Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 7/8 kr. 3-4
  • ‘Merenom Biako De Atwa Kwan No’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Merenom Biako De Atwa Kwan No’
  • Nyan!—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mfomso Bɛn Na Ɛwɔ Ho Sɛ Mɛnom Nsa De Aka Kar?
    Nyan!—1986
  • Asanom Ne Afirika—Dɛn Na Wobetumi Ayɛ Wɔ Ho?
    Nyan!—1986
  • Nya Dwoodwoo Afirika Su Ahorow
    Nyan!—1988
  • Nsa Ne Afrika
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 7/8 kr. 3-4

‘Merenom Biako De Atwa Kwan No’

YƐTEE lɔre abɛn ahorow nanso na yesusuw sɛ ɛyɛ mfiri a edum ogya no bi na ɛrekodum ogya. Mefrɛɛ me fipamfo a ɔyɛ adwuma wɔ faako a wodum ogya no wɔ telefon so. Mekae sɛ, ‘Ɔno na obehu nea ɛrekɔ so no.’ Nanso na telefon no nkɔ. Afei mekae sɛ, ‘Ma memfrɛ me ba Jeff. Ebia ohuu nea asi no bere ‘a ɔrekɔ fie no.’ Obiara annye so. Afei mifii ase yɛɛ basaa.

Ná me babarima Jeff a wadi mfe 29 no aba yɛn hɔ saa Kwasida anwummere no ne yɛn abedidi, na na ɔrebɛkra yɛn​—na ɔrekɔ akwamma ɛda a edi hɔ no. Bɛyɛ simma aduasa a atwam yi ara mu na ɔreyɛ me ne ne papa atuu, afifew yɛn ano ansa na ɔrekɔ. Nanso dɛn nti na onnuu fie yi? Faako a ɔte no nware biara.

Mefrɛɛ me fipamfo no bio wɔ telefon so na afei de ne yere gyee so. Ɔkae sɛ ɔbɛka akyerɛ ne kunu na wafrɛ me; ná wapue rekɔhwɛ asɛm a asi. Bere a mewɔ ɔdan mu retwɛn sɛ ɔbɛfrɛ no, polisifo kar begyinae wɔ yɛn dan no anim.

Polisini panyin no baa yɛn pon no ano. Me kunu Steve a ne koma atu no buee ɔpon no. Bere a polisini panyin no nhu nea ɔka no, ofii ase sɛ: “Ɛyɛ me yaw sɛ mereka eyi, na ɛne sɛ akwanhyia kɛse bi asi na wo ba . . . wo ba no . . . awu.”

Saa bere no na metee sɛ Steve ateɛm, na mede mmirika pue bɛhwɛɛ nea asi. Ná minnye nni, enti mekae sɛ: “Ɛrentumi nyɛ nokware. Ɛbɛyɛ obi foforo.”

Polisini panyin no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “Dabi, ɛyɛ me yaw sɛ mereka eyi akyerɛ mo, Owurayere Ferrara. Ɛyɛ asɛm a esii mpofrim ara, nanso, yiw, wawu.” Menkae biribi foforo a mekae anaasɛ meyɛe saa anwummere no.

Saa da no anadwo 9:50 p.m., February 24, 1985 mu no, yɛn ba Jeff, aberante a ne ho yɛ anika a ne ti nhwi fɛfɛ no wui mpofirim ara bere a kar foforo bɛbɔɔ ne kar no mu no. Na ofirikafo biako no nso ɛ? Sɛnea atesɛm krataa mu amanneɛbɔ a matwa asie no kyerɛ no, ɔyɛ aban mmaranimfo panyin a ɔwɔ ɔmantam no mu no abadiakyiri. Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, wɔbɔɔ no sobo sɛ wanom nsa de ka kar. Ɛbere nkutoo na ɛbɛkyerɛ sɛ ebia wobebu no fɔ. Wɔ eyi nyinaa akyi no, Jeff awu.​—Sɛnea Shirley Ferrara ka kyerɛɛ Nyan!.

Nsa a Wɔnom de Kã Afiri​—Ɔhaw a ɛne Owu na Ɛnam. Ɛho akontaabu ahorow no yɛ nwonwa. Wɔ bɛyɛ simma 20 biara mu no, asɛm a ɛte sɛ nea yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no bi si wɔ United States baabi. Akwanhyia ahorow no mu nea ɛboro fã fi asanom na ɛma nnipa a wɔn dodow fi 23,000 kosi 28,000 wuwu afe biara wɔ Amerikafo akwan so. Wobu akontaa sɛ afirikafo a wowuwu wɔ Canadafo akwan so afe biara no ɔha biara mu 40 fi asanom. Ɔhaw a ɛte saa ara wɔ Germany​—wobu akontaa sɛ nnipa baanan biara a wowu wɔ lɔre akwanhyia mu no mu biako fi nsa a wɔnom de ka kar.

Na sɛnea Jeff akwanhyia no da no adi no, sɛ w’ankasa wonnom nsa mfa nka kar mpo a, ɛno nkyerɛ sɛ wowɔ ahobammɔ. Asoɛe a ɛhwɛ ahobammɔ wɔ lɔre akwan so ho nsɛm so wɔ United States no bu akontaa sɛ Fida ne Memeneda anwummere a nsa a wɔnom no dɔɔso no, ɛyɛ nea ofirikafo du biara ma biako nom nsa bow wɔ mmeae bi! Enti sɛ ofirikafo a ɔreba no abow a ontumi nni ne ho so a, ɛnde ahobammɔ bɛn na wowɔ?

Nanso ɛnyɛ asɛm no nyinaa na akontaabu ahorow no da no adi. Akontaabu no rentumi nka awerɛhow a ɛna te sɛ Shirley di bere a ne ba wu wɔ kar akwanhyia a ɛfa nsã ho no mu no. Akontaabu no rentumi nna afobu nka a ofirikafo no te bere a ohu sɛ wahwie obi mogya agu no adi. Sɛnea aberante bi kae no: “Ɛmfa ho sɛ atemmu bɛn na wɔde bɛma no, mɛkɔ so ara akae nokwasɛm yi a ɛne sɛ, esiane me nti nnipa baanan awu no. Efi bere a esii no bere biara nni hɔ a minsusuw ho. Sɛ mesɔre anɔpa anaasɛ merekɔda anadwo a, misusuw ho.”

Ɛwom sɛ́ worennom pii anaasɛ koraa no yɛ w’ankasa asɛm. Nanso sɛ́ wobɛka afiri bere a woanom nsa (anaa aduru foforo bi) no nyɛ nea ɛfa wo nkutoo ho​—bere a afoforo nkwa ho asɛm wom no! Nanso mpɛn ahe na woate sɛ obi reka sɛ ‘merenom biako de atwa kwan no’ na afei ɔde ahoɔhare nom bi ansa na wakɔtra ne stia akyi aka afiri no akɔ fie?

Nsa a wɔnom de kã afiri yɛ ɔhaw a ɛne owu na ɛnam. Dɛn na wubetumi ayɛ de abɔ wo ne w’abusuafo ho ban wɔ ofirikafo a wanom nsa abow no ho? Ansa na yebebua ɛno no, ɛbɛyɛ nea eye sɛ yebesusuw sɛnea nsã ka wo ne w’afirikã no ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena