Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 137
  • Yɛka Sɛ Obi Yɛ Kronkron a, Ɛkyerɛ Sɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛka Sɛ Obi Yɛ Kronkron a, Ɛkyerɛ Sɛn?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Obi a bɔne wɔ ne ho betumi ayɛ kronkron anaa?
  • Sɛ Onyankopɔn bu obi sɛ ɔyɛ kronkron a, saa gyinabea no betumi abɔ no anaa?
  • Atosɛm a nkurɔfo ka fa nea ɛma obi yɛ kronkron ho
  • “Monyɛ Kronkron”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • So Wubu Nneɛma A Yehowa Bu No Kronkron No Sɛ Ɛyɛ Kronkron?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Honhom Kronkron No A Yebehu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • ‘Kronkron, Kronkron, Kronkron Ne Yehowa’
    Bɛn Yehowa
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 137
Mose kotow baabi a nkyɛkyerɛ no redɛw no

Yɛka Sɛ Obi Yɛ Kronkron a, Ɛkyerɛ Sɛn?

Nea Bible ka

Yɛka sɛ obi yɛ kronkron a, ɛkyerɛ sɛ onii no atwe ne ho afi efĩ ne nkekae biara ho. Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “kronkron” no, ntease a ɛwɔ akyi ne sɛ, “wubeyi biribi asi nkyɛn.” Enti sɛ biribi yɛ kronkron a, woyi si nkyɛn na wɔmfa nyɛ biribiara kɛkɛ esiane sɛ ɛho tew nti.

Onyankopɔn ne obi a ɔyɛ kronkron pa ara. Bible ka sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔyɛ kronkron sɛ Yehowa.”a (1 Samuel 2:2) Ɛno nti, Onyankopɔn na ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ sɛ biribi yɛ kronkron anaa ɛnyɛ kronkron.

Biribiara a ɛfa Onyankopɔn ho tẽẽ no, yebetumi de asɛmfua “kronkron” aka ho asɛm, titiriw nneɛma a yɛayi asi nkyɛn a yɛde yɛ adwuma wɔ Onyankopɔn som mu nkutoo no. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Bible ka nneɛma a edidi so yi ho asɛm:

  • Mmeae a ɛyɛ kronkron: Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose wɔ nkyɛkyerɛ a ɛredɛw no ho sɛ: “Baabi a wugyina no yɛ asase kronkron.”​—Exodus 3:2-5.

  • Afahyɛ ahorow a ɛyɛ kronkron: Ná tete Israelfo no taa kɔ afahyɛ ahorow ase kɔsom Yehowa. Ná wɔfrɛ saa afahyɛ ahorow no “nhyiam kronkron.”​—Leviticus 23:37.

  • Nneɛma a ɛyɛ kronkron: Tete Yerusalem asɔrefie no mu no, na wɔfrɛ nneɛma a wɔde yɛ adwuma wɔ Onyankopɔn som mu no “anwenne kronkron.” (1 Ahene 8:4) Ɛwom, na ɛnsɛ sɛ wɔsom saa nneɛma a ɛyɛ kronkron no, nanso na ɛsɛ sɛ wodi no ni.b

Obi a bɔne wɔ ne ho betumi ayɛ kronkron anaa?

Yiw. Onyankopɔn hyɛ Kristofo nyinaa sɛ: “Monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.” (1 Petro 1:16) Nokwasɛm ne sɛ, nnipa a bɔne wɔ wɔn ho rentumi nyɛ kronkron te sɛ Onyankopɔn da. Nanso, nnipa a wodi Onyankopɔn mmara so no, yebetumi aka sɛ ‘wɔyɛ kronkron na wɔsɔ Onyankopɔn ani.’ (Romafo 12:1) Obi a ɔbɔ ne ho mmɔden sɛ ɔbɛyɛ kronkron no, ɔma ɛda adi wɔ ne kasa ne ne nneyɛe mu. Sɛ nhwɛso no, otie Bible afotu a ɛka sɛ, ɛsɛ sɛ ‘yɛn ho tew, na yɛtwe yɛn ho fi aguamammɔ ho,’ ne nea ɛka sɛ ‘yɛnyɛ kronkron yɛn nneyɛe nyinaa mu’ no.​—1 Tesalonikafo 4:3; 1 Petro 1:15.

Sɛ Onyankopɔn bu obi sɛ ɔyɛ kronkron a, saa gyinabea no betumi abɔ no anaa?

Yiw. Sɛ obi amfa Onyankopɔn mmara ammɔ ne bra a, saa na ɛbɛba. Onyankopɔn remmu onipa a ɔte saa no sɛ ɔyɛ kronkron bio. Sɛ nhwɛso no, wɔkyerɛw Bible mu nhoma a ɛne Hebrifo no kɔmaa ‘anuanom a wɔyɛ kronkron.’ Nanso nhoma no bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnhwɛ yiye ‘na koma bɔne a enni gyidi amma wɔn mu biara mu da, na wɔanwae amfi Onyankopɔn teasefo no ho.’​—Hebrifo 3:1, 12.

Atosɛm a nkurɔfo ka fa nea ɛma obi yɛ kronkron ho

Atosɛm: Sɛ obi de nneɛma bi kame ne ho a, ebetumi ama wayɛ kronkron.

Nokwasɛm: Bible ma yehu sɛ nnipa bi wɔ hɔ a ‘wodi wɔn nipadua nya’ anaa wɔde nneɛma kame wɔn ho denneennen, nanso saa nneyɛe no nsɔ Onyankopɔn ani. (Kolosefo 2:23) Mmom, Onyankopɔn pɛ sɛ yɛn ani gye. Bible ka sɛ, “Onipa biara bedidi na wanom na wahu adepa, ne brɛ nyinaa mu. Onyankopɔn akyɛde ne no.”​—Ɔsɛnkafo 3:13.

Atosɛm: Sɛ obi si gyinae sɛ ɔrenware a, ɛma ɔyɛ kronkron pa ara.

Nokwasɛm: Kristoni bi betumi apaw sɛ ɔrenware, nanso ɛno nkyerɛ sɛ sigya a ɔredi no ara kɛkɛ bɛma wayɛ kronkron. Ɛwom, wɔn a wɔpaw sɛ wɔrenware no nya bere de som Onyankopɔn a biribiara ntwetwe wɔn adwene. (1 Korintofo 7:32-34) Nanso, Bible ka sɛ wɔn a wɔaware nso betumi ayɛ kronkron. Nokwasɛm ne sɛ, anyɛ yiye koraa no, na Yesu asuafo no mu baako a yɛfrɛ no Petro aware.​—Mateo 8:14; 1 Korintofo 9:5.

Asɛm “Kyerɛw Kronkron” no fi he?

Nhoma ahorow a wɔnam Onyankopɔn honhom so kyerɛwee no, wɔaka ne nyinaa abom ayɛ no baako, na mfe ɔhaha pii ni, edin a wɔde frɛ no ne, “Kyerɛw Kronkron.” Nneɛma a edidi so yi nti na wɔfrɛ no saa:

  • Baabi a efi. “Nea efi Onyankopɔn hɔ na nnipa kae sɛnea honhom kronkron kaa wɔn no.”​—2 Petro 1:21.

  • Nsɛm a ɛka. “Yehowa mmara nsɛm ho tew, ɛma obi ani tew. Yehowa suro ho tew, ɛwɔ hɔ daa.”​—Dwom 19:8, 9.

Wei nti, yebetumi aka sɛ Bible no yɛ kronkron. Sɛnea emu nsɛm ho tew ne sɛnea yɛfa so som Onyankopɔn nti, wode toto nhoma biara ho a, ɛyɛ soronko.

a Onyankopɔn din ankasa ne Yehowa. Wohwɛ Bible mu a, wubehu sɛ nkyekyɛm ɔhaha pii de nsɛmfua “kronkron” ne “kronkronyɛ” bata edin yi ho.

b Nneɛma biara a ɛfa nyamesom mu nipa bi ho te sɛ ne honi anaa ne mfoni no, Bible kasa tia sɛ yɛbɛsom.​—1 Korintofo 10:14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena