesua 4 nkyekyɛm 4)

6. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Kyerɛ onipa no sɛnea obetumi ahwehwɛ biribi a n’ani gye ho wɔ jw.org. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 4)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 111

7. Nhyira Bɛn Na Ɛma Onyankopɔn Asomfo Yɛ Adefo?

(Simma 7) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Nhyira a Yehowa hwie gu n’asomfo so wɔ awiei mmere a emu yɛ den yi mu no, ɛboa yɛn ma yɛkɔ so som no, na ɛma yɛyɛ adefo mpo, kyerɛ sɛ, ɛma yenya anigye paa wɔ yɛn asetena mu. (Dw 4:3; Mme 10:22) Ma wɔnkenkan kyerɛwnsɛm a edidi so yi. Afei bisa sɛnea nhyira a wɔaka ho asɛm wom no ma yɛyɛ adefo.

  • Yes 65:13

  • Lu 11:13

  • Yoh 13:35

Ebinom atumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu, na ama wɔayɛ adefo, kyerɛ sɛ, wɔanya asetena a akomatɔyam wom.

Video a yɛato din, “Mmerante Ne Mmabaa​—Munsi Gyinae a Ɛbɛma Moanya Asomdwoe!” no, emu mfoni na ɛwɔ ha yi. Mfoni: 1. Harley. 2. Anjil. 3. Carlee.

Yi VIDEO a yɛato din Mmerante Ne Mmabaa—Munsi Gyinae a Ɛbɛma Moanya Asomdwoe! Afei bisa sɛ:

  • Harley, Anjil, ne Carlee asɛm no, dɛn na woasua afi mu?

8. Afe 2025 Amanneɛbɔ a Efi Adansi Dwumadibea No Hɔ

(Simma 8) Ɔkasa. Yi VIDEO no.

9. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 25 ¶8-13, ne adaka a ɛwɔ kr. 201

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 115 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena