Nea Mmonnaato Yɛ Ankasa
BERE a wobɛkenkan kratafa yi awie no, na wɔato ɔbea bi mmonnaa wɔ United States baabi. Ne nkutoo bɛwɔ baabi, na obi a ebia onim no nam basabasayɛ ne animguasedeyɛ bi so beyi no hu. Ebia ɔbɛboro no. Ebia ɔbɛko atia no. Akyinnye biara nni ho sɛ obesuro sɛ obekum no.
Mmonnaato ne amumɔyɛde a ɛrenya nkɔanim ntɛmntɛm sen biara wɔ United States, wiase aman a wɔto mmonnaa pii wom sen biara no mu biako. Sɛnea polisifo amanneɛbɔ ahorow kyerɛ no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, wɔ dɔnhwerew biako mu no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛto mmea 16 mmonnaa, na wɔto mmea 10 mmonnaa. Nea ɛka ho ne mmonnaato a wɔmmɔ ho amanneɛ a ebetumi ayɛ eyi mmɔho du no!
Ɛnyɛ United States nkutoo na wɔde akontaabu a ɛyɛ hu yi ma. Nnipa dodow a wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔto wɔn mmonnaa wɔ France kɔɔ soro ɔha mu nkyem 62 wɔ 1985 ne 1990 ntam. Eduu 1990 no, wɔbɔɔ amanneɛ wɔ Canada sɛ nnipa a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ne wɔn ada no dodow bu bɔɔ ho koduu 27,000 wɔ mfe asia pɛ mu. Germany bɔɔ amanneɛ sɛ simma ason biara mu no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ obi ne no ada.
Mmonnaato pira mmarima a wɔn ho nni asɛm no nso.a Adwene ne nneyɛe ho nimdefo Elizabeth Powell kae sɛ “nnipa a wɔn mu fã wɔ nea wogyina so ma wɔn bo fuw, wonya afoforo ho adwemmɔne, na wɔbɔ hũ mu tra” ma mmarima “hu amane.” Ebia wɔn yerenom, wɔn nanom, wɔn nuabeanom, wɔn mmabea, ne wɔn nnamfowanom ho a wodwen daa no bɛma wɔahu amanne, anaa bɛhwehwɛ sɛ wogyina afodi ne ɛyawdi ano bere a wɔto wɔn dɔfo bi mmonnaa no.
Dɛn Nti Na Ɛrenya Nkɔanim?
Mmonnaato nya nkɔanim wɔ aman a wɔma basabasayɛ ne mmea a wɔhyɛ wɔn so ho kwan no mu. Wɔ aman bi mu no, wɔnam nsɛm ho amanneɛbɔ, abusua, ne atipɛnfo so ka nna ho nsɛm a ɛsɛe ade na ɛyɛ atosɛm kyerɛ mmarima ne mmea fi wɔn mmofraase pɛɛ. Wosua subammɔne a ɛne sɛ nna ne basabasayɛ na ɛnam, na mmea wɔ hɔ sɛ wɔne mmarima bɛda, sɛ mmea pɛ anaa wɔmpɛ no.
Hyɛ ɔkrakyeni Jay a wadi mfe 23 suban yi nsow. Ɔkae sɛ: “Amanfo ka sɛ ɛsɛ sɛ wo ne mmea ahorow pii da mpɛn pii na ama woayɛ ɔbarima ankasa, Na sɛ woanyɛ saa a, dɛn na ɛbɛba? Ɛnde so na woyɛ ɔbarima ankasa nen?” Saa nhyɛso no nti, sɛ ɔbea bi hyɛ no abufuw anaa odi no huammɔ a, obetumi ato no mmonnaa.
Nhwehwɛmufo Linda Ledray gye di sɛ saa basabasayɛ ne ntua su a etia mmea no abu so wɔ aman a wɔtaa to mmonnaa wom no mu. “Mpɛn pii no, nea ɔmanfo ka no na ɔmmonnaatofo no yɛ.” Sini ne TV boa ma wɔyɛ asetra mu ade a ɛsɛe nneɛma yi. Wɔtaa de mmonnaato yɛ aguamansɛm ho nhoma mu asɛmti, nanso ɛnyɛ aguamansɛm ho nhoma mu nkutoo na wɔyɛ saa. Nhwehwɛmu ada no adi sɛ sini ahorow a basabasayɛ wom a nna ho asɛm nnim no ma wɔde ntua a emu yɛ den ba mmea so sen sini ahorow a nna ho nsɛm pii wom nanso basabasayɛ nnim no. Powell kae sɛ TV nso ka ho na wɔyɛ saa bere a “eyi mmea a wɔn bɔbeasu nti wɔhyɛ wɔn so pii kyerɛ sen nea wohu wɔ baabiara no.” Nsɛm bɛn na nsɛm amanneɛbɔ ka? “Sɛ wo bo fuw a, pira obi.”
Wɔde saa asɛm no di dwuma wɔ da biara abusuabɔ mu, na awerɛhosɛm na efi mu ba. Wɔ wiase a wɔkɔ so gye biribiara tom yi mu no, mmarima taa te nka sɛ ɛsɛ sɛ mmea ne wɔn da, ne titiriw no sɛ ɔbarima no bɔ ɔbea no ho ka, anaa mfiase no na ɛte sɛ nea ɔbea no pene ne ho anigye a ɔbarima no kyerɛ no so a.
Sɛnkyerɛwfo Robin Warshaw kae sɛ: “Wɔ nna fam no, ‘dabi’ a wɔka no ntaa nkyerɛ hwee, sɛ ɔbea na ɔkae a.” Mpɛn pii no, mmonnaato na ɛtaa fi mu ba.
“Mmonnaato a Etia Abien”
Na Kathi adi mfe 15 bere a ne ntoaso sukuu hockey bɔfo baasa too no mmonnaa no. Bere a n’abusua de wɔn kɔɔ asennibea no, ne nnamfonom, n’afipamfo, ne afoforo a onnim wɔn pow no na wɔhaw no. Wɔka kyerɛɛ abusua no sɛ “mmarimaa de saa na wɔte.” Wɔde dimmɔne ahorow frɛɛ Kathi wɔ sukuu, na wɔkyerɛw ahunahuna nsɛm guu ne sukuu adaka ho. Wɔde mmonnaatofo no hyɛɛ ɔhwɛ ase na wɔyɛɛ nnwuma a ɛso bɛba ɔmanfo mfaso na wɔkɔɔ so bɛyɛɛ agodi mu akunini maa sukuu no. Wɔhaw Kathi asram pii de twee n’aso. Awiei koraa no, okum ne ho.
Kathi asɛm no yɛ awerɛhosɛm a ɛkyerɛ sɛnea mmonnaatofo di kan to hyɛ wɔn a wɔto wɔn mmonnaa no so, na afei afoforo nso ma wɔteetee ho nhwɛso biako. Mmea pii hu sɛ mmonnaato ho su horow ne adwene a ɛnteɛ ma wɔde nsɛmmɔnedi no ho asodi to nea wɔtoo no mmonnaa no so. Wɔn a anka ɛsɛ sɛ wɔboa nea wɔato no mmonnaa no—nnamfo, abusuafo, polisifo, nnuruyɛfo, atemmufo, ne mmaranimfo—betumi anya saa adwene a ɛnteɛ no bi, na wɔapira nea wɔato no mmonnaa no kɛse te sɛ ɔmmonnaatofo no ara pɛ. Asodi a wɔde to nea wɔato no mmonnaa no so ho ɔhaw no mu yɛ den yiye ma ebinom frɛ no sɛ “mmonnaato a etia abien.”
Mmonnaato ho atosɛm ma wonya atoro ahobammɔ. Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, sɛ wubetumi ahu mfomso bi wɔ nea wɔtoo no mmonnaa no nneyɛe mu—ɔhyɛɛ atade a akyekyere no papee anaa ɔno nkutoo puei anadwo anaa na ɔpɛ ankasa sɛ ɔne obi bɛda—sɛ wukwati saa nneyɛe yi a, wo anaa w’adɔfo rentɔ asiane mu; enti wɔnto mo mmonnaa da. Asɛm a ɛne sɛ mmonnaato yɛ basabasayɛ a nyansa nnim a ebetumi ato obiara, ɛmfa ho sɛnea ɔbea siesie ne ho no, yɛ hu dodo sɛ wobegye atom.
Ɔbea bi a obi a na osusuw sɛ ɔyɛ “onipa pa, obu no ho” too no mmonnaa no kae sɛ: “Ade a enye koraa a wubetumi ayɛ ne sɛ wubegye adi sɛ entumi nto wo.”
Mmonnaato ho Atosɛm ne Nokwasɛm
Nea edidi so yi yɛ mmonnaato ho adwene a ɛnteɛ a wɔakura mu akyɛ a ɛma wɔde asodi to nea wɔato no mmonnaa no so, na ɛma su horow a ɛhyɛ mmonnaatofo nkuran nya nkɔso no bi:
Atosɛm: Bere a wɔto ɔbea bi mmonnaa nkutoo ne bere a ɔbarima hɔho tow hyɛ no so.
Nokwasɛm: Nnipa a wonim wɔn na wɔwɔ wɔn mu ahotoso na wɔto mmea a wɔto wɔn mmonnaa no dodow no ara mmonnaa. Nhwehwɛmu biako ma wohui sɛ wɔn a wɔtoo wɔn mmonnaa no mu ɔha biara mu nkyem 84 nim wɔn a wɔtow hyɛɛ wɔn so no, na wɔn a wɔne wɔn yɛ nhyehyɛe pue na wɔtoo emu ɔha biara mu nkyem 57 mmonnaa. Mmea awarefo 7 biara mu biako kunu ankasa bɛto no mmonnaa.b Mmonnaato yɛ basabasayɛ na ɛde nkate mu haw ba sɛ ebia na ɔmmonnaatofo no yɛ obi a wonnim no, ɔhokafo, anaa obi a wɔne no fi adi no.
Atosɛm: Sɛ ɔbea de ko a ɔko tiaa no ho adanse, te sɛ opira ma akyiri nkutoo a, na ɛkyerɛ sɛ wɔato no mmonnaa.
Nokwasɛm: Sɛ́ wɔko tiae anaa wɔanko antia no, mmea kakraa bi na wɔde adanse a aniwa hu, te sɛ opira anaa nneɛma a atwitwa wɔn ma.
Atosɛm: Sɛ nea wɔtoo no mmonnaa no anko antia denneennen a, ɛsɛ sɛ wɔde asodi no bi to no so.
Nokwasɛm: Mmonnaato kyerɛ bere a wɔnam ɔhyɛ anaa ɛho ahunahuna so nya nna biara ho kwan, bere a onii no mpene so. Ɛyɛ hyɛ a ɔmmonnaatofo no hyɛ obi ne no da bere a ɔmpene so no na ɛma ɔyɛ ɔmmonnaatofo. Enti nea wɔato no mmonnaa no nni aguamammɔ ho fɔ. Te sɛ obi a ne busuani bi ne no da no, ebia ɔbɛhyɛ no ma wama biribi a ɔmpene so ho kwan esiane ne so tumi a onim sɛ onipa foforo no wɔ nti. Sɛ ehu anaa basaayɛ nti, ɔmmonnaatofo bi hyɛ ɔbea bi ne no da a, ɛnkyerɛ sɛ ɔbea no pene adeyɛ no so. Biribi a obi pene so kyerɛ sɛ ɔpaw dekode no a ahunahuna nnim, na onya emu kyɛfa nnamyɛ so.
Atosɛm: Mmonnaato fi akɔnnɔ.
Nokwasɛm: Mmonnaato yɛ basabasayɛ. Ɛnyɛ nna nkutoo nti na mmarima to mmonnaa, na mmom sɛ wɔbɛte nka sɛ wɔadi onipa foforo so.c
Atosɛm: Ɔbea betumi agoru ɔbarima bi ho anaa wato no brada akodu baabi a ɔbarima no ntumi nhyɛ ne nna ho akɔnnɔ so bio.
Nokwasɛm: Mmarima a wɔto mmonnaa no nni nna ho akɔnnɔ a ano yɛ den nsen mmarima afoforo. Mmom, mmonnaatofo baasa mu biako antumi ne mmea no anna anwie. Mpɛn pii no, wɔyɛ mmonnaato no ho nhyehyɛe, na ɛnyɛ ade a ɛba mpofirim. Obi a wonnim no ne ɔmannifo mmonnaatofo nyinaa sum wɔn a wɔto wɔn mmonnaa no afiri—obi a ɔbea no nnim no no bɛn ɔbea no kosi sɛ ɛbɛka ɔno nkutoo, na ɔmannifo no yɛ nhyehyɛe bi a ɛma ɛka ɔne ɔbea no nkutoo wɔ baabi.
Atosɛm: Mmea di atoro wɔ mmonnaato ho na ama wɔatɔ ɔbarima bi so were anaasɛ da a ɔne wɔn ada no ho afɔdi nti na wɔyɛ saa.
Nokwasɛm: Wɔde mmonnaato ho atoro amanneɛbɔ ma te sɛ amumɔyɛde afoforo de ara pɛ: Ɔha biara mu nkyem 2. Nanso, nhwehwɛmufo gye tom sɛ wɔnka mmonnaato pii nkyerɛ.
Atosɛm: Ɔbea betumi “abisa” ma wɔato no mmonnaa denam ntade a ɛkanyan akɔnnɔ a ɔbɛhyɛ, mmosa a ɔbɛnom, ne ho ka a ɔma ɔbarima no bɔ bere a ɔne no apue no, anaa ne fie a ɔbɛkɔ no so.
Nokwasɛm: Nneɛma ho a ɔbea ansusuw yiye, osuahu a onni anaa tebea bi ho nimdeɛ a onnim no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔto no mmonnaa. Mmonnaato no ho asodi nyinaa da ɔmmonnaatofo no so.
[[Ase hɔ asɛm]
a Nnipa 10 biara a wɔto wɔn mmonnaa no mu 1 yɛ ɔbarima.
b Aware mu mmonnaato si bere a okunu hyɛ ne yere ne no da. Ebia okununom bi begye adi sɛ “tumi” a ɔsomafo Paulo ka sɛ ɔbarima wɔ wɔ ne yere nipadua so no nni anohyeto. Nanso, Paulo kae nso sɛ “ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua.” Ɔsomafo Petro ka sɛ ɛsɛ sɛ okununom di wɔn “yerenom ni, sɛ ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den.” Ɛno mma ho kwan sɛ wɔbɛhyɛ obi ne no ada.—1 Korintofo 7:3-5; Efesofo 5:25, 28, 29; 1 Petro 3:7; Kolosefo 3:5, 6; 1 Tesalonikafo 4:3-7.
c Ɛnyɛ nea enti a wodi nsɛmmɔne no ne sɛ wobenya ‘nna’ mu kyɛfa, na nnnom nna no ne adwinnade a ɔdebɔneyɛfo no de yɛ amumɔyɛde bi no.”—Wanda Keyes-Robinson, Sexual Offense Unit, Baltimore City. Maryland, panyin.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]
Wɔ United States no, ebia wɔbɛto mmea 4 biara mu 1 mmonnaa anaa wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛto no mmonnaa
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]
Mmonnaato nya nkɔanim wɔ aman a wɔma basabasayɛ ne mmea a wɔhyɛ wɔn so ho kwan no mu