Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 5/15 kr. 3-4
  • So Wugye Wo a Wɔsan Wo Obi no Di?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wugye Wo a Wɔsan Wo Obi no Di?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Ɛsɛ Sɛ Wugye Di Sɛ Obi Wu A Wɔsan Wo No?
    Nyan!—1983
  • So Ɛsɛ sɛ Wugye Wo a Wɔsan Wo Obi no Di?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Woatra Nkwa mu Mpɛn Ahe?
    Nyan!—1985
  • Wususuw sɛ Woaba Wiase Pɛn Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 5/15 kr. 3-4

So Wugye Wo a Wɔsan Wo Obi no Di?

MUKUNDBHAI kyerɛw kɔmaa ne babarima a na ɔwɔ sukuupɔn mu wɔ United States sɛ: “Wokae abeawa bi a na ɔte bɛn yɛn wɔ India ha a na w’ani gye ne ho bere a na woresi so no? Aka adapɛn kakraa bi na waware. Misusuw sɛ ɛsɛ sɛ wote.”

Dɛn nti na papa no kaa asɛm yi kyerɛɛ ne babarima no? Anyɛ hwee koraa no, Mukundbhai na ɔde anibere twaa saa mmofraberem ɔdɔ ho nhyehyɛe no mu mfe bi a atwam no. Ɛno da nkyɛn a, na ne babarima no akodi States mfe asia retoa ne nhomasua so. Saa bere no nyinaa na ɔne abeawa no nni nkitaho biara, na na Mukundbhai nim saa.

Ɛnde dɛn nti na na asɛm no hia no saa? Efisɛ na Mukundbhai gye wo a wɔsan wo obi, anaa awo foforo, no di.a Sɛ ɛkɔba sɛ ɔdɔ a na mmofra baanu no anya ama wɔn ho no fi yɛ a na wɔyɛ awarefo wɔ wɔn asetra a atwam no mu a, ɛbɛyɛ atirimɔdensɛm sɛ wɔbɛtetew wɔn ntam saa bere yi a wɔaso aware no. Ná Mukundbhai pɛ sɛ ɔma ne babarima no hu nea ɛrekɔ so no ansa na abeawa no abɛyɛ onipa foforo bi yere wɔ saa asetra yi mu.

Susuw asɛm foforo ho. Ná wɔagye abeawa bi a wadi mfe anan ato ayaresabea bi mpɛn pii wɔ Mumbai, India, ma wahu amane wɔ hɔ. Ná ne haw no fi ne koma mu ntini bi a adi dɛm. Ná ɛhaw n’awofo a biribi wɔ wɔn nsam no kɛse sɛ wɔn ba no rehu amane. Nanso wonyaa adwene bi sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛfa no saa. Ebia ɔyɛɛ biribi wɔ n’asetra a atwam no mu nti na eyi aba ne so.”

Wo a wɔsan wo obi ho gyidi no yɛ ade titiriw wɔ Hindusom, Buddhasom, Jainsom, Sikhsom, ne ɔsom afoforo a efi India no mufo ɔpepem pii asetram. Wobu nsɛm a esisi wɔ asetram—efi ɔdɔ a wonya ma obi so kosi amanehunu a emu yɛ den so—sɛ nneɛma a wɔyɛe wɔ asetra bi anaa asetra ahorow bi a atwam mu na ɛma ɛba.

Nnipa pii a wɔwɔ Atɔe fam nsase so nso ani gye wo a wɔsan wo obi ho nkyerɛkyerɛ no ho. Amerikani guasodeyɛfo Shirley MacLaine kyerɛ sɛ ogye di. Nhoma kyerɛwfo Laurel Phelan a ɔwɔ Vancouver, British Columbia, Canada no, kyerɛ sɛ ɔkaakae n’asetra ahorow 50 a atwam mu nsɛm. Wɔ Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ 1994 mu maa CNN/USA Today mu no, mpanyimfo 1,016 mu bɛboro 270 kyerɛe sɛ wogye wo a wɔsan wo obi no di. Wo a wɔsan wo obi ho gyidi no ka Mmere Foforo dwumadi no ho. Nanso adanse bɛn na ɛfoa saa gyidi yi so?

Wɔn a wogye wo a wɔsan wo obi di no ka sɛ: “Ɛyɛ kae a obi kae sɛ watra ase pɛn!” Ne saa nti, bere a Ratana a wadi mfe abiɛsa a ɔwɔ Bangkok no fii ase “kaakaee n’asetra a atwam mu nsɛm sɛ na ɔyɛ ɔbea nyamesomni a owui wɔ ne mfe 60 mu no,” nnipa a wɔwɔ nkyɛn no dodow no ara gyee n’asɛm no toom sɛ ɛyɛ adanse a edi mũ a ɛfoa wo a wɔsan wo obi no so.

Nanso adwenem naayɛ pii wom. Na nneɛma a wɔkaakae a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ asetra bi a atwam de no ho nkyerɛkyerɛmu foforo nso betumi ayɛ yiye.b Hinduni nyansapɛfo Nikhilananda ka wɔ ne nhoma Hinduism: Its Meaning for the Liberation of the Spirit mu sɛ ‘wontumi mfa biribi a wotumi te ase nkyerɛkyerɛ owu akyi asetra mu.’ Nanso ɔkyerɛ sɛ “nea ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ paara no dɔɔso sen nea ɛnkyerɛ sɛ ɛyɛ paara no.”

Nanso so Bible foa saa nkyerɛkyerɛ yi so? Na anidaso bɛn na Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no wɔ ma awufo?

[Ase hɔ nsɛm]

a The New Encyclopædia Britannica ka sɛ “wo a wɔsan wo obi” no kyerɛ “ɔkra no a wɔsan wo no pɛnkoro anaa mprenu wɔ asetra foforo mu, a obetumi ayɛ onipa, aboa, anaa wɔ tebea horow bi mu no, ahabamma.” Wɔde asɛm “awo foforo” nso di dwuma de ka saa adeyɛ no ho asɛm, nanso asɛm “wo a wɔsan wo obi” no ne nea wɔtaa gye tom. India kasa mu nsɛm asekyerɛ nhoma pii tumi de nsɛm no mu biara di dwuma.

b Hwɛ June 8, 1994, Engiresi Nyan! no nkratafa 5-7.

[Kratafa 4 mfonini ahorow]

So wɔretwe n’aso wɔ bɔne a ɔyɛe wɔ n’asetra a atwam mu no ho?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena