Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb25 March kr. 14-15
  • April 28–May 4

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • April 28–May 4
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
mwb25 March kr. 14-15

APRIL 28–MAY 4

MMEBUSƐM 11

Dwom 90 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Mɛnka!

(Simma 10)

Mɛnka asɛm bi a ebetumi asɛe wo “yɔnko” din, anaa ebetumi apira no (Mme 11:9; w02 5/15 26 ¶4)

Mɛnka asɛm biara a ɛde mpaapaemu bɛba (Mme 11:11; w02 5/15 27 ¶2-3)

Menyi kokoam nsɛm adi (Mme 11:​12, 13; w02 5/15 27 ¶5)

Anuanom mmienu rebɔ nkɔmmɔ wɔ Ahenni Asa so. Baako reka onua bi a ɔreba wɔn nkyɛn ho nsɛm a ɛmfata.

DWINNWEN WEI HO: Asɛm a Yesu kaa wɔ Luka 6:45 no, sɛn na ɛboa yɛn na yɛankeka nsɛm a ebepira afoforo?

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Mme 11:17—Sɛ yɛda ayamye adi a, ɛboa yɛn sɛn? (g20.1 11, adaka)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Mme 11:​1-20 (th adesua 5)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Biribi a wusuaa wɔ adesua ase nnansa yi no, fa kwan bi so ka kyerɛ onipa no. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 4)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Video a ɛka Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no ho no, ka kyerɛ nipa no sɛ wopɛ sɛ wuyi baako kyerɛ no (nanso nyi). Wuwie a, wo ne no mmɔ video no ho nkɔmmɔ. (lmd adesua 8 nkyekyɛm 3)

6. Yɛ Asuafo

(Simma 4) BAGUAM ADANSEDI. Ka kyerɛ nipa no sɛ wopɛ sɛ wo ne sua Bible. Afei wo ne no nsua ade kakra na onhu sɛnea yɛyɛ Bible adesua. (lmd adesua 10 nkyekyɛm 3)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 157

7. Mma Wo Kasa Nnsɛe Asomdwoe

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Esiane sɛ bɔne wɔ yɛn ho nti, yebedi mfomso wɔ yɛn kasa mu. (Yak 3:8) Nanso sɛ yedwinnwen ɔhaw a sɛ yɛankasa yiye a, ebetumi akɔfa aba ho a, ɛbɛboa yɛn na yɛankeka nsɛm bi a akyiri yi yebenu yɛn ho. Kasa a ebetumi asɛe asafo no asomdwoe no, ebi na edidi so yi:

  • Anomdwa. Obi dwa n’anom a, ɛkyerɛ sɛ ɔhoahoa ne ho. Sɛ ɔyɛ saa a, ebetumi ama afoforo ne no asi akan, na wɔn ani abere no.—Mme 27:2

  • Atoro a ɛne nokware sɛ. Nea ɛkyerɛ ne sɛ obi bedi atoro, na ɛsan nso kyerɛ sɛ, obi bɛhyɛ da akeka nsɛm bi de adaadaa nkurɔfo. Sɛ yedi atoro ketewaa bi mpo a, ɛbɛyɛ den sɛ nkurɔfo begye yɛn adi, na ebetumi asɛe yɛn din nso.—Ɔsɛ 10:1

  • Nseku bɔne. Wei yɛ nsɛnhunu a ebinom keka fa nkurɔfo ne wɔn asetenam nsɛm ho. Ɛyɛ a wɔkyinkyim nsɛm no, anaa wɔyi kokoam nsɛm adi. (1Ti 5:13) Nseku bɔne tumi de akasakasa ne mpaapaemu ba.

  • Nsɛm a yɛde abufuw tutu no bumbum. Saa kasa yi yɛ nsɛm a ɛyɛ yaw a yɛtoto mane obi a wahyɛ yɛn abufuw. (Efe 4:26) Nsɛm a yɛde abufuw tutu no bumbum betumi apira obi paa.—Mme 29:22

Video a yɛato din, “ ‘Nneɛma a Ɛsɛe Asomdwoe No, ‘Munyi Ngu’​—Ne Fã Bi.” Mfoni: 1. Emily ne Celia te adidibea bi; wɔn mu biara hwɛ ne yɔnko anim. Celia rehwɛ ne smatfon so; ɔrehwɛ nneɛma a Haley de agu sohyia midia. 2. Haley ne Celia wɔ baabi a wɔde kar sisi wɔ Ahenni Asa so; Haley rekasa abufuw so kyerɛ Celia.

Yi VIDEO a yɛato din Nneɛma a Ɛsɛe Asomdwoe No, ‘Munyi Ngu’—Ne Fã Bi. Afei bisa sɛ:

  • Video no mu no, ɛdɛn na wuhui a ɛma wuhu sɛ ɛnyɛ den koraa sɛ yɛn kasa betumi asɛe asafo no asomdwoe?

Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea wɔtotoo nneɛma maa asomdwoe san baa asafo no mu a, hwɛ video a yɛato din ‘Hwehwɛ Asomdwoe Na Di Akyi.’

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 25 ¶14-21

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom Foforo a Yɛbɛto No Afe 2025 Ɔmantam Nhyiam No Ase Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena