Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 8/8 kr. 17-21
  • Wɔamma Mmonnaatofo Kwan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔamma Mmonnaatofo Kwan
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Obu Ma No
  • Ho Kwan a Obi Remma Wɔ Ne Fi
  • Ma a Woremma Ho Kwan Bere a Wowɔ Abɔnten
  • Wo Ho a Wubesiesie sɛ Woremma Ho Kwan
  • Sɛnea Wogyina Mmonnaato Ano
    Nyan!—1993
  • Nea Mmonnaato Yɛ Ankasa
    Nyan!—1993
  • Sɛnea Wosiw Mmonnaato Ano
    Nyan!—1993
  • Mmonaato—Nea Ɔkenkanee Bɔɔ Ne Ho Ban
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 8/8 kr. 17-21

Wɔamma Mmonnaatofo Kwan

MPƐN pii mmonnaatofo bɔ mmɔden sɛ wobenya ɔbea wɔ baabi a atew ne ho a nnipa nni hɔ. Ɛtɔ bere bi a akode kura wɔn, na wɔka sɛ sɛ onipa no ampene a wɔde bepira no. So ɛsɛ sɛ Kristoni yɛ komm na ɔpene so? Dabi, eyi yɛ soronko wɔ bere a ɔbarima bi pɛ sɛ ogye wo sika anaasɛ honam fam nneɛma afoforo no ho. Wɔ nyansa mu no, ɔbea de eyinom bɛma no. Nanso mmonnaatofo no pɛ sɛ onipa no bɔ aguaman de to Onyankopɔn mmara. Wɔ tebea horow a ɛtete sɛɛ mu no, ɛho hia sɛ Kristoni ko tia no.​—1 Korintofo 6:18.

Ebia obi bebisa sɛ, ‘Nanso so pene a obi rempene so renyɛ nea asiane wom?’ Yiw ebetumi aba saa. Nanso ɛbɛyɛ nea asiane kɛse wom nso sɛ wobɛpene so, sɛnea obi a ɔkyerɛ sɛnea obi bɛbɔ ne ho ban wɔ mmonnaato ho ka no: “Obetumi akum wo bere a wayɛ saa awie no sɛnea ɛbɛyɛ a worenkyerɛ n’akyi kwan.”

Nsɛm a ɔbea bi a ogyina mmea ananmu wɔ mmonnaato ho nsɛm mu kae no yɛ nea ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no nsow yiye. Ɔkae sɛ: “Ɛmfa ho sɛ anansesɛm ahorow ka mmarima basabasayɛ ne ka a wɔka sɛ ɛyɛ ahobammɔ sɛ wɔbɛpene so ho asɛm, nanso adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ pene a obi mpene so na ɔbɔ mmɔden sɛ obeguan no ama mmonnaatofo no bo afuw ma wadi awu.” Osuahu a edi so yi yɛ eyi ho nhwɛso.

Na mmabaa baanu wɔ baabi a wɔhoro ade bere a ɔbarima bi baa hɔ, ɔde tuo kyerɛɛ wɔn so de wɔn kɔɔ ɔdan bi mu wɔ ofi no akyi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonyi wɔn ntade ngu hɔ. Wɔampene, na wɔbɔɔ mpae denneennen srɛɛ Yehowa mmoa. Awiei koraa no, wɔka kyerɛɛ ɔbarima a okura tuo a wayɛ basaa no sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo, na nea ɔpɛ sɛ wɔyɛ no ne wɔn nyamesom mu gyidi nhyia; na sɛ ɔbɛtow wɔn tuo mpo a wɔrenyɛ saa. Nea efii mu bae? Ɔbarima a okura tuo a wayɛ basaa no guanee.

Fa Obu Ma No

Ɛsɛ sɛ nea wɔpɛ sɛ wɔto no mmonnaa no kae sɛ mmonnaatofo no yɛ onipa. Akyinnye biara nni ho sɛ n’asetra mu nsɛm bi na ama wanya su a ɔwom no. Enti ɛwom sɛ ɛnsɛ sɛ ɔbea bi ma ehu ka no na ɔma mmonnaatofo no kwan de, nanso bere koro no ara mu no, ɛsɛ sɛ ɔne no di wɔ nyansam sɛ ne yɔnko nipa. Ɔbea bi a na ɔte abansoro bi so wɔ New York City kyerɛw sɛ:

“Mpɛn pii mehwɛ yiye bere a merekɔ akɔtra afiri bi a ɛte sɛ ɔdan a wɔde foro abansoro no mu no. Sɛnea meyɛ daa no, mehwehwɛɛ eyi mu ansa na merehyɛn mu, na na obiara nni mu. Nanso, ansa na ɔpon no mu bɛtow koraa no, ɔbarima kɛse bi soo ɔpon no mu buei na ɔbɛkaa me ho wɔ mu. Bere a ɔrehyɛn mu no ɔtow beer asia a ɛhyɛ adaka mu maa me, na mesɔwee. Na m’ani nna me ho so.

“Bere a ɔpon no mu towee no, ɔdanee n’akyi kyerɛɛ me kɔyɛɛ n’atade a ɛhyɛ ase no ho biribi. Afei ɔdanee n’anim kyerɛɛ me. Manhwɛ n’atade a ɛhyɛ ase no na mmom mehwɛɛ n’anim. Metow ne beer asia a na ɛhyɛ adaka mu no maa no, na mekae sɛ ‘Gye wo beer’.

“Ansa na obetumi ayɛ biribi wɔ saa bere yi mu no, mifii ase kasae. Mekae sɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako na merekɔ abansoro a ɛto so 18 no so ne abusua bi a wɔretwɛn me akɔyɛ Bible adesua. Mekɔɔ so kasae, na mekaa yɛn Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a yɛyɛ no ho asɛm kyerɛɛ no. Afei na yɛrebɛn abansoro a ɛto so 13 no, na bere a migu so rekasa no mannyɛ biribi ankyerɛ sɛ misuro, mehwɛɛ n’anim tẽe. Afei aseresɛm bi sii. Ofii ase kae sɛ n’ani gye Bible no ho na ofi Kesee Fam na n’abusua dɔ Onyankopɔn nso.

“Afei, na yɛadu abansoro a ɛto so 13 no so, obuee ɔpon no ma mipue fii mu. Ɔsrɛɛ me sɛ minkyia ne nsam. Meyɛ saa, na ɔbɔɔ me nsa kyenee. Afei ɔkae sɛ ɔpɛ sɛ ɔda m’ase efisɛ me ne oburoni bea a odi kan a wammu no animtiaa, na mifi ɔdɔ mu ne no kasae. Afei ɔkraa me na ɔkae sɛ ensi me yiye wɔ me Bible adesua no yɛ mu.”

Ho Kwan a Obi Remma Wɔ Ne Fi

Mmonnaato a esi wɔ obi ankasa fi betumi ama wahaw yiye, efisɛ nneɛma a atwa ne ho ahyia no bɛma wakae nea esii no bere nyinaa. Enti hwɛ papa a ɛbɛyɛ sɛ obi remma ho kwan! Ɛna bi a otumi kwatii mmonnaa a anka wɔreto no wɔ n’ankasa fi wɔ Detroit, Michigan no, ka ɔkwan a ɔfaa so ho asɛm.

“Na ɛyɛ 5:30 a.m. bere a obi nan ase nnyigyei nyanee me no. Nea edi kan no na minnim faako a efi reba. Mehwɛɛ me watch na mihuu sɛ bere nnui koraa sɛ me babea panyin no besiesie ne ho akɔ sukuu. Me kunu yɛ odwontofo a otu kwan bere nyinaa, na na onni hɔ. Na meda ɔdan a ɛwɔ abansoro no ase no mu.

Esiane sɛ na minim sɛ obiara nni abansoro no so nti, misusuwii sɛ nnyigyei no fi abranaa no anim. Enti mesɔɔ abrannaa no so kanea no. Mpofirim ara metee nan ase nnyigyei no sɛ efi atrapoe no so reba, na bere a medanee me ho no na ɔbarima bi gyina hɔ.

“Esiane sɛ na ɔbarima no de ne nsa ahyɛ ne soro atade no kotoku mu te sɛ nea okura tuo nti, mekae sɛ, ‘Sɛ worebekum me a, kum me.’ Ɔkae sɛ okura tuo, na sɛ manyɛ nea ɔbɛka sɛ menyɛ no a, obekum me. Ɔka kyerɛɛ me sɛ: minnum kanea no nyinaa na mentra akongua kɛse no mu. Ɔkae sɛ, obekum me sɛ mamma ɔne me anna a. Afei ofii ase piapiaa me kɔɔ akongua kɛse no ho, enti mefaa asɛm a ɛwɔ Mateo 16:26 no kae, a ese: ‘Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya? Anaasɛ dɛn na onipa de bɛma de asesa ne kra?’

“Ɔbarima no gyaee na obisaa nea kyerɛwsɛm no kyerɛ. Enti mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ, sɛ mamma no kwan na midi nokware ma me Nyankopɔn ne me kunu, na saa nokwaredi yi nti okum me a, mewɔ anidaso sɛ menya owusɔre wɔ Paradise asase no so ne daa nkwa. Nanso sɛ mema ho kwan na ɔne me da a, awiei koraa no mewu a minni owusɔre ho anidaso biara.

“Mmonnaatofo no hui sɛ ɔrentumi nnaadaa me mma mempene so mma ɔne me nna, enti ofii ase sɛ obeso m’atade mu atwe. Mekaee kyerɛwsɛm a ɛwɔ Deuteronomium ti 22 a ɛka sɛ, sɛ wɔtoa wo kurow no mu na woanteɛm a wobebu no sɛ ɛte sɛnea woapene so no. Afei mekaa no denneennen sɛ, ‘Gyae! Dabi! Nyɛ saa! Owura, fi me fi kɔ!’

“Na minim sɛ ɛnyɛ sɔ nko na eyi bɛsɔ Yehowa ani, na mmom ɛbɛma me mma no ahu sɛ ɛnyɛ TV so nkɔmmɔbɔ bi na mmom ɔbarima bi a wabɛtoa wɔn nã. Afei nso mefrɛɛ no ‘owura’ sɛnea wobehu sɛ minnim no. Ɔbarima no ka kyerɛɛ me sɛ menka m’ano ntom, nanso mekae sɛ bere biara a obeso me mu no mɛteɛm.

“Ɔbarima no twiw bɛn me bio na mifii ase bɔɔ mpae denneennen sɛ, ‘O Yehowa boa me!’ Ogyinae na obisaa me sɛ hena na merekasa akyerɛ no no. Enti mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din, na Onyankopɔn wɔ din sɛnea ɔno nso wɔ bi no.

“Sɛnea ɔbɛma masuro no, ɔbarima no bisae sɛ so m’akenkan mmusua a wokunkum emufo nyinaa na akyiri yi wohuu wɔn no ho asɛm. Ɔkae sɛ saa na ɔde bɛyɛ me ne me mma no, sɛ mamma no kwan ma anyɛ yiye koraa no ɔde ne nsa agoru me nipadua no fã baabi a. Nanso mampene eyi nso so. Ɔbarima no kɔɔ so hunahunaa me, na bere biara a mesusuw ho sɛ ‘O Yehowa dɛn na metumi ayɛ no?’ na ɛho kyerɛwsɛm ne nea metumi ayɛ aba m’adwene mu.

“Wɔ bɛyɛ simma 20 kosi 30 akyi no, ɔbarima no hui sɛ ɔrentumi ne me nna. Enti ɔkae sɛ: ‘Wo mma no mu biara adi mfe ahe?’ Mibuae sɛ, ‘14, 12, 8, 5, ne 4.’

“Ɔkae sɛ, ‘Sɛ woamma me ne wo anna a me ne wo babea a wadi mfe 14 no bɛda.’

“Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ ohui sɛ nea wadi mfe 14 no yɛ ɔbea. Mibuae sɛ, ‘Ɔno nso yɛ Kristoni, na ɔremma wo ne no nna.’ Afei ɔkae sɛ obekum yɛn nyinaa, na ɔde n’ani kyerɛ adan a me mma no deda mu no mu. Bio nso, sɛnea ɛyɛe a ohuu faako a adan a wɔdeda mu no wɔ no ma ne ho dwiriw me. Bere a mebɔɔ mmɔden sɛ medi n’akyi no, ɔsan n’akyi baa asa no so a n’anim asakra. Ɔsan me ho na ɔkae sɛ ‘Bue ɔpon a ɛkɔ abɔnten no.’

“Mekae sɛ, ‘sɛ wuso ɔpon no mu a ebebue.’ Opuei, na bere a ɔkɔe no metoo ɔpon no mu na mede nkɔnsɔnkɔnsɔn no hyɛɛ mu.

“Ntɛm ara mekɔɔ adan a me mma no deda mu no mu, na mihuu nea enti a ɔkɔɔ ɔpon a epue abɔnten no ano no. Ná wonni hɔ. Nnawɔtwe a etwaam no, na mahwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wokyerɛ wo mma akwan ahorow a ɛsɛ sɛ wɔfa so guan fi fie bere a asiane ato mo no wɔ TV so. Me ne me mma no kasae na meka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔkwan a eye a wɔfa so a biribiara renyɛ wɔn ne sɛ wɔbɛfa pia a ɛwɔ atifi hɔ no mfɛnsere no mu afi fie hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ ofi a edi hɔ no mu akɔhwehwɛ mmoa. Esiane sɛ mmofra no tiee nea mekae no nti, wɔkɔɔ ofie a edi hɔ no mu a biribiara anyɛ wɔn.

“Ankyɛ na polisifo kar abien bae, biako yɛ nea me na mefrɛɛ wɔn wɔ telefon so na foforo no nso yɛ m’afipamfo no na wɔfrɛɛ wɔn. Polisifo no kae sɛ, ɛnyɛ wɔn nwonwa sɛ wɔfrɛɛ wɔn anɔpa no bɔɔ wɔn mmonnaato ho amanneɛ. Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, bɛyɛ asram pii ni no, mmonnaato pii akɔ so wɔ mpɔtam hɔ wɔ dɔn yi ara mu. Wɔkaa mmonnaatofo yi ho asɛm mpo sɛ ‘obi a wɔrehwehwɛ no!’

“Polisifo no ho dwiriw wɔn bere a meka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔne me anna na wanwia me biribiara no. Wɔkae sɛ obi bɛba abehu me. Da no ara wɔkae sɛ memmra polisifo atrae hɔ mmɛkyerɛ onipa no wɔ nnipa bi a wɔde wɔn agyina hɔ mu. Ɛyɛɛ huammɔdi kɛse efisɛ na onipa no ankasa nka ho.

“Ade kyee no wɔfrɛɛ me wɔ telefon so wɔ adwuma mu sɛ memmra bio mmɛkyerɛ onipa no wɔ nnipa bi a wɔakyere wɔn mu. Saa bere yi de, bere a miduu ɔdan no mu hɔ ara pɛ na mihuu no, na ɛka kakraa anka mehwee fam . . . wɔka kyerɛɛ me sɛ fi bere a woyii no fii afiase asram awotwe a atwam no, anyɛ yiye koraa no, wato mmea 13 mmonnaa wɔ me mpɔtam hɔ a, polisini bea bi a na okura tuo ka ho. Polisifo no kae sɛ, sɛnea me gyidi te biara no, ɛno na aboa me ma manyɛ nea ɔto so 14 no.”

Ma a Woremma Ho Kwan Bere a Wowɔ Abɔnten

Nokwarem no, ɛyɛ ade a ɛyɛ hu sɛ wubehyia obi a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wo ne wo da. Sɛ obiara nni hɔ na ɔbarima no kura akode a, ɛyɛ hu yiye. Nanso, sɛ́ anka ahunahuna no bɛma wɔasuro na woama no kwan no, ɔkwan pa a Kyerɛwnsɛm no ka ho asɛm ne sɛ woremma no kwan. Saa a wɔyɛ no ada adi mpɛn pii sɛ ɛno ne ɔkwan pa. Yehowa Adansefo mu biako a ɔte baabi a ɛmmɛn kurom bɔ amanneɛ sɛ: “Bere a makoyi me nkrataa a aba wɔ Post Office reba no, ɔbarima bi a wasiesie ne ho wɔ ɔkwan bi so a ɛremma minhu no tuu mmirika dii m’akyi a okura sekan. Osoo me mu bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛtwe me akɔ nnwura no mu. Meteɛɛm ansa na ɔde me reto fam. Ɔkataa m’ano nanso mekɔɔ so frɛɛ Yehowa, bɔɔ no mpae sɛ ɔmma me ahoɔden. Ɔbarima no de sekan no kyerɛɛ me, na ɔkae sɛ, sɛ manyɛ komm a obepira me. Mebɔɔ ne nsa ne sekan no nyinaa kyenee. Ɔde sekan no too hɔ, na ofii ase twee me. Mekaa ne nsateaa, na ɔbɔɔ me ti ho twɛre.

“Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ɔrenyɛ me hwee, sɛ meyɛ komm na me ne no kɔ a. Meteɛm sɛ, ‘Dabi!’ Na mabɔ me tirim sɛ meguan anaasɛ mewu wɔ ɔkwan no mu, na ɛnyɛ nnwura no mu. Enti mebɔɔ n’ani so. Eyi maa ne ho dwiriw no. Ɔsan bɔɔ m’asom. Mehwee ase nanso mede me nan pempem no anibere so sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremmɛn me.

“Mitumi sɔree na miguan faa ɔkwan a ɛkɔ afie a ɛwowɔ hɔ no so. Mehwɛɛ m’akyi na mihui sɛ ɔreguan ahyɛ nnwura a ɛwɔ me fi nkyɛn hɔ no mu. Mituu mmirika kɔɔ ofie a ɛbɛn no mu. Wɔfrɛɛ polisifo. Bebree ba betwaa hɔ hyiae na wɔkyeree mmonnaatofo no. Ɔkaa nea wayɛ nyinaa enti ɛho anhia sɛ mekyerɛ wɔn sɛ ɛyɛ ɔno.”

Wo Ho a Wubesiesie sɛ Woremma Ho Kwan

Wɔ ɔbea fam no, ebia biribiara nni hɔ a ɛyɛ hu anaasɛ ɛbɛma wahaw pii sen mmonnaa a wɔbɛto no. Ebia ɔrempɛ sɛ obesusuw ho mpo. Nanso mmonnaato yɛ biribi a esi wɔ asetra mu ankasa. Bible no mpo ka mmonnaato ahorow a esisii mfe mpempem a atwam ni no ho asɛm.​—Genesis 19:4-11; 34:17; Atemmufo 19:22-27; 2 Samuel 13:1-14.

Nanso, wɔ saa mmere a emu yɛ den yi mu no, mmonnaato abɛyɛ biribi a esi da biara wɔ nkurow akɛse ne nketewa pii mu. Wɔ nokwarem no, American Medical News, February 4, 1983, de no kae sɛ: “Ebia saa ɔman yi mu mmea baasia mu biako biara bɛba abɛyɛ obi a wɔato no mmonnaa, ade a wɔaka ho asɛm sɛ ɔman yi nsɛmmɔnedi a ɛrekɔ so ntɛmntɛm sen biara no.

Enti sɛ́ anka obebu n’ani agu mmonnaa a obi betumi ato no no so no, ɛyɛ nea nyansa wom ma ɔbea sɛ obedi kan asusuw nea ɔbɛyɛ ho, sɛ ɛba sɛ mmonnaatofo bi rehunahuna no a. Ɛsɛ sɛ osiesie ne ho yiye sɛ ɔremma ho kwan. Detroit Polisifo Panyin James Bannon kae sɛ “Adwene a wokura a ɛkyerɛ sɛ ɔbea a ɔremma ho kwan no yɛ obi a wobetumi apira no anaasɛ wobekum no no yɛ mmerewa anansesɛm. Wonni eyi ho adanse biara.”

Wɔ tete Israel no, na Onyankopɔn mmara hwehwɛ sɛ ɔbea a ohyia obi a ɔpɛ sɛ ɔkyere no ne no da no teɛm de kyerɛ sɛ ɔmma ho kwan. (Deuteronomium 22:23-27) Eyi yɛ nyansa kwan. Sɛnea West Yorkshire Crime Prevention Bureau a ɛwɔ England Panyin Keith Kilbride kyerɛ no, “sɛ wɔtow hyɛ ɔbea bi so a, n’akode a eye sen biara da so ara yɛ n’ahrawa.”

Sɛ wopɛ mmoa foforo a ɛbɛma woatumi abɔ wo ho ban wɔ mmonnaato a ɛrekɔ so no ho a, wubetumi akenkan nsɛm a ɛte sɛɛ a epuei wɔ July 8, 1980 Engiresi Nyan! mu, ne October 15, 1980, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu no. Wotintim saa nsɛm no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa ma wɔakwati mmonnaato. Bio nso, ɔbea betumi ne ne kunu, n’agya anaasɛ n’adamfo a ɔwɔ ne mu ahotoso abɔ ho nkɔmmɔ ma wanya akwan horow a ɔbɛfa so abɔ ne ho ban no ho afotu pii. Na abarimaa betumi ne n’awofo abɔ ho nkɔmmɔ. Nea ɛka ho bio no, osuahu ahorow a wɔde ama wɔ ha no betumi aboa wo ma woatumi asiw mmonnaatofo kwan, sɛ biribi a ɛte saa to wo da bi a.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]

“Sɛ wɔtow hyɛ ɔbea so a, n’akode a ɛsen biara da so ara yɛ n’ahrawa!”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena