Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 10/8 kr. 18-20
  • So Ɛsɛ Sɛ Wugye Di Sɛ Obi Wu A Wɔsan Wo No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ Sɛ Wugye Di Sɛ Obi Wu A Wɔsan Wo No?
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛhe Na Efii Ase?
  • Ɔkwan Bɛn So no Ɛka Nkurɔfo?
  • Dɛn na Bible no Kyerɛkyerɛ?
  • Woatra Nkwa mu Mpɛn Ahe?
    Nyan!—1985
  • So Wugye Wo a Wɔsan Wo Obi no Di?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • So Ɛsɛ sɛ Wugye Wo a Wɔsan Wo Obi no Di?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Wususuw sɛ Woaba Wiase Pɛn Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 10/8 kr. 18-20

So Ɛsɛ Sɛ Wugye Di Sɛ Obi Wu A Wɔsan Wo No?

BERE a wanom aduru bi a wɔfrɛ no LSD no, ɔbarima bi a ofi Edmonton, Canada, bɛhwɛ ahwehwɛ mu. “Mifii ase nyaa anisoadehu na mihuu nea na migye di sɛ ɛyɛ sɛnea wɔwoo me kan no. Sɛ nhwɛso no, mihuu me ho sɛ onipa bɔne bi a ɔpɛ akodi . . . . a wama nnipa ɔpepem pii awuwu. Bere bi a na merehwɛ onipa bɔne a ɔte sɛɛ wɔ ahwehwɛ mu no, metee sɛ ɛnne bi reka sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ wuhu bɔne ahorow a woayɛ yi ho amane!’”

Wɔ nnuru ahorow a wɔde di dwuma akyi no, nneɛma afoforo ama nkurɔfo agye adi sɛ obi wu a wɔsan wo no. Bere a wɔresrasra mmeae afoforo no, ebinom nya nkate soronko bi sɛ wɔaba hɔ pɛn na wɔka sɛ ebia wɔatra ase pɛn. Afoforo nso ka nkate ahorow a ɛte saa ara ho asɛm bere a wɔahyia ɔhɔho a wonnim no koraa akyi no. Tumi bi a wɔde dwemfa nso ka ho na ɛba saa. “Nnuruyɛfo a wɔyɛ adwene ho adwuma nnɛ no mu pii abegye adi sɛ obi wu a wɔsan wo no, efisɛ nnipa a wɔba ma wɔhwɛ wɔn no binom a wɔde tumi yi bi adwemfa wɔn no aka nneɛma horow a asisi wɔ mmere horow ansa na wɔrebɛwo wɔn mu no ho asɛm,” saa na R. Stemman kyerɛwee wɔ Spirits and Spirit World mu. Nkyerɛkyerɛ koro no ara na Hindufo ne Buddhafo nyamesom ahorow a emufo dodow boro ɔpepepem fã no gyina so.

Ɛwom sɛ wɔagye atom bere tenten ni wɔ Apuei fam de, nanso nnansa yi ara na asɛm a ɛne sɛ obi wu a wɔsan wo no no abɛyɛ nea ahyeta a wɔka ho asɛm wɔ Atɔe fam wiase no mu. Ɛno ho asɛm na nhoma ne sini ahorow ka. Nnipa pii huu Robert Wise sini a wayɛ nnansa yi a ɛne Audrey Rose a egyina anansesɛm nhoma bi a agye din kɛse so no. Asɛm no kyerɛ sɛnea wɔmaa awofo bi a wɔahaw gye dii sɛ wɔn babea a wɔdɔ no no yɛ ɔbarima foforo bi ba a wawu a wɔasan awo no no.

“Owu akyi no wɔsan wo onipa no kra ma ɔkɔ nipadua foforo mu,” saa na nnipa a wogye di sɛ obi wu a wɔsan wo no no ka. Ɛhe na saa gyidi yi fi na ɔkwan bɛn so na ɛka nkurɔfo? So ɛsɛ sɛ wo nso wugye di?

Ɛhe Na Efii Ase?

Gyidi a ɛne sɛ wɔ owu akyi no onipa no kra kɔ nipadua foforo mu no yɛ nea ahyeta kɛse, na na agye ntini kɛse wɔ adesamma bere a atwam no mu. Vendafo a wɔyɛ South Africa abibifo mmusua horow no mu biako no gye di, na saa ara na nnipa a wɔyɛ Australiafo ankasa, Araucania Indiafo a wɔwɔ South America ne afoforo pii nso gye di.

Bɛboro mfirihyia 2,000 a atwam ni no na tete Helafo ne Celtfo a wɔwɔ Atɔe fam Europa no gye di. Saa bere koro no ara mu nso na Brahmin asɔfo rekyerɛkyerɛ eyi wɔ India. Encyclopaedia Britannica se: “Nhomanimfo pii gye di sɛ Hindu Brahmin a wɔwɔ Apuei fam ne Celtfo Druid a wɔwɔ Atɔe fam no yɛ tete India ne Europafo asɔfokuw mufo a wɔaka.”

Ná faako a ‘tete asɔfokuw’ yi biako wɔ a ɛbɛn India, Atɔe fam Europa ne Hela no wɔ Babilon. So ɛhɔ na gyidi a ɛne sɛ obi wu a wɔsan wo no no nyaa ne mfiase fi? Wiɛ, nea na ɛka Babilonfo nyamesom ho ne sũ a afe biara wosu obirɛmpɔn bi a wawu, Tammuz, anaa Dumuzi a wɔyɛɛ no onyame no. Ɔbenfo Mirrea Eliade kyerɛwee sɛ: “Ahene a wofi ne mu a wɔba ma wɔwo wɔn no hyɛɛ wiase a wɔyɛ no foforo afe biara ho fa. Tammuz yera na ɔsan ba bio wɔ asram asia akyi. Saa akɔneaba yi​—wɔ a ɛtɔ bere bi a na onyame no wɔ hɔ ne wɔ a ɛtɔ bere bi a na onni hɔ no​—tumi de ‘ahintasɛm ahorow’ a ɛfa nnipa nkwagye, wɔn anidaso wɔ owu akyi, sii hɔ. . . . Awiei koraa no, onipa biara betumi ahwɛ kwan sɛ obenya hokwan yi mu anigye.”

Ɔkwan Bɛn So no Ɛka Nkurɔfo?

So gye a wogye di sɛ obi wu a wɔsan wo no no betumi de basabasayɛ ne amanehunu abrɛ awofo, sɛnea wɔakyerɛ wɔ Audrey Rose anansesɛm no mu no? Wɔ India no, Ɔbenfo Vinoda Murthy yɛɛ nhwehwɛmu wɔ amanneɛbɔ ahorow a ɛfa “nnipa a wowu ma wɔsan wo wɔn” no ho. Ná biako fa abofra bi a osu anadwo biara sɛ ofi beae foforo no ho. Bere bi akyi no wɔde no kɔɔ akuraa bi ase wɔ akyirikyiri baabi na ɔkyerɛɛ ɔdan bi ne awarefo baanu a wɔwɔ mu sɛ wɔyɛ ne nkurɔfo. Sɛnea nyansahu ɔkyerɛwfo Radhakrishnan Rao kyerɛ no: “Asɛm no kɔɔ so wɔ ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow so, efisɛ abofra no bɛyɛɛ obi a akasakasa a emu ye den sɔree wɔ ne ho wɔ awofo ahorow baanu ntam.”

Nea ɛka asɛm a ɛne sɛ obi wu a wɔsan wo no yi ho ne gyidi a ɛne sɛ amanehunu biara a ɛba obi so wɔ mprempren asetra yi mu no yɛ nneɛma a ɔyɛe wɔ asetra a atwam no mu no ho asotwe. Wɔfrɛ eyi sɛ “nneyɛe ne ɛso akatua.” Bere a ɛma ebinom twe wɔn ho fi bɔne a wɔbɛyɛ afoforo ho no, so saa gyidi yi yɛ tumi a eye a ɛbɛma nkurɔfo ayɛ papa? Mmuae no da adi wɔ faako a Brahmin asɔfo tra a atew ne ho a nnipa ɔpepem pii hu sɛ ɛyɛ adesoa a emu yɛ duru na ɔhyɛ wom no mu. Afei nso susuw Buddhafo nkokorafo a wɔtwe wɔn ho fi ɔmanfo ho kɔtra baabi a atew ne ho no ho. “Sɛ wɔde obi aba wiase yi mu sɛ ommenya n’ankasa bɔne a atwam a ɔyɛe ho akatua a, ɛfa yɛn ho dɛn sɛ yɛde yɛn ho hyehyɛ anaasɛ yɛhaw Onyankopɔn mmara horow?” saa na Man, Myth and Magic​—An Illustrated Encyclopedia of the Supernatural no ka.

Wɔn “kan asetra” a wɔhwehwɛ mu no ama ebinom aba tumi a wɔwɔ ahoɔden sen nnipa nkɛntɛnso ase. Ɔbarima a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase mu hɔ no kyerɛwee sɛ: “Metee nka sɛ ahonhom rehunahuna me. Ná ɛtɔ bere bi a mesrɛ sɛ wɔbɛma mawu na wɔnnsan nwo me bio. . . . Mebɔɔ mmɔden mpɛn pii sɛ mekum me ho.”

Dɛn na Bible no Kyerɛkyerɛ?

Bible no kyerɛ sɛ wɔ owu akyi no nipadua no fã bi a aniwa nhu biara nni hɔ a ɛkɔ so tra ase ma wɔsan wo no bio sɛ obi foforo. Ɔkra no ne onipa no ankasa. Sɛ nhwɛso no, wubetumi akenkan wɔ Bible no mu sɛ bere a wɔbɔɔ onipa a odi kan no akyi no, wɔfrɛɛ no “ɔkra.” Enti, bere a owui no, saa “ɔkra” no wui sɛnea na Onyankopɔn aka no: “W’anim fifiri mu na wubedidi de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” Mmeae afoforo nso, Bible no kyerɛ mpɛn pii sɛ onipa “kra” no wu.​—Genesis 2:7; 3:19; Yosua 10:32; Hesekiel 19:4; Yakobo 5:20; Adiyisɛm 16:3.

Sɛ biribiara nni hɔ a ɛka wɔ nipadua no mu wɔ owu akyi a, ɛnde nkyerɛkyerɛmu bɛn na ɛwɔ hɔ ma adwene a wɔde abata gyidi a ɛne sɛ obi wu a wɔsan wo no no ho? Bible no kyerɛ sɛ adaemone, abɔfo a wɔanni nokware no na wɔyɛ eyi. (1 Timoteo 4:1) Ɛdefa anidaso a ɛne nkwa wɔ owu akyi ho no, wubetumi anya gyidi kɛse wɔ tumi a Ɔbɔadeɛ no wɔ sɛ ɔde “wɔn a wɔabu wɔn sɛ wɔfata sɛ . . . wɔbɛsɔre afi awufo mu” aba nkwa mu bio no mu. Sɛnea Yesu sii so dua no: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi.”​—Luka 20:35; Yohane 5:28, 29.

Saa asɛm a efi Onyankopɔn Asɛm mu yi de awerɛkyekye ne ahotɔ abrɛ nnipa ɔpepem pii a ɔbarima a na bere bi wahaw a ofi Edmonton, Canada, no ka ho. Ɔfoforo nso a na anka ɔyɛ Hinduni a ofi India kaa no sɛɛ se: “Sɛnea gyidi a ɛne sɛ obi wu a wɔsan wo no no kyerɛ no, onipa no san ba nneɛma nhyehyɛe yi mu wɔ tebea a nnipa yare na wowuwu yi mu. Nanso owusɔre no bɛba bere a Yehowa Nyankopɔn de nhyehyɛe a aporɔw yi aba awiei denam n’Ahenni nniso yi so no. Afei, . . . ɔyare, osu ne owu mpo bɛyɛ nneɛma a atwam!”​—Adiyisɛm 21: 3, 4.

[Kratafa 18 mfoni]

Ɛtɔ bere bi a nnipa binom te nka sɛ wɔatra ase pɛn

[Kratafa 19 mfoni]

Nneyɛe ne ɛso akatua nkyerɛkyerɛ ka awo ahorow a enni awiei ho asɛm

[Kratafa 20 adaka]

“Na sɛ yɛn asɛmpa so kata a, ɛso kata wɔn a wɔyera no mu; wɔn mu na wi yi ase nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan” amma wɔn. Na ɛnyɛ yɛn ho asɛm na yɛka, na mmom Kristo Yesu, sɛ ɔne Awurade, ɛne yɛn nso, sɛ Yesu nti yɛyɛ mo nkoa.”​—2 Korintofo 4:3-5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena