Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 10/8 kr. 9-10
  • Bere Bɛn Na Amumɔyɛ No Begyae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere Bɛn Na Amumɔyɛ No Begyae?
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • De Ma Nnipa a Wɔn Werɛ Ahow Nyinaa
  • Amumɔyɛsɛm—Henanom Na Ɛka Wɔn?
    Nyan!—1987
  • Sɛnea Amumɔyɛsɛm Te Nnɛ
    Nyan!—2001
  • Amumɔyɛsɛm—Dɛn Ne Ano Aduru?
    Nyan!—1987
  • Amumɔyɛsɛmdi—Akodi A Ɛkɔ So Wɔ Ɔman Mu
    Nyan!—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 10/8 kr. 9-10

Bere Bɛn Na Amumɔyɛ No Begyae?

WƆ AMAN te sɛ United States so, faako amumɔyɛsɛmdi a wɔahyɛ da ayɛ ho nhyehyɛe ntaa nsɔre no, atopae ahorow a nnipa ayeyɛ wɔ hɔ a wɔtotow wɔ basabasayɛ ahorow a ɛfa mmusua anaa honam ani hwɛbea, mmofra atuatew anaa basabasayɛ afoforo ho mu. Saa basabasayɛ ahorow yi ka asetra ne amammui nhyehyɛe ahorow wɔ aman a wɔyɛ den mu mpo. Wosuro sɛ ebia nnipa a wɔde nsɛmmɔnedi ayɛ wɔn adwuma no bɛfa basabasayɛfo yi na wɔadi wɔn anim wɔ amumɔyɛsɛmdi a wɔahyɛ da ahyehyɛ ho mu.

Wɔ aman binom so no amumɔyɛfo de nnɛyi akode ahorow siesie wɔn ho. Eyi fi akode ahorow a ɛde ahoɔhare sɛe ade, nea wɔfrɛ no borɔfo mu machine gun, atopae ahorow a ano yɛ den, Rusiafo akode ne bɛmma ahorow so kosi wim ne asase so ɔko mu nnwinnade ahorow a na PLO wɔ bi bere a ɔne Israel reko, no so. Wɔ aman pii so no akode ahorow yi bi a ɛte sɛ aduru wɔ hɔ a wobetumi de asɛe nsu a kurow bi mufo nom nyinaa a ɛbɛma obiara a ɔbɛnom bi no awu. Nanso, nea ɛsen ne nyinaa no, amanaman no suro da a ebia amumɔyɛfo kuw bi nsa bɛka nuklea ɔtopae no. So anka wobetumi afa ɔman mu nnommum? Anaasɛ wɔbɛdaadaa aman a wɔwɔ nuklea akode no ma wɔasusuw sɛ obiako na asɔre ahyɛ ɔfoforo?

Ehu yɛ amumɔyɛfo akode a ɛsen biara. Owu ho hu ma aman a wɔyɛ den kɛse no kɔma tu. Bere a wɔtee sɛ Colonel Qaddafi (Amerikafo mpanyimfo bu no sɛ omumɔyɛfo) de nnipa a wɔyɛ den reba United States ma wɔabekum Ɔmampanyin Reagan ne afoforo (Qaddafi bu wɔn sɛ amumɔyɛfo) no, Washington nsɛm ho amanneɛbɔbea bi bɔɔ amanneɛ sɛ “biribi a ɛte sɛ Libyafo ahunahuna yi bi mmaa kurow yi so da, anyɛ yiye koraa no ɛnyɛ asomdwoe bere mu.”

De Ma Nnipa a Wɔn Werɛ Ahow Nyinaa

So ɔkwan biara nni hɔ a wɔbɛfa so ayi ehu afi hɔ? So tumi biara nni hɔ a ebeyi ahotoso a enni hɔ, nitan, awerɛhow a ɛka nnipa koma no afi hɔ? Ɛbɛyɛ sɛ ná wɔrehwɛ nhyira a ɛte saa kwan bere a nnipa de nsɛm a efi Bible mu yi guu ɔfasu bi a ɛne wɔn Amanaman Nkabom dan no di nhwɛanim ho no:

WƆDE WƆN NKRANTE BƐBOBƆ NSƆW, NE WƆN MPEAW AYEYƐ NNARE; ƆMAN BI REMMA AFOA SO NHYƐ ƆMAN BI, NA WƆRENSUA AKODI BIO

Adiyifo baanu a wɔtraa ase bere koro mu, Yesaia ne Mika, kyerɛw saa nsɛm yi too hɔ bɛboro mfirihyia 700 ansa na Kristo reba. (Yesaia 2:4; Mika 4:3, Authorized Version) Wɔ wɔn nitan a emu yɛ den no mu no, ebia aman binom ne nnipa binom bebu biribiara a efi Bible no mu animtiaa. Nanso Bible no nyɛ “Yudafo nhoma,” na saa ara na ɛnyɛ “Kristofo nhoma.” Kɔ w’akyi kakraa wɔ abakɔsɛm mu ansa na Yudafo reba no. San w’akyi bɛyɛ mfirihyia 2300 ansa na Yesu reba​—kɔ Noa ba Sem so. Onyankopɔn a ɔkyerɛw Bible no yɛ “Sem Nyankopɔn, [Yehowa],” saa na Genesis 9:26 ka. Ampa, na Sem yɛ Eber a ɔno mu na Yudafo fi no nana. Nanso sɛnea nnipa a wɔyɛ Bible no ho abenfo kyerɛ no, na Sem yɛ Asiriafo, Kaldeafo, Elamfo, Aramfo ne Ludfo tete agya nso. Saa tetefo no traa faako a nnɛ ɛyɛ Iran, Iraq, Saudi Arabia, Jordan, Syria ne Turkey no fã bi. Saa bere no na Yehowa, Sem Nyankopɔn no wɔ N’adansefo wɔ saa nsase no so.a

Ɔwɔ N’adansefo wɔ saa nsase no so nnɛ. Nokwarem no, wɔwɔ asase so nyinaa. Yehowa Adansefo ɔpepem pii aka abom wɔ asomdwoe mu wɔ wiase nyinaa. Na anka wɔn mu pii te sɛ wɔn a woguan kɔɔ aberantewaa Dawid nkyɛn bere a na n’ankasa yɛ oguanfo a waguan afi Israel Hene Saul nsam no. “Wɔn a wɔn ho akyere wɔn ne wɔn a ɛdede aka ne wɔn a wɔn werɛ ahow boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, na odii wɔn so safohene.” Wɔ mmere horow abien mu no, ebinom hyɛɛ Dawid nkuran sɛ onkum Saul. Ankyɛ na Dawid bɛyɛɛ ɔhene, nanso na ɛnnam amumɔyɛ akwan horow so.​—1 Samuel 22:2; 24:6; 26:8-11; 2 Samuel 5:1-3.

Ebia nnipa a wɔde wɔn ani ato Amanaman Nkabom no so renhu sɛ nea wɔakyerɛw agu Amanaman Nkabom afasu no ho no yɛ ɔsoro nkɔmhyɛ. Ɛbɛbam wɔ ɔkwan biara so, ɛnyɛ wɔ ɔkwan a nnipa a wogye di sɛ wiase no ankasa bɛyɛ yiye, ne titiriw no, sɛ nnipa mmɔdenbɔ betumi ama ayɛ yiye, susuw no so. Nkɔmhyɛ no twe adwene si Onyankopɔn Ahenni a ɛreba no so. Ɛnyɛ nnipa na wɔde Onyankopɔn Ahenni no si hɔ wɔ Amammui kwan so. Ade Nyinaa so Tumfoɔ no de n’Ahenni no fi soro ba denam ne Ba, nea ɔyɛ “Dawid ahengua” no ɔdedifo, no so.​—Luka 1:32; Yesaia 2:2-4; Daniel 2:44; 7:13, 14.

Ansa na saa Ahenni no bedi tumi wɔ asase nyinaa so no, Onyankopɔn bɛma n’adansefo abɔ ho dawuru de adi amanaman no nyinaa adanse. Nnipa a wotie saa asɛmpa no rekyerɛ dedaw sɛ ɛdenam Onyankopɔn tumi so no wotumi sesa wɔn akodi honhom no nya asomdwoe honhom. Wonsua akodi bio.

Bible no adiyifo afoforo baanu, Hesekiel (38:21) ne Sakaria (14:13) , hyɛɛ nkɔm sɛ wɔ bere a wiase no bɛkɔ n’awiei mu no, onipa bɛma ne nsa so ahyɛ ne yɔnko. Hena na onim dwuma a amumɔyɛfo “akodi a ɛkɔ so wɔ ɔman mu” no bedi wɔ ɛno mu? Nanso ɛnsɛ sɛ wode ɔkwan a wiase yi fa so yi nitan ne abufuw a ɛwɔ wɔn komam fi hɔ denam hwie a wohwie wɔn ho wɔn ho mogya gu so no yɛ wo kwan. Ɛmfa ho sɛnea wo tebea te wɔ asase biara a wote so so no, dɛn nti na wo ne Yehowa Adansefo nkyɛ Bible mu nokware nimdeɛ a ɛnam ɛno so no, ɛma yɛn su sakra, yɛyɛ nnipa foforo a “wɔbɔɔ no Nyankopɔn suban so, nokware trenee ne ahotew mu” no?​—Efesofo 4:22-24, 31, 32.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ nsɛm a ɛfa Sem mma ho (Genesis 10:21, 22) wɔ Aid to Bible Understanding, a Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no tintimii no mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

Nnipa a wotie Onyankopɔn Asɛm nsua akodi bio

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena