Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 136
  • Maria yɛ Onyankopɔn Maame Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Maria yɛ Onyankopɔn Maame Anaa?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Som Ɔbɔadeɛ No Na Ɛnyɛ Abɔde No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • “Hwɛ! Meyɛ Yehowa Afenaa!”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • So Maria Yɛ “Onyankopɔn Na”?
    Nyan!—1996
  • “Hwɛ! Meyɛ Yehowa Afenaa!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 136
Maria ne akokoaa Yesu

Maria Yɛ Onyankopɔn Maame Anaa?

Nea Bible ka

Dabi. Bible nka sɛ Maria yɛ Onyankopɔn maame, na saa ara nso na ɛnka sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo som Maria anaa wɔma no nidi soronko.a Susuw nea enti a yɛreka saa no ho hwɛ:

  • Maria anka da sɛ ɔyɛ Onyankopɔn maame. Bible kyerɛkyerɛ sɛ ɔwoo “Ɔsorosoroni no Ba” anaa “Onyankopɔn Ba,” na ɛnyɛ Onyankopɔn.​—Luka 1:32, 35.

  • Yesu Kristo anka da sɛ Maria yɛ Onyankopɔn maame anaa ɔfata sɛ yɛde nidi soronko ma no. Bere bi, hokwan a ɛyɛ anigye a na Maria wɔ sɛ Yesu maame nti, ɔbea bi de nidi soronko maa Maria, nanso Yesu teɛɛ ɔbea no adwene sɛ: “Dabi, mmom, anigye ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so.”​—Luka 11:27, 28.

  • Nsɛmfua “Ɔsoro Hemmaa” ne “Theotokos” (nea ɔwoo Onyankopɔn) nni Bible mu.

  • Asɛm “Ɔsoro Hemmaa” a ɛwɔ Bible mu no nyɛ Maria din, mmom na ɛyɛ Israelfo a na wɔagyae Onyankopɔn som no bosom bi din. (Yeremia 44:15-19) Ɛbɛyɛ sɛ na “Ɔsoro Hemmaa” no yɛ Babilonfo bosom a wɔfrɛ no Ishtar (Astarte) no.

  • Tete Kristofo no ansom Maria, na saa ara nso na wɔamma no nidi soronko biara. Abakɔsɛm kyerɛwfo bi kaa tete Kristofo no ho asɛm sɛ, “Anka wɔbɛpo ahonhonsɛm biara, na anka wobesuro mpo sɛ wɔde nidi soronko bɛma Maria na akyerɛ sɛ wɔresom bosom bi.”​—In Quest of the Jewish Mary.

  • Bible ka sɛ Onyankopɔn nni mfiase. (Dwom 90:1, 2; Yesaia 40:28) Obi a onni mfiase nso de, ɔrentumi nnya maame. Bio nso, na Maria rentumi nnyinsɛn Onyankopɔn, efisɛ Bible ma yehu pefee sɛ ɔsoro mpo ntumi nkora no.​—1 Ahene 8:27.

Maria​—Ɔnyɛ “Onyankopɔn Maame”, mmom Yesu Maame

Ná Maria yɛ Yudani a ofi Ɔhene Dawid abusua mu. (Luka 3:23-31) Esiane Maria gyidi ne ne nokwaredi nti, onyaa Onyankopɔn anim dom. (Luka 1:28) Onyankopɔn paw no ma ɔbɛyɛɛ Yesu maame. (Luka 1:31, 35) Maria woo Yesu no, akyiri yi ɔne Yosef woo mma.​—Marko 6:3.

Ɛwom, Bible ma yehu sɛ Maria bɛyɛɛ Yesu asuafo no mu baako, nanso ne ho nsɛm pii nni Bible mu.​—Asomafo Nnwuma 1:14.

Adɛn nti na ebinom bu Maria sɛ Onyankopɔn maame?

Nkurɔfo fii ase som Maria nyɛ nnɛ. Adanse kyerɛ sɛ efii ase wɔ afeha a ɛto so nnan Y.B. awiei hɔ baabi. Saa bere no na Katolek Asɔre no bɛyɛɛ Roma Ahemman no asɔre. Ɛno nti, wɔn a na wɔsom abosom no mu pii bɛyɛɛ asɔrekɔfo. Ná asɔre no agye Baasakoro nkyerɛkyerɛ a ennyina Kyerɛwnsɛm no so atom.

Baasakoro nkyerɛkyerɛ no maa asɔrefo no mu pii adwene yɛɛ wɔn sɛ, sɛ Yesu ara ne Onyankopɔn de a, ɛnde Maria yɛ Onyankopɔn maame. Afe 431 Y.B. no, asɔre mpanyimfo nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Efeso no ase no, wɔde too gua sɛ Maria yɛ “Onyankopɔn Maame.” Efeso nhyiam no akyi na Mariasom gyee ntini. Enti bere a wɔn a wɔsom abosom no de wɔn ho bɛbɔɔ asɔre no, nkakrankakra wɔde Ɔbaabun Maria mfoni ne ne honi ahorow sii wɔn abawo anyame te sɛ Artemis (Romafo frɛ no Diana) ne Isis anan.

Afe 432 Y.B. no, Pope Sixtus III hyɛɛ mmara sɛ wonsi asɔredan wɔ Rome mfa nhyɛ “Onyankopɔn Maame” anuonyam. Ná asɔredan yi bɛn asɔredan a wodii kan si de hyɛɛ Roma abawo nyame Lucina anuonyam no. Nhomakyerɛwfo bi kaa asɔredan yi ho asɛm sɛ, “ɛyɛ ahyɛnsode bi a wɔde kae bere a Katolek bɛyɛɛ Rome man no asɔre akyi no wogyaee abosonsɛm a ɛfa Maame Ɔkɛse ho na wogyee Mariasom toom no.”​—Mary​—The Complete Resource.

a Ɔsom pii kyerɛkyerɛ sɛ Maria yɛ Onyankopɔn maame. Ɔsom ahorow yi frɛ Maria sɛ, “Ɔsoro Hemmaa,” anaa Theotokos a ɛyɛ Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “nea ɔwoo Onyankopɔn.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena