Bere A Mmusua Horow Sɛe
ABUSUA no ne nnipa mu ahyehyɛde a edi kan na akyɛ sen biara. Ɛde nhyehyɛe a ahobammɔ wom a wɔnam so tete mmofra ma. Nanso ebia woahu nsɛm a emu yɛ den wɔ mmusua pii mu. Dɛn na ɛba bere a abusua no yɛ basaa na efi ase sɛe no? March 13, 1978 U.S. News & World Report nsɛmma nhoma no kae sɛ:
“Yɛn man no ahoɔden gyina abusua no so. Sɛ ɛhwe ase a yɛn man no hwe ase—gye sɛ yɛde nhyehyɛe foforo a ɛfata na ahoɔden wom ma.”
Nanso, nokwarem no, so woahu nhyehyɛe pa foforo bi a ɛte sɛ abusua no? Dɛn na wususuw wɔ nhyehyɛe horow a agye din a ɛte sɛ “abusua” a wɔsɔ hwɛ nnɛ no ho?
Sɛ nhwɛso no, mmarima “mmusua” a wɔne wɔn ho tra te sɛ mmarima ne mmea, na ebinom mpo gye mmofra sɛ wɔn mma aba. Saa nso na nnipa ‘dodow aware,’ baabi a mmarima ne mmea dodow bi bom tra na wɔbom hwɛ mmofra a wofi asetra a ɛte saa mu ba no nso te. Wɔresɔ ‘yɛ-nea-wopɛ aware’ nso ahwɛ—baabi a ɔbarima ne ɔbea a wɔaware mmara kwan so ma wɔn ho kwan sɛ wɔn mu biara betumi akɔ onipa foforo biara a ɔpɛ nso nkyɛn. Na ‘mpena aware’ ɔpepem pii nso wɔ hɔ, baabi a ɔbarima ne ɔbea bom tra bere a wɔnhyɛɛ da nwaree ankasa.
Hwehwɛ Aba a Asow no Mu Hwɛ
Nanso aba bɛn na nhyehyɛe horow a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde besi abusua nhyehyɛe ananmu no asow? Ne nyinaa mu no, ɛnyɛɛ papa. Sɛ nhwɛso no, mmerante ne mmabaa a wodi nea wɔfrɛ no abrabɔ foforo akyi no de mmofra a wonnuu mpanyin afe so a wonyinsɛn na aba, na ɛma nniso horow bɔ ka pii afe biara wɔ wɔn so hwɛ mu—ɛka a ɛsɛ sɛ wo nso, sɛ obi a otua tow no, wutua bi.
Nokwasɛm no ne sɛ, saa nhyehyɛe horow yi a wɔde si abusua ananmu ankasa no di su horow a ɛho wɔ mfaso a ɛresɛe ho adanse. Eyi yɛ ade a ɛka yɛn nyinaa, mprempren anaasɛ daakye, sɛnea ɛda adi wɔ nteɛm a emu yɛ den a wɔkae wɔ 1978 World Book Encyclopedia mu no mu no:
“Aman horow anya nkɔso anaasɛ akɔ fam, esiane sɛ ebia na abusua nhyehyɛe no mu yɛ den anaasɛ emu nyɛ den nti.”
So eyi yɛ nokware ankasa?
Wiɛ, abakɔsɛm akyerɛwfo kyerɛ sɛ wɔ tete Hela no abrabɔ bɔne sɛee abusua no. Bere a ɔkaa su horow a na nkurɔfo wɔ ho asɛm akyi no, abakɔsɛm kyerɛwfo Will Durant kyerɛw sɛ: “Yɛabɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyerɛ sɛ ade titiriw a ɛmaa Romafo tumi dii Helafo so nkonim ne Helafo anibuei a ɔman no mufo ankasa ma ɛsɛee no. Ɔman kɛse biara nni hɔ a wotumi di so, gye sɛ ɛno ankasa sɛe ne ho.” Ɛyɛɛ saa ara nso wɔ Roma ho. Durant kaa ahoɔden a na abusua no wɔ wɔ mfitiase Roma mmere no mu, sɛnea ɛhyɛɛ nkurɔfo no den na ɛmaa ɔman no nyaa ahoɔden. Afei, bere a mfehaha no twaa mu no, Romafo abusua asetra no sɛee na ɔman no ahoɔden nso kɔɔ fam. Mprempren ebinom hwɛ yɛn wiase yi a na ɛyɛ wɔn sɛ nneɛma a ɛkɔɔ so bere a atwam no mu no na ɛresan aba bio wɔ wiase nyinaa. So abusua no asɛe ankasa nnɛ?