Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 6/8 kr. 6-9
  • Dɛn Ne Saa Ade A Wɔfrɛ “Nhyɛso” Yi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Ne Saa Ade A Wɔfrɛ “Nhyɛso” Yi?
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛyɛ Dɛn?
  • “Ko Tia Anaasɛ Guan Fi Ano”
  • Nneɛma Horow Bi a Ɛyɛ Sɛnkyerɛnne a Ɛsɛ sɛ Wohwɛ
  • Susuw Nea Ɛde Ba No Ho
  • Wubetumi Agyina Nhyɛso Ano—Nanso Ɔkwan Bɛn So?
    Nyan!—1981
  • Dɛn Ne Adwinnwen?
    Nyan!—2020
  • Adwennwen a Eye ne Nea Enye
    Nyan!—1998
  • Ahotɔ A Wobenya Wɔ Nhyɛso Mu—Mprempren Ne Afei De Kosi Daa
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 6/8 kr. 6-9

Dɛn Ne Saa Ade A Wɔfrɛ “Nhyɛso” Yi?

W’ADWUMA mu panyin teɛteɛm gu wo so ɛwom sɛ obi foforo na wadi mfomso no.

Wo sukuu kyerɛkyerɛfo serew wo wɔ sukuufo no nyinaa anim.

Bere a w’ani abere renoa aduan no wo ba de ne nan pem kuruwa bi a ɛsom bo ma ɛbɔ na afei nso wo telefon fi ase bɔ.

Yiw, wunim nea nhyɛso yɛ​—anyɛ yiye koraa no de kosi baabi.

Sɛ yesusuw nhyɛso ho a, na nea ɛwɔ yɛn mu pii adwenem ne asetra mu ɔhaw ahorow, anaasɛ nea emu yɛ den, te sɛ yɛn hokafo a owu anaasɛ ɛka ahorow a ɛdɔɔso a ɛsɛ sɛ yetua. Nanso yɛn mu baahe na wonim nea ɛkɔ so wɔ yɛn nipadua mu wɔ nhyɛso anaa adwennwene yi mu? Ɔkwan bɛn na nsakrae a ɛrekɔ so wɔ yɛn nipadua mu no betumi aka yɛn akwahosan? Dɛn na ɛma yehu sɛ nhyɛso anaa adwennwene afi ase resɛe ade? Na ɔkwan bɛn na eye sen biara a yɛbɛfa so agyina nhyɛso a yehyia no ano, na yɛatumi anya anigye ne asomdwoe pii?

happiness and peace?

Ɛyɛ Dɛn?

“Nhyɛso” kyerɛ nneɛma horow ma nnipa horow. Nea bebree nim ne adwennwene anaasɛ ɔhaw. Nanso eyi yɛ asɛm no fa bi ara kwa.

Ebia na woakenkan asɛm afi atesɛm krataa bi mu a ɛfa wimhyɛn bi a ɛkɔhwee ase ho sɛ biribi hyɛɛ dade no biako so na amma dwuma a dade no di no ankɔ so na ɛmaa wimhyɛn no kɔhwee ase. Saa nhyɛso no yɛ tumi bi a na ɛhyɛ dade ko no so na ɛno na amma wimhyɛn no ankɔ tee na ɛkɔhwee ase no.

Saa ara na wobetumi de ato nhyɛso a ɛba ɔdesani so no ho. Ɛyɛ nipadua anaasɛ nkate mu ade bi a ɛka yɛn nipadua no, na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ tebea a ɛte saa mu, anyɛ saa a ebedi yɛn awu. Nhyɛso horow bi ni: Wo anantew awia mu wɔ di bi mu anaasɛ bere a woredɔw turo bi nipadua nyinaa ayɛ hyew. Eyi yɛ nhyɛso no bi. Anaasɛ woyeree wo ho wɔ agorudi bi mu anaasɛ bere a woredɔw turo bi mu. Wo nipadua mu nam no brɛ, efisɛ emu nsu no nkari pɛ bio. Ɛno nso yɛ nhyɛso. Nanso wowɔ nneɛma bi wɔ nipadua no mu a ebetumi ama eyinom akari pɛ na agyina ano. Emu biako ne fifiri a wufi na ɛdwudwo wo nipadua no. Biako nso ne nna pa a wubenya anadwofa a etumi dwudwo wo nipadua mu nam ne ntini no. Ɛno ma nhyɛso no twam.

Nanso nnɛ de ɛnyɛ den sɛ yɛde nhyɛso bedi dwuma de ato adwennwene ho, efisɛ ɛno nso de nipadua mu nsakrae ba. Sɛ yɛantumi anhu nsakrae a ɛrekɔ so wɔ yɛn nipadua mu a, yɛrentumi nhu ɔkwan a yɛbɛfa so aboa ma mmɔden a yɛn nipadua no bɔ na atumi agyina ano no ahyia.

happiness and peace?

“Ko Tia Anaasɛ Guan Fi Ano”

Ɛnyɛ sɛ yɛrebɔ mmɔden de wo ahyɛ nhyɛso bi ase bere a yɛreto nsa afrɛ wo sɛ susuw ho, sɛ wowɔ tebea a ɛte sɛɛ mu no: Wonam ɔkwan bi a akanea nnɔɔso wɔ so so anadwofa bi. Womaa wo ti so pɛ na wuhuu mmerante baasa a wɔn ho yɛ den sɛ wɔretwam afa ɔkwan no so abehyia wo. Dɛn na ɛba wo mu?

Wote nka sɛ asiane reba, ɛte sɛ nea wɔabɔ wo kɔkɔ bi. Biribi hyɛ wo so na wufi ase home ntɛmntɛm. Nipadua mu nsu ahorow bi aba wo mogya no mu. Wo berɛbo no de asikire a asie no ama mogya no. Asikire no ne srade no yɛ pɛ wɔ wo mogya no mu, na ɛkanyan wo ma biribi yɛ. Wo koma bɔ ntɛmntɛm. Mogya pii sen fa wo nipadua mu nam mu. Wo asiesie wo ho, sɛ wobɛyɛ biribi ntɛm anaasɛ wubesi gyinae horow ntɛm. Saa “ko tia anaasɛ guan fi ano” nkate yi fi osuro anaasɛ abufuw nka a wote no mu.

Nnso adeyɛ yi nyɛ nea enye anaasɛ edi awu. Eyi bɛma wo aguan ahoɔhare so akyɛn sɛnea wususuw sɛnea wubetumi ayɛ. Anaasɛ ebetumi aboa wo ma woahyɛ wo ho so na wo ama mmuae bɔkɔɔ bere a wɔyaw wo. (Mmeb. 15:1; Mat. 5:39) Nanso saa nkate no ara siesie wo ma adwuma a mfaso wɔ so anaasɛ agorudi, te sɛ ebia agorudi bi a wo ani gye ho yiye. Ɛnkyɛ na agorudi no afi ase! Ebia na ɛyɛ bɔɔl, wokyere na afei wotow no ntɛmntɛm. Wo asiesie wo ho sɛ afei wobɛyɛ ade.

Nanso sɛ nhyɛso yi kyɛ na bere biara tebea a ɛte sɛɛ mu na wowɔ a wonyi wo mfi tebea a ɛte sɛɛ a wo nipadua no wɔ mu mu ɛ?

Sɛ nhwɛso no, sɛ ɛsɛ sɛ odwumayɛni bi hwɛ mfiri horow bi a wɔayɛ no nyinaa mu yiye efisɛ sɛ wanyɛ saa a ɔbɛte nka sɛ n’adwuma wura no mpɛ n’asɛm anaasɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ adwuma a ɛte sɛɛ a ɛhaw no no bere nyinaa. Anaasɛ ebia ɔbea bi hokafo aguan agyaw no. Ne werɛ ahow nanso ɛsɛ sɛ ogyina nhyɛso horow a ne honam fam adwuma de ba no so no ano, bere a ɔhwɛ ne mma so wɔ ofie anadwo fa.

Sɛ obi wɔ nhyɛso a ɛte saa ase bere nyinaa a ahotɔ biara nnim anaasɛ ontumi nhu ɔkwan a ɔbɛfa so agyina ano a, dɛn na ɛba. Wɔ nokwarem no wɔfrɛ saa tebea no sɛ “ɔhaw,” efisɛ sɛ ɔtra mu bere tenten a, saa nhyɛso a ano yɛ den yi di nipadua no awu.

Saa nhyɛso a ɛtra hɔ bere nyinaa yi mma nipadua no nkari pɛ. Nea ɛka ho bio no ebetumi ama srade aboaboa ano wɔ nipdua no mu ntini no mu na ama ntini no mu ayɛ den. Ebetumi abrɛ tumi a nipadua no wɔ a ɛde bɛko atia nyarewa ahorow no ase.

happiness and peace?

Nneɛma Horow Bi a Ɛyɛ Sɛnkyerɛnne a Ɛsɛ sɛ Wohwɛ

Wobɛte nka sɛ ebia ɛho nhia sɛ obi ka kyerɛ wo bere a wowɔ nhyɛso ase. Nanso so ɛte saa? Ɛyɛ nokware sɛ ebia ɛtɔ bere bi a wote nka sɛ wowɔ nhyɛso ase. Nanso nnipa pii ntumi nhu sɛ nneɛma horow bi a wohu wɔ wɔn nipadua mu fi nhyɛso. Enti, nea wɔyɛ ara ne sɛ wodi nsɛnkyerɛnne ahorow no ho dwuma nanso ɛnyɛ nhyɛso a ɛde eyi ba no. Ɛte saa wɔ yɛn mu pii fam.

Sɛ nhwɛso no, ɔbarima bi a wadi mfirihyia 39 nyaa adwuma bi a na ehia sɛ egye ne bere pii na afei ɔde n’adwene si adwuma no so na ɔyɛ adwuma anadwofa ne dapɛn awiei. Akyiri no na ontumi nna yiye, na ɔtee yaw nka kɛse wɔ n’akyi bɔɔ mmɔden huu nnuruyɛfo nanso antumi anyɛ yiye. So nna pa a onnya no na ɛde n’akyiyare no ba, anaasɛ akyiyare no na ɛde nna pa a onnya no ba? Wɔ nokwarem no bere a adwuma a ɛde nhyɛso baa no so no bere twaam no, sɛnkyerɛnne ahorow no nyinaa yerae. Dɛn ntia? Dɛn na wususuw?

Sɛnkyerɛnne ahorow bi a wuhu bere a nhyɛso anaasɛ ɔhaw no ano yɛ den ni:

Ɛnkyɛ na wo bo fuw: Afoforo hu na wɔtaa ka sɛ ɛnkyɛ na wo bo afuw anaasɛ nneɛma nketenkete haw wo.

Wuntumi nnya nna pa: Wo kyɛ ansa na wo ada, anaasɛ wuhu sɛ ɛnkyɛ na woanyan, na woda hɔ saa ara a wonna bio.

Wuntumi nhome yiye: Wo ahome yɛ ntiantia a ntease biara nnim.

Wo nipadua mu nam nyinaa ayɛ kyenkyenee: Ɛnyɛ bere nyinaa na akwahosan pa anaasɛ nipadua mu ateɛteɛ fi eyi.

Yafunu a emu ntɔ obi: Ebia nea ɛka ho ne aduan a ɛnnɔ obi kɔn anaasɛ ontumi nni aduan pii gye nketenkete wɔ bere ne bere mu.

Akomatu: Ɛma obi kasa pii dodo a onnyae, ɛnkyɛ na ne koma atu wɔ nneɛma nketenkete ho na afei ne ho popo.

Ɛnsɛ sɛ yɛde asɛm no ba awiei sɛ sɛnkyerɛnne ahorow a yɛaka ho asɛm yi bi a yebehu no kyerɛ sɛ na yɛwɔ nhyɛso kɛse ase a yɛredi yɛn akwahosan awu. Obi akyi betumi ayɛ no yaw esiane apɔw-mu-ateɛteɛ a onnya nti, anaasɛ wakɔma biribi a emu yɛ duru so ama nnompe no bi ho aka. Ebia obi ntumi nna papa esiane sɛ ɔkɔdaa ntɛm wɔ adidii akyi nti anaasɛ ɔnom kɔfe naaasɛ tea anadwofa nti. Nanso sɛ ɔhaw no ba wo so a emfi nea yɛaka ho asɛm yi bi nti a, ɛnde na ɛsɛ sɛ wususuw ho sɛ ebia nhyɛso anaa adwennwene redi wo awu anaa.

Susuw Nea Ɛde Ba No Ho

Obiara mpɛ sɛ osusuw ɔhaw horow a ɛba no so no ho. Dɛn nti na yɛmma yɛn werɛ fi yɛn haw horow no? Bebree susuw saa. Nanso esiane sɛ nneɛma a enye fi ɔhaw horow anaasɛ nhyɛso mu ba nti, ɛbɛyɛ papa sɛ yebehu nea ɛde nhyɛso ba nnɛ no bi. Sɛ yenim eyinom a, afei nso ebia na eyinom mu bi reka yɛn a, eyi bɛboa yɛn na yɛatumi agyina nhyɛso anaasɛ adwennwene ano.

Krataa a wɔahyehyɛ yi yɛ nea wɔn a wɔyɛ mpɛɛpɛɛmu no ahu sɛ ɛka nneɛma horow a ɛde nhyɛso anaasɛ ɔhaw ba yɛn asetra mu no ho. So nea wɔahyehyɛ yi bi fa wo ho? Ɛnde ebia na woahu sɛnea nhyɛso te pɛn.

Nnipa pii ahu sɛ tebea a wɔwom no de nhyɛso horow ba. Ebia na ɔwɔ kurow a nnipa dɔɔso wom a wɔyɛ nneɛma tia wɔn bere biara. Gyegyeegye a wɔyɛ nso tumi de nhyɛso ba. Wohu eyi wɔ nnipa a wɔyɛ adwuma anaasɛ wɔtra ase wɔ mmeae ahorow a wɔyɛ gyegyeegye wɔ hɔ no ho. Mframa pa a obi nnya nso betumi de nhyɛso aba.

Yɛahu sɛnea adwuma a yɛyɛ no nso tumi de nhyɛso ba. Nanso nea ɛde pii ka ɔhaw no ho ne akansi honhom a ɛfa ‘nkɔanim a yebenya’ anaasɛ honam fam nneɛma horow a ɛma obi koma tɔ ne yam a yɛbɛboaboa ano no ho.​—Fa to Ɔsɛnkafo 2:22-24; 4:4 ho.

Bere a kɔdanna betumi ayɛ nea efi nhyɛso anaasɛ adwennwene no ebinom wɔ hɔ a wɔn na wɔde eyi ba efisɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ nneɛma pii mu wɔ da mũ no mu dodo, enti na wonnya nna pa. Afei nso sɛ obi bɛtra ase bere tenten ahwɛ TV so nsɛm no nso de nhyɛso horow ba, etumi sɛe ade wɔ akwan horow abien so​—entumi mma wunnya nna pa na entumi mma wo nna pii nso.

Lɔre a wɔka wɔ akwan a mfiri horow dɔɔso wɔ so so nso de nhyɛso ba,ofie ntɔkwaw ne ebia nsenom; nneɛma bo a ayɛ den anaasɛ sika a obi wɔ a ontumi mfa ntɔ nea ehia no wɔ honam fam; sukuu foforo a obi kɔ anaasɛ tu a wotu kɔtra beae foforo; asetra mu nneɛma nketenkete a wɔbɛma ahyɛ obi abufuw. Eyinom nyinaa de bi ka nhyɛso ho ɔhaw no ho ma nnipa pii.

Bere a wɔ nipadua ne nkate fam no yebetumi adi nhyɛso so nkonim no, nea efi mu ba no boaboa ano. Na nea ɛsɛe ade koraa ne sɛ bere a yɛrenyin no (a ebia nhyɛso nso ka ho no) mmɔden a yɛbɔ sɛ yebegyina nhyɛso ano no ano brɛ ase.

Ɛnsɛ sɛ wohaw wo ho te sɛ ebia nhyɛso yɛ adesoa bi a wuntumi nni so nkonim. Mpɛɛpɛɛmu a wɔayɛ kyerɛ sɛ wɔn a wofii Nazi nneduaban mu no mu ɔha mu nkyem 25​—a wɔbaa nhyɛso a ɛware ase​—yɛ wɔn a wɔanhu sɛ nhyɛso yi dii wɔn awu wɔ ɔkwan titiriw biara so.

Enti wubetumi ayɛ biribi afa nea wɔfrɛ no “nhyɛso” anaasɛ adwennwene yi ho. Na nneɛma horow wɔ hɔ a ebetumi ama woahwɛ kwan sɛ ɛrenkyɛ na wubefi asetra mu nhyɛso horow yi mu koraa.

[Kratafa 7 mfoni]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

WO NIPADUA YƐ NHYƐSO ANAASƐ ADWENNWENE HO BIRIBI

Ɔsuro anaasɛ abufuw ma wudi “ko tia anaasɛ guan fi mu” nkate no ho dwuma

KOMA ɛbɔ ntɛmntɛm

OHURUTUTU ma wo home ntɛmntɛm

BERƐBO de asikire ne srade ma mogya no

YAFUNU entumi nyam aduan ntɛm

ANIWA kurutiayisi yɛ akɛse

NIPADUA MU NAM sɔre gyina ma adeyɛ

MOGYA MU NSU pii ba mogya no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena