Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 10/8 kr. 14-17
  • Ahɔho A Wɔmpɛ Wɔn—Dɛn Ne Ano Aduru?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahɔho A Wɔmpɛ Wɔn—Dɛn Ne Ano Aduru?
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwuma Hwehwɛ ho Akansi
  • Ahɔho a Wosisi Wɔn
  • Mmɔden a Wɔbɔ sɛ Wobesiw Ɔhaw no Ano
  • Amamfrafo​—Ɔkwan Bɛn So Na Wubetumi Aboa Wɔn
    Nyan!—1992
  • Nigeria Yi “N’adesoa” Fi Hɔ
    Nyan!—1984
  • Momma Yɛnkɔ So Nyɛ Yɛn Ho “Ahɔho ne Amamfrafo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Wɔrehwehwɛ Baabi a Wɔbɛfrɛ no Wɔn Fie
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 10/8 kr. 14-17

Ahɔho A Wɔmpɛ Wɔn​—Dɛn Ne Ano Aduru?

DA KORO bi anadwo a abɔ 10 no, Mexiconi aberante bi ne afoforo 11 a wɔka ne ho weawea faa tokuru bi mu wɔ ɛban a wɔde atwa Mexicofo kurow a wɔfrɛ no Tijuana ne United States ntam no mu. Bere a wɔatwa akwansin dunum (24 km) , fi ɔhye no so no, kar bi a onipa bi a ɔkyerɛ kwan a wɔama no sika a wɔfrɛ no “coyote” ayɛ ho nhyehyɛe behyiaa wɔn. Esiane sɛ na kar no nnye so nti, wɔkyɛe araa ma ahye so awɛmfo no behuu wɔn na wɔsan de wɔn kɔɔ Mexico.

Anadwo a edi hɔ no, aberante no ne afoforo 15 san bɔɔ mmɔden bio, nanso eyi de ahye so awɛmfo a wɔte wimhyɛn ketewa bi mu no huu wɔn bere a ade a etwa ne ho wɔ wimhyɛn no atifi no mframa no yii ade bi a wɔakohintaw ase no ma wohuu wɔn wɔ wimhyɛn no mu no.

Wɔ mmɔden a ɛto so abiɛsa a ɔbɔe wɔ dapɛn koro no ara mu no, wɔsan kyeree no bio, na wotwaa no asu. Eyi de wohuu wɔn denam afiri bi a ɛma wɔtee wɔn nka bere a wɔnam keteke nnade bi so no so. Mmɔden a ɛto so anan a ɔbɔe no yɛɛ yiye.

Ná ɔyɛ ahɔho a mmara mma wɔn kwan a wobu akontaa sɛ wɔbɛyɛ sɛ ɔpepem 5 a wofi aman ahorow pii so a wɔatumi aba United States wɔ mmɔden kɛse a ahye so awɛmfo no bɔ sɛ wobesiw wɔn ano akyi no mu biako pɛ. Nnipa bɛyɛ sɛ ɔpepem fã kɔ so ara bɛka ho afe biara. Ɛwom sɛ wɔkyere wɔn mu pii na wotwa wɔn asu de, nanso ɔfa kɛse no ara san ba ntɛm ara. Dɛn nti na saa nnipa yi asi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ ɔman a wɔmpɛ wɔn wom no mu saa? Nea ɛma ɛba saa titiriw ne sikasɛm.

Ahɔho a wɔwɔ United States ne Europafo aman binom so no pɛ adwuma ne sika a wobetumi de akɔma wɔn abusuafo a wɔwɔ fie a ahia wɔn no. Afe biara wɔn a wɔwɔ Europa no de Amerika sika dɔla bɛyɛ ɔpepepem 12 kɔ wɔn kurom wɔ Turkey, Portugal ne Yugoslavia, ade a ɛho hia titiriw wɔ aman yi sikasɛm mu. Nanso wɔ a wɔwɔ hɔ no de ɔhaw ahorow reba.

Adwuma Hwehwɛ ho Akansi

Sikasɛm mu nkɔso a ɛmma ntɛmntɛm ne adwuma a wonnya nyɛ a ɛrekɔ soro no rema adwuma a wobenya ayɛ ho ayɛ den kɛse. Wɔ 1950 ne 1970 mfe no ntam hɔ no, Europafo aman pii maa ahɔho bɛyɛ ɔpepem 30 kwan ma wɔbae sɛ ahɔho-adwumayɛfo ma wɔde wɔn ahyehyɛ mmeae horow a adwuma ho kwan wɔ hɔ no a na wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛsan akɔ bere a wonhia wɔn bio no. Nanso pii sii gyinae sɛ wɔbɛtra hɔ na wɔkɔfaa wɔn mmusua bae. Ahɔho bɛyɛ ɔpepem 15 da so ara wɔ saa aman yi mu. Mprempren a sikasɛm ho nhyehyɛe rekɔ fam no, ahɔho pii wɔ hɔ a wɔne ɔmanmma no pere adwuma ho.

Basabasayɛ ahorow akɔ so wɔ Britain wɔ ɔmanfo ne ahɔho a wofi Asia ne West Indies no ntam. Ɔyɛkyerɛ ne basabasayɛ ahorow a wɔde tia ahɔho rekɔ so kɛse wɔ West Germany. Wɔ Stuttgart no, akuw horow a wɔmpɛ Turkeyfo asɛm aka akyerɛ nnwuma akuw horow a Turkeyfo yɛ wɔn adwuma no sɛ, sɛ wɔma wɔkɔ so yɛ saa a wɔn ani bɛbere wɔn so.

Wɔ 1982 ahohuru bere mu no, Semra Ertan a ɔyɛ Turkeyni hɔho no hwiee pɛtrol guu ne ho, hyew ne ho ma owui esiane ne werɛ a na ahow wɔ ɔkwan a Germanfo fa so yɛ wɔn ade wɔ Turkeyfo ho no nti. Ansa na ɔrebewu no, ɔfrɛɛ radio adwumayɛbea bi wɔ telefon so na ɔkae sɛ: “Ɛnsɛ sɛ Germanfo yɛ yɛn sɛ nkraman! Mepɛ sɛ wɔyɛ me sɛ onipa.”

Wɔ France no nitan a emu yɛ den rekɔ so wɔ Algeriafo ahɔho ne wɔn mmusua horow no so. Sweden amia nhyehyɛe a wɔde siw ahɔho a wɔba hɔ ano no mu. Switzerland amia mmɔden a ɔrebɔ sɛ obesiw ahɔho a mmara mma wɔn kwan ano no mu. Wɔ Italy no wɔhwɛ kwan sɛ wɔde asotwe a emu yɛ den bɛma adwumawuranom a wɔfa ahɔho a wonni adansedi nkrataa ahorow no. Enti ahɔho a na wɔpɛ wɔn bere a na saa aman yi sikasɛm renya nkɔso no abɛyɛ nnipa a mprempren wɔmpɛ wɔn.

Wɔ United States nso ɛyɛ asɛm koro no ara​—sɛ ahɔho no repere hwehwɛ nnwuma a ɔman-mma hia no. Nitan ahorow a ɛrekɔ so no pii yɛ nea wɔde tia Indo-Chinafo ne ahɔho a wofi Latin America. Nhwehwɛmu bi a City University of New York sikasɛm ho ɔbenfo bi yɛe no daa no adi sɛ nnwuma afoforo nyinaa a wobuebuei wɔ ɔman no mu wɔ 1970 mfe no awiei mu hɔ no fã yɛ nea ahɔho a mmara ma wɔn kwan ne wɔn a mmara mma wɔn kwan na wɔyɛ. Nhwehwɛmu foforo a wɔyɛe wɔ Houston, Texas nnwumayɛfo 2,000 ho no daa no adi sɛ wɔn mu ɔha biara mu 40 yɛ ahɔho.

Ɔman ne aban mpanyimfo reka sɛ wɔn sikasɛm ho nhyehyɛe no mma wɔn kwan sɛ wɔbɛkɔ so de sika dɔla ɔpepem pii aboa ahɔho wɔ nhomasua, apɔmuden ho nhyehyɛe ne mmoa afoforo a ɛtete saa no mu. Nanso gyinae a United States Asenniibea Kunini no sii wɔ June 1982 mu no kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ ɔman no ma ahɔho a mmara mma wɔn kwan mma no nya nhomasua mu kyɛfa kwa.

Bere a nnipa a wɔwɔ adwuma a ɛhwɛ ahɔho ho nsɛm so kɔɔ nnwuma ahorow pii mu wɔ United States nyinaa wɔ May 1982 mu na wotwaa ahɔho a mmara mma wɔn kwan a wɔyɛ adwuma asu no, na Amerikafo pii a wonnya adwuma nyɛ wɔ hɔ a wɔrehwehwɛ wɔn adwuma no ayɛ. Wɔ adwuma biako mu, faako a nnipa a wɔpam wɔn no maa kwan ahorow 50 bɛdaa hɔ no, na nnipa 1,000 wɔ hɔ a wɔpɛ adwuma no ayɛ. Adwuma hokwan ahorow 60 buei wɔ beae bi a wɔyɛ aduan ho adwuma wɔ Chicago na wɔn nsa kaa nnipa 600 a wɔpɛ saa adwuma no nkrataa. Nanso ɔman-mma no ntaa mpɛ adwuma no, na wogyae.

Wɔ beae bi a wɔyɛn nkokɔ wɔ San Francisco kusuu fam no, wɔkyeree nnipa 18 wɔ hɔ na wotwaa wɔn asu. Nnipa ɔhaha pii na wɔde adwuma ho akwammisa bae. Wɔ dapɛn biako mu no adwumayɛfo 18 foforo a wɔfaa wɔn no mu 14 gyaee. Wɔ beae bi a wɔyɛ nam ho adwuma wɔ Santa Rosa, California no, wɔn a wɔbae sɛ wɔpɛ ahɔho a wɔakyekyere wɔn nnwuma no powee sɛ wɔbɛyɛ ahɔho no nnwuma a ɛne nam a wɔtwerɛtwerɛw ho no.

Wɔ adwumayɛbea bi a wɔyɛ nkongua ne nneɛma a ɛtete saa wɔ Santa Ana, California no, bɛyɛ sɛ adwuma hokwan ahorow 100 na ebuei esiane ahɔho a wɔkyekyeree wɔn no nti. Adwuma no kasa-mafo bi kae sɛ adwumayɛfo a aban adwuma hwehwɛbea ahorow no de wɔn brɛɛ no no ntaa nni da koro mpo. Adwuma no yɛ den na ɛyɛ mfonoe, na ɔman-mma no mpɛ.

Saa ara na na ɛte wɔ California afuw bi a wodua nnuaba wom mu. Wɔn a wobesii ahɔho a wɔapam wɔn no ananmu no pii gyaee da a edi kan no, efisɛ na ɛyɛ adwuma a ne yɛ yɛ den. Wɔkotow wɔn kotodwe anim yɛɛ adwuma da mu no nyinaa.

Ahɔho a Wosisi Wɔn

Ɛyɛ nea ɛtaa ba sɛ adwumawuranom a wɔfa ahɔho a mmara mma wɔn kwan no nya saa hokwan a ɛne suro a ahɔho no suro sɛ wɔbɛpam wɔn no. Mexiconi aberante a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase mu hɔ no yɛɛ adwuma kakraa maa adwumawura bi a akatua a ɔde maa no no bɛyɛ nea ɛba fam koraa a wɔde ma adwumayɛfo no nkyem abiɛsa mu biako, na wamma no biribiara wɔ bere pii a ɔde yɛɛ adwuma bere a wɔapɔn no ho.

Wɔ New York Kurom baabi a wɔfrɛ no Chinatown no, wohui sɛ ahɔho a mmara mma wɔn kwan 60 a wofi Hong Kong reyɛ adwuma wɔ beae bi a wɔyɛ ntade ho adwuma a wogye akatua a ennu nea ɛba fam koraa no nkyem abiɛsa mu biako. Wɔ mmeae horow a wɔyɛ ntade ho adwuma saa ara wɔ Manhattan adwumayɛbea no, wohuu Chinafo, Koreafo ne Cubafo a wɔyɛ adwuma gye akatua a ɛba fam sen saa mpo.

Wɔn a wodua nnuaba ne ade a wɔfa ahɔho a mmara mma wɔn kwan no kyerɛ sɛ wɔma wɔn akatua a ɛsɛ, nanso wɔtaa tua sika no ma nnipa a wɔhwehwɛ adwumayɛfo ma mfuwuranom yi no. Mpɛn pii saa nnipa yi, a wɔn ankasa nso yɛ ahɔho no, tew sika kɛse fi akatua no mu ma ɛka kakraa bi ma adwumayɛfo a wɔyɛɛ adwumaden no.

Esiane sɛ ɛyɛ wɔn pɛ sɛ wɔbɛyɛ adwuma agye akatua a ɛba fam kɛse sen ɔman-mma no nti, ahɔho no tumi ma adwuma a ɛreyɛ agu no san yɛ yiye. Esiane sɛ ɛda adi sɛ ɛnyɛ wɔn a anka nnwuma ahorow yi begu nti, ɛnyɛ sɛ wɔne ɔman-mma a wɔpɛ akatua a ɛkɔ soro no repere adwuma ho, na mmom wɔrema nnwuma hokwan ahorow abue ankasa wɔ nnwuma horow a wonya mfaso fi saa nnwuma a wɔyɛ adwuma wɔ mu yi mu no mu.

Mmɔden a Wɔbɔ sɛ Wobesiw Ɔhaw no Ano

Europafo aman horow no bɛpɛ sɛ wohu sɛ ahɔho a wɔmpɛ wɔn no asan kɔ wɔn aman so, na wɔrehyɛ wɔn ma wɔayɛ saa. France fii nhyehyɛe bi ase mpo sɛ wɔbɛboa ahɔho a wɔrekɔ no, na ɔmaa abusua bi a emufo yɛ baanan Amerika sika dɔla 4,500 na wɔsan tuaa wɔn wimhyɛn ka maa wɔn. Nanso ɛnyɛ wɔn mu pii na agye eyi so sɛ wɔbɛkɔ, na enti tebea a emu yɛ den kɛse refi ase.

Wɔ United States no, aban no reyɛ mmara foforo a wɔde bɛsakra ahɔho mmara horow no mu. Ɛde ahɔho a mmara mma wɔn kwan ɔpepem pii no bɔne firi wɔn, na ɛma wɔn kwan ma wogye nkrataa ne nneɛma afoforo a mmara hwehwɛ. Wɔ ɔkwan foforo so no, ama nnipa a wɔyɛ adwuma wɔ dwumadibea a wɔhwɛ ahɔho ho nsɛm so no ne wɔn sikasɛm adɔɔso, na wɔwɔ anidaso sɛ eyi bɛma ayɛ den kɛse ama ahɔho sɛ wɔbɛba ɔman no mu. Bio nso ɛma ɛyɛ den kɛse ma ahɔho a mmara mma wɔn kwan no sɛ wobenya adwuma, na mpo wɔbɔ adwumawuranom a wonim na wɔboapa fa wɔn no ka, na wɔde wɔn gu afiase mpo. Ɛdenam mmara yi so no, aban no wɔ anidaso sɛ wobetumi ama ahɔho a mmara mma wɔn kwan a wɔba hɔ no ano abrɛ ase.

Akyinnye biara nni ho sɛ gyinae a wosii sɛ wɔbɛma wɔn a wɔredu nneɛma ahorow a wɔrehwehwɛ na ama wɔafata sɛ wɔtra hɔ ho no nsa aka nkrataa a mmara hwehwɛ no yɛ hu a worentumi nhu ahɔho a mmara mma wɔn kwan ɔpepem pii a wɔte ɔman no mu dedaw no na wɔatwa wɔn asu no nti. Nanso ma a wɔbɛma wɔayɛ nnipa a mmara ma wɔn kwan sɛ wɔtra hɔ no de ɔhaw foforo ba. Ahɔho ho nsɛm adwumayɛbea no benya adwuma kɛse foforo a ɛne nnipa yi a wɔbɛma wɔn adansedi krataa a ɛkyerɛ sɛ wɔfata sɛ wɔtra hɔ, bere a wɔwɔ nnwuma pii wɔ hɔ a wontumi nyɛ no. Wɔaka akyi mfirihyia pii wɔ nnipa a mmara ma kwan sɛ wɔtra hɔ no akwammisa nkrataa ho dwumadi mu. Ahɔho ho nsɛm dwumadibea no ɔmantam kwankyerɛfo a ɔwɔ San Francisco no kae sɛ: “Yɛwɔ adwuma pii wɔ hɔ, nneɛma aka akyi dodo. Kɔ ara na yɛkɔ so ka akyi.”

United States ne Europa aman horow no rentumi nto afasu te sɛ nea ɛwɔ Berlin no mfa nsiw ahɔho a wɔmpɛ wɔn no kwan. Na wɔ ahye so awɛmfo a wɔyɛ den no akyi mpo no, anidaso a emu yɛ den biara nni hɔ sɛ United States betumi asiw ahɔho a mmara mma wɔn kwan a wɔba hɔ a wɔn dodow rekɔ anim esiane sikasɛm mu ahokyere a emu kɔ so yɛ den ne amammuisɛm mu ntawntawdi ahorow a ɛwɔ Latin America nti no ano.

Ɔhaw no ano aduru koro pɛ a ɛwɔ hɔ ne nsakrae koraa wɔ wiase no nyinaa sikasɛm ne amammui nhyehyɛe horow a ɛma nnipa pii ho yeraw wɔn na woguan fi wɔn aman mu no mu. Mmɔden ahorow nyinaa a onipa abɔ sɛ ɔbɛyɛ nsakrae horow yi no kowie huammɔdi a ɛyɛ awerɛhow mu. Sɛ́ ɔbɛma wɔanya wiase a biakoyɛ, asomdwoe ne ahotɔ kɔ so kɛse wom mmom no, nea emu apaapae wɔ amammui mu na ne sikasɛm hinhim na ɔreyɛ.

Bere a onipa nni ɔhaw a ɛne ahɔho a wɔmpɛ wɔn ano aduru no, Onyankopɔn wɔ ano aduru. Ne wiase nyinaa nniso a wahyɛ ho bɔ fi bere tenten no betumi de nsakrae horow a ɛho hia no aba. Wɔ ne nniso no ase no, wɔrempaapae adesamma mu nyɛ wɔn nniso ahorow pii a nnipa na ahyehyɛ a ɛne ne ho di akameakame na mmom ɛbɛka wɔn abom wɔ nniso biako a ɛyɛ pɛ na ɛteɛ a efi soro no ase. Wɔaka ahotɔ a ɛde bɛba no ho asɛm wɔ Bible mu nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mika 4:3, 4 no mu a ese: “Ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio. Na wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔmma ase, na obi renyi wɔn hu.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena