Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 August kr. 2-7
  • Sɛnea Yehowa Boa Yɛn Ma Yegyina Sɔhwɛ Ano

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Yehowa Boa Yɛn Ma Yegyina Sɔhwɛ Ano
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • MPAEBƆ
  • ONYANKOPƆN ASƐM
  • YƐN NUANOM KRISTOFO
  • YƐN ANIDASO
  • Kae Sɛ Yehowa Ne “Onyankopɔn Teasefo” No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Brɛ Wo Ho Ase Gye Tom Sɛ Ɛnyɛ Biribiara Na Wunim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Krataa Bi a Ebetumi Aboa Yɛn Ma Yɛde Animia Agyina Mu Akosi Awiei
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • ‘Wɔn a Wɔn Koma Abubu No, Yehowa Sa Wɔn Yare’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 August kr. 2-7

ADESUA ASƐM 32

DWOM 38 Ɔbɛma Woayɛ Den

Sɛnea Yehowa Boa Yɛn Ma Yegyina Sɔhwɛ Ano

‘Adom nyinaa Nyankopɔn no bɛma mo ase atim, ɔbɛma moayɛ den, na ɔbɛma moagyina pintinn.’—1 PET. 5:10.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Nneɛma a Yehowa nam so boa yɛn ma yegyina sɔhwɛ ano, ne nea yɛbɛyɛ na yɛatumi anya emu biara so mfaso.

1. Adɛn nti na ehia sɛ yemia yɛn ani gyina sɔhwɛ mu, na hena na obetumi aboa yɛn? (1 Petro 5:10)

AWIEI mmere yi mu no, nneɛma mu ayɛ den, enti ehia sɛ yemia yɛn ani. Yare koankɔ abɛtena yɛn mu bi so. Yɛn mu binom nso, ebia yɛn dɔfo bi awu ama yɛredi awerɛhow. Afei nso, yɛn mu bi wɔ hɔ a, ebia yɛn abusuafo anaa aban mpanyimfo retan yɛn ani. (Mat. 10:​18, 36, 37) Ɔhaw biara a worehyia no, nya awerɛhyem sɛ Yehowa betumi aboa wo ma woagyina mu.—Kenkan 1 Petro 5:10.

2. Dɛn na ɛboa yɛn ma yetumi mia yɛn ani gyina sɔhwɛ mu?

2 Sɛ yɛka sɛ obi mia n’ani gyina sɔhwɛ mu a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, sɛ nkurɔfo retan onii ko no ani, ohyia akwanside, anaa sɔhwɛ a, ɔmma n’abam mmmu, mmom ɔde n’ani si anidaso a ɔwɔ no so. Nea ɛwom ne sɛ, yɛn ara yɛn ahoɔden rentumi mmoa yɛn mma yennyina sɔhwɛ ano, mmom “tumi a ɛboro nnipa de so” a Yehowa de ma yɛn no, ɛno na ɛboa yɛn. (2 Kor. 4:7) Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma nnan a Yehowa nam so boa yɛn ma yetumi gyina sɔhwɛ ano. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea yɛbɛyɛ na yɛatumi anya emu biara so mfaso.

MPAEBƆ

3. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ mpaebɔ yɛ anwanwade?

3 Yehowa ayɛ anwanwade bi ama yɛn a ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ ano. Ɛmfa ho sɛ yɛyɛ abɔnefo no, wama yɛanya hokwan sɛ yebetumi ne no adi nkitaho. (Heb. 4:16) Susuw wei ho hwɛ: Bere biara a yɛpɛ no, yebetumi abɔ Yehowa mpae. Afei nso, biribiara a yɛpɛ sɛ yɛka kyerɛ no no, yebetumi aka. Kasa biara a yɛbɔ mpae wom no, ɔte, na baabiara a yɛwɔ nso, sɛ yɛbɔ no mpae a, ɔte. Sɛ yɛto yɛn ani na ɛntɔ obiara anim anaa yɛda afiase mpo a, ɔte nea yɛka biara. (Yona 2:​1, 2; Aso. 16:​25, 26) Sɛ dadwen hyɛ yɛn so ara ma yenhu nea yɛnka mpo a, Yehowa betumi ahu nea yɛpɛ sɛ yɛka. (Rom. 8:​26, 27) Momma yɛnka na mpaebɔ yɛ anwanwade ampa!

4. Sɛ yɛbɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa yɛn na yemmia yɛn ani nnyina sɔhwɛ mu a, adɛn nti na obetie?

4 Yehowa nam Bible so ma yɛn awerɛhyem sɛ, “biribiara a yebebisa a ɛne n’apɛde hyia no, obetie yɛn.” (1 Yoh. 5:14) Wohwɛ a, yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yemmia yɛn ani nnyina sɔhwɛ mu anaa? Yiw, yebetumi, efisɛ ɛne n’apɛde hyia. Adɛn nti na yebetumi aka saa? Sɛ yemia yɛn ani gyina sɔhwɛ mu a, ɛma Yehowa nya asɛm a ɔbɛka akyerɛ Satan Ɔbonsam a otwa no adapaa no. (Mmeb. 27:11) Ɛno da nkyɛn a, Bible ka sɛ Yehowa ayɛ krado sɛ “ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mu wɔ ne ho.” (2 Be. 16:9) Enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ, Yehowa wɔ tumi a ɔde bɛboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ ano, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nso.—Yes. 30:18; 41:10; Luka 11:13.

5. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ betumi ama yɛanya asomdwoe? (Yesaia 26:3)

5 Bible ka sɛ, nea ɛteetee yɛn no, sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu bɔ ho mpae a, ‘Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro ntease nyinaa so no bɛbɔ yɛn koma ne yɛn adwene ho ban.’ (Filip. 4:7) Momma yɛnhwɛ nea wei kyerɛ. Wɔn a wɔnsom Yehowa no nso hyia ɔhaw, na wɔtumi fa akwan pii so hwehwɛ asomdwoe. Ebinom bɔ mmɔden sɛ wɔbeyi biribiara afi wɔn adwenem sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn asom bedwo wɔn. Obi yɛ saa a, ɛyɛ hu paa, efisɛ sɛ biribiara nni adwene no mu a, ahonhommɔne betumi agye abɔ so. (Fa toto Mateo 12:​43-45 ho.) Wɔn a wɔyɛ saa no, sɛ wɔnya asomdwoe mpo a, ennu yɛn de no ho baabiara, efisɛ yɛn asomdwoe no fi Yehowa hɔ. Yɛbɔ Yehowa mpae a, yɛma ɛda adi sɛ yɛde yɛn ho to no so koraa, na ɔno nso ma yɛn “asomdwoe daa.” (Kenkan Yesaia 26:3.) Ɔkwan baako a Yehowa fa so yɛ saa ne sɛ, Bible mu nokwasɛm a ɛhyɛ nkuran a yɛasua no, ɔboa yɛn ma yɛkae. Nokwasɛm a ɛtete saa no ka yɛn koma to yɛn yam, efisɛ yenim sɛ odwen yɛn ho na ɔpɛ sɛ esi yɛn yiye.—Dw. 62:​1, 2.

6. Wobɛyɛ dɛn anya mpaebɔ so mfaso? (Hwɛ mfoni no nso.)

6 Nea wubetumi ayɛ. Sɛ worehyia ɔhaw bi a, “dan w’adesoa to Yehowa so,” na srɛ no sɛ ɔmma wo asomdwoe. (Dw. 55:22) Afei nso, srɛ no sɛ ɔmma wo nyansa a wubetumi de adi ɔhaw a worehyia no ho dwuma. (Mmeb. 2:​10, 11) Bere a wode nkotosrɛ rekɔ Yehowa anim sɛ ɔmmoa wo na mia w’ani gyina sɔhwɛ no mu no, mma wo werɛ mmfi sɛ wobɛda no ase. (Filip. 4:6) Fa w’ani to fam hwɛ sɛnea Yehowa reboa wo wɔ wo sɔhwɛ no mu, na da no ase wɔ ho. Sɛnea Yehowa rewowaw wo no, hwɛ na ɔhaw a worehyia no amma woammu w’ani angu so.—Dw. 16:​5, 6.

Ɛyɛ awɔw bere, na onua bi a ne mfe akɔ anim wɔ ne fi rebɔ mpae. Wabue Bible mu da ne srɛ so, na n’aduru nso si pon so wɔ ne nkyɛn.

Wobɔ mpae a, ɛkyerɛ sɛ wo ne Yehowa rekasa. Wokenkan Bible a, ɛkyerɛ sɛ Yehowa rekasa akyerɛ wo (Hwɛ nkyekyɛm 6)b


ONYANKOPƆN ASƐM

7. Sɛ yesua Bible a, sɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛamia yɛn ani agyina sɔhwɛ mu?

7 Yehowa de n’Asɛm no ama yɛn na aboa yɛn ama yɛamia yɛn ani agyina sɔhwɛ mu. Nsɛm pii wɔ Bible mu a ɛma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛnea ɛte biara Yehowa bɛboa yɛn. Momma yɛnka emu baako pɛ ho asɛm. Mateo 6:8 ka sɛ: “Mo Agya nim nneɛma a muhia koraa ansa na moabisa no.” Yesu na ɔkaa saa asɛm no, na onim Yehowa kyɛn obiara. Enti sɛ yehyia ɔhaw bi a, yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ Yehowa nim nea ɛbɛboa yɛn, na ɔbɛyɛ ama yɛn. Nsɛm a ɛtete saa pii wɔ Bible mu a ebetumi ahyɛ yɛn den ma yɛamia yɛn ani agyina sɔhwɛ ano.—Dw. 94:19.

8. (a) Bible nnyinasosɛm a ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ ano no, ka baako ho asɛm. (b) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakae Bible nnyinasosɛm bere a ɛho abehia sɛ yesi gyinae bi anaa yehu nea yɛbɛyɛ de agyina sɔhwɛ bi ano?

8 Bible nnyinasosɛm betumi aboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ ano. Asuade a ɛwom no betumi aboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa. (Mmeb. 2:​6, 7) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ mma yɛmmfa nea ebesi ɔkyena nnhaw yɛn ho, mmom yɛmfa yɛn ho nto Yehowa so da biara. (Mat. 6:34) Sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yɛbɛkenkan Kyerɛwnsɛm no na yɛadwinnwen ho, na ɛba sɛ yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi anaa yehu nea yɛbɛyɛ de agyina sɔhwɛ bi ano a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛkae Bible nnyinasosɛm a ɛbɛboa yɛn.

9. Sɛnea Yehowa boaa n’asomfo tete no, sɛ yɛkan ho asɛm wɔ Bible mu a, ahotoso bɛn na ɛma yenya?

9 Yɛkan Bible a, yebehu nnipa bi a na wɔte sɛ yɛn ara ho nsɛm wom; wɔde wɔn ho too Yehowa so, na ɔno nso di boaa wɔn. (Heb. 11:​32-34; Yak. 5:17) Sɛ yedwinnwen Bible mu nsɛm a ɛtete saa ho a, ɛma yenya ahotoso paa sɛ Yehowa yɛ “yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden, ahohia mu boafo a ɔwɔ hɔ daa.” (Dw. 46:1) Afei nso, sɛnea Yehowa asomfo anokwafo a wɔtenaa ase tete no miaa wɔn ani som Yehowa no, sɛ yesusuw ho a, ɛkanyan yɛn ma yɛn nso yesuasua wɔn gyidi ne wɔn animia no.—Yak. 5:​10, 11.

10. Wobɛyɛ dɛn anya Onyankopɔn Asɛm no so mfaso paa?

10 Nea wubetumi ayɛ. Kenkan Bible no da biara. Afei nso, kyerɛwsɛm ahorow a wuhu sɛ ɛboa wo paa no, kyerɛw to hɔ. Nnipa pii nso ahu sɛ, sɛ wɔyɛ daa asɛm no anɔpa biara a, ɛboa wɔn ma wɔnya Bible mu asɛm bi a ɛhyɛ nkuran dwinnwen ho. Onuawa bi a ne din de Mariea behui sɛ saa asɛm no yɛ nokware bere a adɔktafo kaa sɛ n’awofo anya kansa no. Dɛn na ɛboaa no ma otumi miaa n’ani hwɛɛ wɔn bere a na wɔda owu mpa so no? Ɔka sɛ, “Anɔpa biara, kyerɛwsɛm a daa asɛm no gyina so no, na mekenkan fi Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa nhomawa no mu dwinnwen ho. Wei boaa me ma mede m’adwene sii Yehowa so. Ɛno nti, ɔhaw a na ɛreteetee me no, mannwinnwen ho ammoro so.”—Dw. 61:2.

YƐN NUANOM KRISTOFO

11. Sɛ yehu sɛ yɛn nuanom nso rehu amane a, ɛboa yɛn sɛn?

11 Yehowa nam anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa so boa yɛn ma yegyina sɔhwɛ ano. Nim a yenim sɛ “amanehunu koro no ara na [yɛn] nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa hyia” no, ɛno ara kɛkɛ ma yenya awerɛhyem sɛ ɛnyɛ yɛn nko ara na yɛredi amia. (1 Pet. 5:9) Nokwasɛm ne sɛ, ɔhaw biara a yɛrehyia no, afoforo ahyia biribi a ɛte saa pɛn, na wɔtumi gyinaa mu. Wei kyerɛ sɛ yɛn nso yebetumi agyina mu!—Aso. 14:22.

12. Yɛn nuanom a yɛne wɔn som no, ɔkwan bɛn so na wɔbetumi aboa yɛn, na dɛn na yɛn nso yebetumi ayɛ ama wɔn? (2 Korintofo 1:​3, 4)

12 Yɛn nuanom a yɛne wɔn som betumi ahyɛ yɛn nkuran ma yɛagyina sɔhwɛ mu. Ɔsomafo Paul nyaa suahu a ɛte saa. Bere a atumfoɔ kaa no hyɛɛ fie no, anuanom a wɔkɔboaa no no, na ɔtaa bɔ wɔn din kamfo wɔn. Wɔkyekyee ne werɛ, wɔhyɛɛ no nkuran na wɔyɛɛ nneɛma pɔtee bi de boaa no. (Filip. 2:​25, 29, 30; Kol. 4:​10, 11) Ɛnnɛ, yɛn nso yebetumi anya mmoa a ɛte saa. Sɛ yɛrefa sɔhwɛ bi mu a, yɛn nuanom wɔ hɔ ma yɛn; sɛ wɔn nso rehyia sɔhwɛ a, yɛn nso yɛwɔ hɔ ma wɔn.—Kenkan 2 Korintofo 1:​3, 4.

13. Dɛn na ɛboaa onuawa bi a ne din de Maya ma otumi gyinaa sɔhwɛ mu?

13 Afe 2020 no, apolisifo bɔ wuraa onuawa bi a ɔwɔ Russia a ne din de Maya fie, na wɔtuu hɔ nneɛma hwehwɛɛ hɔ. Esiane sɛ wɔbɔɔ no kwaadu sɛ waka ne gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo nti, na ɛsɛ sɛ ɔkɔ asɛnnibea koyi ne ho ano. Maya ka sɛ, saa bere no a na nneɛma nkɔ yiye no, anuanom hyɛɛ no nkuran paa. Ɔka sɛ: “Ná m’adwene atu afra nanso anuanom frɛɛ me wɔ fon so, na ebinom nso kyerɛw me, na wɔma mihui sɛ wɔdɔ me paa. Daa na minim sɛ meda abusua kɛse bi a emufo dodɔ wɔn ho mu, nanso efi afe 2020 reba yi paa na mahu sɛ, sɛɛ meda abusua kɛse bi mu ampa!”

14. Mmoa a yɛn nuanom a yɛne wɔn som de ma yɛn no, yɛbɛyɛ dɛn anya so mfaso? (Hwɛ mfoni no nso.)

14 Nea wubetumi ayɛ. Sɛ worehyia sɔhwɛ bi a, kɔ so ara bata wo nuanom Kristofo ho denneennen. Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛhwehwɛ mmoa afi mpanyimfo no hɔ. Wɔte sɛ “mframa ano hintabea, ne ahum ano guankɔbea.” (Yes. 32:2) Kae sɛ, wo nuanom Kristofo nso rehyia sɔhwɛ. Enti sɛ wuyi wo yam boa obi a wadi amia a, ɛbɛma w’ani agye, na ɛbɛboa wo nso ma woatumi agyina nea worefa mu no ano.—Aso. 20:35.

Awɔw no kɔ; onua a ne mfe akɔ anim a ɔwɔ mfoni a edi kan no mu no wɔ ne fie, na ɔne awarefo bi ne wɔn mma mmea nkumaa mmienu rebɔ nkɔmmɔ. Ne poma si ne nkyɛn, na nnuru nso sisi pon so wɔ ne nkyɛn. Awarefo no mma mmea no mu baako de Paradise ho mfoni a wadrɔ rekyerɛ no.

Ntwe wo ho mfi wo nuanom Kristofo ho (Hwɛ nkyekyɛm 14)c


YƐN ANIDASO

15. Sɛn na daakye ho anidaso a na Yesu wɔ no boaa no, na sɛn na ebetumi aboa yɛn nso? (Hebrifo 12:2)

15 Yehowa ama yɛn anidaso nwanwaso bi a ɛboa yɛn ma yetumi gyina sɔhwɛ ano. (Rom. 15:13) Kae sɛ, da a Yesu rebewu no, ɔfaa ateetee a ani yɛ nyan mu paa, nanso anidaso boaa no ma otumi gyinaa mu. (Kenkan Hebrifo 12:2.) Ná Yesu nim sɛ ne nokwaredi no bɛboa ma Yehowa din ho atew. Ná ɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛkɔ akɔka n’Agya ho, na akyiri yi ɔne ne nuanom no adi ade wɔ ɔsoro Ahenni no mu. Yɛn nso, anidaso a yɛwɔ sɛ yɛbɛtena ase daa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu nti, ɔhaw biara a yebehyia wɔ Satan wiase yi mu no, ɛboa yɛn ma yetumi gyina ano.

16. Ɔkwan bɛn so na anidaso boaa onuawa bi ma otumi gyinaa ɔhaw a na ɔrehyia ano, na dɛn na wusua fi nea ɔkae no mu?

16 Anidaso a yɛwɔ sɛ yɛbɛtena wiase foforo no mu no, yɛnhwɛ sɛnea ɛboaa onuawa bi a ɔwɔ Russia a ne din de Alla. Wɔkyeree ne kunu kɔtoo afiase a na wɔnnya nnii n’asɛm. Bere a saa asɛm no sii no, Alla kaa sɛ: “Yɛn anidaso a mebɔ ho mpae dwinnwen ho no boa me ma m’abam mmu kɛse. Minim sɛ ɛnyɛ sei ara na nneɛma bɛyɛ. Yehowa bedi nkonim, na yɛn nso yebedi nkonim.”

17. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ anidaso a Yehowa ama yɛanya no, yɛn ani sɔ? (Hwɛ mfoni no nso.)

17 Nea wubetumi ayɛ. Daakye papa bi a Yehowa de ahyɛ yɛn bɔ no, gye bere dwinnwen ho. Fa no sɛ wowɔ wiase foforo no mu, na wo nsa aka nhyira a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn bɔ no. Woyɛ saa a, wubehu sɛ sɔhwɛ a worehyia no nnɛ no, ɛwɔ hɔ “bere tiaa bi na emu yɛ hare.” (2 Kor. 4:17) Afei nso, yɛ nea wubetumi biara ka wo gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo. Sɛnea asetena no mu yɛ den ma wɔn a wɔnsom Yehowa no, wo de, twa ho mfoni hwɛ. Wɔhyia ɔhaw pii, nanso wɔnnim nneɛma pa a Yehowa de ahyɛ yɛn bɔ no. Ahenni no ho nkɔmmɔ tiawa a wo ne wɔn bɛbɔ no, ebetumi ama wɔn ani agye asɛmpa no ho.

Bere a nnua ahaban sesa adu; onua a ne mfe akɔ anim no wɔ ne fie, na wabue Paradise ho mfoni wɔ ne tablɛt so redwinnwen ho. Ade a oso mu de nantew si ne nkyɛn, na nnuru ahorow bi nso sisi pon so wɔ ne nkyɛn.

Anidaso papa bi a Yehowa de ama yɛn no, gye bere dwinnwen ho (Hwɛ nkyekyɛm 17)d


18. Adɛn nti na yebetumi de yɛn ho ato Yehowa bɔhyɛ so?

18 Hiob miaa n’ani gyinaa sɔhwɛ pii mu. Ɛno akyi no, ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Seesei mahu sɛ wutumi ade nyinaa yɛ, na biribiara a woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ no, wubetumi ayɛ.” (Hiob 42:2) Hiob behui sɛ, nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, biribiara rentumi nsiw no kwan. Yɛn nso, nokwasɛm a ɛte saa betumi ahyɛ yɛn den ma yɛamia yɛn ani agyina sɔhwɛ mu. Yɛmfa maame bi a ɔyare a n’abam abu nyɛ nhwɛso; wakɔ adɔktafo pii hɔ, nanso wɔn mu biara ntumi nsaa no yare. Nanso onyaa dɔkta bi a wakwadare aduruyɛ mu na nkurɔfo gye no di ma ohuu yare a ɛhaw no no. Afei ɔkyerɛɛ no ɔkwan a ɔbɛfa so asa no yare. Ɛwom sɛ na ebegye bere kakra ansa na ne ho atɔ no, nanso wei maa ne koma tɔɔ ne yam. Afei de, na obetumi amia n’ani agyina mu, efisɛ wanya anidaso sɛ, sɛ ɛkyɛ sɛ dɛn ara a ne ho bɛtɔ no. Yɛn nso, gyidi a yɛwɔ sɛ Paradise bɛba no, ɛboa yɛn ma yemia yɛn ani gyina sɔhwɛ ano.

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi amia yɛn ani agyina sɔhwɛ mu?

19 Yɛahu sɛ Yehowa nam mpaebɔ, n’Asɛm, yɛn nuanom Kristofo ne anidaso a ɔde ama yɛn no so boa yɛn ma yemia yɛn ani gyina sɔhwɛ mu. Enti sɛ yɛkɔ so bɔ mpae, yesua n’Asɛm no, yɛma yɛn nuanom Kristofo boa yɛn, na yedwinnwen anidaso a yɛwɔ no ho a, ɔhaw biara a yebehyia no, Yehowa bɛboa yɛn ma yɛafa mu akosi sɛ amanehunu a ɛwɔ Satan wiase yi mu nyinaa befi hɔ.—Filip. 4:13.

ƆKWAN BƐN NA YEHOWA FA NEA EDIDI SO YI SO BOA YƐN MA YEGYINA SƆHWƐ ANO?

  • Mpaebɔ ne N’asɛm no

  • Yɛn nuanom Kristofo

  • Yɛn anidaso

DWOM 33 Dan W’adesoa Ma Yehowa

a Wɔasesa edin ahorow no bi wɔ asɛm yi mu.

b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi a ne mfe akɔ anim mia n’ani gyina ɔhaw mu da biara da.

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi a ne mfe akɔ anim mia n’ani gyina ɔhaw mu da biara da.

d MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi a ne mfe akɔ anim mia n’ani gyina ɔhaw mu da biara da.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena