Ná M’agya Yɛ Oduruyɛfo A Ɔyɛ Adwuma Wɔ Nkuraase
“NÁ ME papa yɛ oduruyɛfo a ɔyɛ adwuma wɔ nkuraase.” Wɔde saa asɛm yi aka nsɛm pii afa nnipakuw bi a na wɔyɛ adwuma pɔtee bi wɔ afeha a ɛto so 20 mfiase no ho. Wɔn ankasa na wɔtetee wɔn ho. Na wɔn mu pii de mmɔdenbɔ kɛse yɛ wɔn adwuma , wɔyɛɛ adwuma denneennen na na wɔyɛ ayamyefo ma wɔn ayarefo. Na nnuruyɛfo a wɔyɛ adwuma wɔ nkuraase no ho wɔ mfaso ma kurow a na wɔtete mu no, ne titiriw no, ahiafo ne wɔn a wɔsa wɔn yare no.
Na ɛte sɛ nea wɔnam sɛnea ayarefo no te nka so na wɔde hu nyarewa ahorow; ebia na ɛyɛ osuahu kɛse a wonyae wɔ nyarewa pii ho no. Wɔyɛɛ eyi a na nnɛyi mfiridwuma ho nimdeɛ nka ho. Na ɛnyɛ sɛ wɔyɛ nnipakuw bi a wɔankɔ sukuu anaasɛ wɔannya ntetee wɔ wɔn adwuma no ho. Wodii kan tetee me papa sɛ ɔkyerɛkyerɛfo na akyiri yi ɔkɔɔ Starling Aduruyɛ Sukuu a ɛwɔ Columbus, Ohio a akyiri yi ɛbɛyɛɛ Ohio Ɔman Suukuupɔn no fã no.
Ma menka sɛnea oduruyɛfo a obi bɛyɛ no te wɔ saa bere no mu no ho asɛm nkyerɛ wo—na wonni nnɛyi nnuru ahorow. Nokwarem no, na wɔde nnuru ahorow a wokura no hyɛ bag tuntum ketewaa bi mu. Anaa, sɛ wɔwɔ wɔn adwumayɛbea a, wobetumi agyina sɛnea ɔyare no te so ama wo aduru a ani yɛ ahabammono, fitaa anaasɛ tuntum. “Adurutɔnfo” no na ɔtɔn nnuru no ma me papa bere a waba me papa nkyɛn wɔ n’adwuma mu no. Enti na oduruyɛfo a ɔyɛ adwuma wɔ nkuraase no anya aduruyɛ ho ntetee wɔ ɔkwan bi so, na ɛntaa mma sɛ ɔyarefo no bɛkɔ baabi a wɔtɔn nnuru wɔ hɔ a mpɛn pii ɛhɔ ware no akɔtɔ aduru bi.
Mfiase no na me Papa de ɔpɔnkɔ ne nteaseɛnam na etu kwan. Akyiri yi ɔtɔɔ kar bi a wɔfrɛ no Ford a wɔde dade hyɛ anim gyim ansa na agye so. Mekae anɔpa a awɔw wom ne sɛnea ɔde dade hyɛ Ford no anim kyinkyim—a ɛmpɛ sɛ egye so ankasa! Sɛnea na ɛte no, na me papa yɛ ɔbarima a odwo nanso anka ɛsɛ sɛ mmɔdenbɔ yi ma afiri no gye so ntɛm ara!
Nanso ɛnkyɛ biara Ford dedaw no gye so na me Papa kɔsrasra ayarefo no. Wɔnam telefon so frɛ no ahemadakye mpo na ɔsɔre fi mpa a ɛso yɛ hyew so kɔ anadwo no sɛ ɔkɔbɔ mmɔden aboa ayarefo no. Yiw, wɔ saa bere no mu no, na nnuruyɛfo na ɛba wo nkyɛn ɛwom mpo sɛ wowɔ ahoɔden ara yiye a wɔde bɛkɔ wɔn nkyɛn de!
Hwɛ su a woyi adi wɔ ɔyarefo no ho! Sɛ oduruyɛfo a ɔyɛ adwuma wɔ nkuraase no kɔ ɔyarefo bi dan mu a, ɔda ahotoso ne ayamye adi na ɔkyerɛ sɛ osusuw ne ho ampa. Ɔkyekye ababaa a ehu aka no a ɔredi yaw bere a ɔrewo ne ba a odi kan no werɛ. Anaa, ɔde ne nsa a ayɛ wiridudu no bɛto wo momaso bere a atiridii ama wo ho ayɛ hyew no. Bere a woyare na n’ankasa bɛhwɛ wo no na ɛte sɛ aduru a ɛma yaw a wodi no gyae. Afei ɔde ne nsa hyɛ ne bag tuntum ketewaa no mu de ne nsa nunu mu yi aduru bi fi mu na ɔka kyerɛ wo sɛ nom, ne sɛ, ɔbɛsan aba bere a wuhia no no.
Na oduruyɛfo a ɔyɛ adwuma wɔ nkuraase no wɔ nimdeɛ pii. Na ɛnyɛ sɛ otumi ma dompe a abu no toa anaasɛ ɔboa ɛnanom ma wɔwo nko na mmom ɛtɔ bere bi a na ɛsɛ sɛ ɔsa nsanyare nso. Bere bi atiridiinini a na ɛtaa ba wɔ saa bere no mu no baa kurow ketewaa a na yɛte mu wɔ West Virginia no mu. Me Papa saa nnipa pii yare. Nokwarem no, wɔka kyerɛɛ yɛn akyiri yi sɛ ne din wɔ kyerɛwtohɔ mu sɛ onipa titiriw esiane sɛ otumi saa obiara a atiridiinini yɛɛ no no yare nti.
Na Otumi Tu Sẽ Nso!
Yiw, na otumi tu sẽ nso na na ɔyɛ eyi de gye sɛnt 50. Ebia na sika a wotua ma no no dɔɔso dodo, sɛ wususuw sɛnea ɛyɛ wɔn yaw no ho na wode toto ɔkwan a wɔnam so tu sẽ nnɛ no ho a. Da koro anadwo wɔ awɔwbere a wim ayɛ wiridudu mu no, ɔbarima bi baa yɛn fie bɛsrɛɛ me Papa sɛ onkotu ne papa sẽ a ɛyɛ ne yaw no mma no. Na ɔkwan a ɛkɔ ne fie no nye koraa mpo sɛ ɔpɔnkɔ ne teaseɛnam bɛfa so enti me Papa traa ɔpɔnkɔ so kɔɔ ɔbarima no fie a ɔkwan a tutuw wɔ so a ɛkɔ hɔ no yɛ akwansin asia no. Ɔyɛɛ eyi de gyee sɛnt 50!
Afei Spanish influensa bae wɔ 1918-19 mu. Na me papa nni adagyew koraa awia ne anadwo. Na nkurɔfo ho pere wɔn sɛ wobenya mmoa afi oduruyɛfo hɔ. Ɛtɔ bere bi a sɛ ofie no nni kwan no ho a, ɛkame ayɛ sɛ wɔma no gyina wɔ ofie biara mu bere a wakɔhwɛ onipa no awiei na ɔresan aba ɔkwan no mu no. Wɔ yɛn ankasa abusua mu no, yɛn mu baanan yaree influensa no bi, na awiei koraa no na me Papa abrɛ kɛse ma enti ɔno nso yaree bi. Nanso esiane ɔno nti, yɛn nyinaa nyaa nkwa.
Oduruyɛfo a Ɔyɛ Adwuma Wɔ Nkuraase—Na N’akatua Yɛ Nea Ɛkɔ Anim
Na akatua bɛn na wonya wɔ eyi nyinaa ho? Wɔ ɔkwan bi so no, na me Papa akatua kɔ anim yiye. Onyaa akomatɔyam kɛse wɔ afoforo a ɔboaa wɔn no mu. Na wɔpɛ n’asɛm yiye na wɔde mmofra pii too no. Nokwarem no, ebinom de wɔn mma mpo totoo ne mmabea nketewa a ɛtɔ bere bi a ɔde wɔn ka ne ho kɔ no.
Wɔ sika fam no, me papa de akatua a ɛte sɛ nea esua nnɛ hwɛɛ ne ho. Na nnuruyɛfo a wɔyɛ adwuma wɔ nkuraase no mu pii wɔ ahoɔden kɛse a wɔde yɛ mfikyifuw na wɔde yɛn nantwi ne nkokɔ de boa. Edu twabere mu a, mpɛn pii wonya akatua te sɛ nnuaba, ntɔmmɔ, prakonam a wɔahyɛ no nkyene ne biribiara a akuafo no dua anaa mmea biara a wɔyɛn wɔn no fi ayarefo no nkyɛn. Sɛ asiane bi to ɔyarefo bi, te sɛ ne nnɔbae a anyɛ yiye a, me Papa tumi twɛn kosi sɛ ɔde ne sika no bɛma no. Na mpɛn pii ɔma ɔyarefo bi sika de hwɛ ne ho bere a ɔyare na ontumi nyɛ adwuma no.
Dakoro bi me Papa fii adwuma bae, na ɔka kyerɛɛ yɛn mmofra no sɛ yɛmmra teaseɛnam no ho mmɛhwɛ biribi. Obuee adaka bi ano na ɔkraman ba fii mu bae—akatua a onyae bere a ɔkɔhwɛɛ obi yare no. Ɔkraman biara nni hɔ a yebetumi adɔ no kɛse sen Bruno a akyiri yi ɔbɛkaa yɛn abusua no ho no.
Wɔ yɛn fie a ɛwɔ Elm Brove, West Virginia no, na me papa adwumayɛbea a faako a ne nnuru gu ka ho no ka yɛn fie no ho. Ɛmfa ho sɛ hena na ɔba adwumayɛbea hɔ bere a yɛredidi no, wɔto nsa frɛ no ma ɔne yɛn bedidi wɔ yɛn pon no ho. Na me papa wɔ ahɔhoyɛ su kɛse na obiara amfi yɛn fie ankɔ a ɔkɔm de no da. Ɛtɔ bere bi a, sɛ baabi a wɔte no ware na sukyerɛma retɔ a wotumi da yɛn nkyɛn mpo ma ade kye.
Ayaresa Kɛse
Na ɛyɛ anadwo wɔ awɔwbere mu wɔ 1929 mu. Bere a na me Papa fi adwuma reba no, bɔs bi bɛpem ne kar no. Owui bere a odii adapɛn abien wɔ ayaresabea hɔ no; na wadi mfe 57. Nnipa pii baa oduruyɛfo a na ɔyɛ adwuma wɔ nkuraase a na wɔda so ara pɛ n’asɛm esiane ne nsrahwɛ ahorow nti no ayi. Nanso yɛanhu amane da esiane ayamye a me papa yii adi kyerɛɛ afoforo no nti. Nokwarem no, sɛ woyi ayamye adi kyerɛ me a, mete nka sɛ ɛyɛ akatua a manya esiane sɛ na mewɔ agya a na ɔyɛ oduruyɛfo a ɔyɛ adwuma wɔ nkuraase no nti.
Afei, ɛnyɛ sɛ meka eyinom nyinaa de kyerɛ sɛ mimmu nnɛyi oduruyɛfo ne nneɛma a ɛyɛ nwonwa a obetumi ayɛ no ahe biara. Nnansa yi ara wɔyɛɛ m’adamfo abofra ketewaa bi a wadi mfe du pɛ adwene oprehyɛn. Oprehyɛn no gyee nnɔnhwerew asia ne fã—a wɔamfa mogya anni dwuma. Wɔ nimdeɛ ne osuahu a me papa wɔ nyinaa akyi no, anka ɔrentumi mmoa abofra yi, ɛmfa ho sɛ anka ɔbɛbɔ mmɔden asen biara de.
Nanso nnɛyi oduruyɛfo mpo wɔ ne sintɔ ahorow. Ɔno nso hu nkurɔfo amane a wohu no ne owu. Ɛsono bere a oduruyɛfo a ɔyɛ adwuma wɔ nkuraase ne nnɛyi oduruyɛfo de traa ase no mu biara. Nanso bere a nhyira wom no bɛba bere a Oduruyɛfo Kɛse no de ayaresa a enni awiei bɛba na “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: ‘meyare’” no. (Yesaia 33:24, NW) Mewɔ ahotoso kɛse sɛ me papa a na ɔyɛ oduruyɛfo a ɔyɛ adwuma wɔ nkuraase no bɛsɔre aba na wabenya hokwan adi akwahosan a enni awiei a adesamma nyinaa benya no ho ahurusi.—Nea wɔkyerɛw mae.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 30]
Wɔ saa bere no mu no, na nnuruyɛfo no na ɛba wo nkyɛn, ɛwom mpo sɛ ebia wowɔ ahoɔden yiye a wubetumi akɔ wɔn nkyɛn de!
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 31]
Me papa buee adaka no ano na ɔkraman ba bi fii mu puei—akatua a onyae bere a ɔkɔhwɛɛ obi yare no