Nnubɔne Ho Sum Ase Guadifo Hwehwɛ Abotɔyam
MEHYƐƐ me nnɔnhwerew asia akwantu no ase faa Latin-Amerika nkuraase. Sɛnea awia no puei anɔpa no kyerɛe sɛ da no nso awia bɛbɔ kɛse. Nanso nneɛma a emu duru bɛyɛ kilogram 20 a ɛda m’akyi no anhaw me.a Ná mayɛ eyi mpɛn pii. Wɔn a na wodi m’akyi ne mmarima 18 a obiara so n’adesoa a ɛsom bo. Dɛn na na ɛsom bo saa? Dua bi a wɔfrɛ no coca nhaban a wɔde yɛ aduru bi a wɔfrɛ no cocaine.
Bere a menam nwura no mu no, medwennwen me ho a akokwaw wɔ sum ase aguadi mu no ho. Mpofirim ara, tuo a wɔtowee maa m’adwene nyinaa tu frae! Misuroe sɛ, “Ahye so polisifo no akyere yɛn!” Nanso, mitumi guanee. Afoforo a wɔka me ho no de anyɛ yiye amma wɔn saa. Wɔkyeree baasa, na na wobetumi ahwɛ kwan sɛ wɔde wɔn begu afiase, nea ɔto so anan no pirae na owui akyiri yi.
Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mede me nkwa to asiane mu, di nnubɔne ho sum ase gua? Sɛnea ɛbɛyɛ a minni hia. Na meka mmofra dumien a yɛn agya yɛ duadwumfo a ɔmpɛ ne ho asɛm no ho. Ansa na meredi mfe asia no na m’agya ahoɔden so ahuan esiane mmofra pii yi ho adesoa a na ɛda ne so nti. Na yɛn ho kyere yɛn wɔ sika fam kɛse.
Mfe anan akyi no, na meyɛ adwuma wɔ nsase a ɛbɛn yɛn fi hɔ no so. Na akatua no sua na na nna a mede yɛ adwuma no dɔɔso. Merentumi nkan mmere dodow a me maame miamiaa me nkotodwe anim ne me nsa ho akuru no. Hwɛ sɛnea me kɔn dɔɔ asetra a ɛbɛma manya anigye a biribiara nhia me!
Hokwan no bae bere a midii mfe 16. Na m’akonta de nnubɔne ahorow kɔ amannɔne kɔtɔn, na ɔkae sɛ memmɛka ne ho na yɛnyɛ adwuma. Nneɛma a ebetumi ama manya no maa m’ani gyei. “Ohiani te sɛ me, merebenya sika,” saa na misusuwii.
Esiane osuahu a mewɔ nti ankyɛ na mihuu adwuma no mu akwan. Me ne me nnamfo binom fii ase hwehwɛɛ akwan ahorow pii faa mmepɔw ahorow a nnua ayeyɛ so ma no so. Yɛpaw mmeae atitiriw bi a ɛhɔ na yɛfa twa asu a ɛno na wɔde ayɛ ɔhye no. Na eyi bɛma wɔn a wɔwɛn ahye so no ani so atan wɔn, efisɛ na yɛrentwam wɔ faako bere nyinaa. Na yɛn bere no ne bere a wɔahyehyɛ a lɔre bi de ba taa hyia. Nanso ɛha mpo no, na ɛyɛ nea asiane wom sɛ wobetumi akyere yɛn. Anka wɔreyɛ akyere me mprɛnsa.
Wɔ me nnubɔne ho sum ase aguadi no mfiase no, ankyɛ na mibehuu ababaa bi na yɛn baanu no boom trae. Ɛwom sɛ na mewɔ ɔdɔ ma no de, nanso mansusuw ho da sɛ mɛware no mmara kwan so de mmara bi akyekyere yɛn ho. Bere a yɛwoo mmofra baanu akyi mpo no me su ansesa. M’akwahosan ne asiane a ɛwɔ nea mereyɛ no mu ho asɛm haw no bere nyinaa.
Nea ɛyɛ aniwu no, mitumi kae mmere horow pii a mɛba fie no na m’ani so ayɛ hyew, na mifii ɔham ase a nea ɛde bae ara ne ntɔkwaw. Hwɛ sɛnea na mabɛyɛ obi a ne nkutoo ho na osusuw! Sika a na mepɛ sɛ minya ho adwene furaa m’ani.
Saa bere no mu no na wɔtɔn coca nhaban a emu duru yɛ kilogram 20 de gye Amerika sika dɔla 125 wɔ amannɔne. Na odwumayɛni a ɔwɔ m’akuraa gye dɔla biako da koro, bere a mesɛee sika mpempem pii wɔ nnuan ne mmea ho. Ɛma metee nka sɛ meyɛ onipa kɛse, nanso so na mewɔ abotɔyam ankasa?
Wɔ saa bere no ara mu na obi bɛbɔɔ me pon mu ma mibuee no. Na ɛyɛ ɔhɔho bi. Wɔ nkɔmmɔbɔ tiaa bi akyi no ogyaw me Nyan! nsɛmma nhoma no bi. Wɔ asram a edii hɔ no nyinaa mu no, mefi m’akwantu ahorow no mu aba no na ebi gu hɔ. Mibuu m’ani guu so kakra kosii sɛ m’ani twaa biako bi so a ɛno de mantumi amfa anto hɔ. Ɛsɛ sɛ mede Nyan! hwehwɛ nokware no.
Nhwehwɛmu no ankyɛ. Na Rolf Grankvist a ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako no ne me nuanom mmarima baanu afi Bible adesua ase, na mansɛe bere koraa na mekɔkaa wɔn ho wɔ adesua a edii hɔ no mu. Yɛbɔɔ nneɛma ahorow pii ho nkɔmmɔ fii Bible no mu. Mihui sɛ nkɔmmɔbɔ no yɛ anigye na mibisae sɛ wobetumi abɛyɛ Bible adesua no bi wɔ me fi ama m’abusua no.
Wɔmaa Ɔdansefo foforo a ɔyɛ abodootofo wɔ hɔ bae. Sɛnea wobɛhwɛ kwan no na m’asemmisa a edi kan no yɛ nea ɛfa nnubɔne ho sum ase aguadi ho. Mibisae sɛ: “Dɛn na Bible no ka wɔ ho?” Ofi ayamye mu kyerɛkyerɛɛ nea enti a Onyankopɔn ani ntumi nnye eyi ho no mu pefee. Kyerɛw nsɛm ahorow a ɔde dii dwuma no bi ne 1 Yohane 4:20 (‘nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, rentumi nnɔ Onyankopɔn a onhu no’) . Na asɛm no mu da hɔ: ɛbɛyɛ nyaatwom adeyɛ sɛ obi bɛka sɛ ɔdɔ Onyankopɔn bere a ɔyɛ adwuma a epira ne yɔnko nipa.
Eyi ma mifii ase dwenee. M’adwuma a meyɛ no nsɔ Onyankopɔn ani ampa, nanso dɛn nti na me sɔfo nkaa eyi nkyerɛɛ me? Onim sɛ me ne afoforo di nnubɔne ho gua wɔ sum ase.
Migyee nokwasɛm ahorow no toom. Ná m’ahoɔden so rehuan, m’abusua no nkitahodi nye, na na minni abotɔyam. Mibisaa me ho pen sɛ, “So wubetumi agyae ankasa?” Afei na na mede me ho ahyem kɛse paa a na mayɛ nhyehyɛe sɛ mede coca nhaban no bɛyɛ aduru a wɔfrɛ no cocaine no bi. Nanso gyinae a na masi sɛ mɛsom Yehowa no hyɛɛ me den, na meka kyerɛɛ me mfɛfo a me ne wɔn yɛ adwuma no sɛ meregyae. Na wonhu nea wɔka, na wɔn bo fuwii. Nanso mikuraa gyinae a na masi no mu denneennen—merenni nnubɔne ho sum ase gua bio!
Bere a nimdeɛ a manya no kɔɔ anim no, metee nka sɛ nneɛma ahorow a na akyekyere me wɔ m’asetra mu no resansan. Mekenkan Hebrifo 13:4: “Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.” Enti afei de yɛwaree ankasa na yɛde kɔhyɛɛ mmara ase. Misuaa nhoma Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu ti a ɛfa “Abusua Asetra a Ɛyɛ Anigye a Wobɛhyehyɛ” ho no. Saa adesua yi mu nsɛm a yɛde dii dwuma no maa obu a me ne me yere yii adi kyerɛɛ yɛn ho yɛn ho no mu bɛyɛɛ den kɛse, na asomdwoe ne ɔdɔ a ɛwɔ yɛn fi hɔ no kaa yɛn mma no. Hebrifo 10:25 tu fo sɛ “yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam.” Saa afotu no a yɛde dii dwuma no maa yɛn abusua no dii yiye wɔ honhom mu. Wɔ January 1976 mu no, mihyiraa me nkwa so maa Yehowa.
Asɛnka adwuma no maa Yehowa Adansefo no dodow nyaa nkɔanim. Afei ɔsɔfo a na ɔnka nnubɔne ho sum ase aguadi no ho asɛm no bo fuwii wɔ Onyankopɔn ahenni no ho asɛmpa a Adansefo no kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo no ho. Kwasida bi bere a ɔreyɛ asɔre wɔ radio so no ɔkasa tiaa Adansefo no. Mmɔden a ɔbɔe no ankosi baabiara. Adwene a ɔtwe baa yɛn adwuma no so no ka ho na yenyaa nkɔanim ɔha biara mu 200 wɔ mfe anan a edii hɔ no mu no.
Ɔdɔ a emu yɛ den a abɛda me ne me yere ntam, ne nim a wonim sɛ magyae nnubɔne ho aguadi koraa no maa m’abusuafo ho dwiriw wɔn kɛse. Mfiase no ebinom hwɛɛ kwan sɛ ɛrenkyɛ na masan akɔ me kan abrabɔ no mu. Nanso, bere a yɛkɔɔ so nyaa nkɔso wɔ Bible mu nnyinasosɛm ahorow a yɛde bɔ yɛn bra mu no ahodwiriw no dan anigye. Hwɛ yɛn ani ara a egyei bere a yehui sɛ me nuanom mmarima baanu ne wɔn yerenom abɛyɛ Yehowa Adansefo no! Nea abɛka anigye no ho nso ne hokwan a manya resom sɛ ɔhwɛfo wɔ yɛn asafo no mu no.
Nnansa yi ara, na merekaakae ɔbra ahorow a mabɔ ne nsakrae ahorow a aba m’asetra mu no. Mekaakaee me kan asetra mu nsɛm ahorow yi bere a na menam nwura bi mu a me pɔnkɔ a masoa no adesoa ka me ho no. Na me nnamfo baanu di m’akyi, a wɔn nso wɔn apɔnkɔ a woso nneɛma ka wɔn ho. So sika a wɔde ahopere pɛ denam esum ase aguadi so ho akɔnnɔ no asan anya me bio? Ɛnte saa koraa. Coca ahaban biako pɛ mpo nni nnesoa a ɛdeda mmoa no akyi no mu! Mmom no, na me ne me nnamfo no kura Bible ne Bible sua mmoa nhoma ahorow a yɛde rekɔma akuafo a wɔwɔ mmepɔw no so nohoaa no.—Wɔkyerɛw mae.
[Ase hɔ nsɛm]
a Kilogram 1 yɛ nkaribo 2 ne kakra
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]
Misuroe sɛ, “Ahye so polisifo no akyere yɛn!”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
Ɛyɛ nyaatwom adeyɛ sɛ obi bɛka sɛ ɔdɔ Onyankopɔn bere a ɔyɛ adwuma a epira ne yɔnko nipa
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]
Mikuraa me gyinaesi no mu denneennen—merenni nnubɔne ho sum ase gua bio!
[Kratafa 12 mfoni]
Efi coca nhaban a owiawia ne ho kɔtɔn so kɔ Bible nhoma ahorow a ɔde kɔma afoforo so
[Kratafa 13 mfoni]
Eyi a owiawia ne ho kɔtɔn . . . anaasɛ eyi ho asɛm a ɔka?
Coca nhaban
Kyerɛw Kronkron