Awosu Anaasɛ Ntetee—Nea Ɛwɔ He Na Ɛma Mmarima Ne Mmea Yɛ Soronko?
Obiara nim pefee sɛ mmerantewa ne mmeawa nneyɛe yɛ soronko. Sɛnea ebinom ka no, “ɔkwan biara so no, mmerantewa bɛyɛ mmerantewa.” Nanso, nea ɛde nsonsonoe yi ba no ayɛ ɔsɛmpɔw bi a wɔagye ho akyinnye fi teteete—nea wɔfrɛ no “awosu ne ntetee” ho akyinnyegyesɛm no.
Nnipa bebree kyerɛ sɛ nea ɛde nsonsonoe yi ba no fi ɔkwan a wɔfa so tete nnipa no ne asetra mu nneyɛe. Wɔka sɛ, wɔhwɛ kwan sɛ mmerantewa ne mmeawa bɛyɛ nneɛma soronko wɔ asetra mu, na eyi ma wonya suban ahorow a nsonsonoe wom.
Amemene no ne ɛho nneɛma ho nimdefo Richard Restak a ɔwɔ Georgetown Nnuruyɛ Sukuu Kunini mu no se: “Adanse a efi nnansa yi nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ amemene no mu kyerɛ sɛ nneyɛe mu nsonsonoe ahorow binom a ɛwɔ mmerantewa ne mmeawa ntam no gyina nsonsonoe a ɛwɔ ɔkwan a amemene no fa so di dwuma a efi awo mu a asetra mu nneyɛe bi nkutoo ntumi nsakra no mu no so.”
Nkokoaa a wɔadi asram abiɛsa ho adesua bi daa no adi sɛ mmeawa de wɔn amemene no benkum na ɛte nnwom ne nne ahorow bere a mmerantewa de wɔn amemene no nifa yɛ saa. Adesua afoforo hui sɛ mmerantewa mmɔdenbɔ wɔ nneɛma a wɔde ano ka ne nea wɔmfa ano nka no nyin wɔ wɔn amemene no afã horow bi mu. Nanso wɔ mmea fam de, wohu eyi wɔ amemene no afã horow nyinaa mu.
Nhwehwɛmufo baanu a wɔwɔ Johns Hopkins Sukuu Kunini mu de bɛboro mfe ason yɛɛ mmerantewa ne mmeawa bɛyɛ 10,000 a wogyina mangoo anan ne anum a na wosusuw sɛ nsonsonoe biara nni wɔn nhomanim mu de bɛkɔ akosi bere a wobedu ntoaso sukuu so a wobefi ase asua nneɛma afoforo a wɔn ani gye ho no ho adwuma. Wɔyɛɛ wɔn akontaabu a ɛyɛ den ne nsɛm a wɔde ano ka ho sɔhwɛ ahorow. Nhwehwɛmufo no hui sɛ mmerantewa no ne mmeawa no nyinaa bɔɔ mmɔden pɛ wɔ nsɛm a wɔde ano ka ho sɔhwɛ ahorow no mu, nanso “na nsonsonoe a ɛsõ yiye wɔ mmɔden a wɔbɔe wɔ akontaabu no mu a mmerantewa no na wɔbɔɔ mmɔden.”
Ntease mu no, saa nneɛma a wɔahu yi de akasakasa pii aba akyerɛkyerɛfo mu, titiriw, wɔn a wɔpere mmea yiyedi, a wogye kyim wɔ asɛm no nyinaa ho no mu. Enti akyinnyegye no mmaa awiei.
Wubu asɛm no dɛn? Sɛ adanse no nnya nnii mũ mpo a, ɛho hia sɛ yɛkae sɛ nsonsonoe no nkyerɛ sɛ obiako korɔn anaasɛ ɔba fam sen ɔfoforo. Pen nyɛ papa nsen pɛnsere. Ɛwom sɛ edi nsɛ, nanso ɛwɔ dwuma a ebiara di. Bible no ka Ɔbɔadeɛ no atirimpɔw wɔ ɔbea no ho ho sɛ: “Mɛyɛ ne sɛso boafo mama no [ɔbarima no].”—Gen. 2:18.
Bere a Johns Hopkins nhwehwɛmu no hu sɛ mmerantewa bɔ mmɔden wɔ akontaabu mu no, adesua afoforo kyerɛ sɛ “mmeawa yɛ ade kyɛn mmerantewa wɔ kasasua mu, na saa mfitiase kasa ho mmɔdenbɔ yi taa kɔ so wɔ asetra nyinaa mu.” Sɛ́ ɛbɛyɛ ade a ɛmfata mmom no, nsonsonoe a ɛwɔ mmarima ne mmea suban mu no ma wɔyɛ aboafo ankasa, a obiara de nea ɔfoforo hia ma no. Sɛnea nhwehwɛmufo no mu biako kae no: “Sɛ́ mmarima ne mmea yɛ pɛ wɔ asetra mu no gyina saa nsonsonoe ahorow yi a wobehu no ankasa so.