Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 8/8 kr. 24-27
  • Abusua a Ɛdɔɔ Me Nokwarem

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abusua a Ɛdɔɔ Me Nokwarem
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • M’abusua Pow Me
  • Wɔpam Me Nea Ɛto so Abien
  • Hokwan a Ɛsɔ Gyidi Hwɛ
  • Abusua Foforo a Minya
  • Abusuafo a Wɔpow Me no a Meboa Wɔn
  • Agyanom Baanu a na Ɛsɛ sɛ Mepaw Biako
    Nyan!—1998
  • Me Mmofraberem Botae Ho A Midui
    Nyan!—1985
  • Asomdwoe Aba Me ne Onyankopɔn ne Me Maame Ntam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Anisɔ Ma Yehowa Mmoa a Enni Huammɔ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 8/8 kr. 24-27

Abusua a Ɛdɔɔ Me Nokwarem

ABUSUA ho hia kɛse ma abofra, abofra biara. Abusua a anigye ne ɔdɔ wom boa ma abofra nya ne honam fam ne nkate fam ahiade. Edi dwuma titiriw wɔ ntetee, nhomasua, ne onyin mu. Ɛma abofra te nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ. Hwɛ awerɛhosɛm a ɛyɛ sɛ w’abusuafo bɛpow wo sɛnea wɔyɛɛ me no!

Wɔwoo me too abusua kɛse bi mu wɔ Nigeria apuei fam. Ná me papa yɛ ɔhene a ɔwɔ yerenom baason. Ɔwoo mma 30, na na me na meto so 29.

Da bi wɔ 1965 mu, bere a na madi mfe du no, mifi sukuu baa fie bɛtoo me papa sɛ ɔte abrannaa so. Mmarima baanu baa fie hɔ a na wokurakura bag, na bere a wɔde anigye kyiae akyi no, wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo. Me papa yɛɛ aso tiee wɔn yiye. Bere a wɔde nsɛmma nhoma abien maa no no, me papa hwɛɛ me bisae sɛ mepɛ anaa. Mebɔɔ me ti nko, enti ogye maa me.

Adansefo no hyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛsan aba, na wɔbae. Wɔne me bɛbɔɔ Bible mu nkɔmmɔ mfe abien a edii hɔ no. Nanso, wɔn nsrahwɛ no antoatoa so, esiane sɛ na efi m’akuraa rekɔ baabi a na wɔte no tenten yɛ kilomita 10 nti.

M’abusua Pow Me

Na madi mfe 12 na me papa yare wui. Ne sie akyi nnaawɔtwe no, me nuabarima panyin paa no too nsa frɛɛ abusua no sɛ wɔmmɛyɛ nhyiam bi. Nnipa bɛyɛ 20 na na wɔwɔ hɔ. Ná yɛn nyinaa susuw sɛ ɔrebɛka ayi no ho ka ho asɛm. Nanso, nea ɛmaa me ho dwiriw me no, ɔkae sɛ ɔfrɛɛ nhyiam no sɛ nea yɛrebɛka ne ho asɛm ne ne nuabarima kumaa no—me! Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ m’ani gye ho sɛ mɛkɔ abɔnten so “akɔsrɛsrɛ” sempoa ne kaprɛ te sɛ nea abusuafo no nni sika a wɔde bɛtɔ aduan ama me. Ɔde kaa ho sɛ kyinkyin a mekyinkyin akɔtɔn nsɛmma nhoma de agye sempoa ne kaprɛ no te sɛ nea mede abusua no din retwitwiw fam. Ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ mepaw wɔn a mepɛ sɛ me ne wɔn bɔ—Adansefo no anaa m’abusua.

Ná me maame awu, nanso me papa yerenom no biako de su paa kyɛw maa me. Ɔsrɛe sɛ mma wonnnyina eyi so mmfa kyɛfa a mewɔ wɔ awunnyade no mu no nnkame me. Nanso wɔamfa ɔbea adwenkyerɛ anyɛ hwee. Abusuafo no ne me nuabarima no yɛɛ adwene na wɔkae sɛ minsi gyinae.

Mekae sɛ wɔmma me bere mfa nsusuw asɛm no ho. Wɔpenee so sɛ wɔbɛma me bere akosi ɛda a edi hɔ anwummere. Bere a na me nko ara mewɔ me dan mu no, mifii ase sui. Metee nka sɛ mayɛ mmerɛw, wɔapow me, na ehu kaa me. Ná minnim nea ɛbɛba me so.

Ɛde besi saa bere no, na menkɔɔ Ahenni Asa bi so da, na na me ne Adansefo no nkɔɔ asɛnka da. Bible nkyerɛkyerɛ ho nimdeɛ ketewaa bi na na mewɔ, na na Adansefo biara nni m’akuraa hɔ a mɛka m’asɛm akyerɛ wɔn.

Mebɔɔ Yehowa mpae, de ne din frɛɛ no nea edi kan wɔ m’asetra mu. Meka kyerɛɛ no sɛ mahu sɛ ɔne nokware Nyankopɔn no. Mesrɛe sɛ onnyina m’akyi, na ɔmmoa me mma minsi gyinae pa, nea ɛbɛsɔ n’ani.

Abusuafo no hyiae bio ɛda a edi hɔ no anwummere, na wobisaa nea mewɔ ka. Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ me papa a ɔde me baa nkwa mu no na ɔmaa me ne Adansefo no fii m’adesua no ase. Ɔno na ɔtɔɔ nsɛmma nhoma ne Bible maa me. Esiane sɛ na ɛnhaw no sɛ me ne Adansefo no besua ade nti, mintumi nte ase sɛ me nuabarima panyin no gyina eyi so sɔre tia me. Afei mekae sɛ nea wɔbɛyɛ me biara mfa me ho, ɛsɛ sɛ mesom Yehowa.

Wɔn ani annye saa asɛm yi a mekae no ho. Wɔn mu biako kae sɛ: “Hena ne saa okisi ba yi a ɔkasa kyerɛ yɛn saa yi?” Amonom hɔ ara na me nuabarima no nam pan pan kɔɔ me dan mu kɔsesaa me ntade, me nhoma, ne me nnua adaka ketewa tow guu abɔnten.

Mekɔdaa me yɔnko sukuuni bi a ɔte akuraa no ase nkyɛn, na metraa n’abusua nkyɛn bɛyɛ asram anum. Saa bere no, mekyerɛw me wɔfa wɔ Lagos, na ɔkae sɛ memmɛtra ne nkyɛn.

Menam adwe a metase tɔnee asram pii no so siee sika. Me papa yere a ɔkaa bi maa me no nso maa me sika. Bere a minyaa sika a ɛdɔɔso no, misiim kɔɔ Lagos. Metraa anhwea kar bi akyi twaa ɔkwan no fã bi.

Wɔpam Me Nea Ɛto so Abien

Bere a miduu Lagos no, m’ani gyei sɛ na me wɔfa ne Adansefo no resua ade. Mifii ase kɔɔ asafo nhyiam horow ntɛm ara wɔ Ahenni Asa so. Nanso, bere a me nuabarima panyin no bɛsraa me wɔfa no, anigye a ɔwɔ wɔ Yehowa som mu no tu yerae ntɛm. Ɔka kyerɛɛ me wɔfa sɛ abusua no asi gyinae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ me anaasɛ wɔma me kɔ sukuu, esiane sɛ mekɔɔ so ne Yehowa Adansefo bɔe nti. Ohunahunaa me wɔfa, na afei ɔsan kɔɔ akuraa.

Me nuabarima no kɔ akyi dapɛn biako no, me wɔfa nyanee me ɔdasum na ɔde krataa bi a wɔakyerɛw so maa me. Ɔde kyerɛwdua hyɛɛ me nsam kae sɛ memfa me din nhyɛ ase. Bere a mehwɛɛ sɛnea wakunkum n’anim no, mihui sɛ na eyi yɛ aniberesɛm. Mekae sɛ: “Wɔfa, dɛn nti na womma ade nkye ansa na mede me din ahyɛ ase?”

Ɔkae sɛ mma memmfrɛ no “wɔfa” na mmom memfa me nsa nhyɛ krataa no ase ntɛmntɛm. Mibuae sɛ owudifo mpo wɔ hokwan sɛ ohu sobo ahorow a wɔbɔ no. Nokwarem no, na mewɔ hokwan sɛ mekenkan krataa no ansa na mede me din ahyɛ ase.

Afei ɔde abufuw penee so sɛ ɔbɛma makan. Na ɛkenkan biribi te sɛ eyi: “Me, U. U. Udoh, ahyɛ bɔ sɛ menyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Mapene so sɛ mɛhyew me bag ahorow ne me nhoma, na mehyɛ bɔ sɛ me ne Yehowa Adansefo remmɔ bio ara da. . . .” Bere a mekenkan nsensanee kakra a edi kan wiei no, mifii ase serewee. Mekyerɛkyerɛɛ mu ntɛm ara sɛ ɛnyɛ sɛ mimmu no na mmom mintumi mfa me din nhyɛ krataa a ɛte saa ase ɔkwan biara so.

Me wɔfa bo fuwii kɛse, na ɔhyɛe sɛ mimfi fie hɔ. Meboaboaa me ntade ne nhoma ano guu m’adaka mu komm, na mekɔɔ ne dan no abrannaa so wɔ abɔnten kɔdaa fam sɛ mereda. Bere a me wɔfa huu me wɔ hɔ no, ɔkae sɛ esiane sɛ abrannaa no nso ka ɔdan a otua ho ka no ho nti, ɛsɛ sɛ mifi ɔdan no ho.

Hokwan a Ɛsɔ Gyidi Hwɛ

Ná madi adapɛn abien pɛ wɔ Lagos, na na minhu baabi a menkɔ. Ná minnim baabi a onua a na ɔbɛfa me kɔ Ahenni Asa so no te. Enti eduu ahemadakye no, mifii ase nantew kyinkyinii, na mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me.

Onwini dwoe no, mikopuee baabi a wɔtɔn pɛtro. Mekɔɔ ne wura no nkyɛn kobisaa no sɛ obetumi de m’adaka no asi ne office hɔ ama me anadwo no sɛnea ɛbɛyɛ a awifo nnye mfi me nsam. Saa adesrɛ yi yɛɛ no nwonwa kɛse ma obisaa me nea enti a mankɔ fie. Mekaa m’asɛm kyerɛɛ no.

Ná ɔbarima no wɔ tema, na ɔyɛe sɛ ɔbɛfa me adwuma ma masom no wɔ ne fie. Ɔkae mpo sɛ sɛ meboa no wɔ ne fie a, ɔde me bɛkɔ sukuu. Ná ɛyɛ adema a ɛsɔ gyidi hwɛ, nanso na minim sɛ abarimaa a ɔsom wɔ fie yɛ adwuma da biara da fi anɔpatutuutu kosi anadwofã. Afei nso, na wɔnhyɛ nkuran sɛ mmarimaa a wɔsom wɔ afie mu ne nkurɔfo a wɔnte fie hɔ bɛbɔ fekuw, efisɛ na wosuro sɛ ebia wɔne akorɔmfo bɛbɔ pɔw abewia ofie no mu nneɛma. Ayɛ yiye koraa no na ebia menya Kwasida biako pɛ a memfa nyɛ adwuma wɔ ɔsram no mu. Enti mifi komam daa no ase wɔ me ho anigye a ɔkyerɛe no ho, nanso mannye nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ ma me no antom. Mekae sɛ sɛ meyɛ ne somfo a ɛbɛyɛ den ama me sɛ mɛkɔ nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so.

Ɔbarima no kae sɛ: “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woka nhyiam horow ho asɛm bere a wunni baabi te mpo no?” Mibuae sɛ sɛ mepɛ sɛ migyae nhyiam horow kɔ a, anka metraa me papa fie. Ɛyɛ me som nti na wɔpamoo me fii fie. Nea mehwehwɛ fi ne hɔ ara ne sɛ ɔbɛma me baabi ma mede m’adaka asi. Mekaa saa no, ɔpenee so sɛ ɔde besi yiye ama me.

Abusua Foforo a Minya

Medaa baabi a wɔtɔn pɛtro no adiwo hɔ nnansa. Na minni sika a mede bɛtɔ aduan, enti na minni biribiara a midi saa bere no. Da a ɛto so anan, bere a na merekyinkyin no, mihuu aberante bi a na ɔde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no remema nkurɔfo wɔ abɔnten so. Mede anigye tuu mmirika kɔɔ ne nkyɛn kobisaa no sɛ onim Onua Godwin Ideh anaa. Ɔpɛe sɛ ohu nea enti a mibisaa saa, enti mekyerɛkyerɛɛ nea ato me no nyinaa mu kyerɛɛ no.

Bere a m’ano sii no, ɔde ne nsɛmma nhoma no guu ne bag mu ntɛm bisae sɛ: “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wuhu amane saa bere a Yehowa Adansefo mpempem pii wɔ Lagos ha?” Ogyinaa taksi de me kɔɔ baabi a wɔtɔn pɛtro hɔ kɔfaa m’adaka no. Ɛno akyi no, ɔde me kɔɔ ne fie kɔmaa me aduan dii. Afei ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Onua Ideh a ɔte bɛn hɔ no, bae.

Bere a Onua Ideh bae no, wogyee wɔn mu nea ɛsɛ sɛ metra ne nkyɛn no ho akyinnye. Ná wɔn baanu nyinaa pɛ sɛ metra wɔn nkyɛn! Awiei koraa no wɔpenee so sɛ mɛtra wɔn baanu nyinaa nkyɛn—metra oyi nkyɛn kakra a, na matra oyi nso nkyɛn kakra.

Ɛno akyi bere tiaa bi na minyaa adwuma sɛ abarimaa a wɔsomasoma no. Bere a migyee m’akatua a edi kan no, me ne anuanom baanu no kasae, bisaa wɔn sika dodow a wɔpɛ sɛ mede boa aduan ne dan ka no. Wɔserewee kae sɛ ɛnsɛ sɛ mitua biribiara.

Ankyɛ na mekyerɛw me din wɔ anwummere sukuu ne ankorankoro adesua mu, na awiei koraa no, miwiee mfiase sukuu. Nneɛma yɛɛ yiye maa me wɔ sikasɛm mu. Minyaa adwuma papa sɛ ɔkyerɛwfo, na bere kɔɔ so no minyaa m’ankasa me dan.

Wɔbɔɔ me asu April 1972. Ná madi mfe 17. Ná mepɛ sɛ mede me ho hyɛ akwampae som adwuma no mu de da m’anisɔ ma Yehowa wɔ nea na wayɛ ama me nyinaa ho, titiriw wɔ saa mmere a emu yɛ den no mu. Mebɛyɛɛ bere tiaa mu ɔkwampaefo bere biara a na metumi, nanso egyee mfe kakra ansa na merenya asetra a ɛfata. Awiei koraa no, meyɛɛ daa ɔkwampaefo wɔ 1983 mu.

Saa bere no na manya me honhom fam abusua no ho anisɔ kɛse. Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu nsɛm yi baa mu maa me: “Nokware mise mo sɛ: Obi nni hɔ a wagyaw ofi anaa ɔyere anaa anuanom anaa awofo anaa mma Onyankopɔn ahenni nti, na ɔrennya no mmɔho pii ɛbere yi mu, ne wiase a ɛreba no mu daa nkwa.”—Luka 18:29, 30.

Adansefo no yii ɔdɔ adi kyerɛɛ me hwɛɛ me nokware mu. Wogyee me bere a na minni kaprɛ mpo no. Ɛdenam wɔn mmoa ne me soro Agya de so no, midii yiye honhom fam. Ɛnyɛ honam fam nhomasua nko na minyae na mmom misuaa Yehowa akwan nso.

Eyinom ne nkurɔfo a me honam fam abusua hyɛɛ me sɛ mempow wɔn no. Bere a manyɛ no, m’abusua pow me. Afei, me honhom fam anuanom mmarima ne mmea no hyɛɛ me nkuran sɛ mempow me honam fam abusuafo no? Dabida. Bible kyerɛkyerɛ sɛ: “Sɛnea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara!”—Luka 6:31.

Abusuafo a Wɔpow Me no a Meboa Wɔn

Mifii fie no, ankyɛ na Nigeria ɔmanko no pae gui. Wɔsɛee m’akuraa no pasaa. Me nnamfonom ne m’abusuafo bebree, a me papa yere a ɔsrɛ maa me no ka ho hweree wɔn nkwa. Sikasɛm sɛee koraa.

Bere a ɔko no baa awiei no, mekɔɔ me kurom kɔsraa me nuabarimanom a wɔboa maa wɔpam me bere a na meyɛ abarimaa no biako. Ná ne yere ne ne mmabea baanu yare ma wɔagye wɔn agu ayaresabea. Enti minyaa tema maa no, na mibisaa nea metumi ayɛ de aboa no.

Ebia esiane n’ahonim a na ebu no fɔ nti, ɔka kyerɛɛ me sɛ onhia hwee. Mekyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ mma onnsusuw sɛ mɛyɛ biribi de atua nea abusua no yɛ tiaa me no so ka. Meka kyerɛɛ no sɛ minim sɛ ɛyɛ nim a na wonnim nti na wɔyɛɛ saa, na me de mepɛ sɛ meboa no ankasa.

Afei ofii ase sui kae sɛ onni sika na ne mma rehu amane. Memaa no sika a ne dodow bɛyɛ sɛ (U.S.) dɔla 300, na mibisaa no sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔyɛ adwuma wɔ Lagos anaa. Bere a mesan kɔɔ Lagos no, mehwehwɛɛ adwuma maa no, na mema ɔbɛtraa me nkyɛn. Ɔtraa me nkyɛn mfe abien, na onyaa sika manee ne yere ne ne mma. Saa bere no mede anigye tuaa ne dan ka tɔɔ n’ano aduan maa no.

Ɔkae sɛ onim sɛ Yehowa Adansefo na wɔresom nokware som. Ɔkae nso sɛ sɛ ɔmfaa ne ho nhyɛɛ wiase no mu nkɔɔ akyiri kɛse a, anka ɔno nso bɛyɛ Ɔdansefo. Nanso ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ nhyehyɛe ama wɔne ne yere ne ne mma ayɛ Bible adesua.

Wɔ 1987 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me ma mekɔyɛɛ ɔmansin adwuma. Mewaree Sarah Ukpong wɔ April 1991 mu. Wɔtoo nsa frɛɛ yɛn fii ɔmansin adwuma no mu kɔɔ Nigeria baa dwumadibea hɔ wɔ 1993 mu. Yegyee saa ɔfrɛ no so kɔsom wɔ hɔ kosii sɛ me yere nyinsɛnee.

Ɛwom sɛ m’abusua pow me wɔ me mmofraase de, nanso honhom fam abusua—awofo, nuabarimanom, nuabeanom, ne mmofra—yɛɛ me atuu. Anigye bɛn ara na ɛyɛ sɛ obi bɛyɛ saa wiase nyinaa abusua soronko yi muni, nea medɔ no nokwarem na ɛno nso dɔ me nokwarem no!—Sɛnea Udom Udoh ka kyerɛe.

[Kratafa 26 mfonini]

Udom ne Sarah Udoh

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena