Ɔkwan Bɛn So Na Onyankopɔn De Asomdwoe Bɛba? Na Bere Bɛn?
“Efi bere a anibuei fii ase no, ade a Onipa ahyehyɛ titiriw ne aman ahorow . . . Wɔnkyekyee ɔman biara a nnipa a wowom no yɛ adesamma abusua mũ no nyinaa awo ntoatoaso a wɔte ase wɔ asase so nyinaa no mufo da.”
“Wɔkyekye aman horow pii bere nyinaa . . . wɔn ntam akameakamedi na ama ɔko ahorow a ayɛ anibuei mu nneɛma a enye no mu biako aba no.”
“Aman a wɔkyekye nnɛ wɔ wiase nyinaa a wɔde wɔn ho no rentumi mma asomdwoe nkɔ so ntra hɔ.”—Arnold Toynbee, Mankind and Mother Earth.
ESIANE asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no nti, dɛn ne akwanside atitiriw no mu biako wɔ asomdwoe a wɔde bɛba no ho? Ɛyɛ adesamma a wɔapaapae wɔn mu ayɛ wɔn aman ahorow a wɔde wɔn ho no. Sɛ yɛbɛka no tiaa a, ɛyɛ ɔmampɛ.
Abakɔsɛm kyerɛwfo Arnold Toynbee kaa ɔmampɛ ho asɛm sɛ “Atɔe Fam Kristosom akyi amammui adwen horow abiɛsa no mu nea ɛwɔ tumi kɛse a enye sen biara.” [Sɛnea Toynbee kyerɛ no, afoforo no ne ‘wiase nyinaa komunism,’ ne ‘wiase nyinaa kapitalism.’] . . . Ɔmampɛ yɛ adesamma abusua mũ no nyinaa mu bɛyɛ ɔha biara mu aduɔkron no mu nyamesom mu ɔha biara mu aduɔkron.” Nanso ɔmampɛ apaapae adesamma mu mfe mpempem pii. Ɛnde ɔkwan bɛn so na asomdwoe Nyankopɔn no beyi adebɔne yi afi asase so?
Nea Wogyina so yɛ Nsakrae
Wɔreyɛ nsakrae no wɔ ɔkwan a asomdwoe wom so. Wɔde asomdwoe ne nsusuwii a ɛtra ahye rehyɛ nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa no adwenem. Wɔreyɛ eyi wɔ ɔkwan bɛn so?’ Ɛdenam wiase nyinaa akyerekyere adwuma a Yehowa Adansefo reyɛ no so. Saa nyamesom kuw yi de ne kyerɛwtohɔ akyerɛ sɛ ɛmfa ne ho nhyehyɛ amammuisɛm mu—enni afã biara wɔ nsɛm a ɛfa amammuisɛm ne ɔmampɛ ho mu. Gyinabea yi gyina Kristo nkyerɛkyerɛ a edidi so yi so, nea ɛno nso gyina nokwasɛm titiriw a ɛne sɛ “Onyankopɔn ne dɔ” so no.—1 Yohane 4:8
Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” Ɔkae nso sɛ: Monnɔ mo atamfo, na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo.” (Yohane 13:35; Mateo 5:44) Esiane Yesu nsɛm yi nti, ɔkwan bɛn so na ne nokware akyidifo betumi asua akodi? Ɔkwan bɛn so na wobetumi atan afoforo na wɔakunkum wɔn esiane ɔmampɛ nti? Nokwarem no, wɔrentumi nyɛ saa!
Ɛno nti na Yehowa Adansefo wɔ wiase nyinaa onuayɛ bi a ɛresiesie wɔn ama asetra wɔ nhyehyɛe foforo bi mu wɔ asase so ha wɔ Onyankopɔn soro Ahenni nniso ase dedaw no. Wɔyɛ adanse a ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wobetumi asan akyerɛkyerɛ nnipa ade na ama wɔne wɔn mfɛfo a wofi aman ne mmusuakuw ne ɔkasa nyinaa mu atra ase wɔ asomdwoe mu. Wɔ ɔkwan bi so no, wɔatew kuw biako a adesamma abusua a wɔwɔ asase so nyinaa mufo wom dedaw. Mprempren mpo Adansefo ne wɔn a wɔne wɔn bɔ ɔpepem pii de ‘wɔn nkrante abobɔ nsɔw na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare.’ Wɔmpɛ sɛ wɔbɛma akode so ahyɛ wɔn mfɛfo nnipa anaasɛ wobesua akodi bio.—Yesaia 2:4.
Nsakrae Akɛse Abɛn
Bɛboro mfirihyia 2,500 a atwam ni no, Bible no kaa nsɛm a ebesisi wɔ awiei bere no mu ho asɛm: “Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da [bi so]. . . . Ebebubu Ahenni horow no nyinaa ama asa, na ɛno de, ebegyina daa.” (Daniel 2:44) Eyi ne Ahenni a wɔkyerɛɛ Kristofo sɛ wɔmmɔ ho mpae wɔ Awurade Mpaebɔ no mu no. Yehowa Adansefo reka saa Ahenni nniso no ho asɛm akyerɛ, na wonim sɛ ɛnyɛ nea Onyankopɔn remma ɛmma, efisɛ “Onyankopɔn ntumi nni . . . atoro.”—Hebrifo 6:18; Tito 1:2.
Sɛ Onyankopɔn bɛma asomdwoe aba asase so a, nsakrae kɛse foforo bi ho hia—honhom mu nniso a wɔbɛsakra no. Ɛsɛ sɛ wɔsɛe Satan. Ɛno ne atirimpɔw biako nti a na ɛsɛ sɛ Kristo Yesu wu sɛ mogyadansefo no, ne “sɛ ɔnam owu so betu nea ɔwɔ owu tumi a ɔne Ɔbonsam no.” (Hebrifo 2:14) Nea ɛne Adiyisɛm no mu nkɔmhyɛ hyia no, ɛrenkyɛ wobeyi Satan afi hɔ. Afei amammui sodifo a ɔdaadaa wɔn ma wɔka nsɛm a ɛsɛe adwene a ɛde ɔko ba no rentra hɔ bio. Nnipa a wɔdɔ asomdwoe betumi adan akɔ asomdwoe Nyankopɔn no nkyɛn na ama woanya nniso pa ne asomdwoe.—Adiyisɛm 20:1-3.
Wɔ anisoadehu bi a ɛyɛ anigye mu no, Yohane huu saa ɔsoro ahenni yi sɛ ɛredi tumi wɔ asase so na ɔtee nne bi fi soro se: “Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man. . . . Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.—Adiyisɛm 21:1-4.
Wo nso, wubetumi anya asomdwoe a edi mũ mprempren mpo ne daakye denam hu a wubehu Onyankopɔn atirimpɔw ahorow a ɛfa adesamma ne asase a ɛyɛ fɛ yi ho no so.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]
Wɔde asomdwoe ne nsusuwii a etumi tra ahye rehyɛ nnipa ɔpepem pii adwenem wɔ wiase nyinaa