Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 3/8 kr. 10-12
  • Wɔn Ani Sɔɔ Yɛn Adɔeyɛ No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔn Ani Sɔɔ Yɛn Adɔeyɛ No
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adɔeyɛ a Ɛyɛ Anigye a Woyii No Adi
  • Wɔn a Wodum Gya Kyerɛ Anisɔ
    Nyan!—1981
  • Trabea Pii A Wosiesie Ma Abusua Bi A Ɛreyɛ Kɛse
    Nyan!—1989
  • Yehowa Ahyehyɛde No Kɔ Anim​—So Wo Ne No Rekɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • So Wubegye Adwuma Mu Akwamma?
    Nyan!—1986
Nyan!—1981
g81 3/8 kr. 10-12

Wɔn Ani Sɔɔ Yɛn Adɔeyɛ No

Ogya a ɛhyew ɔdan ho amanneɛ a Ɔwɛn-Aban Asafo a ɛwɔ Brooklyn, New York no Betel Ofie no so ahwɛfo no mu biako bɔe.

YƐN ANI gyee nsakrae bi a na ɛrekɔ so wɔ nnansa yi asram no mu no, ho. Yɛn afipamfo no mu biako reyɛ nsakrae kɛse wɔ ne dan a ɛbɛn yɛn pɛɛ no ho. Ɛno ne Hotel Margaret, a ɛwo yɛn kwan no so no.

Ɔwɛn-Aban ne Nhoma Asafo no adwumayɛfo no atrae anaasɛ Betel ofie no atra Brooklyn Heights ha efi 1909. Saa nna no mu no na Hotel Magaret yi da so wɔ hɔ a adi adwuma mfirihyia 20 dedaw sɛ ahɔhodan a ɛso nni. Nanso nnansa yi ara, ná ayɛ ɔdan a obi nte mu efisɛ na wɔresakra mu na nsakrae a wɔreyɛ yi bɛma wɔasɛe sika bɛyɛ dollar ɔpepem 7. Na eyi na wɔayɛ a aka kakra na wɔawie.

Yɛn a yɛwɔ Betel ha no mu pii bɔɔ piriw nyanee February 1, 1980 anɔpa a aka bɛyɛ sɛ simma kakra na abɔ 4:00 a.m. denam mfiri a wɔde dum ogya no nnyigyei a yɛtee no so. Ɛyɛɛ yɛn nwonwa sɛ yehuu sɛnea Margaret Hotel a ɛtoatoaso so 12 yi adan a ɛwɔ atifi no redɛw.

Yɛn adan a ɛwɔ 107 Columbia Heights no biako bɛn saa ahɔhodan yi pɛɛ. Esiane sɛnea ɔhyew no ano yɛ den, na afei nso mframa a ano yɛ den rebɔ ba faako a yɛn dan no wɔ nti, ɛho behiae sɛ anuanom a wɔte mu no fi mu.

Ɛwom sɛ Betel abusua no mufo bɛyɛ 500 na wɔte saa ɔdan yi mu de, nanso wofii mu wɔ simma kakraa bi pɛ mu. Wɔn mu pii fii adan no mu a ntade a wɔde da no nkutoo na ɛhyehyɛ wɔn, a wɔn mu binom mpo anan sisi fam wɔ saa awɔw bere no mu. Wɔn mu pii kɔɔ Betel fie no asa no biako so kɔtwɛnee sɛnea nneɛma besi afa aba. Afoforo nso nnamfonom too nsa frɛɛ wɔn kɔɔ wɔn adan mu. Ankyɛ na wɔn a wodum gya no bae bɛka kyerɛɛ yɛn sɛ yemfi yɛn dan a ɛyɛ “107” no mu. Nanso ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ wohui sɛ na yɛafi hɔ dedaw.

Adwuma a na esi wɔn a wodum gya yi anim no sõ. Sɛnea ɛte no, nneɛma a wɔde asiesie ɔdan no mu no nyinaa yɛ nnua, ɛwom sɛ ntayaa na wɔde asi de. Bere a ogya no retrɛw no na emu nnua no nso rebubu gu fam enti na wontumi nnum gya no wɔ ɔdan no mu. Ahokokwa yi a nnipa 150 a na wɔredum gya no de dii dwuma no yɛɛ yɛn nwonwa. Bere a ogya no ano yɛɛ den pɛɛ na ɔfasu no mu biako a ɛwɔ soro no bui na ɛbɛsɛee mfiri a wɔde dum gya no abien ne kar ahorow a ɛwɔ ase hɔ no.

Nnipa pii a wɔyɛ afipamfo a wɔbɛn hɔ no de mmusua horow a asɛm ato wɔn no kɔɔ wɔn afie mu.

Bere a ogya no gu so hyew fi ntoatoaso no so kɔ foforo so no, wofii ase suroe sɛ afasu a ɛwɔ ɔdan no ho nyinaa bɛhwe fam. Wɔtoo nsa frɛɛ adansi ho nimdefo ne ɔman no mu mpanyimfo ne wɔn susuw ho.

Eduu Fida awia no na wɔasi gyinae sɛ wobesiw Brooklyn Queens Expressway a ɛyɛ ɔkwan kɛse a ɛnam hɔ no, esiane sɛ ɔdan no betumi abu agu ɔkwan no so akum nnipa a wɔwɔ mfiri horow mu a wɔretwam no nti. Wɔde afiri kɛse bi bae ma ebebuu ɔdan no fasu biako guu fam. Ansa na wɔrebɛyɛ eyi ne afei nso de kosi Dwoda no na yɛn abusua no muni biara ntumi nsan nkɔ ne dan a ɔwɔ “107” no mu. Enti Betel abusua no mufo 500 no yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔne wɔn nnamfonom no bɛtra wɔ adan ahorow a ɛwɔ hɔ no mu bi mu.

Ogya yi kɔɔ so saa ara nnansa, ɛno na afei ano brɛɛ ase nanso na wohu wusiw wɔ mu saa ara nna pii. Saa bere yi mu no na polisifo, nnipa a wodum gya, kurow no mu mpanyimfo ne adwumayɛfo ahorow de Betel abusua no asa no ayɛ beae a wofi hɔ di dwuma. Eyi ma yenyaa hokwan huu saa mmarima yi suaa sɛnea wɔn nnwuma no te.

Adɔeyɛ a Ɛyɛ Anigye a Woyii No Adi

Wɔn a wodum gya no ani gyee adɔeyɛ a yeyii no adi kyerɛɛ wɔn a wɔte mpɔtam a yɛwɔ no ho yiye. Sɛ nhwɛso no, yɛyɛɛ kɔfe ne burodo a wɔde pam ahyɛ mu maa wɔn a wɔredum gya no. Yɛmaa wɔn anɔpa duan bere biara.

Wɔn a wodum gya yi mu biako kae sɛ: “Wonnyii adɔeyɛ adi nkyerɛɛ me wɔ mfirihyia 15 a mede ayɛ adwuma yi mu sɛɛ da.” Ɔfoforo nso kae sɛ: “Hena na ɔyɛ ɔpanyin wɔ ha sɛnea ɛbɛyɛ na yɛbɛkyerɛw krataa akɔda no ase wɔ adɔeyɛ a wɔayi no adi akyerɛ yɛn nti?”

Saa mmarima yi mu pii nnyaa hokwan nhuu sɛnea Yehowa Adansefo te ankasa ɛ. Wɔkaa nneɛma te sɛ adamfofa su ne pɛ a yefi yɛn pɛ mu yɛ ade ne sɛnea yɛn atrae hɔ tew fa ho asɛm. Yenyaa hokwan nso ne wɔn bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ pii.

Polisini biako kae sɛ: “M’ayɛ adwuma wɔ saa beae yi mfirihyia ason nanso me ne nkurɔfo a wɔte ha no nnyaa asɛm da. Sɛ obiara a ɔwɔ saa beae yi te sɛ wɔn a, anka ɛho nhia sɛ yɛbɛba ha.” Wɔn ani gyee yɛn ahɔhoyɛ ne adɔeyɛ no ho, na yɛn ani sɔɔ mmɔden a wɔde dii wɔn dwuma a asiane wom no ho dwuma no.

Yɛn nsa kaa krataa fii adwumayɛfo ahorow a wonyaa kyɛfa wɔ ogya a wodum no no mu no hɔ wɔ adapɛn a edi ogyi yi akyi bae no mu. Krataa ahorow no mu abiɛsa na ɛwɔ kratafa a edi hɔ no so no.

Ɛyɛ awerɛhow sɛ nnansa yi ara dan a agye din yi bɛsɛe saa. Nanso yɛda ase sɛ esiane ahokokwa a nnipa a wodum gya ne afoforo de dii dwuma nti obiara anwu anaasɛ wɔampira wɔ saa ogya yi mu. Yɛn mu pii de yɛn adwene sii sɛnea honam fam nneɛma ntumi ntra hɔ daa ne sɛnea ɛnkyɛ na ne nyinaa ahyew asɛe no so. Na ɛyɛ yɛn anigye sɛ yetumi ne afoforo a yehyiaa wɔn wɔ saa bere yi mu no kyɛɛ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo a ɛreba no ho ‘anidaso a nkwa wom’ no.

[Kratafa 12 mfoni]

Nkrataa a wɔkyerɛw de daa Yehowa Adansefo ase a wɔde kyerɛ anisɔ wɔ adɔeyɛ su a woyii no adi kyerɛɛ adwumayɛfo ne afoforo a wodum ogya no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena