Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 155
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Adekyɛ Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Bible Ka Fa Adekyɛ Ho?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Bere bɛn na sɛ obi kyɛ ade a ɛsɔ Onyankopɔn ani?
  • Bere bɛn na sɛ obi kyɛ ade a ɛnsɔ Onyankopɔn ani?
  • “Onyankopɔn Dɔ Nea Ɔtew N’anim Ma”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Wowɔ Ɔma Honhom?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Yehowa Dɔ Wɔn A Wɔtew Wɔn Anim Ma Ade
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Ɛyɛ a Yɛ Nkurɔfo Papa na Ɛbɛboa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 155
Ɔbarima bi kura akyɛde bi wɔ ne nsam

Dɛn Na Bible Ka Fa Adekyɛ Ho?

Nea Bible ka

Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ, ɛsɛ sɛ yefi yɛn komam de adwempa kyɛ ade. Bible ma yehu sɛ nea ofi ne komam kyɛ ade, ne nea wɔkyɛ no ade no nyinaa nya so mfaso. (Mmebusɛm 11:25; Luka 6:38) Yesu kaa sɛ: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Asomafo Nnwuma 20:35.

  • Bere bɛn na sɛ obi kyɛ ade a ɛsɔ Onyankopɔn ani?

  • Bere bɛn na sɛ obi kyɛ ade a ɛnsɔ Onyankopɔn ani?

  • Kyerɛwnsɛm bi a ɛfa adekyɛ ho

Bere bɛn na sɛ obi kyɛ ade a ɛsɔ Onyankopɔn ani?

Sɛ obi fi ne komam kyɛ ade a, ɛsɔ Onyankopɔn ani. Bible ka sɛ, “Obiara nyɛ no sɛnea wasusuw wɔ ne komam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so, efisɛ Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma.”—2 Korintofo 9:7.

Nea ɛka ɔsom a Onyankopɔn gye tom ho ne sɛ obi befi ne komam akyɛ ade. (Yakobo 1:27) Sɛ obi yi ne yam boa wɔn a wɔwɔ ahokyere mu a, na ɔne Onyankopɔn abom reyɛ adwuma. Onyankopɔn bu saa papayɛ no sɛ biribi a wɔde afɛm no. (Mmebusɛm 19:17) Bible kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ankasa betua onipa a ɔkyɛ ade no ka.—Luka 14:12-14.

Bere bɛn na sɛ obi kyɛ ade a ɛnsɔ Onyankopɔn ani?

Bere a wamfa adwempa anyɛ saa. Ɛho nhwɛso na edidi so yi:

  • Bere a obi reyɛ de asɔ afoforo ani.—Mateo 6:2.

  • Bere a onim sɛ obi nso bɛyɛ biribi ama no.—Luka 14:12-14.

  • Bere a n’adwene yɛ no sɛ ɔkyɛ ade a na Onyankopɔn begye no nkwa.—Dwom 49:6, 7.

Bere a ɔde reboa dwumadi anaa nneyɛe bi a Onyankopɔn kyi. Sɛ nhwɛso no, ɛnyɛ papa sɛ wobɛkyɛ obi sika sɛ ɔmfa nkɔto kyakya anaasɛ ɔmfa nkɔtɔ nnubɔne anaa ɔmfa nkɔwe nsã. (1 Korintofo 6:9, 10; 2 Korintofo 7:1) Afei nso, sɛ obi betumi ayɛ adwuma ahwɛ ne ho, na ɔmpɛ sɛ ɔyɛ a, ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛboa no.—2 Tesalonikafo 3:10.

Bere a obi kyɛ ade ma n’abusua di hia. Bible kyerɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ mmusua ti hwɛ ma wɔn fiefo nsa ka nea wohia. (1 Timoteo 5:8) Ɛnyɛ papa sɛ abusua ti bi kyɛ ade araa ma n’abusua di hia. Ebinom a na wɔmpɛ sɛ wɔhwɛ wɔn awofo a wɔanyinyin nti wɔkaa sɛ nea wɔwɔ nyinaa yɛ “akyɛde a wɔahyira so ama Onyankopɔn” no, Yesu kasa tiaa wɔn.—Marko 7:9-13.

Kyerɛwnsɛm bi a ɛfa adekyɛ ho

Mmebusɛm 11:25: “Ɔkra yamyefo bɛdɔ srade, na nea ɔma ebinom mee no, ɔno nso, wɔbɛma wamee.”

Nea ɛkyerɛ: Nea ɔkyɛ ade ne nea wɔkyɛ no ade no nyinaa nya so mfaso.

Mmebusɛm 19:17: “Nea ɔdom ɔbrɛfo no de fɛm Yehowa, na nea ɔde ama no, obetua no ka.”

Nea ɛkyerɛ: Wɔn a wɔboa nkurɔfo a ahia wɔn no, Onyankopɔn fa no sɛ ɔde wɔn ka, na ɔhyɛ bɔ sɛ obetua wɔn papayɛ no so ka.

Mateo 6:2: “Sɛ worekɔyɛ adɔe a, nhyɛn torobɛnto nni w’anim, sɛnea nyaatwomfo no yɛ . . . na ama nnipa ahyɛ wɔn anuonyam no.”

Nea ɛkyerɛ: Ɛnsɛ sɛ yɛkyɛ ade a adwene a ɛwɔ akyi ara ne sɛ yɛde retwe adwene ba yɛn ho so.

Asomafo Nnwuma 20:35: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”

Nea ɛkyerɛ: Wufi wo komam kyɛ ade a ɛma w’ani gye.

2 Korintofo 9:7: “Obiara nyɛ no sɛnea wasusuw wɔ ne komam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so, efisɛ Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma.”

Nea ɛkyerɛ: Sɛ obi fi ne komam kyɛ ade a, ɛsɔ Onyankopɔn ani.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena