Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 10/8 kr. 11-14
  • Sum Ase Aguadi—Ade a Ɛresɛe Europa Nkɔso Wɔ 1990 Mfe Yi mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sum Ase Aguadi—Ade a Ɛresɛe Europa Nkɔso Wɔ 1990 Mfe Yi mu
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnwinne a Wɔde Fa Sum Ase Kɔma Nkurɔfo
  • Wura a Edi Awu—Sum Ase Aguadi a Ɛyɛ Soronko
  • Sigaret a Wɔtɔn no Sum Ase
  • Nnipa Ho Aguadi
  • Nea Ɛyɛ Hu Sen ne Nyinaa
  • Sum Ase Aguadi—Aguadi a Ɛbɛba Awiei Nnansa Yi Ara
  • Obiara Tua Sum Ase Aguadi Ho Ka
    Nyan!—1981
  • Nnubɔne Ho Sum Ase Guadifo Hwehwɛ Abotɔyam
    Nyan!—1983
  • Nsɛmmɔnedi Ho Akodi mu Nkogudi
    Nyan!—1998
  • Nuklea Ho Asiane No Emfii Hɔ Koraa
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 10/8 kr. 11-14

Sum Ase Aguadi—Ade a Ɛresɛe Europa Nkɔso Wɔ 1990 Mfe Yi mu

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ GERMANY HƆ

Ahyɛmma bi a etu mmirika yiye atu fi Afrika Kusuu fam mpoano rekɔ Gibraltar; lɔre bi a wɔakuru ho atu fi Poland rekɔ atɔe fam; Bulgariafo teaseɛnam bi de n’ani akyerɛ Europa kusuu fam; wimhyɛn bi atu fi Moscow rekɔ Munich. Dwuma bɛn na wɔde saa akwantu mfiri yi di? Wɔde emu biara redi sum ase gua.

NEA sum ase aguadi kyerɛ ne sɛ wɔde nneɛma bɛfa sum ase aba anaa akɔ ɔman anaa ɔmantam bi mu, sɛ́ ebia wɔde rehintaw atumfoɔ esiane sɛ wɔabara saa nneɛma no anaasɛ tow a wɔmpɛ sɛ wotua nti. Sum ase aguadi—a ɛtɔ mmere bi a wɔfrɛ no aguadi a mmara mma ho kwan anaasɛ sum ase aguade a wɔde kɔ ɔman foforo mu—yɛ nea wɔakɔ so adi wɔ Europa fi anyɛ yiye koraa no afeha a ɛto so 14 mu. Saa aguadi a mmara mma ho kwan yi abu so araa ma nsase pii so no, anansesɛm a wɔto seesei no yɛ nea ɛfa sum ase aguadifo a na wɔn mu bi yɛ nnɔmmarima no ho.

Sum ase aguadi yɛ nea mmara mma ho kwan, na asiane wom ankasa—ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a ɛde biribi pa bi ba de. Sɛ nhwɛso no, wɔ afeha a ɛto so 16 mu no, wɔde Bible no afã bi a na William Tyndale akyerɛ ase no faa sum ase kɔɔ England, baabi a na wɔabara no. Bio nso, GEO bɔ amanneɛ sɛ bere a German asraafo ko faa France wɔ 1940 mu no, na sum ase aguadifo—a wɔde wɔn ahokokwaw a ɛsen biara fa Normandy akwan so no—“ne asraafo a wɔyɛ den yiye wɔ [France] akodi no mu.”

Mprempren, wɔ mfe 50 akyi no, sum ase aguadi renya nkɔso—nanso ɛresɛe ade mmom sen sɛ ɛbɛyɛ no yiye. Europa abɛyɛ nea German atesɛm krataa Süddeutsche Zeitung frɛ no “sum ase aguadifo paradise” no. Dɛn na ɛde saa adeyɛ yi aba?

Ade biako ne sɛ, Europa Aman Nkabom no anya nkɔanim, na aman a ɛwom no anya nkɔanim fi 6 kosi 15 wɔ mfe 40 mu.a Akwantu tumi krataa ho mmara a wɔagow mu ama amanaman ntam akwantu abɛyɛ mmerɛw kɛse. Europani bi kae sɛ: “Mfe aduasa a atwam no, na aban mpanyimfo hwɛ wo nkrataa wɔ ɔhye biara so. Nnansa yi, wubetumi afa ahye koro no ara so a worennyina mpo.”

Bio nso, Europa Apuei fam abue n’ahye ahorow. Ahye bi te sɛ nea kan no na ɛda Germany abien no ntam no nni hɔ bio. Eyi nyinaa kyerɛ sɛ ayɛ mmerɛw kɛse sɛ wɔde aguade betwa ahye ahorow. Na saa na sum ase aguadi te. Nsɛmmɔnedifo akuw de hokwan foforo no redi dwuma ntɛm ara. Basabasayɛ kuw tɔn sum ase aguade ahorow.

Nnwinne a Wɔde Fa Sum Ase Kɔma Nkurɔfo

Mfe pii ansa na Europa Apuei fam rebue n’ahye no, na Atɔe fam atɔfo nsa nka nnwinne a ɛwɔ Russia no. Nanso, seesei, The European bɔ amanneɛ sɛ “Europa atɔe fam nnwumakuw a wɔtɔn nnwinne ne Russia sum ase aguadifo awudifo kuw biakoyɛ a ɛyɛ nwonwa no ama wɔrefow” nnwinne a ɛte saa no. Nokwarem no, “polisifo gye di sɛ sɛ nnuru a wɔde fa sum ase kɔtɔn ne akode a mmara mma ho kwan ho aguadi da nkyɛn a, nnwinne a wɔawia [wɔ Europa] a wɔde fa sum ase kɔtɔn no abɛyɛ nsɛmmɔnedifo dwumadi a ɛto so abiɛsa a mfaso wɔ so sen biara.”

Nnwinne a wɔtɔn no sum ase no yɛ adwuma a sika wom yiye wɔ Russia ne mmeae foforo. Wɔ Italy no, wowiaa nnwinne a ɛho ka bɛboro dɔla ɔpepem 500 wɔ mfe abien mu. Wɔtɔn Europa nnwinne a wowia no mu ɔha biara mu 60 wɔ London, baabi a wonya atɔfo no. Nokwarem no, “wɔhyɛ da wia” nneɛma pii mpo “ma kokoam atɔfo a wonye no.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔha biara mu 15 pɛ na wɔn nsa tumi ka.

Wura a Edi Awu—Sum Ase Aguadi a Ɛyɛ Soronko

Wɔ adwinne fam no, wɔma nsɛmmɔnedifo sika ma wɔde nneɛma fa sum ase ba ɔman bi mu, nanso wɔ aguade a aka ho no, wɔma wɔn sika ma wɔde nneɛma no fi ɔman no mu. Nhwɛso biako ne wura a edi awu. Dɛn nti na wɔhaw wɔn ho sɛ wɔbɛfa sum ase de wura a edi awu akɔ ɔman bi mu? Efisɛ ka a wɔbɔ wɔ wura a edi awu a wɔtow gu mmara kwan so ho no akɔ soro yiye wɔ aman pii mu. Eyi ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho mmara ahorow a emu yɛ den ho haw no ma wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛma sum ase aguadifo sika ma wɔakɔtow mfiridwuma ho wura a edi awu agu amannɔne.

Ɛhe na wɔkɔtow saa nneɛma yi gu? Nhwehwɛmu a German Aban Ahyehyɛde a Esiw Nsɛmmɔnedi Ano yɛe no kyerɛ sɛ basabasayɛfo akuw de wura a edi awu—te sɛ kar batere dedaw, nsu yerɛyerɛw, mfoninnuru, nnuru a wɔde kunkum mmoawammoawa, ne nnade a awe nkannare a edi awu—fa sum ase fi Atɔe fam aman mu kɔtow gu aman te sɛ Poland, Romania, ne kan Soviet Union mu. Saa nneɛma yi de nnipa a wɔwɔ saa aman no mu akwahosan bɛto asiane mu mfe a ɛreba no mu.

Sigaret a Wɔtɔn no Sum Ase

Nsɛmmɔnedifo akuw foforo ho akokwaw wɔ sigaret a wɔtɔn no sum ase mu. Sɛ nhwɛso no, wɔde sigaret agu nhyɛmma a etu mmirika yiye mu afi Afrika Kusuu fam akɔ Iberia Asase Hwene Ano anaasɛ wɔde agu kar mu fi Poland akɔ Germany. Sika a wonya fi mu no dɔɔso. Sigaret a wontuaa ho tow a wɔtɔn wɔ sum ase ma Germany man no hwere bɛyɛ mark ɔpepepem biako (U.S. dɔla ɔpepem 674) afe biara wɔ towtua ho.

Sɛnea Die Welt kyerɛ no, wɔ Berlin mmɔnten so no, adetɔnfo bɛyɛ 10,000—a ɛtɔ mmere bi a wɔfrɛ wɔn sum ase aguadifo—na wɔtɔn sigaret a wɔatew ne bo so wɔ sum ase.

Nnipa Ho Aguadi

Ade foforo a nsɛmmɔnedifo akuw aben wɔ mu—nea ɛyɛ ahuhude sen biara—ne nnipa a wɔtɔn wɔn. Onipa biako a wɔtɔn no sum ase kɔ Europa Atɔe fam—ebia wɔ teaseɛnam te sɛ nea yɛbɔɔ din wɔ asɛm yi mfiase no mu—bo yɛ den. Nokwarem no, Amanaman Ntam Asoɛe a Ɛhwɛ Atubrasɛm So Wɔ Vienna no bu akontaa sɛ saa nnipa ho aguadi yi ma wonya bɛboro dɔla ɔpepepem 1.1 afe biara.

Esiane sɛ atubrafo a mmara mma wɔn kwan no mu dodow no ara fi aman a wodi hia mu nti, wɔn mu kakraa bi na wotumi di kan tua sum ase aguadifo no ka. Enti, bere a wɔadu Europa no, wɔhyɛ wɔn ma wotua ka no denam sum ase aguadifo ne wɔn basabasayɛ akuw no a wɔbɛyɛ adwuma ama wɔn no so. Enti atubrafo mmɔborɔfo yi hu sɛ wɔwɔ nnɛyi nkoasom a enni awiei mpokyerɛ mu, na wosisi wɔn, hyɛ wɔn so, wia wɔn, to wɔn mmonnaa bere nyinaa. Ebinom nso yɛ adwuma ma nea Die Welt ka ho asɛm sɛ sigaret ho sum ase aguadifo no; afoforo nso de wɔn ho hyɛ tutuusi mu.

Ɛnyɛ tow a ɔman foforo a wɔyɛ saa wom no hwere no na ɛma wohu ka a wɔbɔ. Basabasayɛfo akuw a wɔne wɔn ho si akan de wɔn ho hyɛ akodi a Süddeutsche Zeitung ka ho asɛm sɛ “atirimɔdensɛm a enni kabea” mu. Nnipa dodow a wowuwu wom no di ho adanse: Wɔ nea na kan no wɔfrɛ no East Germany no, basabasayɛfo akuw kunkum nnipa 74 wɔ mfe anan mu.

Nea Ɛyɛ Hu Sen ne Nyinaa

Nsɛmma nhoma bi kyerɛwee sɛ: “Wɔ nea wɔnhwɛ kwan a afi Soviet Union a egui mu aba nyinaa mu no, ebia emu biara nyɛ hu kɛse sɛ nuklea akode ho sum ase aguadi.” Wobu akontaa sɛ wɔde nuklea mu awuduru afa sum ase afi Russia akɔ Germany, na wɔnam so ama saa adebɔne yi ayɛ “wiase nyinaa haw, titiriw Germany.”

Fa wimhyɛn a etu fii Moscow a yɛkaa ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no sɛ nhwɛso. Bere a eduu Munich no, wohui sɛ hyɛnmuni bi kura plutonium, nuklea mu awuduru, wɔ ne bag mu. Esiane sɛ plutonium di awu yiye na ebetumi de kokoram aba nti, anka efĩ a ɛde bɛba no betumi ayɛ adesɛe ama Munich ne emutefo.

Wɔ 1996 mfiase no, wɔkyeree Russiani nyansahufo bi bɔɔ no sobo sɛ ɔde nuklea mu awuduru a sɛnea Süddeutsche Zeitung kyerɛ no, wɔkaa ho asɛm sɛ “wobetumi de ayɛ nuklea ɔtopae,” bɛboro kilogram biako refa sum ase akɔ amannɔne. Ɛfata sɛ ɛho asɛm haw Atɔe fam aman no. The Times a ɛwɔ London no kyerɛwee sɛ, wɔ nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Moscow ase no, amanyɔfo a wofi aman a wodi akoten wɔ mfiridwuma mu mu no penee nhyehyɛe a wɔayɛ sɛ wɔbɛbɔ mmɔden “asiw nuklea akode a wɔde fa sum ase fi kan Soviet Union kɔ amumɔyɛ anaa ‘basabasayɛ aman’ mu ano” no so.

Bere a ahude a ɛte saa wɔ nnipa pii adwene mu no, wɔrebisa wɔn ho sɛ: So amanaman ntam apam ahorow a wɔyɛ betumi asiw sum ase aguadi ano? So nniso ahorow, a ebia wodi nokware na wɔwɔ nsusuwii pa no betumi asiw nsɛmmɔnedifo akuw ano? So sum ase aguadi bɛkɔ so asɛe wɔ 1990 mfe yi mu akɔyɛ ɔhaw kɛse wɔ mfirihyia apem foforo mu? Anaasɛ ntease bi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yenya anidaso sɛ sum ase aguadifo befi hɔ nnansa yi ara?

Sum Ase Aguadi—Aguadi a Ɛbɛba Awiei Nnansa Yi Ara

Ntease pa bi wɔ hɔ a enti yebegye adi sɛ sum ase aguadi befi hɔ nnansa yi ara. Eyi te saa efisɛ wobeyi nsɛm tebea a ɛma wotumi di sum ase gua, na nnipa binom kyerɛ ho anigye no, afi hɔ. Nsɛm tebea bɛn?

Nea edi kan no, nnɛyi sikasɛm nhyehyɛe a ɛnteɛ na nhyɛso wom no mma wɔnkyekyɛ ahonyade wɔ ɔkwampa so. Bere a aman bi mu nnipa di yiye no, ebia na aman a wɔne wɔn bɔ hye pɛɛ no mpo mu nnipa redi hia anaa ɔkɔm. Eyi ne nsɛm tebea a ɛma sum ase aguadi yɛ nea mfaso wom. Nanso yɛn Bɔfo no ahyɛ bɔ wɔ Kyerɛw Kronkron no mu sɛ ɛrenkyɛ ɔde nneɛma nhyehyɛe bi bɛba a “trenee te” mu. Sikasɛm nhyehyɛe a nhyɛso wom na ɛnteɛ no befi hɔ.—2 Petro 3:13.

Bio nso, aman ahye nyinaa befi hɔ, efisɛ wɔ ɔsoro Hene, Yesu Kristo, nniso ase no, adesamma bɛyɛ abusua biako. Bere a wonya amanaman ntam onuayɛ kuw a ɛte saa wɔ wiase nyinaa no, yɛrenhu atubrafo a mmara mma wɔn kwan bio. Na esiane sɛ obiara renni ako bio nti, adesɛe a nuklea akode mu awuduru de ba befi hɔ. Wɔ nneɛma nhyehyɛe foforo no mu no, adesamma besua sɛ wɔbɛkyerɛ obu ama nneɛma a atwa yɛn ho ahyia.—Dwom 46:8, 9.

Nneɛma atitiriw a ɛhyɛ sum ase guadi ho nkuran nnɛ ne adifudepɛ, nokwaredi a enni hɔ, ne afoforo ho dɔ a wonni. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nnipa pii reda nneyɛe a ɛte saa adi nnɛ no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛte nea Bible ka ho asɛm sɛ “nna a edi akyiri” no mu. (2 Timoteo 3:1-5) Yehowa nneɛma nhyehyɛe foforo a trenee te mu no abɛn. Yɛwɔ biribiara a yebetumi agyina so de anidaso ahwɛ daakye kwan, a ɛnyɛ nnipa nniso anaa sikasɛm nhyehyɛe ahorow mu, na mmom, Yehowa nhyehyɛe foforo no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Aman a wɔwɔ Europa Aman Nkabom no mu ne Austria, Belgium, Britain, Denmark, Finland, France, Germany, Greece, Ireland, Italy, Luxembourg, Netherlands, Portugal, Spain, ne Sweden.

[Kratafa 13 adaka]

Nneɛma Foforo a Wɔtɔn no Sum Ase

Mmoa a wɔn ho yɛ nã: Wɔkyeree ɔbarima bi sɛ ɔde akyekyere a wɔn ho yɛ nã fi Serbia rekɔ Germany. Ɔpaee mu kae sɛ mmoa a ɛte saa no 3,000 na watɔn wɔn sum ase wɔ mfe anum mu, na wanya mark ɔpepem fã (U.S. dɔla 300,000, U.S.) afi mu. Wɔn a wɔaben wɔ nsɛmmɔnedi mu titiriw na wodi mmoa a wɔn ho yɛ nã ho gua, na ɛrenya nkɔanim. Aban panyin bi a ɔhwehwɛ akwantufo nneɛma mu kae sɛ: “Sum ase aguadi renya nkɔanim. Atɔfo bi tua sika pii.”

Din a wɔde to aguade so a ɛnyɛ nokware: Wɔ asram asia mu no, aban mpanyimfo a wɔhwehwɛ akwantufo nneɛma mu wɔ Frankfurt wimhyɛn gyinabea, wɔ Germany no, gyee aguade bɛboro 50,000 a edin a ɛdeda so no yɛ nea wonim no yiye. Ná edin a ɛdeda aguade—te sɛ wɔɔkye, kɔmputa, agumadi nneɛma, ne kyikyi—so no nyinaa nyɛ nokware.

Kar ahorow: Europa adwumakuw bi a ɛde kar fɛm nkurɔfo ma wotua ho ka bɔɔ amanneɛ sɛ kar a wowia bu bɔɔ ho mpɛn 130 wɔ mfe anum mu. Atesɛm krataa bi ka sɛnea “nnɛyi kwan so dwowtwafo” yɛ wɔn adwuma no ho asɛm. Wɔfɛm kar tua ho ka, na wɔbɔ amanneɛ sɛ nkurɔfo awia, na afei wɔde kar no fa sum ase fi ɔman no mu.

Fagude a ne bo yɛ den: Wɔtɔn fagude te sɛ Colbalt, nickel, kɔbere, ruthenium, ne germanium—aboɔmmerɛw—wɔ Estonia a abɛyɛ wiase ahenkurow a wodi sum ase gua wɔ hɔ mu biako no.

Pɛtro: Sum ase aguadifo a wɔde pɛtro gu ahyɛmma mu fa sum ase fa Danube Asubɔnten so fi Romania kɔ Serbia no tumi nyaa $2,500 wɔ anadwo biako adwumayɛ ho. Wɔ saa mantam yi mu no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, bɛyɛ $80 na odwumayɛni biara gye no ɔsram biara!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena