Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwfq asɛm 56
  • Yehowa Adansefo Bu Nyansahu Sɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Adansefo Bu Nyansahu Sɛn?
  • Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea nyansahu ntumi nyɛ
  • Nokware a Nyansahu Ntumi Nnu Ho
    Nyan!—1983
  • Nea Nyansahu Ayɛ Ama Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nyansahu​—Nokware A Adesamma Kɔ So Hwehwɛ
    Nyan!—1993
  • So Nyansahu ne Bible no Hyia?
    Nyan!—1997
Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
ijwfq asɛm 56
Ɔbea bi rehwɛ microscope mu

Yehowa Adansefo Bu Nyansahu Sɛn?

Nea nyansahufo atumi ayɛ no yɛn ani sɔ. Nhwehwɛmu a nyansahufo ayɛ a ɛyɛ nokware nso, yegye tom.

Nhoma bi ka sɛ, sɛ obi “sua nneɛma a atwa yɛn ho ahyia anaa abɔde ho ade nya nimdeɛ a ɛno ne nyansahu.” (Collins Cobuild Advanced Learner’s English Dictionary) Bible no nyɛ nyansahu nhoma nanso ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yensua nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no ho ade. Ɛsan hyɛ yɛn nkuran sɛ nhwehwɛmu a nyansahufo ayɛ nso, yɛmfa nyɛ adwuma. Ɛho nhwɛso ni:

  • Nsoromma ho adesua: “Momma mo ani so nhwɛ soro. Hena na ɔbɔɔ eyinom nyinaa? Ɔno na obu wɔn asafodɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn.”​—Yesaia 40:26.

  • Abɔde a nkwa wom ho adesua: Solomon kaa “nnua ho asɛm, efi Lebanon nkyeneduru so kosi sommɛ a efifi dan ho so; ɔkaa mmoa ne nnomaa ne mmoa a wɔwea ne mpataa ho asɛm.”​—1 Ahene 4:33.

  • Aduruyɛ ho adesua: “Wɔn a wɔte apɔw no nhia ɔyaresafo, na wɔn a wɔyare no de, wohia.”​—Luka 5:31.

  • Wim tebea ho adesua: “Woahyɛn sukyerɛmma korabea pɛn? Anaa woahu amparuwbo korabea . . . ? Ɛhe na . . .  apuei mframa bɔ pete asase so?”​—Hiob 38:22-24.

Yɛtaa ka abɔde ne nneɛma a nyansahu atumi ayɛ ho nsɛm wɔ yɛn nhoma mu. Saa a yɛyɛ no ma nkurɔfo nya obu ma nyansahu. Yehowa Adansefo awofo hyɛ wɔn mma nkuran ma wosua nhoma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte nneɛma a atwa wɔn ho ahyia no ase. Yehowa Adansefo pii yɛ nyansahufo. Ebinom yɛ adɔkotafo, nkontaabufo ne wɔn a wosua abɔde ho ade.

Nea nyansahu ntumi nyɛ

Nsɛmmisa a nnipa wɔ no, yennye nni sɛ nyansahu betumi ama ne nyinaa ho mmuae.a Nhwɛso bi ni, nea wɔde yɛɛ asase na abotan ho animdefo hwehwɛ mu. Abɔde a nkwa wom ho animdefo nso, sɛnea nipadua no yɛ adwuma na wɔhwehwɛ mu. Nanso adɛn nti na wɔasiesie asase no kamakama ma abɔde a nkwa wom tumi tena so? Adɛn nti na nipadua nkwaadɔm no nyinaa yɛ adwuma bom?

Yɛabehu sɛ Bible no nkutoo na ebetumi ama yɛn nsɛmmisa a ɛte saa ho mmuae a ɛtɔ asom. (Dwom 139:13-16; Yesaia 45:18) Enti, yegye di sɛ nhomasua a edi mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nyansahu ne Bible ka ho.

Ɛtɔ da a, nsɛm a nyansahufo ka no, ɛte sɛ nea ɛne Bible no bɔ abira. Nanso, nsɛm bi a ayɛ sɛ abirabɔ no, Bible nkyerɛkyerɛ a wɔnte ase nti na ɛma wonya adwene saa. Nhwɛso bi ni, Bible no nkyerɛkyerɛ sɛ wɔde nnansia a emu biara yɛ nnɔnhwerew 24 na ɛbɔɔ asase.​—Genesis 1:1; 2:4.

Nsɛm bi wɔ hɔ a nnipa bebree bu no sɛ ɛne nyansahu hyia, nanso nyansahufo binom a wɔagye din abehu sɛ ɛnyɛ nokware, enti wonye ntom. Ɛho nhwɛso ni, wohwɛ sɛnea wɔahyehyɛ nneɛma wɔ amansan no mu a, abɔde ho animdefo ne nyansahufo foforo ka sɛ, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no amma kwa na mmom onyansafo bi na ɔyɛe. Yɛne saafo no yɛ adwene.

a Erwin Schrödinger yɛ nyansahufo a ofi Austria. Wagye Nobel abasobɔde pɛn. Ɔkyerɛwee sɛ ‘awerɛhosɛm ne sɛ, nneɛma a ɛho hia yɛn paa no nyansahufo nka ho asɛm.’ Albert Einstein nso kae sɛ: “Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa nyansa nkutoo ntumi nyi ɔhaw ahorow a yehyia wɔ asetena mu no mfi hɔ.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena