Nsakrae A Wɔyɛ Wɔ Nneɛma A Ɛsom Bo Mu Wɔ Nnɛ Mfe Mu
Sɛnea Wohu No Wɔ Abibifo Mu
‘M’AHU ntade a nie nuanom mmarima no de aba no na mate sika a wɔde tua wɔn ka no nka. Wɔakyerɛkyerɛ sɛnea akae nea a esisi abɔnten kwan no so no te, sini, mmeae horow a wɔsaw, mmea ne sɛnea kurow no mu mmerante ho twa no mu. M’agya mpɛ sɛ mekɔ, nanso mankra m’abusuafo koraa na mekɔtraa bɔɔs mu kɔɔ kuropɔn no mu.
‘Nea mihui no yɛɛ me nwonwa na minyae a anka mebaa hɔ ntɛm. Biribiara nni hɔ a ɛte sɛ eyi wɔ ofie. Kanea wɔ ofie biara mu; nneɛma di akɔneaba na ɛyɛ anigye. Akwahosan pa, ahotoso ne yiyedi. Kurom asetra nyɛ den, akatua pii wom a ɛsɛ sɛ obi nsa ‘ka. M’ani gyee sɛ mafi m’agya ofi kɛse a emu aduru sum no mu, faako a meyɛ abarimaa, ɔsomafo ne ɔpaani no. Asetra no ni!’
Ɔkwan yi so na obibini bi a ɔpɛ sɛ onya kurow foforo bi mu asetra no osuahu fii ase—kurow kɛse mu asetra.
Ɔtee nka sɛ kuropɔn no mu a obetu akɔtra ne honam fam nneɛma pii a obenya no na ɛde anigye bɛbrɛ no. Pii te nka saa. Ebia wo nso saa ara. Nea ɛrekɔ so wɔ Afrika no akɔ so, anaasɛ ɛrekɔ so mprempren wɔ wiase afanan nyinaa.
Nsakrae no Ka Adwene Ne Koma
Adwene ne koma a enim asetra kwan a ɛyɛ mmerɛw no abehu asetra kwan a ɛfa honam fam nneɛma horow a ɛyɛ nwonwa ho. Wohu nea afi eyi mu aba no wɔ Abibirim dwom bi a ɛne “Song of Lawino” no mu. Abarimaa bi a wɔatete no a ɔresan afi kurow no mu akɔ akuraa ase de wakye a wɔde bɔ dan ho kɔɔ akuraa kɔmaa ne yere a onhuu bi da. Ɔbea no kae sɛ: “Wakye yi ma m’ani gye kɛse. Mehwɛ a ɛyɛ fɛ. Na sɛ ahɔho ba a wɔn nso wɔn ani gye ho!” Yiw, ɛte sɛ nea saa “agode” foforo yi de anigye ne akomatɔyam ne ahomaso ka ɔbea no asetra ho. Hena na onnyaa ade bi a ɛbɛma n’asetra ayɛ nea ahotɔ wom kakra no ho anigye?
Nanso, mfaso horow a afi mfiridwuma ho nyansahu mu aba nyinaa de “ɛbo” na ɛba—ɛsɛe sika, ɛtɔ bere bi a pii! Asɛm a ɛsɛ sɛ obiara ma ho mmuae ne sɛ, Sika ahe na mepɛ sɛ mede bɛbɔ afɔre na mede atɔ eyinom? Sɛ́ wo nsa bɛka nnɛ bere mu nneɛma na woanya mu anigye no nso hwehwɛ sɛ wode wo nneɛma bi a ɛsom bo bɔ afɔre. Enti na ɛrekɔ so, ɛnyɛ Afrika nkutoo, na mmom wiase nyinaa.
Sɛnea ɛbɛyɛ na wo ani asɔ nneɛma a ɛsom bo ankasa a worehwere no, ma yɛmpɛɛpɛɛ ‘akuraa asetra’ a Abibifo anaa Afrikafo de mfirihyia mpempem bebree atra mu no mu ma yɛnhwɛ.
Nkuraa Ase Asetra
Adanse wɔhɔ a ɛkyerɛ sɛ Afrikafo abɔ mmɔden wɔ mfiridwuma ho nimdeɛ mu wɔ ɔkwan a ɛnka so wɔ tete mmere mu. Nanso, mmɔden kɛse a Afrikafo abɔ wɔ amanne mu no wɔ beae foforo.
Basil Davidson kae wɔ ne nhoma African Kingdoms (Afrika Ahenni Horow) mu sɛ: “Nea ɛhyɛ wɔn ahokeka ne anuonyam no akyi ne Afrika akuraa ase asetra ho mmɔdenbɔ kɛse a ɛyɛ nyam a wɔda no adi wɔ odwo mu. Wɔ akuw horow a emu no onipa ne ne nua ka bom wɔ onuayɛ pa mu, wɔ abrabɔ ho mmara horow a wɔde bu wɔn bra, wɔ gyidi horow a esi honhom mu asetra a ɛkorɔn so dua kyɛn honam fam nneɛma mu na Afrika akuraa no nam so nya kwasafo asetra bi a biakoyɛ wom a wɔde di dwuma a ɛho nhia sɛ wɔfa aban tumi so di wɔn so ansa. Wɔ nokwarem no, ɛha ne beae a Afrika ayi n’anwonwadeyɛ ankasa no adi—mmɔden a ɛbɔ wɔ kwasafo nhyehyɛe mu. . . . sɛnea wosusuw abusuabɔ ne nneɛma a ɛho bɛba mfaso wɔ onipa ne ne yɔnko nnipa ntam no ho kyɛn honam fam nkɔso ho.”
ABUSUA ASETRA: Amanaman ntam atesɛm nkrataa daa asɛm bi adi a ɛfa Afrika mmusua horow no amanne horow ho: “Wonnnyaw mmofra ne mmubuafo a wonni obi a ɔhwɛ wɔn so, aduan anaasɛ dabere mpɛn dodow a obusuani anaasɛ abusua no muni wɔ hɔ a ɔne no bɛkyɛ biribi no.” Abusua no bom yɛ adwuma, na mpɛn pii no, saa na nkuraa no te, na wɔda so ara yɛ akuw horow bebree a wɔyɛ mmusua horow a wɔaka wɔn ho abom. Wɔyɛn mmofra sɛ wɔn a abusua no ani gye wɔn ho.
AHƆHOYƐ: Ɛyɛ ade a wɔyɛ wɔ tete Afrika. Wogye ahɔho atuu wɔ ɔkwan biara so. Akyerɛwfo baanu bi, Europani ne Amerikani ne Afrika mmusua horow a wɔn ani mmuei pii biara no mu binom trae kakra. Europani no kyerɛwee sɛ: “Nubafo no ahɔhoyɛ yɛ osuahu bi a ɛyɛ nwonwa.” Ɔfoforo no bɔɔ amanneɛ sɛ: ‘Masaifo no anya su bi a ɛyɛ obu a wɔwɔ ma ɔdesani, anigye ne nkɔmmɔ pa a wɔbɔ, ɔdɔ a wɔwɔ ma abusua no ne nnamfonom. Misusuw sɛ Masaifo no anya biribi a ɛyɛ soronko koraa.’
SƐNEA WƆDE MMARA DI DWUMA: Nkuraa no nyinaa wɔ ahemfo, akuraa ase mpanyimfo ne asenii ho nhyehyɛe. Wɔtwe nnipa aso wɔ nsɛmmɔnedi ho na wɔpam nsɛmmɔnedifo fi kuw mu. Osuro nni hɔ, na ɛma akuraa asetra dwo na akomatɔyam ne anigye wom.
Yiw, ɔdɔ a wɔwɔ ma abusua, ahɔhoyɛ, mmara a wodi so—so eyinom nyinaa nyɛ su horow a ɛsom bo, titiriw wɔ wiase bi a obi mmu obi ho akontaa na abusua ne nnamfonom a woaka abom reyɛ nea wonhu bio a mmarato kɔ anim wɔ mu no mu anaa? Afrika akuraa asetra bu eyinom sɛ ɛsom bo. Nanso dɛn na ɛreto nneɛma a ɛsom bo yi?
Dɛn Na Ɛresakra?
ABUSUA ASETRA: “Nkɔso a aba wɔ onipa asetra mu no mu ɔhaw horow no rebɔ ahyɛn yɛn afie horow mu mprempren. Nnubɔne a wɔde di dwuma, ɔhaw horow a mpanyimfo hyia ne awaregyae a ɛrekɔ anim.”—Afrika ɔkyerɛwfo Ebomuche Oguuh-ibe.
“Awofo bu wɔn ani gu wɔn adwuma so. . . . Abrabɔ pa a wɔhwɛ ma wodi so a ɛkari pɛ a wohu wɔ Afrika abusua mu no mpo yɛ nea wonhu no pii bio nnansa yi.”—Afrika osuani Francis Uzoeshi.
AHƆHOYƐ: “Ahɔhoyɛ reyera efisɛ wonnye ahɔho a wonnim wɔn nni bio: ebia na wɔyɛ akorɔnfo!” (Bantu Customs) Afei nso, wɔn mu pii ntumi nnyi ahɔhoyɛ adi nkyerɛ na wɔatumi ahwɛ wɔn mmusua asetra ne nneɛma a ehia wɔn no so bio.
MMARA SO DI: “Bere a Ɛsɛ sɛ Wɔko Tia Nsɛmmɔnedi.” “Asase a Ne Tirim Yɛ Den Yi.” “Ɔko a Wɔko Tia Ɔporow.”—Afrika atesɛm nkrataa mu nsɛmti.
“Nnipa redan wɔn a wonhu mmɔbɔ ne pɛsɛmenkominya kyɛn bere biara a afei de wonsusuw nea ɛba wɔn afipamfo ho bio, na eyi ne Afrika gyidi a ɛwɔ wɔn nkuraa ase a ɛfa onuayɛ ho no bɔ abira.”—Afrika ɔkyerɛwfo Oguuh-ibe.
Dɛn Na Ɛde Nsakrae No Ba?
Wobisaa mmabaa bi a wɔyɛ ɛnanom wɔ Afrika atɔefam sɛ: “Dɛn na ɛde ɔhaw pii ba, beer anaasɛ sika?” Wɔn nyinaa yɛɛ nokoro maa mmuae sɛ: “Sika.” Mmom, ɛnyɛ sika ankasa na mmom nea obi yɛ ma ne nsa ka ne sɛnea ɔde di dwuma.
Sɛ nhwɛso no, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya sika pii no, mmarima no mu binom tu kɔ akyirikyiri kɔtra kuropɔn no mu, gyaw ne yere wɔ n’akyi na wadɔw abusua no asase so na wayɛn mmofra no. Ankonam asetra wɔ bere tenten mu no de asanom bebrebe ne ahohwi bɔ ho sɔhwɛ horow ba no so. Mmarima no mu binom mpo nya mpena, ɔbea a wɔne no tra a wɔnware no. Esiane nhyɛso foforo yi nti ɔrentumi mfa akatua a ne nsa ka no bi mmane ne fie, na eyi de ɔhaw kɛse brɛ n’abusua no a wɔn mu reyɛ atetew no. Ebia ɔbɛkɔ fie pɛnkoro anaa mpɛn abien pɛ wɔ afe mu! Nanso, wɔ faako a okunu ne ɔyere nyinaa te kuropɔn no mu no mpɛn pii no ɔbea no taa yɛ adwuma na ɔde aboa ne kunu no. Mpɛn pii no wogyaw mmofra no wɔ fie ma afenaa, a ɔno nso ebia ɔyɛ abeawa. Ntetee pa a enni hɔ yi ama nsɛmmɔne a mmofra yi di ne ahohwibɔ aba wɔ Afrika nkuropɔn pii mu. Eyi yɛ aniberesɛm wɔ Afrika efisɛ ɛkame ayɛ sɛ nnipa dodow a wɔwɔ Afrika no fa koraa yɛ wɔn a wonnii mfirihyia 16!
Wohu sɛnea ade dodow akyidi tumi sɛe ade yiye no ho nhwɛso wɔ Nubafo no mu binom ho. Ɔbea ɔkyerɛwfo Leni Riefenstahl a ɔne Nubafo no trae no bɔɔ amanneɛ sɛ, wɔ mfe bi a atwam no na ogyaw mfiri horow a ɔde twa mfonini no wɔ nnaka a nkrado nna ano mu asram pii. Nanso nnansa yi ɛsɛ sɛ ogyae. Dɛn ntia? Korɔnbɔ. Ɔbea yi kyerɛwee sɛ: “Esiane sɛ wɔn nnɔbae ansow pii nti ɛho behiae sɛ Nubafo no mu binom tu kɔ kuropɔn no mu kɔhwehwɛ sika na wɔde atɔ anantwi ne afei nguan kakra. Wohuu wɔ nkurow no mu binom mu sɛ sika na wɔde tɔ biribiara na eyi nyaa nkɛntɛnso bɔne wɔ wɔn so.”
Ansa na wɔrebehu nnɛ bere yi anibuei no na wɔn koma tɔ wɔn yam wɔ nneɛma a wɔwɔ no ho. Reifenstahl de kaa ho sɛ: “Na wonnim biribiara na wɔn ani gye na wɔn koma tɔ wɔn yam wɔ asetra yi ho. Sika a obi wɔ yɛ nea wonnim na ɛnhaw wɔn. Nanso ɛrenkyɛ na anibuei a ɛretu santen kɔ no akɔto Mesakin Nubafo no na asakra wɔn nso.”
Biribi foforo nso abesum wɔn mu binom afiri wɔ nnɛ bere mu nneɛma a wodi akyi no nti.
Nkoa a Wɔayɛ Ama Ade a Wofiri
Okunu ne ɔyere a wɔyɛ Afrikafo kyerɛwee sɛ: “Saa adesrɛ yi yɛ afiri kɛse a ɛyɛ hũ. Ɛma adetɔ yɛ mmerɛw koraa, wɔ bere a wɔ nokwarem no ɛnte saa. Nokware a ɛyɛ sɛ obi tumi nantew kɔ aguadidan mu kɔtɔ atade a ontua ka amonom hɔ ara no yɛ nnaadaa ankasa, wɔ ne tua fam de—ɛno akyi na wosusuw ho. ‘Akyiri’ no ba na sɛ wɔn nsa ka ɛka a wɔde no a, wohu sɛ wontumi ntua, ɛno na afei ‘nea ɛyɛ serew’ no fi ase. Wɔdan nkoa ankasa ma aguadidan ahorow a wɔde nneɛma firi no esiane sɛ wɔn kɔn a ɛdɔ sɛ wɔn nsa bɛka nneɛma afoforo no kɔ so nti. Makɔ afie horow a wɔwɔ radio afɛfɛ, kar foforo, nkongua ne adan mu nneɛma foforo mu nanso wonni sika a ɛdɔɔso a wɔde bɛtɔ aduan efisɛ wɔde wɔn sika nyinaa tua ɛka a wɔde no. ‘Okunu ne ɔyere nyinaa reyɛ adwuma na mmofra no nenam kwa a obi nhwɛ wɔn so.”
Ɛnyɛ Afrikafo nko na wohu wɔn wɔ eyi mu. Ɛka a adefiri de ba yi nso yɛ ɔhaw kɛse wɔ aman horow mu nso. Sɛ nhwɛso no, Amerikafo 20 biara mu biako de ka denam adefiri so, esiane sɛ wɔde sika a wɔn nsa ka no nyinaa mu ɔha mu nkyem 50 tua nneɛma a wɔafiri ka nti.
Nea efi mu ba obi so, wɔ adwenem ne nkate mu no yɛ den yiye. Obi a ɔde ɛka denam adefiri so no kyerɛwee sɛ: “M’adwuma fii me nsa, na sika a wɔde maa me esiane sɛ menyɛ adwuma nti nnɔɔso na mede atua ɛka a mede, na menne sɛ metua dan ka na matɔ aduan. Nea meyɛ ne sɛ metɔn ogya ma afoforo na meyɛ nnwuma horow a nnidi nnim. Wɔn a mede wɔn ka a minhintaw na wɔanhu me no rebɔ me dam. Me ho nyinaa po biribiri a minni ahoɔden bio.”
Ɛnyɛ Wɔn Nyinaa Na Wɔsakra
Mmom no, ɛnyɛ Afrikafo nyinaa na wɔhwere atɛn pa ne nnɛ bere mu mfiridwuma mu mmɔdenbɔ horow a wonya mu mfaso a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so no. Nnipa a wɔyɛ nokwaredifo na wɔteɛ pii wɔ Afrika nyinaa.
Ɔkyerɛwfo bi a ofi ɔman foforo so a ɔbɛtraa Afrika wɔ bere tiaa bi mu no huu wɔn a wonni nokware no mu binom, nanso ɔkae pefee sɛ: “Nanso metumi aka . . . aberante bi a wampene so sɛ obegye me sika, bere a wadi m’anim nnɔnhwerew pii akyerɛkyerɛ me nsuka bi a wɔreyi de aboa ɔman no mu adwumayɛ no. Ne afei odwumayɛni a ɔhoro me ntade a ɔsan de naira awotwe a migyaw wɔ me shirt kotoku mu brɛɛ me no. Na ɛsɛ sɛ meka ayamye ahorow a ɔbarima a mefrɛɛ no ɔkwasea no yii no adi kyerɛɛ me no ho asɛm.”—National Geographic, March 1979.
Ɛnyɛ wɔn a wotu kɔtraa nkuropɔn no mu no nyinaa na wɔsakra wɔn su ne nneɛma a ɛsom bo ma wɔn no. Ebia ohia bɛma wɔayɛ saa, nanso ebinom akɔ so akura wɔn nnyinasosɛm pa mu na wɔaka wɔn mmusua horow abom. Wɔasusuw asetra a atwa wɔn ho ahyia a egyina sika a wɔhwehwɛ ne nneɛma a ɛbɛma wɔn koma atɔ wɔn yam a wɔtɔ no ho yiye. Wonim sɛ nneɛma afoforo som bo pii kyɛn ɛnonom.
Asetra Pa?
Sɛ wokae aberante a yedii kan bɔɔ ne din wɔ saa asɛm yi mfiase a ɔte nka sɛ asetra foforo de anigye ankasa bɛbrɛ no no? N’asɛm no kɔɔ so sɛ:
‘M’atra kurow kɛse mu asram asia. Migyaee adwuma a edi kan a na nnɔnhwerew no dɔɔso na minwie adwuma da no kɔɔ foforo so ne afei nea ɛto so abiɛsa so. Tebea horow no sono kakra na akatua no nso sua kakra. Me ho akokwa kuropɔn mu tra—ennu sɛ wontua me ka no na me sika nyinaa asa, na mafi ase bio wɔ ɔsram no mfiase. Awiei no mede biribiara a mewɔ tuaa ɛka a mede, na masetra bɛyɛɛ sɛnea na ɛte kan wɔ ofie no.
‘Anadwofa biara sɛ mepɔn adwuma a mekɔ kogyinaa abɔnten so hwɛ nneɛma a ɛrekɔ so no. Nea mihu da biara da no na mihu, kar ahorow a wotwam di akɔneaba, mmea a wɔasiesie wɔn ho fɛfɛɛfɛ a wɔte taxi mu, mmerantewa a wɔasiesie wɔn ho di akɔneaba. Ɛhefa na wonyaa eyinom nyinaa fii? Nnaadaa bi hyɛ baabi. Meyɛɛ adwuma denneennen sen sɛnea m’ayɛ bere biara, nanso sika—a me nsa nka no pii sɛnea maso ho dae no—nyinaa fi me nsam ntɛm. Mifii ase hui sɛ nnipa a wɔte sɛ me nni hokwan biara wɔ eyi mu.’
Ɛwom sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔkɔ ‘nkurow’ mu no nyinaa na wɔte nka saa de, nanso pii hu mfaso a enni anigye a wɔhwehwɛ denam honam fam nneɛma so nkutoo no mu. Wɔn kɔn dɔ sɛ wɔn nsa bɛka asetra a ɛnyɛ den a na ɛwɔ hɔ kan no. Ɛnyɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔtra ohia mu bio, sɛnea ebinom yɛe bere bi no, na saa ara nso na wɔmpɛ sɛ wodi nkuraa ase asetra anaasɛ amanne akyi. Nanso nea wɔhwere titiriw ne nea ɛsom bo wɔ abusua a aka bom, ahɔhoyɛ ne mmara a wodi so a mprempren yi ɛresɛe wɔ nnɛ bere mu.
Ebia wo nso wususuw ɔkwan a honam fam adedodow anya w’asetra so nkɛntɛnso no ho. Wobɛpɛ sɛ woyɛ nsakrae. Nanso wɔ ɔkwan bɛn so? Mmuae a, wotumi di ho dwuma ma ɛyɛ yiye a atumi aboa mpem bebree wɔ Afrika nyinaa yɛ nea wɔasusuw ho wɔ asɛm a edi eyi akyi no mu.