Wɔn a Wodum Gya Kyerɛ Anisɔ
Amanneɛbɔ bi a ɛfa ogya ho kɔkɔbɔ ahorow anum ho wɔ Brooklyn, New York, puei wɔ Nyan! borɔfo de a wotintim no June 22, 1980, no mu. Hotel Margaret a wofi Yehowa Adansefo Asafo no ti hu no hyewee koraa. Adwumayɛbea a wodum gya no tintim nsɛmma nhoma bi a wɔfrɛ no “With New York Fighters” na sɛnea ewiee n’amanneɛbɔ no biako ni:
“Wɔn a wodum gya yi nyinaa yɛɛ saa wɔ tebea horow a emu yɛ den na asiane wom ase nanso wɔde anibere dii ho dwuma fii mu.
“Yɛbɛdan wɔn a wobu ani gu ade so sɛ yɛanka Yehowa Adansefo asafoti no mufo a beae a wɔte no ne Hotel Margaret no di nhyɛanim no mmɔdenbɔ denam aduan ne guankɔbea a wɔde maa yɛn adwumayɛfo no nyinaa a wodum gya no ho sɛm a. Meregyina wɔn a wodum gya no nyinaa ananmu de anigye kɛse reda nnipa a wɔn yam ye a wɔahyira wɔn ho so ampa no ase pii.”