Amamfrafo—Ɔkwan Bɛn So Na Wubetumi Aboa Wɔn
SƐNKYERƐWFO Günter Wallraff yɛɛ ne ho sɛ Turkeyni dwumayeni, na ɔyɛɛ adwuma wɔ Germanfo nnade adwuma bi mu. Bere a ɔdaa nea ohui wɔ nea wɔde yɛ adwumayɛfo a wɔyɛ ahɔho ho adi no, ɔmanfo ho dwiriw wɔn na ɛhyɛɛ wɔn abufuw. Ɔkyerɛw nyiyim kɛse ne adwemmɔne a wɔde buu adwumayɛfo a wɔyɛ ahɔho no ho nsɛm mmiako mmiako. Sɛ nhwɛso no, ohui sɛ wɔrehyɛ Turkeyfo adwumayɛfo sɛ wɔnkɔyɛ adwuma wɔ beae bi a ɛhɔ yɛ hu, bere a asiane mmɛn rebɔ na kɔkɔbɔ akanea retwa nyinamnyinam no nyinaa akyi. Bere a ehu kaa ɔbarima biako na ɔpɛe sɛ ofi beae hɔ no, wohunahunaa no sɛ wobeyi no adi.
Wallraff osuahu ahorow no da tebea a atubrafo hyia no adi pefee. Bere a ɔmamma a wɔwɔ mmɔborohunu no hu nsɛnnennen a ahɔho rehyia no yiye no, wɔn mu pii dwen nea wobetumi ayɛ de aboa ɔmamfrafo no ne n’abusua ho.
Momfa Yɛn Sɛnea Yɛte Yi Ara
Nnya afoforo ho adwemmɔne. Biribiara nni hɔ a ɛma ɔman ba ne ɔmamfrani nya wɔn ho wɔn ho adwene a ɛnteɛ, na wonya wɔn ho koma ntɛmntɛm sɛ nnipa afoforo ho adwemmɔne. Wɔ Tribal Life Today mu no, ɔkyerɛwfo Ben Levitas kae sɛ: “[Amammerɛ] kyinkyim yɛn adwene wɔ sɛnea nnipa afoforo yɛ nneɛma no ho, titiriw bere a ɛsono wɔn akwan . . . wɔ nea yegye tom sɛ eye ho no.” Ɔka sɛ saa nsonsonoe yi “taa ma yɛkasa tia akwan a afoforo fa so yɛ wɔn ade no.” Helen, Koreani otubrani bi a ɔte Canada kae da bi a ne kyerɛkyerɛfo de abufuw teɛteɛɛm guu no sɛ wanyɛ adwuma bi a na waka akyerɛ ɔne ne mfɛfo sukuufo sɛ wɔ nyɛ no. Helen a ɔhaw yiye saa bere no se: “Wanhu sɛ mante n’asɛm no ase.”
Aman afoforo so nnipa nneyɛe ase a wɔnte ne wɔn ho adwene a wɔadi kan anya no gyina atesɛm so na ɛnyɛ nokwasɛm so. Wɔ wɔn nhoma Cross-Cultural Learning & Self Growth mu no, nhoma akyerɛwfo Mildred Sikkema ne Agnes Niyekawa-Howard ka Amerikani kyerɛkyerɛfo bi a ɔyɛɛ ne sukuufo afoforo a wɔyɛ ahɔho no sɔhwɛ denam aseresɛm bi a ɔka kyerɛ no so ho asɛm. Afei ɔhwɛ nea wɔbɛyɛ wɔ ho. Sɛ sukuufo no anserew a, ɔma wɔkɔ beae a wosua Engiresi kasa ntɛm ara. Nhoma akyerɛwfo no ka sɛ: “Ɛte sɛ nea [ɔkyerɛkyerɛfo no] ntumi nhu sɛ ehia sɛ wohu Amerikafo amammerɛ ne wɔn kasa ansa na wɔate Amerikafo aseresɛm ase . . . Ebia [afoforo] bebu nea ɔman bi mu nnipa bu no aseresɛm no sɛ asɛm a ɛmfra.” Nneɛma a ɛte sɛɛ a ɔman no mufo de adwempa yɛ no kyerɛ sɛ wɔnna nhumu adi wɔ nea wɔde yɛ ahɔho no mu.
Sɛ wugye ɔmamfrani no tom sɛnea ɔte, a ɛnyɛ adwemmɔne na wɔde yɛ saa a, n’ani bɛsɔ wo wɔ ho. Adeyɛ yi ne nnyinasosɛm a ɛde akwankyerɛ ma a Yesu daa no adi yi hyia: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Luka 10:27) Yasushi Higashisawa, mmaranimfo bi a ɔwɔ Tokyo, Japan, a ɔne amamfrafo bɔ kɛse no kamfo kyerɛ sɛ “aman afoforo mu nnipa a wɔne wɔn bɔ kɛse no ne afoforo ho adwemmɔne ano aduru a eye sen biara.” Saa nkitahodi yi ma wotumi boa ɔmamfrafo no wɔ akwan afoforo pii so nso.
Mmoa Pa
Nneɛma bebree na ɔhɔho no pɛ sɛ ohu wɔ ne man foforo no ho—sɛnea obenya dabere, asua ɛhɔ kasa, anya sukuu mu kwan ama ne mma, na ɔde akwahosan ne asetra mu nneɛma adi dwuma. Wubetumi ayi no afi ɔhaw ne ɔbrɛ pii a ɛho nhia mu denam nea wunim a wobɛka akyerɛ no no so.
Sɛ nhwɛso no, so wubetumi aboa ɔhɔho no ma wɔahu adwuma anaa ahyehyɛde ahorow a ɛbɛboa no ma wasua ɛhɔ kasa ne amammerɛ? Anaasɛ so wobetumi aka ɔmamfrani a ɔyɛ ɔbea ho ma wakodi ne gua kakra a edi kan na woaboa no ma wahu nnuan ne ofie nneɛma ahorow? Na afotu a wode bɛma amamfrafo abusua bi a wɔredi wɔn asetra a wɔbɛma ɛne ɔman no mu mmara ahyia ho dwuma a ɛyɛ den ho dwuma, adwuma hwehwɛ, towtua nkrataa hyehyɛ ne nea ɛtete saa no nso ɛ?—Hwɛ ase hɔ asɛm a ɛwɔ adaka mu no.
Obi a Wɔde Ho Bɛto No So
Ɛyɛ papa bere nyinaa sɛ wubebisa wo ho sɛ: Sɛ anka mewɔ ɔman foforo bi mu a, anka mɛpɛ sɛ wɔne me di nsɛm dɛn? Yesu kae wɔ Mmara Pa a agye din no mu sɛ: “Ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Sɛ wɔwɔ adamfo a wɔde ho to no so wɔ tebea a emu yɛ den a wɔrefa mu, a ɛne nsakrae a wɔbɛyɛ no a, ɛyɛ mmoa a amamfrafo pii ani bɛsɔ. Ahɔhoyɛ su a ɛte sɛɛ a ɔmanfo yi no adi ma wɔn nyinaa nya mu mfaso pii. Bible nnyinasosɛm foforo nso ka sɛ: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.”—Asomafo no Nnwuma 20:35.
Sɛ woyɛ Yehowa Adansefo mu biako a, akyɛde pa a ɛsen biara a wubetumi de ama ɔmamfrani bi ne onuayɛ a biakoyɛ wom ho anidaso. Nokwarem no, ɛkame ayɛ sɛ wubetumi anya nhoma bi a ɛma denhyɛ a wo ne no bɛbom asua wɔ ne man mu kasa mu.
Nokwarem no, ɔman foforo so a wotu kɔtra ma ɛyɛ yiye no ho asɛyɛde gyina ɔmamfrafo no so titiriw. Nanso sɛ wudi kan susuw nneɛma ho kakra a, pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de aboa no ma n’ani aka hɔ, na wonam saayɛ so ma ɛhɔ a watu abɛtra no anyɛ ɔhaw kɛse, na ayɛ nea ɛma akomatɔyam mpo.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]
“Yɛfa no sɛ ɔman foforo mu nnipa . . . hu ade, te nka, na wodwen sɛnea yedwen no. . . . Ntease a yenni no mu fã kɛse no ara gyina fa a yɛfa no sɛ wɔyɛ nea yɛn ankasa yɛyɛ no wɔ baabiara.”—Cross-Cultural Learning & Self-Growth
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]
Bere a sukuuni bi kodii nna bi wɔ Guam supɔw no so akyi no, ɔkae sɛ: ‘Manya ɔkwan foforo anaa soronko a wɔfa so yɛ nneɛma ho koma kɛse.’—Cross-Cultural Learning & Self-Growth
[Kratafa 21 adaka]
Wubetumi aboa ɔmamfrani no ma . . .
▶ wɔatumi atra denam ofipamfo a ɔwɔ ahɔhoyɛ su a wobɛyɛ no so
▶ ɔne aban nnipa adi nsɛm bere a ɔrema n’asetra ne mmara ahyia noa
▶ wɔahyehyɛ ne towtua nkrataab
▶ wakohu ahyehyɛde ahorow a wɔkyerɛ ɔman no kasa ne amammerɛ
▶ wanya dabere
▶ ɔde ayaresa ne asetra mu nneɛma adi dwuma
▶ wanya sukuu mu kwan ama ne mma
▶ watotɔ nneɛma a ohia wɔ bo a ɛfata so
▶ wanya adwuma ayɛ
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔ aman bi te sɛ Germany mu no, wɔwɔ mmara a emu yɛ den wɔ obi a ɔfata sɛ ɔde afotu ma wɔ mmara, akwantu, ne tow nsɛm ho. Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ eyinom ansa na wɔde mmoa bi ama amamfrafo bi wɔ wɔn gyinabea wɔ mmara mu ho.
b Wɔ aman bi te sɛ Germany mu no, wɔwɔ mmara a emu yɛ den wɔ obi a ɔfata sɛ ɔde afotu ma wɔ mmara, akwantu, ne tow nsɛm ho. Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ eyinom ansa na wɔde mmoa bi ama amamfrafo bi wɔ wɔn gyinabea wɔ mmara mu ho.