Mmofra Bisa Sɛ . . .
So Ɛsɛ Sɛ Misuro Nea Afoforo Susuw?
DƐN NA WOBƐYƐ WƆ TEBEA HOROW A EDIDI SO YI MU?
● Wo nnamfonom mu biako nom sigaret na ɔma wo bi wɔ mo nnamfo afoforo no anim. Wote nka sɛ enye sɛ wobɛnom sigaret. Wɔn nyinaa retwɛn ahwɛ nea wobɛyɛ.
● Wo mfɛfo a wo ne wɔn kɔ sukuu no bi fi ase ka nea wɔne wɔn mpenafo yɛ ho asɛm. Wopɛ sɛ woyɛ obi a wo ho few wɔ abrabɔ fam. Mmeawa yi mu biako ka kyerɛ wo sɛ: “Minim abarimaa a ɔfata wo. Wahwɛ kwan bere pii sɛ ɔne wo behyia. Sɛ yɛpɔn sukuu a bra me fi, ɔbɛba hɔ. M’awofo nni hɔ.”
● Wo ne mmofra afoforo baanan te kar mu. Obiako yi toa bi a pills kɔkɔɔ gum, oyi biako to n’anom na ɔde nkae no ma ne yɔnko a odi hɔ no. Ɔserew, oyi aduru no biako na ɔde toa no ma abarimaa a odi hɔ. Wɔde toa no hyɛ wo nsam. Wotwentwɛn wo nsa ase, na obiako teɛm sɛ, “Gye, ɔbea ba. Adɛn, wusuro anaa?”
● Mmofra no di wo ho fɛw sɛ wugyigye abeawa foforo a waba sukuu hɔ no ani esiane sɛ ofi abusua bi a wobu emufo animtiaa mu nti. Ɛte sɛnea bere biara a wobɛkɔ abeawa foforo yi nkyɛn no wɔn nyinaa twe wɔn ho fi wo ho a wɔne wo nkasa.
EBIA woahyia fɛwdi a ɛte saa ara a efi nnamfo ho pɛn. Ebia wobɛka sɛ, “Minsuro nea afoforo susuw,” nanso tebea horow a ɛte sɛɛ ma ɛbɛyɛ den kɛse sɛ wurennyaa mu mma wo mfɛfo nsusuwii anaa wɔn nneyɛe ahorow.
Obiara nni hɔ a ɔpɛ sɛ wobedi ne ho fɛw esiane sɛ ɔyɛ soronko nti, sɛ́ wobɛyɛ soro- nko na esiane ɛno nti wɔadi wo ho fɛw yɛ ade a ɛyɛ mmofra binom yaw sen owu. Sɛ nhwɛso no, abarimaa bi a wadi mfirihyia dunan kum ne ho, na asɛm a ɔkyerɛw gyawee ni: “M’agya, medɔ wo, nanso mintumi ntra ase bio. Merentumi nnyina fɛwdi . . . wɔ sukuu mu no ano bio.” Awerɛhowsɛm bɛn ni! Nanso ɛkyerɛ sɛnea fɛwdi ano yɛ den ne ɛyaw nka a ɛma obi te wɔ ne mu no. So woayɛ basaa pɛn esiane nea wo mfɛfo susuw nti? So woagyae wo gyinapɛn ahorow mu esiane fɛwdi a ɛte sɛɛ nti? Ebia wote nka sɛ woaka mfinimfini—w’awofo ne wo mfɛfo ntam.
Ebedu mprempren yi de sɛ sɛ wuhu sɛ: Wurentumi nsɔ nnipa nyinaa ani. Sɛ wusu- ro sɛ wobɛka “dabi” akyerɛ wo mfɛfo a, awiei koraa no wobɛka “dabi” akyerɛ obi foforo. Ebetumi ayɛ wo ankasa—wo gyinapɛn ahorow—anaasɛ w’awofo. Enti nsemmisa a ɛsɛ sɛ woma ho mmuae ne sɛ: Hena na mɛka sɛ “dabi” akyerɛ no? Hena nsusuwii ne ne nkate ahorow na ɛsɛ sɛ mibu sɛ ɛho bia titiriw? Wɔ ɔkwan foforo so no, ɛsɛ sɛ wode nneɛma bi a ɛho hia di kan. Sɛ́ wobɛyɛ eyi no gye . . .
‘Nhumu’
Mmofra pii wɔ hɔ a afoforo na ɛdweneade ho ma wɔn. Sɛ́ wɔn ankasa besi nea eye ho gyinae ama wɔn ho mmom no, wodi nea afoforo yɛ akyi. Sɛ nhwɛso no, Robin a wadi mfirihyia dunum no gye toom sɛ ofii ase nom sigaret esiane sɛ na obiara renom bi nti. Nanso ɔde kaa ho sɛ: “Akyiri yi mifii ase dwenee ho sɛ, ‘Ade yi mempɛ. Dɛn nti na mereyɛ?’ Enti merennom bio.” Esiane sɛ n’ankasa susuw nneɛma ho nti, onyaa akokoduru a ɔde besiw ne mfɛfo no ano. Ɛwom, mmofra binom adwene mu yɛ wɔn naa wɔ wɔn ankasa adwene a wɔde susuw nneɛma ho no ho. Ebia wobɛte nka mpo sɛ wunhu nea ɛyɛ gyinapɛn ahorow a eye ankasa.
Faako a wubetumi anya mmoa afi ne Bible mu nhoma a wɔfrɛ no Mmebusɛm no mu. Etumi “kyerɛ ntetekwaa anitew, aberante nso nimdeɛ ne nhumu.” Obiara a otie emu afotu no benya “atɛmpa” wɔ n’asetra mu. Ɔkwan bɛn so?-Mmebusɛm 1:1-5, New World Translation.
Wiɛ, ade biako ne sɛ honhom mu afotu a ɛwɔ Mmebusɛm nhoma no mu no betumi aboa wo ma wo ankasa woasisi gyinae ahorow. Ɛho renhia sɛ wode wo ho to wo mfɛfo so na wɔakyerɛ wo kwan. Ebetumi aboa wo ma woahu onipa a ɛsɛ sɛ wudwen ne nsusuwii ahorow ho, efisɛ ɛbɛkyerɛ wo nnyinasosɛm ahorow a eye na ɛfata sɛ wugyina hɔ ma. Afotu pa a ɛwɔ Mmebusɛm nhoma no mu no bi ni:
“Onyansafo suro, na ɔsan fi bɔne ho, na ɔkwasea de n’ahodaso fa mu.” (Mmebusɛm 14:16) Onipa a ɔyɛ onyansafo na otumi susuw ade ho no ‘mfa ne ho nto ne ho so’ na ommu n’ani ngu adwene foforo biara so. Ɔrenka sɛ, ‘Obiara ntumi nkyerɛ me nea ɛsɛ sɛ meyɛ!’ “Tie afotu na gye nteɛso, na woahu nyansa w’akyiri nna mu.” (Mmebusɛm 19: 20) Yiw, tie a wubetie wɔn a wɔkyerɛ wo “[Yehowa] agyinatu” afotu sɛnea ɛwɔ Bible mu no bɛboa wo yiye. Nanso susuw afotu a wɔde ma wo no ho. Bɔ mmɔden hu nea egyina so na wonam saa yɛ so de aka wo nsusuwii ho.—Mmebusɛm 19:21.
Nhumu, sɛnea Mmebusɛm 2:11-19 (NW) kyerɛ no, bɛbɔ wo ho ban afi bɔneyɛ ho na atwe wo afi nnipa a wɔde ɔhaw ba anaa wɔn bra asɛe ho. Nanso bere a wo mfɛfo hu sɛ wo ankasa wususuw nneɛma ho na wugyina hɔ ma nnyinasosɛm ahorow a ɛteɛ no, ɛsɛ sɛ wohwɛ ɔhaw ahorow bi kwan. Dɛn ntia?
Wɔtan Wɔn Esiane Nhumu Nti
“Onipa a ɔwɔ nhumu no, wɔtan no.” (Mmebusɛm 14:17) Abofra a ɔde n’adwene di dwuma na ɔpow sɛ ɔbɛpene mfɛfo nhyɛso a ɛmfata so no yɛ obi a wɔntaa mpɛ n’asɛm na wodi ne ho fɛw. Nanso so ɛsɛ sɛ fɛwdi a ɛte saa haw wo ankasa? So ɛsɛ sɛ ɛma wote nka sɛ wo ho nni mfaso?
Susuw ho: Henanom na wɔyɛ den kɛse, wɔn a wontumi nni wɔn akɔnnɔ ne nkate ahorow so no anaasɛ wɔn a wotumi ka sɛ “dabi” wɔ akɔnnɔ bɔne ahorow ho no? (Fa toto Mmebusɛm 16:32 ho.) Ɛhe na saa fɛwdifo no ani kyerɛ wɔ abrabɔ mu? So faako a wopɛ sɛ w’abrabɔ kowie nen? So ebetumi aba sɛ ebia nnipa a wɔte sɛɛ no ani bere nimdeɛ a ɛteɛ ne nhumu a wutumi nya no? “Ɔfɛwdifo hwehwɛ nyansa., na onnya, na nimdeɛ nyɛ nhumufo nyanã.” (Mmebusɛm 14:6) So wɔn ani bere wo na wɔde fɛwdi kata ahotɔ a wonni no so?
Guan Fi Anifere Kwan So Afiri no Mu
“Onipa ho suro sum afiri, na nea ɔde ne ho to [Yehowa] so no ho bɛyɛ sonn.” (Mmebusɛm 29:25) Wɔ Bible mmere mu no na afiri betumi ayɛ nea aduan bi da so a ehuan ntɛm ara na eyi aboa biara a onnim na ɔkɔ sɛ okoyi aduan no adi no. Mma pɛ a wɔpɛ sɛ wogye wo tom no nntwetwe wo na mfa wo ho nkɔto afiri mu nsɛe wo suban pa no. Wubetumi akwati nnipa ho hu afiri no. Mmofra afoforo atumi ayɛ saa.
Sɛ nhwɛso no, ná Debbie yɛ obi a wɔ bere bi mu no odii nea nnipadɔm yɛ akyi. Bere a odii mfirihyia dunwɔtwe no ɔde ne ho hyɛɛ ɔbra bɔne mu denneennen a na asanom bebrebe ne nnuru ahorow a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so ka ho. Nanso afei Debbie fii ase suaa Bible no denneennen denam Yehowa Adansefo mmoa so. Ofii ase suae sɛ ɔde ne ho bɛto Yehowa so denam abusuabɔ a ɔne no nyae so. Nea osuae no kaa ne nsusuwii.
“Meyɛe m’adwene sɛ merenyɛ saa ade no a saa mmofra kuw no yɛ no bio,” saa na Debbie kae. Saa abeawa a wadi mfirihyia dunwɔtwe yi ka kyerɛɛ ne mfɛfo no sɛ: “Momfa mo kwan na me nso memfa me de. Sɛ mopɛ sɛ mofa me adamfo a, ɛsɛ sɛ mokyerɛ obu ma nnyinasosɛm koro no ara a mekyerɛ obu ma no. Ɛyɛ me yaw nanso nea mususuw biara mfa me ho. Eyi ne nea merebɛyɛ.”
Ohui sɛ kuw no mufo bi fii ase nyaa obu kɛse maa no mpo, titiriw abeawa biako a obisaa Debbie nyamesom mu gyidi ahorow no ho asɛm na mpo ɔbaa ne nkyɛn begyee afotu no. Debbie kae sɛ: “Ɛwom sɛ ɛnyɛ wɔn nyinaa na wogye toom de, nanso m’ani gyee me ho kɛse bere a misii gyinae no akyi.”
Na wo nso ɛ? So wunhu sɛ obu a wowɔ ma wo ho no benya nkɔso denam susuw a wo ankasa wubetumi asusuw nneɛma ho na woako atia nnipa ho hu denneennen no so? Dɛn nti na wonka nkyerɛ Yehowa Adansefo no mu biako na ɔmmoa wo?
[Kratafa 15 mfoni]
Sɛ woma pɛ a wobɛpɛ sɛ wogye wo tom no twetwe wo a, wubetumi atɔ afiri mu na woasɛe wo suban pa no
[Kratafa 16 mfoni]
Sɛnea anomaa guan fi afiri mu no, saa ara na wubetumi akwati nnipa ho hu a wobɛma asum wo afiri
[Box on page 16]
“Nyansa nya ye sen sika dɛn ara, na nhumu nya sɛ sɛ wɔpow sen dwetɛ. Teefo tempɔn ne bɔne kwati, nea ɔhwɛ ne kwan kora ne kra so. Ahantan di ɔsɛe anim, na kwasiare honhom di asehwe kan. Eye sɛ wo ne abrɛfo nya ahobrɛase honhom sen sɛ wo ne ahokyerɛfo bɛkyɛ asade. Nea odwen asɛm so no hu papa, na nhyira ne nea ɔde ne ho to [Yehowa] so.”—Mmebusɛm 16:16-20