Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 6/8 kr. 15-17
  • Ahotɔ A Wobenya Wɔ Nhyɛso Mu—Mprempren Ne Afei De Kosi Daa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahotɔ A Wobenya Wɔ Nhyɛso Mu—Mprempren Ne Afei De Kosi Daa
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Amansan Mu Nokwasɛm
  • Wotumi Di Ho Dwuma Mprempren na Wobetumi Adi Ho Dwuma Daakye
  • Daa Ahotɔ a Wobenya Afi Nhyɛso Anaa Adwennwene Mu
  • Wubetumi Agyina Nhyɛso Ano—Nanso Ɔkwan Bɛn So?
    Nyan!—1981
  • Adwennwen a Eye ne Nea Enye
    Nyan!—1998
  • Dɛn Ne Saa Ade A Wɔfrɛ “Nhyɛso” Yi?
    Nyan!—1981
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Adi Basaa A Meyɛ No So?
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 6/8 kr. 15-17

Ahotɔ A Wobenya Wɔ Nhyɛso Mu​—Mprempren Ne Afei De Kosi Daa

MMUAE bɛn na wubenya bere a wode saa asemmisa yi to nnipa bebree anim: “So wobetumi ayi nhyɛso a edi awu yi afi hɔ da bi?”

Nnipa pii ma ɛda adi sɛ wɔbɛma mmuae sɛ nhyɛso a edi awu yi ne yɛn bɛtra bere nyinaa esiane nea wɔahu anaasɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wosua ho ade ka sɛ ɛbɛba daakye nti.

Nanso kakraa bi de anigye bɛka sɛ bere bɛba na ɛbɛyɛ yiye, sɛ onipa betumi adi ne haw horow no so nkonim na wɔayi nhyɛso a edi awu no afi hɔ.

Ebia saa adwene no bɛda mmɔden a mfaso nnim a wɔbɔ na wɔde agyina nhyɛso ano no adi. Ɔbenfo Irving Janis kaa asɛm bi faa eyi ho sɛ: “Ade foforo a mfaso nni so a wɔyɛ sɛ wɔde gyina ano ne ‘sɛ wɔbɛkwati de abɔ wɔn ho ban,’ a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛhwehwɛ ahotɔ wɔ nkate mu ɔhaw horow ho denam susuw a wobesusuw biribi a ɛrentumi mma saa ho.”​—The New York Times, Sunday, May 18, 1980.

Awerɛhosɛm biako ne sɛ nnipa pii a wɔrebɔ mmɔden agyina nhyɛso ano no bu wɔn ani gu nneɛma horow a ɛwɔ hɔ ankasa a ebetumi aboa wɔn na wɔagyina ano no so. Saa nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa yi betumi aboa wo na woanya nhyɛso mu ahotɔ na woanya nea egyina hɔ pintinn a wubegyina so de ahwɛ daa ogye a wo nsa bɛka wɔ daakye no kwan.

Amansan Mu Nokwasɛm

Dr. Hans Selye abenfo a wosua nhyɛso ho asɛm no mu biako kyerɛwee sɛ: “Obi a ɔte ade nka biara nni hɔ a ɔbɛma n’ani so ahwɛ ɔsoro anadwo a wim atew a ɔremmisa n’ankasa ho sɛ ɛhefa na nsoromma no fi bae, na ɛhefa na wɔkɔ, na dɛn na ɛma amansan nyinaa tra hɔ pɛpɛɛpɛ. Saa nsemmisa no ara na ɛsɔre bere a yɛhwɛ amansan a ɛwɔ yɛn mu anaasɛ yɛn nipadua mu no.”​—The Stress of Life.

So woagye bere asusuw sɛnea ɔdesani nipadua no yɛ nwonwa fa no ho anaasɛ woahwɛ soro asusuw nsoromma ho pɛn anaa? Saa a wobɛyɛ no bɛyɛ ɔkwan a edi kan a ehia a ɛbɛboa wo na woatumi agyina mprempren nhyɛso horow no ano. Selye de kaa ho sɛ: “Tumi a wowɔ a wode susuw ade ho . . . adebɔ mu nneɛma a ɛyɛ fɛ na ehyia pɛpɛɛpɛ no yɛ asetra mu osuahu ahorow no mu biako a onipa tumi nya. . . . Hwɛ a yɛbɛhwɛ biribi a ɛso kyɛn yɛn ankasa no ma yɛn da biara da ɔhaw horow no yɛ ketewaa koraa bere a yɛde to ho no. Nneɛma wɔ hɔ a ɛkari pɛ a ɛma yenya adwene mu asomdwoe a yɛn nsa bɛka denam bɛn a yɛbɛbɛn nea ɛkorɔn no so nkutoo.”

Mfehaha pii a atwam no na Dawid ɔkyerɛwfo ne ɔdwontofo no yɛɛ nea ɔwɔ nhyɛso ho nimdeɛ yi kamfo kyerɛ mprempren no. Ɛno mu na Dawid kaa mfitiase nokwasɛm yi: “Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsaano adwuma.”​—Dw. 19:1.

Dawid huu nea nnipa ɔpepem bebree a wosusuw ade ho yiye aka fi saa bere no: Nokwasɛm bi a ɛda adi wɔ amansan nyinaa ho ne sɛ Onyankopɔn, amansan ne onipa Bɔfo no te ase. Sɛ wɔde yɛn a yɛyɛ nnipa to ne Nsaano adwuma ho a na yɛnyɛ hwee koraa. Dawid ka faa Onyankopɔn ho sɛ: ‘Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma a, ɔdesani ne hena a wokae no?’​—Dw. 8:3, 4.

Enti, sɛ wuhu sɛ nhyɛso betumi ayɛ​—anaasɛ ɛyɛ​—ɔhaw ma wo a, ɛsɛ sɛ wususuw asetra mu a Onyankopɔn wɔ ho no yiye, wususuw sɛnea ne nnwuma dɔɔso yiye fa na wususuw afoforo ne w’ankasa wo gyinabea a wowɔ wɔ n’anim no ho. Sɛ enya ba saa a ‘worenkwati biribi sɛ wode reyi w’ano’ na mmom wubenya nokwasɛm ankasa a ɛwɔ hɔ no mu nhumu, amansan mu nokwasɛm ahorow no.

Wotumi Di Ho Dwuma Mprempren na Wobetumi Adi Ho Dwuma Daakye

Hu a wubehu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no bɛboa wo wɔ akwan horow pii so na woatumi agyina nhyɛso anaa adwennwene ano.

Asɛm biako ne sɛ, ɛbɛma woanya obu pii ama n’afotu a ɛwɔ Bible mu no. Dawid fi n’ankasa ne suahu ne nea ohui wɔ afoforo ho no mu betumi aka sɛ: “Yehowa mmara yɛ pɛ, edwudwo ɔkra. Yehowa adanse atim, ɛma ayamfo hu nyansa.”​—Dw. 19:7, NW.

Nea ɛka Onyankopɔn afotu ho ne kwati a ɛsɛ sɛ obi kwati biribi a ɛte sɛ awaresɛe, aguamammɔ, asabow, korɔnbɔ ne atoro. Nnipa a wɔde wɔn hɔ hyɛ eyinom mu no taa yɛ saa na wɔde anya anigye, na ama ‘asetra ayɛ mmerɛw ama wɔn’ anaasɛ wɔakwati animguase ade bi. Nanso adanse no akyerɛ sɛ wɔtaa nya nhyɛso anaa adwennwene pii mmom fi eyi mu tee, anaasɛ ɛfa akwan horow so ba​—ahonim a ɛte afobu nka, adwemmɔne a wɔma afoforo nya anaasɛ akwahosan mu ɔhaw horow a efi wɔn kwan no so aba. Nea ɛne eyi bɔ abira no Onyankopɔn afotu akyi di kyerɛ sɛ onipa bɛkwati saa nneɛma a ɛde nhyɛso horow anaa adwennwene ba yi nyinaa, na ne nsa aka adwenem asomdwoe ne anigye.

Yehowa Adansefo a wɔwɔ asase so mmeae ahorow no mu ɔpepem bebree betumi adi adanse sɛ saa na ɛte wɔ wɔn fam. Mmom, obiara nni hɔ a ɛnnɛ ɔbɛka sɛ wafa ne ho adi afi asetra mu nhyɛso anaa adwennwene ho. Nanso nokware Kristosom a wɔde di dwuma no aboa wɔn. Eyi ne nea Yesu kae no hyia: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome . . . na mubenya ɔhome [ɛnyɛ nhyɛso anaasɛ adwennwene] ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.”​—Mat. 11:28-30.

Atirimpɔw foforo nso wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛnea mprempren nhyɛso anaasɛ adwennwene befi hɔ akɔ bere a wobɛn Onyankopɔn no. Akwankyerɛ bɛba w’asetra mu. Wubehu faako a worekɔ, sɛ wode wo ho ama sɛ wopɛ sɛ wosɔ n’ani. “Nhyɛso a Ɔhaw Nnim” no bɔ din sɛ:

Abakɔsɛm adi ho adanse mpɛn ahorow bebree sɛ “wɔn a wogye di sɛ wɔn Nyankopɔn nyɛ mfomso na wɔnyɛ saa nso wɔ wɔn abrabɔ mu no kari pɛ na wɔwɔ anigye sɛnea ɛfata, . . . gyidi de akwankyerɛ ma nnipa, nea wogyina so de wɔn ho hyɛ biribi yɛ mu, tete wɔn ho, ne adwuma a wontumi nkwati a ebesiw suban a ɛmfata a ɛde basabasayɛ bɛba kwan no.”​—Pp. 2, 3.

Afei nso, sɛ yɛde yɛn ho ma Ɔbɔadeɛ no ne ne nnyinasosɛm a eye yi saa a, wubetumi abɛyɛ Kristofo asafo a wɔwɔ anigye no fa. Wɔn a wɔwɔ Yehowa Adansefo Kristofo asafo ahorow no mu no ani gye na wɔpɛ sɛ wɔne nnipa nyinaa a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani no yɛ adwuma. Wɔn ani gye sɛ wɔbɛkyerɛ afoforo ɔkwan a wɔbɛfa so de Bible mu afotusɛm adi dwuma nnɛ ne sɛnea ɛboa na ɛbrɛ nhyɛso ne adwennwene a edi awu no ase.

Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde ɔdɔ bedi dwuma wɔ nokwarem, sɛnea eyi ne Yesu nsɛm yi ntease hyia: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yoh. 13:35) Bere a wokɔ so sua Kyerɛwnsɛm no na wowɔ Kristofo a wɔwɔ ɔdɔ mfinimfini yi, woresua sɛnea wobɛdɔ afoforo na woaboa afoforo na eyi na ɛbɛma nhyɛso anaasɛ adwennwene ano abrɛ ase. Afoforo behu sɛ woadan onipa wɔbɛpɛ w’asɛm. Ntɔkwaw remma wo ne wo mfɛfo nnipa ntam, efisɛ wɔn anya wo ho adwempa ne obu kɛse.​—Mat. 5:40-48; Luka 6:38.

Saa nso na nea wobɛyɛ de gyina nhyɛso ano yi nyɛ nea ɛwɔ hɔ mprempren nkutoo; hwɛ daakye kwan nso. Nhoma a wɔfrɛ no “Religious Movements in Contemporary America” no kae sɛ: “Adansefo no yɛ kuw bi a wotumi de wɔn ho to wɔn so na wogye wɔn atuu wɔ wɔn ankasa asafo ahoro mu. . . . Yehowa Adansefo de asetra mu ɔkwan bi a ɛma wɔn a wodi akyi no nya obu ma wɔn ankasa ho ma, nnipakuw a wogye wɔn ho di, na wɔwɔ anidaso ma daakye.”

Daa Ahotɔ a Wobenya Afi Nhyɛso Anaa Adwennwene Mu

Ɔbɔadeɛ no ne daakye anidaso a egyina hɔ pintinn no nhyɛase. Wahyɛ bɔ wɔ n’Asɛm a wotumi de wɔn ho to so no mu sɛ ɔde ne ho rebɛhyɛ adesamma nsɛm mu, na ɔbɛyɛ saa wɔ ɔkwan a ɛbɛma daa ahotɔ a wobenya afi nhyɛso anaasɛ adwennwene a edi awu mu no aba. Susuw nea Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no mu binom ho:

¨ Obeyi abɔnefo a wɔyɛ pɛsɛmenkomenya a wɔn adeyɛ ahorow de nhyɛso ne adwennwene pii ba mprempren no afi hɔ.​—Dw. 37:28, 29, 34.

¨ Sɛ wɔbɛyɛ nnipa a wɔn tirim yɛ den, wɔwɔ mmoa su no, nnipa a wɔbɛtra asase so no bɛyɛ wɔn a wɔdɔ asomdwoe na “Yehowa ho nimdeɛ” kyerɛ wɔn kwan. Yes. 11:6-9; 35:9.

[Kratafa 17 adaka]

ƆDƆ, ƆTAN NE NHYƐSO

Wobisaa Dr. Hans Selye asɛm wɔ nhoma a ɛyɛ “Reader’s Digest” no mu na nea ɔkae ni: “Nkate akɛse abien a eyi nhyɛso anaa adwennwene fi hɔ anaasɛ ɛde nhyɛso anaa adwennwene ba ne ɔdɔ ne ɔtan. Bible no tĩ saa asɛm yi mu mpɛn ahorow pii. Asɛm no ne sɛ sɛ yɛamfa ɔkwan bi so ansakra pɛsɛmenkomenya a ɛwɔ yɛn mu no a, ɛkanyan osuro ne anibere wɔ afoforo mu​—na tebea a ɛte sɛɛ mu tra renyɛ papa! Nea ɛne eyi bɔ abira no, yɛ yɛsakra yɛn ahopɛ su no pii a, yebetumi akanyan nnipa na wɔadɔ yɛn pii, na mpɛn dodo a yetumi kanyan nnipa ma wɔdɔ yɛn kyɛn sɛ wɔbɛtan yɛn no ɛno na ɛbɛma yɛatra ase dwoodwoo, na nhyɛso a yebehyia no bɛyɛ ketewaa bi na yɛatumi agyina ano.’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena