Obiara Tua Sum Ase Aguadi Ho Ka
Efi Nigeria “Nyan!” Kyerɛwfo hɔ
ƐYƐƐ aban mpanyimfo a wɔwɔ Afrika ɔman bi mu nwonwa bere a wohui sɛ adaka kɛse bi a wɔde nneɛma gu mu de si po so hyɛn mu de kɔ ɔman foforo so a wosusuwii sɛ ɛyɛ nufusu a woahyehyɛ wɔ nnaka mu na ahyɛ mu ma no yɛ baabi a wɔde kar a wɔfrɛ no Mercedes Benz ahintaw no. Wɔde too mpanyimfo baasa a wɔwɔ faako a wogyigye nneɛma a wɔkra anaasɛ wɔde fi ɔman foforo so ho tow no so sɛ woagye adanmude na woama kwan sɛ wɔmfa sum ase mfa kar no mmra ɔman no mu.
Bere bi no, mpanyimfo a wɔwɔ China ne Taiwan twaa sum ase aguadi a na ɛda aman abien yi mufo a wɔde hyɛn yi nsum nam no ntam no mu. Na Taiwan apofofo no tɔn wakye (watch) a enye ma China apofofo na China apofofo no nso de sumii a wɔabere ho ayɛ no te sɛ sika kɔkɔɔ tua ka!
Wɔ Amerika no, mpanyimfo a wɔhwɛ wɔn a wogyigye nneɛma a wɔkra anaasɛ wɔde fi ɔman foforo so ba ho tow kyerɛe sɛ wɔde nnuru a ne bo yɛ dɔla 3,000,000,000 fa sum ase kɔ Florida nkutoo afe biara.
Ɛda adi sɛ sum ase aguadi abu so wiase nyinaa. Abɔnefo a wɔde ayɛ wɔn adwuma ne akwantufo a wɔsrasra aman afoforo so “wia ade” denam sika kakraa bi a wokwati ne tua so no. Etumi ba sɛ akwantufo a wɔkɔsrasra aman foforo so no fa sum ase de nsã anaa ntade ne ntama kɔ. Wɔn a wɔde ayɛ wɔn adwuma no de kafe, nnuru, akode, atuo, sika kɔkɔɔ, dɛnkyɛmmo anaasɛ biribiara a wɔtɔ fa sum ase.
Anan a Ntokuru Deda Mu ne Atoro Funnaka
Wɔn a wɔde sum ase aguadi ayɛ wɔn adwuma no ano yɛ den na wɔyɛ anifere wɔ wɔn dwumadi ahorow mu. Afrika atesɛm krataa bi kae sɛ, wɔn a wodi sum ase gua a wɔwɔ wiase no fã kɛse no ara nya akwan foforo ntɛm ara, bere a wohu sɛ nnipa ahu dedaw no mu no. Nea ɛka nea wɔn ani gye ho nnansa yi ho ne atoro naka, nneɛma ahorow te sɛ agude ahorow a wɔde sie nkwan mu, wɔde hyɛ paano, nnuan ahorow ne funnaka mu ne onipa honam mu baabi. Apueifam sum ase aguadifo nso wɔ wɔn anifere kwan ahorow. Wɔ China no, wɔde wakye (watch) ahorow hyehyɛɛ ɔbarima bi a wɔatwa ne nan ma wɔde dua de ahyɛ no no nan mu! Ná onipa foforo nso de wakye bebree akyekyere n’asen.
Sum ase aguadifo a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ baabi a wɔtɔn nnuru wɔ Florida de po so ahyɛn ne wimhyɛn ahorow a ɛkɔ ntɛmntɛm di dwuma. Sɛ nhwɛso no, Times nsɛmma nhoma no se: “Wɔde wimhyɛn a ɛwɔ mfiri anan resi nea mfiri abien na ɛwom no ananmu.”
Wɔ Asia no, akwantufo a wɔkɔsrasra aman foforo so no de wɔn ho rehyɛ nneɛma a wɔfa sum ase de fi Hong Kong kɔ Philippines no mu kɛse. Ɔkwan biako a wɔn ani gye ho a wɔfa so ne sɛ wɔde obi a onni hɔ ankasa din to nneɛma a ɛte saa so sɛ ɛyɛ onii no dea.
So Epira Ankasa?
Bere a wufi ɔman foforo so resan aba no, so woboapa ma wo “werɛ fii” sɛ na nneɛma kakraa bi a ɛsɛ sɛ wogye ho tow hyɛ wo nneɛma mu? Nnipa bebree ayɛ saa. Wɔka sɛ, ‘aban gye pii dodo.’ ‘Sɛ mede nneɛma kakraa bi guan wɔn a wogyigye tow no a, ɛrenhaw obiara.’ Nanso ɛhaw.
Ɔkwan yi a wɔfa so de nneɛma fa sum ase yi yɛ tow tua ankasa a wɔfa di. Woyɛ Kristoni? Ɛnde susuw afotu a wɔde ma wɔ Bible mu a ese “muntua obiara nea ɛsɛ no: Munyi tow mma nea tow sɛ no” no ho.—Rom. 13:7.
Sɛ woyɛ Kristoni o, wonyɛ bi o, wubetumi ahu nea ɛde ba aban a ɛwɔ wo man mu so no, sɛ wɔhwere sika a ɛsɛ sɛ wonya fi tow mu a. Ebia wobɛte nka sɛ nea woyɛ yɛ ketewaa bi, nanso, nneyɛe a ɛtete saa nyinaa ka ho. Wɔ Afrika man bi mu no, kafe akuafo pii fa sum ase de wɔn kafe kɔ aman a ɛbemmɛn hɔ no so, faako a wɔtɔn no aboɔden. Okuani biara betumi afa sum ase de kafe kakraa bi akɔ, nanso nea ekowie mu ne sɛ wɔma ɔman no hwere sika a onya wɔ mu nyinaa ɔha biara mu nkyem 30 afe biara.
Te sɛ aman beree no, sɛ wo man de ne ho to tow a wogyigye de nya sika a ɛboa ma wɔde tuatua aban no ka ahorow so a, ɛnde ɛdenam wo sum ase aguadi a empira so no, wurewia wo mfɛfo a wɔte ɔman no mu ankasa. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ebehia sɛ wotua tow a ɛkɔ anim de tua sika a wɔahwere anaasɛ ɛka a wɔabɔ no. Afei nso, esiane ɔmanfo a wonni nokware nti, nniso ahorow fa akwan a emu yɛ den so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwehwɛ nkurɔfo nneɛma mu yiye. Ɛsɛ sɛ wɔn a wotua tow boa ma wotua ka no. Sɛ nhwɛso no, nnansa yi, Nigeria sɛee sika bɛboro dɔla ɔpepem 3 wɔ po so ahyɛn ho ma wɔde akyere sum ase aguadifo, na wɔsɛee sika foforo bɛboro dɔla ɔpepem 12 de sisii adan a wɔbɛyɛ mu adwuma de agyigye nneɛma a wɔkra anaasɛ nneɛma a wɔde fi ɔman no mu kɔ ɔman foforo so ho tow wɔ mmeae ahorow.
Atuo ne Nnuru
Ɛnyɛ nneɛma nyinaa na wɔde fa sum ase sɛnea ɛbɛyɛ a wobekwati ɛho tow a wobetua. Wɔ aman bebree mu no, wonnye atuo ne akode ho tow na mmom wogye atuo ne akode fi nnipa no nsam. Nneɛma a ɛtete saa a wɔde fa sum ase yɛ adwuma kɛse wiase nyinaa, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛma wiase nyinaa nsɛmmɔnedi ho ɔhaw ne amammui mu basabasayɛ kɔ so. Sum ase aguadi mu nneyɛe a ɛtete saa sɛe ɔman ankasa. Nea ɛyɛ awerɛhow no, mpɛn pii no, saa nsɛmmɔne kwan a wɔfa so di sum ase gua yi tumi ba saa denam wɔn a wogyigye ho tow no mu mpanyimfo a wɔaporɔw no so.
Nea ɛyɛ awerɛhow no, aman a wɔanya wɔn ho no ne aman a ahia wɔn no taa yɛ ade tia wɔn ho wɔn ho wɔ sum ase aguadi fam. Wɔ aman a ahia wɔn a wodua marijuana anaasɛ wii wɔ mu no, nniso ahorow tumi bu wɔn ani gu so sɛ wɔbɛma wɔagye ade a ɛte saa a ɛde sika ba wɔn man mu no dua. Aman a anya wɔn ho no ka ɔhaw a nnubɔne de ba ho asɛm, nanso wɔkɔ so yeyɛ akode ahorow a wɔfa sum ase de kɔ aman a ahia wɔn no mu na wɔnam eyi so ma ɔmanfo atuatew kɔ so wɔ hɔ.
Dɛn Na Wubetumi Ayɛ?
Sum ase aguadi yɛ asetra mu ade a enye wɔ adefudepɛ wiase yi mu. Wuntumi nsakra wiase no. Bere bi reba a Onyankopɔn bɛyɛ saa.—Mat. 6:10; Mmeb. 2:20-22.
Nanso, wubetumi abɔ wo tirim sɛ worenni mmoa sum ase aguadi ho asɛm a emu yɛ den no. Ntɔ nneɛma bi sɛ wususuw sɛ ɛyɛ nea wɔde afa sum ase a. Nyɛ w’adwene sɛ wobɛfa saa kwan no so anya sika ntɛm denam ade bi a wode bɛba ama obi bere a wufi akwamma reba. Hu sɛnea nneɛma a wogye ho tow ho mmara horow anaasɛ nhyehyɛe horow te wɔ wo man mu, na fa obu ma ɛnonom, sɛ wunim ɔkwan tiaa bi a wɔfa so kwati mpo a. Sɛ́ ɔman ba a odi nokware no, wubenya biribi a nea odi sum ase gua biara rentumi mfa mma wo—ahonim a ɛho tew!