Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 8/8 kr. 25-30
  • Me Mmofraberem Botae Ho A Midui

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Me Mmofraberem Botae Ho A Midui
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Nkyerɛkyerɛ a Ntease Wom
  • Ɛnyɛ Ɔsom Nyinaa Na Eye
  • Abusua Mu Ɔsɔretia Mfiase
  • M’asetra Mu Botae a Mede Sii Hɔ
  • Ɔsɔretia No Mu Yɛɛ Den
  • Nea Enti a Wɔsɔre Tiaa Me
  • Me Botae No Ho Dwuma a Midii
  • Asomdwoe Aba Me ne Onyankopɔn ne Me Maame Ntam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Abusua a Ɛdɔɔ Me Nokwarem
    Nyan!—1995
  • Kristofo Apɛgyade a Ɛsom Bo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Agyanom Baanu a na Ɛsɛ sɛ Mepaw Biako
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 8/8 kr. 25-30

Me Mmofraberem Botae Ho A Midui

MITUMI kae bere a edi kan a minyaa ɔpɛ sɛ mehu Onyankopɔn ho asɛm pii no. Ná me maame kura me nsam a ɔde me fi mmotafowa sukuu mu rekɔ fie. Bere a mehwɛɛ no no, mibisaa no sɛ, “Mama ɛhe na Onyankopɔn fi?”

Obuae sɛ, “Obiara nnim, me ba.” Eyi haw me efisɛ na misusuw sɛ me Maame nim biribiara. ‘Obiara nnim faako a Onyankopɔn fi’ no haw m’adwene ketewa a anya mfe anum no.

Bible Nkyerɛkyerɛ a Ntease Wom

Mfe abien akyi no, m’awofo maa me kwan ma mikodii ahohuru bere mu akwamma no bi wɔ me maame nua ne me wɔfa a wɔte Racine a efi yɛn fie a ɛwɔ Milwaukee, Wisconsin kɔ hɔ bɛyɛ akwansin 25 no nkyɛn. Me maame nua no kaa anidaso a ɛyɛ nwonwa a Bible no ka ho asɛm no ho asɛm kyerɛɛ me​—a ɛfa tra a yɛbɛtra paradise da bi ho no.

Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “paradise” kyerɛ baabi a ɛho yɛ fɛ te sɛ turo anaa agorudibea a ɛyɛ fɛ. Ɛho na wo ne w’abusua benya anigye na wo ne mmoa te sɛ gyata ne ɔsebɔ adi agoru a worensuro, efisɛ wɔrenyɛ keka na wɔbɛyɛ te sɛ nnyinammoa mma. Na woremfi saa beae yi da, efisɛ Onyankopɔn ka sɛ ɛho renhia sɛ nnipa a wɔte hɔ no wu!​—Luka 23:43; Adiyisɛm 21:3, 4; Yesaia 11:6-9.

Nnipa pii ka sɛ ɛyɛ den sɛ wɔbɛte Bible no ase, kyerɛ sɛ wɔankyerɛw sɛ wɔnte ase. Nanso anyɛ den koraa amma me sɛ mɛte kyerɛw nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ saa nsɛm yi mu no ase, bere a me maame nuabea no de kyerɛɛ me no. Ɛnyɛ den sɛ wobɛyɛ ho mfonini na ɛyɛ ade a nnipa nim​—ɛnyɛ anansesɛm anaa nsusuwii bi ara kwa. Mmofraberem adwen horow ba na etwam kɔ nanso anidaso a egyina Bible so a ɛfa tra a yɛbɛtra Paradise ho yi aka m’asetra wɔ bɛyɛ mfe 23 a atwam no mu na nnɛ ɛyɛ paara te sɛ nea na ɛte wɔ bere a na madi mfe ason pɛ no mu no.

Ɛnyɛ Ɔsom Nyinaa Na Eye

Sɛ́ abofra mpo no, na mitumi hu sɛ ɛfata sɛ wɔsom Onyankopɔn a osusuw nnipa ho kɛse ma enti wama wɔn asetra a ɛyɛ anigye saa no. Nanso me maame nuabea no kyerɛɛ me sɛ ɛnyɛ ɔsom nyinaa na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Ɔma mibuee Dwom 115, faako a wɔka wɔn a wɔsom wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so ho asɛm no: “Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika, nnipa nsa ano adwuma. Wɔwɔ ano, na wɔnkasa, wɔwɔ aniwa, na wonhu ade, wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm, wɔwɔ hwene, na wɔnte hua. Wɔn nsa, wɔmfa nka ade, wɔn anan, wɔmfa nnantew, na wɔmfa wɔn menewa nkasa. Wɔn a wɔyɛ wɔn te sɛ wɔn ara, obiara a ɔde ne ho to wɔn so no.”​—Dwom 115:4-8.

Anyɛ me den sɛ mɛte saa kyerɛw nsɛm yi nso ase. Ɛda adi sɛ Onyankopɔn mpene ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu no so. M’adwene baa ahoni ne mfonini ahorow a yɛkotow wɔn na yɛfew wɔn ano wɔ asɔredan mu ne Yesu mfonini a ɛwɔ ɔdan a meda mu no mu a mebɔ no mpae no so ntɛm ara. Ade a mihui no maa m’aba mu bui​—m’asɔre, m’awofo asɔre ne Bible no nhyia! Efi bere yi reba no, ɛbɛyɛɛ me botae titiriw sɛ mɛsom Onyankopɔn “honhom ne nokware mu.”​—Yohane 4:23.

Na me maame nuabea no wɔ atirimpɔw titiriw bi nti a ɔde kyerɛw nsɛm a ɛte sɛ nea ɛwɔ Dwom 115 no kyerɛɛ me no. Na onim sɛ wɔde ahoni a wɔde di dwuma akyerɛkyerɛ me papa a ɔyɛ ne nuabarima kumaa no kɛse wɔ Ortodoks asɔre mu. Me papa tu fii Ukraine baa United States wɔ Wiase Ko II akyi, na na ɔne Mama, me nuabeanom nkumaa baanu ne me kɔ Ukraine Ortodoks Asɔre a ɛwɔ Milwaukee no.

Abusua Mu Ɔsɔretia Mfiase

Bere a mesan baa fie no, mekaa nneɛma a na meresua no ho asɛm kyerɛɛ m’awofo. Nanso ntɛm ara mihui sɛ wɔn ani annye ka a me maame nuabea no kaa n’asɔre ho asɛm kyerɛɛ me no ho. Enti meyɛɛ komm​—na ɛhaw me. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ, “Di w’agya ne wo na ni,” nanso afei na mintumi nhu nea menyɛ wɔ agyanom abien no ntam​—m’agya ankasa ne Ɔsoro Agya a ɔno nso hwehwɛ sɛ yetie no na yedi no ni no.​—Efesofo 6:1-3.

Wɔ mfe kakra a edi hɔ no mu no, m’awofo kɔɔ so maa me kwan ma mekɔsraa me maame nuabea ne me wɔfa no. Bere a mewɔ hɔ no, wɔde mekɔɔ nhyiam horow no bi wɔ Ahenni Asa so na ɔdansefo kumaa bi mpo de me kaa ne ho kɔ afie afie kɔkaa Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Adansefo no kyerɛɛ me ho anigye ankasa na wobuu me sɛ onipa ankasa na m’ani gyee kɛse bere a me ne wɔn wɔ hɔ no. Bere biara a mɛsan akɔ fie no, me papa bisa me sɛ. “Henanom asɔre na wopɛ kɛse?” Mibuaa bere nyinaa sɛ “Yɛn de no, Papa.” Sɛ́ abeawa ketewa no, na misuro kɛse sɛ mɛka nokware no akyerɛ no.

Afei da a misii gyinae sɛ ɛsɛ sɛ mifi Bible no mu de saa nneɛma yi nyinaa a misua no kyerɛ Papa no dui​—ɛfa sɛnea ɛyɛ mfomso sɛ wɔde ahoni ne mfonini bedi dwuma wɔ ɔsom mu ne daakye a ɛyɛ nwonwa a yebetumi anya wɔ asase so ha wɔ Paradise a Onyankopɔn de bɛba no mu no ho. Ná madi bɛyɛ mfe 12 saa bere no. Me papa bo fuwii na wɔamma mankɔ me maame nuabea no nkyɛn bio. Efi saa bere no reba no, yɛn fie anyɛ sɛnea na ɛte no bio. Na emu tra kɔɔ so yɛɛ den bere a bere twaam no.

Enti na dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ? Ɛbɛyɛ dɛn na afei matumi asom Yehowa? Mitumi kae sɛ mebɔɔ Yehowa mpae denneennen sɛ ɔmmfa asase so Paradise foforo no mma kosi sɛ metumi ayɛ n’asomfo no mu biako ansa. Afei da koro bi, bere a madi mfe 14 akyi no, minyaa me mpaebɔ no ho mmuae.

M’asetra Mu Botae a Mede Sii Hɔ

Bere a mete ɔpon ho da koro awia reyɛ me sukuu adwuma a wɔde ama me sɛ menyɛ wɔ fie no, mekɔhwɛɛ ɔdan a meda mu no mfɛnsere mu. Ná mmabaa baanu bi a wokurakura bag retwam wɔ borɔn no so. Me yam hyee me. Na wɔsɛ Yehowa Adansefo! Mituu mmirika fii adi. Mibisaa sɛ, “So moyɛ Yehowa Adansefo?” Wobuae sɛ, “Yiw.” Mekae sɛ, “Me nso saa ara,” efisɛ na mibu me ho sɛ meyɛ bi. Ná mmeawa no yɛ bere nyinaa akwampaefo. Mekyerɛkyerɛɛ ɔsɔretia a ɛkɔ so wɔ fie no mu kyerɛɛ wɔn na yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ yebesua ade abom wɔ mmeae horow a me fie nka ho. Yesuaa ade wɔ kokoam bɛyɛ mfe anan.

Wɔ saa adesua yi mu no, ɛbɛdaa adi kɛse sɛ Yehowa Adansefo asɔre no nkutoo na ɛkyerɛkyerɛ nokware a ɛwɔ Bible mu no na wɔde bu wɔn bra. Ɔdansefo kumaa a na ɔreboa me ma masua Bible no maa me nhoma pii sɛ menkenkan. Eyi mu biako ne Yehowa Adansefo Afe Nhoma no. Wɔ n’akenkan mu no, mihui sɛ Yehowa asomfo asetra nyɛ nea ɛnyɛ anigye. Saa nhoma yi a wotintim no afe afe no ka asɛmpatrɛw adwuma no ho asɛm kɛse. Misusuwii sɛ, hwɛ nwonwa a ɛbɛyɛ sɛ mɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo na manya osuahu ahorow a ɛyɛ anigye a ɛte saa ara no bi wɔ m’asetra mu! Ɛno bɛyɛɛ me botae.

M’abusua no anhu yɛn adesua no da, ɛwom sɛ wonyaa adwene sɛ me ne Yehowa Adansefo di nkitaho wɔ ɔkwan bi so de. Nea ɛma wonyaa adwene no ne Bible mu nhoma a ɛtɔ bere bi a wohu wɔ ɔdan a meda mu no mu no. Ná me nuabeanom (wɔyɛ ntafo a manyin sen wɔn mfe abien) kɔhwehwɛ me nnaka mu ne mpa ase na wɔhwehwɛ nhoma a wobetumi afa de akɔkyerɛ m’awofo wɔ me dan no mu nyinaa. Mmeae horow a wɔantumi ankɔhwehwɛ nkutoo ne me soro ntade a ɛsensɛn ɔdan a me da mu no kotoku mu.

Ɔsɔretia No Mu Yɛɛ Den

Esiane sɛ mepowee sɛ memfa ɔkwan a m’awofo nam so som no so nti, ofie asetra kɔɔ so yɛɛ den. Ɛtɔ bere bi a, me maame nkasa me ho bɛyɛ nna bi na ɔpow sɛ obebua nsɛm a mibisa fa sukuu, ntade ne biribiara ho no mpo. Ankyɛ biara, wɔamma me kwan ma me ne abusua no mufo a aka no antra kar koro mu. M’awofo ma abusuafo afoforo bɛsra yɛn na wodi me ho fɛw esiane me gyidi horow nti.

Ná akasakasa, ntɔkwaw ne osu kɛse kɔ so. Esiane eyi nti, midii awerɛhow pii bere a na merenyin no. Hwɛ mmoa a na ɛyɛ sɛ mitumi kenkan Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 10:34-37 no, faako a ɔka sɛ ne nkyerɛkyerɛ ‘bɛma afie bi mu apaapae no.’ Yesu kɔɔ so kae sɛ, ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no yɛ kɛse mpo sen ɔdɔ a yɛwɔ ma wɔn a wɔbɛn yɛn na yɛdɔ wɔn te sɛ yɛn ankasa awofo no.

Me papa bɔɔ me kɔkɔ bere nyinaa sɛ, sɛ mebɛyɛ saa “Yehowafo” no mu biako a, mefi fie akɔ na na minni biribiara a megyina so agye no akyinnye. Bere a miwiee sukuu wɔ 1971 mu akyi no, mekyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ me papa sɛ esiane sɛ afei madi mfe 18 nti, manyin a metumi aware na mapaw m’ankasa asɔre​—ná mapaw sɛ mɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Wɔ saa bere no mu no, na manya adwuma na na masiesie me ho sɛ mefi fie. Nanso, ɛwom sɛ akasakasa a emu yɛ den sɔree wɔ eyi akyi de, nanso me papa anka ankyerɛ me sɛ mimfi fie da. Na ɛyɛ den ma me sɛ megye adi! Ná Yehowa rehyira me mmɔdenbɔ so.

Nea Enti a Wɔsɔre Tiaa Me

Ná m’awofo yɛ nnipa a wɔpɛ nyamesom na na wogye di sɛ ɔkwan a wɔnam so som no yɛ nokware. Migye di sɛ na wɔpɛ nea eye sen biara ama me. Ná me papa yɛ sukuu bi ɔkyerɛkyerɛfo panyin wɔ Ukraine na na ɛyɛ ne pɛ sɛ ne mma bɛkɔ sukuu awie na wɔanya asetra pa wɔ Amerika. Na me papa ne me maame pɛ sɛ yebehu nneɛma ahorow bi yɛ enti yɛn mmeawa no fii ase suaa mfiri a wɔde bɔ nnwom bɔ ntɛm wɔ yɛn mmofraase.

Afei na ɛte sɛ nea wɔn babea panyin repow biribiara a wɔpɛ sɛ wɔde ma no no a kɔlege a ɔbɛkɔ ka ho. Ná ɛnyɛ sɛ mesɔre tia kɔlege kɔ ankasa na mmom esiane ntease a na manya wɔ Bible no mu nti, na migye di sɛ ɛrenkyɛ biara saa nneɛma nhyehyɛe yi bɛba awiei. Esiane eyi nti, migye dii sɛ ɛsɛ sɛ mede m’adwene si asɛnka adwuma a ɛbɛma nkurɔfo anya nkwa no so kɛse sen sɛ mede me ho bɛhyɛ nhyehyɛe bi a ɛreba awiei mu kɛse. Migye dii sɛ kyerɛ a mɛkyerɛkyerɛ afoforo sɛnea wobenya nkwa wɔ Onyankopɔn Paradise mu no ho hia kɛse sen biribi foforo biara.​—2 Petro 3:13.

Wɔ bere koro no ara mu no, ɛsɛ sɛ migye tom sɛ taa a m’awofo taa me no mu bi fi m’ankasa mfomso a meyɛe. Ɛne sɛ, na meresua nokwasɛm pii a ɛfa nyamesom mu nkyerɛkyerɛ ho​—nea ɛyɛ nokware ne nea ɛyɛ atoro. Nanso mantumi anhu sɛ ‘hyɛ a mehyɛ onipa foforo’ no a ɛne su pa a ɛte sɛ asomdwoe, odwo, abodwokyɛre, ne anidahɔ a mɛda no adi no nso ka Onyankopɔn a mɛsom no “honhom ne nokware mu” no ho. (Efesofo 4:22-24; Galatifo 5:22, 23) Enti na ntease wom sɛ da a manna anifere adi no maa bu a m’awofo aba mu bui no mu yɛɛ den na wɔde ɔsɔretia dii ho dwuma.

Bere a meka kyerɛɛ me papa sɛ mepɛ sɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako akyi no, mifii ase kɔɔ nhyiam horow no bi wɔ Ahenni Asa so bere nyinaa. Afei wɔ December 1972 mu no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Yesu kae wɔ Marko 10:29, 30 sɛ: “Obi nni hɔ a wagyaw ofi, anaa nuabeanom, anaa ɛna, anaa agya, anaa mma, anaa asase, me ne asɛmpa no nti, na ɔrennya afi ne nuabarimanom ne nuabeanom ne ɛnanom ne mma ne nsase mmɔho ɔha, a ɔtaa ka ho, seesei wɔ bere yi mu, ɛne daa nkwa wɔ wiase a ɛreba no mu.” Ankyɛ biara, esiane Yesu bɔhyɛ no ho dwuma a midii nti na merenya nnamfo wɔ Yehowa nkurɔfo mu, na ɛno sii abusuabɔ a emu yɛ den a na mene abusua no nni no ananmu. Na ebinom te sɛ ɛnanom ne agyanom ne nuabarimanom ne nuabeanom ma me.

Me Botae No Ho Dwuma a Midii

Ná meda so ara pɛ sɛ mɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Nanso na akwampaefo nkutoo na wɔfata sɛ wɔkɔ Gilead Bible sukuu no na wɔ ɛno akyi no, wɔde wɔn kɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ amannɔne. Nanso na ade pa a edi kan a ɛbɛma madu saa botae yi ho​—akwampae adwuma a mefi ase​—bɛma nsɛnnennen asɔre.

Nea edi kan no, ɛbɛhaw m’awofo bio. Ná wɔn koma atɔ wɔn yam wɔ ɔkwan bi so sɛ anyɛ yiye koraa no, m’adwuma sɛ ɔkyerɛwfo no a n’akatua kɔ anim no rema m’asetra ayɛ yiye kakra. Bio nso, dɛn asɛm na mɛka akyerɛ m’adwuma mu panyin no? Ɔfaa me wɔ adwuma no mu a ɔwɔ ntease sɛ meyɛ adwuma no akosi bere bi. Na meregyae mpo a mfaso biara remma ka a wɔabɔ wɔ me ntetee ho no so. Bio nso, mebɔɔ Yehowa mpae denneennen sɛ ɔmma me ahoɔden ne akokoduru na ama matumi ayɛ ade pa yi.

Bere a magu ahome kɛse no, mekɔɔ m’adwuma mu panyin no nkyɛn da koro bi wɔ 1973 ahohuru bere mu na mekyerɛkyerɛɛ me botae a ɛne yɛ a mɛyɛ bere nyinaa ɔsɛnkafo no mu kyerɛɛ no. Asɛm a ɔkae no ma metɔɔ mum: “Larisa, se eyi ne nea wopɛ sɛ woyɛ wo w’asetra mu ankasa a, ɛnde ɛbɛyɛ agyimisɛm sɛ wobɛtra ha.” Mannye anni! Wiaseni na ɔreka akyerɛ me wɔ ha sɛ, se mepɛ sɛ mesom nokware Nyankopɔn a ɛne Yehowa no kɛse a, ɛbɛyɛ agyimisɛm wɔ me fam, sɛ merenyɛ saa no!

Me ho dwiriw me kɛse bere a ade kyee no. M’adwuma mu panyin baa me nkyɛn na obisaa me sɛ ebia mepɛ sɛ meyɛ adwuma a wɔde bere fã yɛ anaa. So na nea ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ no na mete no? Mibuae sɛ, “Nanso sɛ munni adwuma a wɔde bere fã yɛ ho nhyehyɛe biara wɔ adwuma yi mu?”

Ɔkae sɛ, “Yiw minim, nanso metumi ayɛ ho biribi.” Nea ɛka ho no, ɔde “nna ne nnɔnhwerew biara” a mepɛ no maa me. Hwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ na Yehowa reboa me ne nokware a Yesu nsɛm a ɛkyerɛ sɛ ‘Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho’ yɛ no ho adanse.’​—Mateo 6:33.

Enti ɔsram a edi kan a mifii akwampae adwuma ase ne August 1973. Sɛnea mehwɛɛ kwan no, m’abusua no sɔre tiaa me gyinaesi no denneennen na ɛho behiae sɛ mifi fie. Ɛwom sɛ asɛm no maa me werɛ howee de, nanso ɛyɛ me anigye sɛ mɛka sɛ bere a mfe twaam no, abufuw a na ɛwɔ yɛn abusua no mu no ano brɛɛ ase na awiei koraa no, yetumi nyaa abusuabɔ pa mu anigye na yɛserew di fɛw, kasa kyerɛ yɛn ho yɛn ho sɛ abusua.

Ansa na me Maame rewu wo August 1979 mu no, na ɔma meba fie bere a mafi m’asasesin a ɛwɔ United States kesee fam no mu aba na makɔsra wɔn no. Afei wɔ April 5, 1980 mu no, David a me ne no nyinaa kura botae koro wɔ asetra mu no bɛyɛɛ me kunu. Nea ɛyɛ anigye no, me Papa baa yɛn ayeforohyia no ase na ɔkyɛɛ yɛn ade mpo. Enti ɛwom sɛ ɔno anaasɛ me nuabeanom no nhu sɛnea mete nka wo Yehowa som ho de, nanso yɛwɔ abusuabɔ pa.

Wɔ January 1984 mu, bere a mayɛ akwampae adwuma bɛboro mfe du akyi no, me ne David nsa kaa nneɛma a ɛmaa yɛn ho dwiriw yɛn wɔ asetra mu no mu biako. Bere a yɛbaa fi da koro bi awia no, yehuu krataa kotoku kɛse bi. Ná ɛyɛ nea wɔde reto nsa afrɛ yɛn akɔ Gilead sukuu a ɛtɔ so 77 a na ebefi ase wɔ April mu no. Yewiee sukuu no wɔ September a etwaam no mu, na nna kakraa bi akyi no, yɛkɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wo Honduras, Central America.

Mprempren merenya saa osuahu ahorow a ɛyɛ anigye a bere nyinaa mede ahopere hwɛ kwan sɛ mɛkenkan wɔ Yehowa Adansefo Afe Nhoma no mu no bi. Esiane sɛ madu me mmofraberem botae a ɛne som a mɛsom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo no ho nti, mepɛ sɛ mikura saa ɔsom hokwan kɛse yi mu. Nanso me botae titiriw ne sɛ mɛkɔ so asom Yehowa “honhom ne nokware mu” na awiei koraa no, manya n’anim anuonyam na afei manya Paradise a ɛyɛ fɛ no mu anigye, faako a ɔde nea n’asomfo koma pɛ betua wɔn ka no​—daa nkwa wɔ Paradise! (Dwom 37:4)​—Sɛnea Larisa Krysuik ka kyerɛe.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 26]

Na minhu nea menyɛ wɔ agyanom abien no ntam

[Kratafa 29 mfoni]

Mereyɛ m’asɛmpatrɛw adwuma wɔ Honduras

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena