Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 7/8 kr. 6-8
  • Wo Daakye—Ebetumi Ayɛ Anigye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wo Daakye—Ebetumi Ayɛ Anigye
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nniso Foforo
  • Gyidi Ne Wo Daakye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nokware Ahobammɔ Nnɛ ne Daa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Ahenni a “Wɔrensɛe no Da”
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Ɛnkyɛ Onyankopɔn Atirimpɔw Bɛbam
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 7/8 kr. 6-8

Wo Daakye​—Ebetumi Ayɛ Anigye

WƆ NSUSUHO tiaa yi mu no yɛahu nneɛma kakraa bi a yebetumi ayɛ na ama yɛn daakye ayɛ nea ahotɔ wom kakra. Nanso nneɛma pi wɔ hɔ a yɛrentumi nyɛ ho hwee. Nneɛma bi wɔ hɔ a wiase atumfoɔ no mpo rentumi nyɛ ho hwee. Ɛyɛ nea yɛn ankasa nso ntumi nyɛ ho hwee. Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ obi a ɔsen adesamma. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ saa?

Nhoma bi wɔ hɔ a atra hɔ mfirihyia mpempem pii a ɛkyerɛ sɛ obi a ɔsen adesamma na obetumi adi onipa haw ahorow no ho dwuma. Saa nhoma no ne Bible, na ɛkyerɛ yɛn Ɔbɔadeɛ no sɛ́ Obi a obetumi ama yɛanya daakye a ahotɔ wom.

Ebetumi aba sɛ ebia wunnye Bible no nni. Anaasɛ ebia wugye tom nanso wonte nka sɛ ɛho hia wɔ nnɛyi ɔhaw ahorow no mu. Nanso, nokwasɛm no ne sɛ: Bible no ma yɛn asetra ho akwankyerɛ a nyansa wom, na eye sen biara a wɔakyerɛw ato hɔ pɛn.

Susuw nneɛma a yɛkaa ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no ho bio na hwɛ nea Bible no ka wɔ ho.

WO NE AFOFORO ABUSUABƆ:

Ɛdefa awofo a wɔanyinyin a wɔbɛhwɛ wɔn ho no, ese: “Sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.”​—1 Timoteo 5:8.

Afei nso Bible no kyerɛ ɔwofo asɛyɛde ne aware mu asɛyɛde “Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi,” ɛno ne afotu a Bible ɔkyerɛwfo biako de ma. (Hebrifo 13:4) Wɔ Bible mu nhoma foforo mu no ɔkyerɛwfo koro no ara se: “Mommrɛbrɛ mo ho ase mma mo ho Kristo suro mu. Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom. Okununom, monnɔ mo yerenom . . . Mma, muntie mo awofo asɛm . . . Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.”​—Efesofo 5:21, 22, 25; 6:1, 4.

Ebia wobɛte nka sɛ afotu a ɛte sɛɛ ye nanso emu yɛ den dodo. Ampa, ɛwom saa de, nanso ɛde gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn a yebetumi de asi yɛn anim ma. Na nokware no ne sɛ, nnɛ nnipa ɔpepem pii bɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛtra ase te sɛ nea gyinapɛn ahorow yi kyerɛ no na esiane ɛno nti wɔn asetra ayɛ anigye.

WO AKWAHOSAN:

Susuw afotu yi ho: “Sɛ obi . . . yɛ aguaman anaa oniberefo . . . anaa ɔsabofo a . . . mo ne no mmmɔ.” (1 Korintofo 5:11) Anaa eyi: “Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu.” (2 Korintofo 7:1) Obiara a otie afotu yi no kwati mmaninyare ahorow ne nyarewa afoforo pii a yedii kan bɔɔ din no.

Ɛdefa nyarewa a yɛrentumi nkwati ho no, Bible no kyerɛ ano aduru foforo a yɛbɛka ho asɛm akyiri yi.

SIKASƐM MU AHOTƆ:

Afotu pii nso wɔ hɔ a ɛbɛboa yɛn wɔ sikasɛm mu ahokyere bere yi mu. Fa Bible mu afotu no abien pɛ sɛ nhwɛso: “Sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma onnnidi nso.” Afei nso: “Adwuma biara a moyɛ [a honam fam adwuma ka ho] no, mumfi ɔkra mu nyɛ no sɛ moyɛ ma [Yehowa] na monyɛ mma nnipa.” (2 Tesalonikafo 3:10; Kolosefo 3:23) Saa afotu yi boa yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi biara wɔ sikasɛm mu tebea biara a yɛwom mu.

Nea ɛka eyi ho no, Yesu hyɛɛ bɔ a ɛyɛ anigye bi bere bi. Ɔreka aduan a yebenya adi ne ntama a yebenya afura ho dadwene no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.” (Mateo 6:33) Eyi yɛ bɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛhwɛ n’asomfo. So Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so? Ɔpepem pii di adanse sɛ ɔyɛ saa.

WO ANKASA AHOBAMMƆ:

Bible no tu yɛn fo wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade nyansam wɔ mmere bɔne yi mu no ho. Nanso ɛyɛ nokware sɛ ɔhaw ahorow a ɛfa ahobammɔ ho no pii, sɛ́ ɛyɛ nea ɛfa nsɛmmɔnedi ho anaa nea ɛfa ɔko ho ahunahuna ho no, yɛ nea nniso horow no na ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma kɛse mmom sen ankorankoro. Ɛdefa eyi ho no Bible no kyerɛ ano aduru bi nso. Ɛka no pen sɛ onipa rentumi nni ne ho so bere a mmoa bi nka ho: “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Na ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛhwɛ Onyankopɔn Ahenni no kwan na ama yɛanya nniso a eye.

Nniso Foforo

Nokwasɛm ne sɛ, nnipa de bere tenten pii abɔ mpae sɛ Onyankopɔn mmedi asase so tumi. Bere a wɔbɔ Awurade Mpae a yenim no yiye no, wɔka sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:9, 10) Ɛyɛ dɛn, sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na wɔbɔ no mpae sɛ ommedi asase so mmom sen onipa a? Bible no yɛ saa mpaebɔ no mmamu ho mfonini ma yɛn: “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.”​—Adiyisɛm 11:15.

Wɔ Ahenni no ase no nneɛma pii a abu so nnɛ no befi hɔ: “Wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ, na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa] no, wɔn na wobenya asase no adi.” (Dwom 37:9) “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.” (Dwom 72:16) “Ɔma akodi gyae kosi asase ano.” (Dwom 46:9) Akodi, nsɛmmɔnedi anaa ɔkɔm befi hɔ wɔ saa nniso yi ase!

Na ɔyare ne owu nso ɛ? Tie bɔhyɛ yi. “[Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:4) Eyi ne daakye a Bible hyɛ ho bɔ no. Ebia wobɛte nka sɛ eyi yɛ adaeso ara kwa. Nanso susuw ho hwɛ: Esiane sɛ sodifo a wɔyɛ nnipa rentumi nni afeha yi mu ɔhaw ahorow a ɛyɛ hu no ho dwuma nti, daakye bɛn na ɛwɔ hɔ ma adesamma? Sɛ Onyankopɔn Ahenni nyɛ anidaso a wobetumi de ho ato so a, foforo bɛn na ɛwɔ hɔ?

Wɔ asomafo no bere so no, Kristofo dan nnipa nyinaa adwene kɔɔ Onyankopɔn Ahenni no so sɛ daakye a ahotɔ wom ho anidaso koro pɛ, na nnɛ Yehowa Adansefo ka asɛm koro no ara kyerɛ nnipa a wɔwɔ awo ntoatoaso yi mu. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ Bible mu no bedi dwuma wɔ wɔn da biara da asetra mu, na wohu sɛ eye. Sɛ wohyia nsɛnnennen a, wɔhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛboa wɔn na ɔboa wɔn. Ɛdenam Bible nkɔmhyɛ ahorow so no, wonim nneɛma ahorow pii a ɛresisi nnɛ no sɛ edi adanse sɛ Onyankopɔn Ahenni no yɛ paara. Wobu wɔn ho sɛ saa Ahenni no mma. Na wonim sɛ ɛbɛyɛ nneɛma ahorow nyinaa a Onyankopɔn ka sɛ ɛbɛyɛ no.

Sɛ kyerɛw nsɛm a yɛaka ho asɛm no ka daakye a wopɛ sɛ wunya no ho asɛm a, dɛn nti na wonka ho asɛm nkyerɛ Yehowa Adansefo? Sua daakye a anigye wom ankasa a wɔde ma nnipa koma pafo nyinaa no ho ade. Hwehwɛ ɔkwan a wobɛfa so abɛka wɔn a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no ho bere a ɛka sɛ: “Kari onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ nea ɔteɛ: sɛ saa onipa no awiei yɛ asomdwoe.”​—Dwom 37:37.

[Kratafa 8 adaka]

“Treneefo nkwagye fi [Yehowa], ɔne wɔn guandɔbea, ahohia da mu. Na [Yehowa] boa wɔn, na ogye wɔn: oyi wɔn fi abɔnefo nsam, ma ogye wɔn nkwa, efisɛ wɔde wɔn ho to no so.”​—Dwom 37:39, 40.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena