Wubetumi Agyina Nhyɛso Ano—Nanso Ɔkwan Bɛn So?
AFEI de wubetumi ahu sɛ nhyɛso anaa adwennwene yɛ nsanyare na ebetumi adi wo awu anaa ama wo ayare. Nanso dɛn na wubetumi ayɛ afa ho?
Sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm no, nea ɛho hia ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wubehu nea enti a wo nhyɛso no ba anaasɛ faako a efi. “Understanding Human Behavior” Volume 1 no kyerɛkyerɛ nea enti a eyi ho hia no mu: “Kae sɛ nhyɛso anaa adwennwene ba bere a nipadua anaasɛ adwene mu haw bi de adwene no ne nipadua no si saa ɔhaw no so bere nyinaa no. Mpɛn pii no nea ehia a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne sɛ wohu nipadua ne adwene mu ɔhaw no na wɔyɛ ho adwuma yi fi hɔ na ntɛm ara nhyɛso anaasɛ adwennwene no yera.” Asɛm no ne sɛ, sɛ wubetumi ahu nea ɛde saa nhyɛso yi ba wɔ wo adwenem a, worenhaw wo ho pii wɔ ho sɛ mpo wuntumi nkwati saa nhyɛso no a.
Ɛnde momma yensusuw nyansahyɛ ahorow bi a wobetumi adi ho dwuma a ebetumi aboa wo na ebetumi ama wo agyina nhyɛso anaasɛ adwennwene ano no ho.
Bɔ Mmɔden Fa Wo Ho Hyɛ Tebea Horow Mu
Ebinom bɔ mmɔden sɛ wobeguan afi nneɛma a ɛde nhyɛso ba anaasɛ adwennwene ba no ano. Sɛ nhwɛso no, wɔbɛsakra faako a wɔte anaasɛ wɔn adwuma sɛnea ɛbɛyɛ na wobeguan afi tebea horow a ɛde nhyɛso ba no ano, te sɛ ebia wɔreguan afi beae a ɛhɔ yɛ gyegyeegye anaasɛ ɛhɔ bɔn, anaasɛ wobeguan afi kurow a nnipa dɔɔso wom anaasɛ ayɛ fi mu.
Ɛno betumi aboa, nanso nea ɛte sɛɛ a wɔyɛ no katee no ho nhia bere nyinaa na abrɛ nhyɛso ase. Sɛ nhwɛso no, sɛnea ɛbɛyɛ na wobeguan afi nhyɛso a efi oketeke anaasɛ bɔɔs a nnipa dɔɔso wom mu a wɔtra mu ano no, ebinom fi fie ntɛm anaasɛ wɔtwɛn ka akyi kakra. Wɔde bere a wɔde retwɛn no di dwuma ma mfaso ba so de kenkan, sua ade anaasɛ kyerɛw krataa. Nanso nea ehia titiriw no, sɛ wɔde wɔn ho hyɛ tebea horow no mu wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so a wonya ahotoso sɛ wotumi di wɔn asetra so, a wɔn a wosua ho ade no ka sɛ ɛno ne ade titiriw a wotumi de gyina nhyɛso ano no.
Tebea horow a wɔde wɔn ho hyɛ mu nso boa awofo. Awofo mu binom fi ɔhaw biako so kɔ foforo so. Nea ebia ebehia na wɔde abrɛ saa nhyɛso yi ase ne sɛ wobesi pi anya akwankyerɛ a ɛfata ama mmofra no. Bible no ayɛ nyansa fibea a wɔfa so tu mmofra fo na wɔtete wɔn. (Fa to Efe. 6:1-4; Mmeb. 29:15, 17 ho.) Yehowa Adansefo ɔpepem bebree a wɔde saa afotu a efi Onyankopɔn hɔ no adi dwuma no anya mfaso afi mu ma nhyɛso a ɛba wɔn so no ano abrɛ ase.
Nhwɛso foforo ni, dɛn na wubetumi ayɛ na woatumi agyina ano bere a gyegyeegyeyɛ de bi ka wo nhyɛso ho no. Sɛ wowɔ fie a sɛ wobɛtoto mfɛnsere mu, na wode ntama a wode asɛn mfɛnsere ano asisiw ntokuru anaa sɛ woaka ɔpon a wɔrehwɛ radio anaa television wɔ mu no atom betumi aboa. Wubetumi ayɛ saa ara wɔ wo adwuma mu anaasɛ wode nneɛma horow a ebetumi aboa abrɛ gyegyeegyeyɛ ase asisiw wo aso. Afei sɛ wobɛma wo fie ne beae a woyɛ adwuma hɔ atew no nso betumi abrɛ nhyɛso ase efisɛ ɛbɛma nneɛma a atwa wo ho ahyia no ayɛ fɛ ama wo.
Ebia wo ho a wode bɛhyɛ tebea horow mu wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so renyi awu a nhyɛso di no nyinaa mfi hɔ de. Nanso sɛ ɛbrɛ n’ase mpo a, wubenya akwahosan pa na w’ani begye nso.
Ka Nea Ɛhyɛ Wo so no Kyerɛ
Mma wo haw ne wo nhyɛso horow no nyinaa ntra wo mu. Sɛ wuyi fi wo mu a wo ho bɛtɔ wo yiye. Wunim damfo bi a wubu no na ne yam ye a wugye di sɛ obetumi aboa wo asusuw ho. Wompɛ na ɛnsɛ sɛ woyɛ obi a onwiinwii fa ɔhaw horow ankasa anaasɛ nea wususuw ho. Nanso ɛnyɛ saa na wote bere a woka nsɛm a ɛhaw wo kyerɛ w’adamfo a wugye no di wɔ kokoam no.
Wɔ nkate mu ahotɔ a wubenya akyi no, wubetumi anya wo haw horow no ho adwene foforo, na woanya mfaso afi nyansahyɛ ahorow a wotumi di ho dwuma a obi a ne ho akokwaw de bɛma wo no mu. (Mmeb. 18:24; 20:5; Tito 2:3-5) Bebree anya mmoa wɔ nhyɛso anaa adwennwene mu denam wɔn nkate horow a wohwie guu Onyankopɔn a otie yɛn mpaebɔ ne yɛn nkotɔsrɛ ne yɛn su nyinaa so no nti.—2 Be. 6:19.
Apɔw-mu-ateɛteɛ Betumi Aboa Wo
Kae sɛ nipadua no yi “ko tia anaasɛ guan fi mu” nkate a ɛda nhyɛso adi no kyerɛ; esiesie no ma mmɔdenbɔ a ɛfata. Apɔw-mu-ateɛteɛ a woyɛ no bere biara no bɛboa wo na ayi asikire ne srade ahorow a ɛwɔ wo mogya mu a nhyɛso de ba no afi hɔ, eyi bɛma woanya nipadua mu akwahosan a ɛkari pɛ bio.
Enti so wopɛ sɛ ɛyɛ a woteɛteɛ w’apɔw mu, te sɛ asuguare, nantew anaasɛ agorudi foforo bi? Ɛnde teɛteɛ w’apɔw mu. Sɛ afei wowɔ nhyɛso ase anaasɛ adwennwene da wo so na sɛ wompɛ apɔw-mu-ateɛteɛ koraa a, teɛteɛ w’apɔw mu ara. Ɛbɛma wo ho atew, titiriw bere a woyɛ adwuma bi a ehia sɛ wohwere ahoɔden pii da biara da no.
Ebia apɔw-mu-ateɛteɛ a wopaw sɛ wobɛyɛ no ne sɛ wobɛnantew bere tenten akɔ aguadidan bi mu akɔtɔ ade asan aba, sen sɛ wobɛfa kar naasɛ bɔɔs akɔ. Ebia ɛno ne sɛ wobɛnantew aforo atrapoe no akyɛn sɛ wobɛtra afiri a ɛde wo bɛforo akɔ aban no so no mu. Anaasɛ sɛ woyɛ wo turo mu adwuma, siesie wo dan mu wɔ ɔkwan bi so a, ‘wobɛhyew nhyɛso’ yi afi hɔ koraa.
Ma Adwuma ne Agorudi Nkari Pɛ
Nnipa pii bu adwuma ne agorudi sɛ wɔtan wɔn ho wɔn ho, na eyi de bi ka nhyɛso nka a wɔte no ho.
Ɛboa ma wohu sɛ adwuma nyɛ bɔne bi a ɛsan nnipa. Eye ma nipadua ne adwene efisɛ ɛma wutumi yɛ wɛwɛ na wutumi yɛ adwuma, nya w’ano aduan na wutumi nya agorudi mu anigye nso. (Ɔsɛnk. 3:12, 13) Dr. Hans Selye kae wɔ asɛm “Nhyɛso a Ɔhaw Nnim” mu sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wo botae a ɛsen biara no yɛ sɛ wobɛyɛ adwuma ketewaa bi sɛnea wubetumi. . . . Sɛnea ɛbɛyɛ na wubenya anigye a edi mu no, ɛsɛ sɛ wudi kan yɛ adwuma brɛ sɛnea wɔde ayɛ asɛm aka sɛ aduannoafo pa ne ɔkɔm, efisɛ ɛma wutumi didi nya aduan no mu anigye.”
Sɛ woreyɛ adwuma mpo a, gye bere kakra na fa “di agoru” denam wo nipadua mu ateɛteɛ so. Eyi bɛma w’anim nam, wo kɔn ho nam, wo mmati ne w’akyi asansan, na amma nhyɛso a ɛbɛba hɔ no anhaw wo.
Nanso sɛnea woyɛ nhyehyɛe ma adwumayɛ no saa ara na yɛ ma ahomegye nso. Yiw, yɛ nhyehyɛe no wode agye w’ani, ebia agorudi bi a w’ani gye ho no ayi w’adwene afi nipadua mu nkate a ɛde nhyɛso ba no so. Dr. Selye de kaa ho sɛ: “Wɔ akwan horow pii so no sɛ wubeyi w’adwene afi adwuma biako so akɔ foforo so ma wo ho tɔ wo koraa.
Nya Nna Pa a Ɛdɔɔso
Ebinom tra ase kyɛ wɔ bere tenten mu a wɔrenom kɔfe hwɛ TV so nneɛma, anaasɛ ebia agorudi bi a wɔkyerɛ sɛ ɛboa wɔn ma wɔn werɛ fi wɔn haw horow bi. Wɔ sɛnea wobɛhome afa nyinaa akyi no ɛsɛ sɛ wohwɛ nna ho ka a ebia wobɛde no nso yiye. Nna pa a obi nnya no hyɛ adwene no ne nipadua no so na ɛmma obi ntumi nnyina nhyɛso horow ano.
Esiane sɛ nhyɛso de nipadua mu nsakrae ba nti, obiara hu nea enti a ɛho hia sɛ wugye wo ahome na wunya nna pa pii. Nna ma wo nipadua no siesie nneɛma a asɛe wom, ɛma nipadua mu nsu no san kari pɛ bio. Enti sɛ woyɛ obi a nsɛm hyɛ wo so a, bɔ mmɔden nya nna pii, denam nhyehyɛe bi a wobɛyɛ a ɛbɛma woada yiye dapɛn biara no so.
Yɛ Nsakrae Wɔ Sɛnea Wususuw Nsɛm Ho Fa No Mu
Bere a woredi nhyɛso ho dwuma no, nea ɛho hia yiye wɔ eyi mu no nyɛ faako a wote anaasɛ ɔkwan a wofa so tra ase anaa woyɛ adwuma. Na saa ara nso na ɛnyɛ apɔw-mu-ateɛteɛ dodo anaasɛ nna dodow ko a wunya. Egyina sɛnea wususuw asetra ne ɔhaw horow anaasɛ nhyɛso horow ho fa no so.
Mfirihyia abiɛsa a wɔde suaa wɔn a wɔyɛ wimhyɛn ho adwuma no kyerɛe sɛ wɔn mu dodow no ara wɔ komayare. Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na eyi dii wɔn awu pii biara. Dr. Robert M. Rose hui sɛ ‘nea ɛma ɔyare no ba no fi su a wokura wɔ wɔn adwuma ho.’ Saa nso na bere a Dr. Hans Selye de mfe dudu pii ayɛ mpɛɛpɛɛmu afa nhyɛso ho no ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ mmom wode wo ho bɛto nnuru ne akwan horow so no, misusuw sɛ ɔkwan foforo wɔ hɔ, ɔkwan a eye a wɔbɛfa so adi nhyɛso horow ho dwuma na eyi fa adwene foforo a yebenya wɔ nsɛm horow a esisi wɔ asetra mu no ho.”
Ɛsɛ sɛ wusua sɛnea wubehu nneɛma a ɛho hia wo wɔ w’asetra mu kan no. Ebia worehyia tebea bi a nhyɛso bɛba mu—adwuma foforo, nsa a wɔato afrɛ wo sɛ bra fekuw adeyɛ bi mu, ɔba foforo a wobɛwo no, bosea a wobɔ de tɔ ade kɛse bi. Ansa na wubesi gyinae afa nea wobɛyɛ anaasɛ ɔkwan a wubedi ho dwuma ho no bisa sɛ, ‘So mɛpɛ sɛ migyina nhyɛso horow a ɛde bɛba me so no ano anaa? So ɛfata saa? So eyi ho hia wɔ m’asetra mu anaa? Ɔkwan a nyansa wom a wobɛfa so asusuw nsɛm ho sɛɛ ho bɛboa wo na woahu nea wubetumi ayɛ ne nea ehia wo titiriw sen biara, na ama woayɛ obi ɔwɔ anigye.
Nea Bible no ka fa adwene a obi kura wɔ sika ho no nso kura adwene koro no ara. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Na wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu. Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ a ebinom dii akyi . . . na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.” (1 Tim. 6:9, 10) Afei nso Yesu kaa ɔbarima bi a ɔyeree ne ho denneennen boaboaa ɔhonam fam adedodow ano a ɛno akyi owui mpofirim no ho asɛm. Kristo de asɛm no baa awiei sɛ: “Saa ara na nea ɔhyehyɛ ademude ma ne ho na ɔnyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam no te.” (Luka 12:16-21) Ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ yɛhaw yɛn ho—yɛte nhyɛso ne ɔhaw nka—fa aduan, ntama ne dabere ho. Nanso wobɛka sɛ, ‘ɛnyɛ mmerɛw saa.’ Ɛyɛ nokware. Nanso asɛm no ne sɛ, ɛsɛ sɛ yefi ase yɛ saa adwene a yebenya no ho biribi. Mma wo werɛ mfi sɛ, wɔde ɔnammɔn biako a wotu na efi akwantu a ɛyɛ akwansin apem no ase.
Yesu de kaa ho wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ.”Munnnwinnwen ɔkyena ho; na ɔkyena ankasa bɛdwinnwen ne ho. Da biara mu bɔne dɔɔso ma ɛda no.” (Mat. 6:25-34) Saa Bible afotu no ne nea ehia sen biara nnɛ wɔ afotu a wɔde ma wɔ ɔkwan a eye sen biara a wɔbɛfa so agyina nhyɛso ano no mu.
Daa Ahotɔ a Wobenya Afi Nhyɛso Mu
Ɛnyɛ nea nyansa wom sɛ yebesusuw sɛ yebetumi akwati nhyɛso nnɛ. Ɔkwan a yɛbɛfa so atra ase, anaasɛ sɛnea yɛn suban te mfa ho, nneɛma horow a ɛbɛhyɛ yɛn so wɔ ɔkwammɔne so wɔ hɔ. Nsɛmmɔnedi da so wɔ hɔ. Nnipa ho adwemmɔne ne atɛnkyea de awerɛhow ba. Enti ɛsɛ sɛ yesua hu ɔkwan a yɛbɛfa so agyina nhyɛso ano.
Nanso so nhyɛso a ɛsɛe ade—ɔhaw—betumi ayɛ nea ɛbɛba awiei da bi? Mmuae a egyina adanse a ɛyɛ nokware so no ne sɛ, Yiw. Ɔkwan a wobɛfa so asua sɛnea eyi bɛba ne bere a eyi bɛba no betumi anya mmɔden a wobɔ sɛ wubegyina ano mprempren no so nkɛntɛnso. Asɛm a edi hɔ yi bɛpɛɛpɛɛ saa asɛm a ɛho hia yi mu.