[fi benkum kɔ nifa] Marcelo, Yomara, ne Hiver. Wɔn mu biara kura Spanish Wiase Foforo Nkyerɛase a ɛwɔ anifuraefo nkyerɛwee mu no baako
Anuanom Kyerɛe Sɛ Wɔdɔ Wɔn
YOMARA ne ne nua mmarima Marcelo ne Hiver te akuraa ketewaa bi ase wɔ Guatemala. Yomara ne Adansefo no fii ase suaa Bible, na akyiri yi ne nua mmarima no nso bɛkaa ne ho. Nanso na ɔhaw bi wɔ hɔ. Ná wɔn mmiɛnsa nyinaa ani afura, na na wɔntumi nkan anifuraefo nkyerɛwee. Wei nti, na nea ɔne wɔn sua ade no kenkan nkyekyɛm no ne kyerɛwnsɛm a ɛwɔ adesua no mu no kyerɛ wɔn.
Ná ɛyɛ den sɛ wɔbɛkɔ asafo nhyiam nso. Wufi baabi a wɔwɔ no rekɔ Ahenni Asa a ɛbɛn wɔn a, na ebegye simma 40, na na wɔn ankasa rentumi nkɔ. Nanso anuanom a ɛwɔ asafo no mu boaa wɔn ma wɔtumi kɔɔ adesua no nyinaa. Afei nso, bere a wɔfii ase yɛɛ asuafo dwumadi wɔ asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe mfinimfini adesua ase no, anuanom boaa wɔn ma wɔkyeree wɔn dwumadi no guu wɔn tirim.
May 2019 no, anuanom fii ase yɛɛ asafo nhyiam wɔ wɔn akuraa no ase hɔ. Saa bere no, na awarefo bi a wɔyɛ akwampaefo atu kɔ akuraa no ase. Ɛwom sɛ na awarefo yi nnim anifuraefo nkyerɛwee kenkan ne ne kyerɛw, nanso wɔde sii wɔn ani so sɛ wɔbɛboa anuanom mmiɛnsa yi ama wɔahu ne kan ne ne kyerɛw. Awarefo yi kɔɔ nhomakorabea kosuaa anifuraefo nkyerɛwee ho ade, ne sɛnea wɔde bɛkyerɛ afoforo.
Marcelo rema mmuae wɔ asafo nhyiam ase
Abosome kakra akyi no, anuanom mmiɛnsa yi tumi kenkan anifuraefo nkyerɛwee a na wɔmmrɛ ho, na ɛno boaa wɔn ma wɔtumi nyaa nkɔso wɔ Yehowa som mu.a Seesei Yomara, Marcelo, ne Hiver nyinaa yɛ daa akwampaefo. Marcelo yɛ asafo mu somfo nso. Nnawɔtwe biara wɔnni adaagye koraa wɔ Yehowa som mu. Ahokeka a wɔde som Yehowa no aka afoforo nso.
Anuanom mmiɛnsa yi ani sɔ sɛnea anuanom a ɛwɔ asafo no mu yii wɔn yam boaa wɔn no paa. Yomara ka sɛ, “Efi bere a edi kan a yehyiaa Adansefo no, wɔakɔ so akyerɛ sɛ wɔdɔ yɛn paa.” Marcelo nso ka sɛ, “Yɛwɔ nnamfo pa bebree wɔ yɛn asafo no mu, na yɛwɔ anuanom wɔ wiase nyinaa a ɔdɔ aka yɛn abom.” Yomara ne ne nua mmarima no retwɛn da a wɔbehu sɛ asaase nyinaa adan paradise.—Dw. 37:10, 11; Yes. 35:5.
a Nhoma a yɛato din, Learn to Read Braille no, wɔayɛ sɛ ɛmmoa obi a n’ani afura anaa onhu ade papa mma onhu sɛnea ɔbɛkenkan anifuraefo nkyerɛwee ne sɛnea wɔkyerɛw no.