Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 5/8 kr. 6-8
  • Sɛnea Wosiw Mmonnaato Ano

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wosiw Mmonnaato Ano
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛ Ade Ntɛm So
  • Ko Tia No
  • Sɛnea Wogyina Mmonnaato Ano
    Nyan!—1993
  • Nea Mmonnaato Yɛ Ankasa
    Nyan!—1993
  • Wɔamma Mmonnaatofo Kwan
    Nyan!—1984
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 5/8 kr. 6-8

Sɛnea Wosiw Mmonnaato Ano

Na Eric yɛ aberante tenten hoɔfɛfo a ofi abusua a wodi yiye mu. Na Lori adi mfe 19 na na Eric ato nsa afrɛ no sɛ ɔmmɛka ɔne n’adamfo a ɔne no da dan biako mu ne adamfo no adamfowaa ho na wompue. Obeduu apontow no ase wɔ Eric fie, nanso na onnim sɛ ɔbarima ne ɔbea no asi gyinae sɛ wɔmma. Ankyɛ ahɔho afoforo a wɔaka no fii ase sɛ wɔrefi apontow no ase.

Ɔkae sɛ: “Mifii ase susuwii sɛ, ‘Biribi atõtõ, biribi rekɔ so,’ nanso mibuu m’ani guu so.”

Bere a ɛkaa Lori nkutoo no, Eric too no mmonnaa. Lori ammɔ polisifo amanneɛ da wɔ mmonnaato no ho, na akyiri yi otu kɔtraa baabi a ɛyɛ kilomita 240 kwan na amma wanhu Eric bio. Afe biako akyi no, na osuro ara sɛ ɔne ɔbarima bi bɛyɛ nhyehyɛe afi adi.

MMONNAATO yɛ ahude a ɛrenya nkɔanim, na ɔbea ahobammɔ a eye sen biara ne sɛ ɔbɛma n’ani ada hɔ na wasiesie ne ho. Ɛnyɛ tebea a ebetumi ama wɔato wo mmonnaato nyinaa na wubetumi adi kan ahu, nanso sɛnea mmonnaatofo dwen na wɔyɛ wɔn ntua no ho nhyehyɛe a wubehu no bɛboa wo ma woahu kɔkɔbɔ nsɛnkyerɛnne no.a Tete abebu bi se: “Anyansafo behu sɛ ɔhaw reba na wɔakwati, nanso atetekwaa bɛnantew akɔtɔ mu na wanu ne ho akyiri yi.”​—Mmebusɛm 27:12, Today’s English Version.

Ɔkwan pa a ɛsen biara a wubetumi afa so akwati tebea a ɛbɛma wɔato wo mmonnaa ne sɛ wubekwati mmonnaatofo. Ɛsɛ sɛ wuhu ɔbarima bi nneyɛe​—nea wunim no yiye mpo​—a ebia ɛbɛma ada adi sɛ obetumi ayɛ ɔmmonnaatofo. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 7 no mu.) Mmarimma bi begyina sɛnea ɔbea bi asiesie ne ho anaa ɔpɛ a ɔbea no wɔ sɛ ɔne no nkutoo bɛtra beae bi no so ato no mmonnaa. Ɛwom sɛ ɛnyɛ ɔbea na ɔma ɔbarima bi nya adwenkyea horow a ɛte saa de, nanso ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ obetumi ahu su horow a ɛte saa no.

Mma kwan mma ɛnka wo nkutoo ne ɔbarima bi a wunnim no yiye wɔ baabi. (Ɔbarima a wunim no yiye mpo fam no, fa anidahɔ di dwuma.) Ɔmmonnaatofo a wunnim no betumi aba wo fie a wayɛ ne ho sɛ obi a osiesie nneɛma a asɛe. Hwɛ n’adansedi anaa ne tumi krataa. Ɔmannifo mmonnaatofo taa nya wɔn a ɔto wɔn mmonnaa no nkutoo denam ɔsoma a ɛma wɔba ne fie anaa atoro a odi sɛ nnipakuw bi ahyiam wɔ baabi a wobehyia no so. Mma ɔnnnaadaa wo.

Sɛ wobɛkwati ɔhaw ahorow wɔ nhyehyɛe a wɔyɛ fi adi mu a, monyɛ no kuw adeyɛ anaa momfa obi nka mo ho nkɔ. Hu ɔbarima no yiye, na fa baabi a obetumi aso wo mu akodu ho anohyeto si hɔ pintinn, sɛ wobɛma biribi saa ho kwan a. Ma w’ani nna hɔ wɔ mmosa biara a wobɛnom ho! Sɛ wuntumi nnwen yiye a, wuntumi nhu sɛ asiane reba. (Fa toto Mmebusɛm 23:29-35 ho.) Fa wo ho to wo nkate horow so. Sɛ wo ne obi nam na w’adwenem yɛ wo naa a, nya adwene sɛ onni adwene bɔne biara. Twe wo ho fi ne ho.

Ehia sɛ mmofra a wonnya nnii mfe aduonu awofo titiriw ne wɔn mma susuw sɛnea wobesiw mmonnaato ano no ho, na wɔkyerɛ tebea horow pɔtee a asiane wom efisɛ mmonnaatofo ne wɔn a wɔto wɔn mmonnaa no mu dodow no ara yɛ mmofra.

Yɛ Ade Ntɛm So

Wuntumi nhu tebea horow a ɛma wɔto mmonnaa no nyinaa. Bere a w’ani nna wo ho so no, ebia wubehu sɛ wo nkutoo ahyia ɔbarima bi a ne ho yɛ den sen wo a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wo ne wo da. Dɛn na wobɛyɛ?

Yɛ ade ntɛm so, na kae wo botae: guan. Ɔmmonnaatofo taa sɔ nea ɔpɛ sɛ ɔto no mmonnaa no hwɛ ansa na wasi gyinae atow ahyɛ no so, enti ehia sɛ wosɛe ne nhyehyɛe ahorow no ntɛm so ansa na wanya ahotoso de ayɛ biribi. Mmonnaato ho animdefo kyerɛ akwan abien a ɛsɛ sɛ wɔfa so: ɔsɔretia a emu nyɛ den anaa nea emu yɛ den. Wubetumi adi kan asɔ ɔsɔretia a emu nyɛ den no ahwɛ, na sɛ anyɛ yiye a, wode nea emu yɛ den no adi dwuma.

Ɔsɔretia a emu nyɛ den betumi ayɛ biribiara te sɛ biribi a wobɛka de adan ɔmmonnaatofo no adwene anaa de akyerɛ sɛ nna mu nsanyare bi wɔ wo ho anaa ntasu a wobɛtete agu no so no. (Fa toto 1 Samuel 21:12, 13 ho.) Gerard Whittemore kyerɛwee wɔ ne nhoma Street Wisdom for Women: A Handbook for Urban Survival mu sɛ: “Obi nsusuwii nkutoo na ɛto akwan a ɔbɛfa so no ano hye.”

Anifere kwan a emu nyɛ den​—a biribiara ka ho gye akuturuku nkutoo a wo ne ɔmmonnaatofo no bɛbɔ​—gye adwene a emu da hɔ, na ɛsɛ sɛ woyɛ de dan ɔmmonnaatofo no adwene anaa dwudwo no. Sɛ pene a wompene so no ma nea ɔpɛ sɛ ɔto wo mmonnaa no bo fuw kɛse na ɔyɛ basabasa a, fa ɔkwan foforo so. Nanso, bere a worefa adwene no, mmma ommpia wo nnkɔhyɛ baabi a atew ne ho kɛse. Na kae sɛ ɔsɔretia horow a emu nyɛ den a etu mpɔn yiye no mu biako ne​—nteɛteɛm.​—Fa toto Deuteronomium 22:23-27 ho.

Ɔkwan foforo nso ne sɛ wobɛyɛ nea ɔmpɛ wɔ anuɔden so. Ka kyerɛ no sɛ worenyɛ nea ɔpɛ no wɔ ɔkwan biara so. Wɔ obi a wo ne no afi adi fam no, wubetumi aka asɛm a ɛbɛma wabɔ piriw denam ma a wobɛma woahu dekode a nea ɔhwehwɛ no yɛ no so. Teɛ a wobɛteɛm sɛ, “Eyi yɛ mmonnaato! Merefrɛ polisifo!” no bɛma nea ɔpɛ sɛ ɔto wo mmonnaa no asusuw mmɔden a ɔbɛbɔ sɛ ɔbɛkɔ so ahyɛ wo no ho yiye.

Ko Tia No

Sɛ wode w’ano ka na anyɛ yiye a, nsuro sɛ wode ɔsɔretia a emu yɛ den no bedi dwuma. Ɛno nkyerɛ sɛ ɛda adi kɛse sɛ obepira wo anaasɛ obekum wo, na saa ara nso na pene a wobɛpene so no nkyerɛ sɛ ɔbɛkora wo nkwa so. Enti, mmonnaato ho animdefo kamfo kyerɛ sɛ wɔnko ntia ɔmmonnaatofo no.

Ko a wɔko tia no betumi ayɛ den ama mmea efisɛ wofi awo mu atete wɔn ma wobu ade, wɔnyɛ ade anuɔden so, na sɛ obi de n’ahoɔden hunahuna wɔn mpo a, wɔbrɛ wɔn ho ase. Enti, ehia sɛ wudi kan si gyinae sɛ, sɛ ɛba sɛ obi tow hyɛ wo so a wobɛko atia no sɛnea ɛbɛyɛ na woansɛe bere a ɛsom bo denam wo nan ase a wobɛtwentwɛn wɔ ntua mu no so.

Sɛ obiara hunahuna anaa ɔhyɛ wo a, ɛsɛ sɛ wo bo fuw. Ehia sɛ wuhu sɛ wadi kan asusuw saa ntua yi ho dedaw, na ɔmmonnaatofo no hwɛ kwan sɛ wobɛpene so. Ma wo bo mfuw, nsuro. Nhwehwɛmufo Linda Ledray kae sɛ: “Ehu a ɛka wo no ne wo tuafo no akode a emu yɛ den.” Mma ɛnhaw wo sɛ woreyɛ ade atra so anaa ebia wobɛyɛ ɔkwasea. Onimdefo bi kaa no sɛɛ se: “Eye sɛ wobɛyɛ atetekwaa sen sɛ wɔbɛto wo mmonnaa.” Mmea a wɔatumi ako atia mmonnaatofo taa yɛɛ saa anibere so na wɔfa anifere akwan pii so, ka a wɔkekaa mmonnaatofo no, wɔn anan a wotu wowɔɔ wɔn, ne nteɛteɛm ka ho.

Sɛ woantumi anko ansiw mmonnaato no ano a, fa w’adwene si nea ɛbɛyɛ a wubetumi akyerɛ nea ɔtoo wo mmonnaa no akyiri yi so. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, titi a wubetiti no anaasɛ n’atade a wobɛtetew mu no bɛma ne mogya ne ntamasin bi aka wo hɔ a wode behu no. Nanso ebia saa bere yi na wuntumi nko ntia no bio. Robin Warshaw ka wɔ I Never Called lt Rape mu sɛ, sɛ ɛba saa a, “mmu wo ho fɔ sɛ wo na ‘woama’ wato wo mmonnaa. Enhia sɛ wupira anaa wuwu na ‘adi adanse sɛ’ wɔtoo wo mmonnaa.”

[Ase hɔ asɛm]

a Tebea ahorow abien biara nni hɔ a ɛsɛ pɛpɛɛpɛ, na anosiw ho afotu biara nni hɔ a etumi siw ano koraa. Mmonnaato ho animdefo mpo adwene nhyia wɔ beae a ɛsɛ sɛ nea wɔreto no mmonnaa ko tia ɔmmonnaatofo no kodu ne ɔkwan ko a ɛsɛ sɛ ɔfa so ko tia no wɔ ntua no mu.

[Adaka wɔ kratafa 7]

Ɔmmonnaatofo Su Horow

□ Ɔnam ɔyaw so haw wo wɔ nkate mu, obu n’ani gu wo nsusuwii so, anaa ne bo fuw bere a wode nyansahyɛ bi ma no.

□ Ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ wo so wɔ w’asetra mu biribiara mu, ebia sɛnea wusiesie wo ho ne wo nnamfofa ho. Ɔpɛ sɛ osi mo adifi ho gyinae biara, te sɛ beae a mubedidi anaa sini ko a mobɛhwɛ.

□ Ɔtwe ninkunu a ntease nnim.

□ Obu mmea animtiaa.

□ Ɔbow nsa anaasɛ “ɔnom nnubɔne” na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wo nso woayɛ saa ara.

□ Ɔtaa hyɛ wo sɛ wo ne no nkutoo ntra baabi anaasɛ wo ne no nna.

□ Ɔmma wuntua mo adifi ho ka no bi, na sɛ woka sɛ wubetua bi a, ne bo fuw.

□ Ɔyɛ basabasa wɔ anifere akwan so mpo, te sɛ wo mu a oso ne apiapia mu.

□ Ɔtra bɛn wo dodo de poopoo wo, osiw wo kwan, ɔsoso wo mu bere a woaka sɛ ɔnnyɛ saa no, anaa ɔkasa te sɛ nea onim wo sen sɛnea onim wo ankasa.

□ Ontumi nnyina abasamtu ano a ne bu mfuw.

□ Ommu wo sɛ ne tipɛn.

□ N’ani gye akode ho na ɔpɛ mmoa ne mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade anaa nnipa a obetumi asisi wɔn.

Efi I Never Called It Rape, a Robin Warshaw kyerɛwee mu.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Mmea a woatumi ako atia mmonnaatofo taa yɛ saa wɔ anuɔden so na wɔfa anifere akwan pii so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena