Sɛnea Ɛyɛe wɔ Hiroshima
Will Earth Be Ruined in Nuclear War?
AUGUST 6, 1945 anɔpa 8:16 no na nnipa a wɔwɔ Hiroshima asɔresɔre, afi ɛda no mu dwumadi ahorow ase. Ɛyɛ anɔpa a na ahomeka wom a biribiara rekɔ so wɔ asom- dwoe mu.
Wɔ nea ennu anibu biako akyi no wɔtɔree nnipa mpem dudu pii ase, wokunkum wɔn. Kurow a emufo dodow yɛ 340,000 no abɔnten ayɛ pasaa.
Wɔn a na wonwui no sɔree a na wonnim baabi a wɔwɔ. Owurayere Hanuko Ogasawara a na saa bere no ɔyɛ abeawa no bɔ amanneɛ sɛ: “Mihui sɛ meda fam a nnua asinasin gu me so. Bere a mebɔɔ mmɔden sɔree sɛ merehwɛ nea asi no, na baabiara ayɛ tumm. Bere a na ehu kɛse aka me no. misusuwii sɛ aka me nkutoo wɔ awufo wiase bi mu, na mede me ti pempemee sɛ ebia mehu hann bi a. Afei mifii ase susuw nea ebia ato me maame ne me nuabea no ho . . . Bere a anim fii ase baee kakra no, mihui sɛ biribiara nni hɔ. Me fi, ofie a na ɛbɛn yɛn de no ne nea edi hɔ no nyinaa abubu. . . . Nã ɛhɔ ayɛ dinn, dinn paa—a na ɛyɛ hu ankasa. Mihuu me maame wɔ ankora kɛse bi a wɔde nsu gu mu mu. Ná ade atɔ ne so. Meteɛteɛɛm sɛ, ‘Mama, Mama,’ na mewosow no sɛnea ɛbɛyɛ a n’ani so bɛtetew no. Bere a n’ani so tetewee no, me maame fii ase teɛɛm denneennen frɛɛ me nuabea no, ‘Eiko! Eiko!’”
Afoforo nso fii ase teɛteɛɛm. Nea ɛka nsɛm ahorow yi a efi nhoma bi a wɔfrɛ no Unforgettable Fire ho ne Kikuna Segawa amanneɛbɔ yi:
Ɔbea bi a ɛte sɛ nea ɔyem da hɔ a na wawu. Ne nkyɛn no, na abeawa bi a wadi bɛyɛ mfirihyia abiɛsa gyina a okura kankyee bi a nsu wom. Nã ɔpɛ sɛ ne maame nom nsu no.
Bɛyɛ simma aduasa ntam, bere a omununkum no bi fii ahunmu no, mframa a ogya wom no fii ase bɔe. Ɔbenfo Takenaka bɔɔ mmɔden sɛ obeyi ne yere afi mpuran bi a atɔ no so no ase. Ogyaframa no pam no na ne yere no ka kyerɛɛ no sɛ. “Guan kɔ, medɔfo!” Ɛyɛ asɛm a esisii pii bere a na ɛsɛ se okununom ne ɔyerenom ne mma ne nnamfonom ne ahɔho gyaw wɔn a wɔrewu no wɔ ogya no mu no.
Bere a ɔtopae no towee akyi dɔnhwerew biako no, nneɛma ahorow fii ase fi wim gu- gui wɔ kurow no fã baabi. Ɔtopae no mu ahoɔden no kɔɔ so gugui kosii ɛrekɔ anwu- mmere. Mframa bi a ano yɛ den a ɛbɔe bɛyɛ nnɔnhwerew anan no maa ogya ne wusiw no ano yɛɛ den. Afei wofii ase huu nnipa pii a wɔahyehyew ne wɔn a wɔapirapira no. Robert Jay Lifton faa ɔdetɔnfo bi asɛm kae wɔ ne nhoma Death in Life no mu sɛ: “Ná wɔn nsa mu akuntun na na wɔn were —ɛnyɛ wɔn nsa ho de nko na mmom wɔn anim ne wɔn honam so de nso—sensɛn hɔ. . . . Wɔn mu pii wuwui wɔ kwan so. Mitumi hu wɔn ara wɔ m’adwene mu—te se asaman a wɔnenam hɔ. Na wɔnte sɛ nnipa a wofi wiase yi mu.”
Ná wɔn mu binom refefe—nyarewa a nneɛma ahorow a efi ɔtopae no mu de bae ho sɛnkyerɛnne a edi kan. Honam mu ɔsɛe bɛkaa nkate ne honhom mu ɔsɛe ho. Nkurɔfo huu amane na wowuwui, a wɔantumi ankasa. Ɔbenfo Nichikhito Hachiya kyerɛwee wɔ ne nhoma Hiroshima Diary no mu sɛ: “Wɔn a na wobetumi no nantewee komm kɔɔ kurotia wɔ mmepɔw a ɛwɔ akyiri no so a wɔabotow na wonhu nea wɔnyɛ.”
Wɔ asram abiɛsa ntam no wobuu akontaa sɛ nnipa a na wɔawuwu wɔ ɔtopae a wɔtowee wɔ Hiroshima no mu dodow akɔ soro akodu 130,000. Nanso wɔn dodow no kɔɔ soro ara. Wɔ ɔtopae no akyi adapɛn bi no, wɔn a wonyaa nkwa no pii fii ase nyaa honam ani yarewa bi. Ebia nea ebedi sɛnkyerɛnne ahorow a edi kan a ɛfe ne atiridii ne sukɔm ka ho yi akyi ne yɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ wurenya ahoɔden. Nanso ɛnkyɛ na nneɛma a efi ɔtopae no mu no aka wo awo nkwaadɔm mmoawaa no, titiriw dompe mu hon no. Nea etwa to —ti nhwi a etutu, konkrowa ne mogya a etu fi onii no nsono mu, n’ano anaasɛ ne nipadua no fã afoforo—de owu bae.
Eyi de nyarewa ahorow pii bae. Awo ho baa asɛm. Dɛm ahorow wɔ awo mu, ɛtɛ, ne nyarewa ne akisikuru ahorow pii kaa nnipa a Hiroshima ɔtopae no mframa kaa wɔn no bebree.
Nanso ná ɔtopae yi yɛ ketewaa bi kɛkɛ. Wobu n’ahoɔden a etumi sɛe ade a emu duru yɛ kiloton dumien ne fã no sɛ akode ketewaa bi nnɛ. Sɛ wɔde toto ho a ebia hydrogen ɔtopae no ahoɔden bɛyɛ sɛ ɛno mmɔho 1,600. Nea esii wɔ Hiroshima no nnu ɔsɛe a nuklea akode a wiase no de asiesie ne ho mprempren de bɛba no fã ketewaa bi mpo! Jonathan Schell kyerɛwee sɛ: “Nea Hiroshimafo hui no yɛ nea ɛda adi sɛ yɛn wiase yi nyinaa bɛyɛ no ho mfonini bere nyinaa, ade a ɛyɛ hu kɛse a wontumi nka ho asɛm a ɛbɛn yɛn pɛɛ, na ebetumi aba yɛn so bere biara mu.”—The New Yorker, February 1, 1982.
So eyi ne ɔkwan a wiase no bɛfa so aba awiei?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
Wɔ asram abiɛsa ntam no wobuu akontaa sɛ nnipa a wɔawuwu wɔ ɔtopae a wɔtowee wɔ Hiroshima no mu dodow akɔ soro akodu 130,000. Nanso wɔn dodow no kɔɔ soro ara