Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 9/8 kr. 29-31
  • “Afei Worebewu!”—Ɔmmonnaatofo Bi Kɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Afei Worebewu!”—Ɔmmonnaatofo Bi Kɔ
  • Nyan!—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔamma Mmonnaatofo Kwan
    Nyan!—1984
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Sɛnea Wogyina Mmonnaato Ano
    Nyan!—1993
  • Mmonaato—Nea Ɔkenkanee Bɔɔ Ne Ho Ban
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 9/8 kr. 29-31

“Afei Worebewu!”​—Ɔmmonnaatofo Bi Kɔ

Kristoni Bi Fi

NSA bi soo me menewa mu. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛteɛm.

Bere a ɔremia me menewa denneennen no, ɔkae sɛ, “Gyae! Gyae nteɛteɛm no na merenyɛ wo hwee.”

Nanso mannye anni na mantie no nso. Mekɔɔ so bɔɔ mmɔden sɛ mɛteɛteɛm. Mititii n’anim na mebɔɔ ne hwɛe ne ne sẽ a wabɔ no kyenee. Bere a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛso me mu na wama mayɛ komm no, mede me nsa wɔɔ n’aniwam. Meteɛteɛɛm. Bere a ne nsateaa bɛn m’ano no, mede m’ahoɔden nyinaa kaa no.

Na minsuro​—akyiri yi na ehu kaa me. Saa bere yi de, na me bo afuw. Na meremma nsɛmmɔnedifo yi mma me fie na ɔmmɛto me mmonnaa!

Nanso wannyae! Ɔfaa abɔso bi a ɛbɛn no na ɔde kyekyeree me nsa guu m’akyi​—ade a ɔyɛe mpɛn pii mu nea edi kan, esiane sɛ na mitumi san nti. Bere a ɔde ne nsa biako aso me kɔn mu no, ɔhwehwɛɛ ne sẽ ne ne hwɛe no wɔ fam. Migyee me ho mpofrim na mifii ase totow ɔdan no mu nneɛma bobɔɔ no te sɛ nea mabɔ dam.

Eyi maa nsɛmmɔnedifo no ho dwiriw no kakra na ogyae bisaa sɛ, “Dɛn na ɛhaw wo?” Bere a ogyaee no, miguanee nanso ɔkyeree me na ɔtwee me kɔɔ ɔdan a yɛda mu no mu na ɔtow me kyenee mpa no so. Bere a ɔsan kyekyeree me nsa akyi no, otumi worɔw m’atade no kakra. Meperee na mebobɔɔ no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsɔre afi me so. Na mempɛ ne kasa fĩ ne adebɔne a na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma me ne no ayɛ no!

Awiei koraa no, mitumi san abɔso no fii me nsa, misum no na mede m’ani kyerɛɛ ɔpon a ɛwɔ ɔdan no akyi no. Mitumii soo ɔpon no funuma mu nanso bere a mikyimii no ɔsoo me mu wɔ m’akyi na ɔde me too fam. Mitumi faa sekan bi a ɛbɛn me na mede twaa ne nan ho. Ɔteɛm sɛ, “Hahaa, Afei worebewu!” Ofii asɔ bobɔɔ me ti na ade tɔɔ me so.

Afei na mitumi hu sɛ ɛsɛ sɛ anka meyɛ ahwɛyiye kɛse. Na mema m’ani da me ho so sɛ meremfa me ho nkɔhyɛ ɔhaw ne nsɛmmɔnedifo nsam bere a mapue afi fie bere nyinaa. Na me ne me kunu a ɔyɛ Kristoni no tu kwan bere nyinaa. Na menkɔ mmeae ahorow a nsɛmmɔnedifo a wɔte saa no betumi akɔ hɔ no, na na mede anidahɔ siesie me ho bere nyinaa. Manhwɛ kwan da sɛ ɔmmonnaatofo bi benya akokoduru ato ahyɛ me so wɔ m’ankasa fi.

Na ɔbarima yi yɛ adwuma wɔ baabi a wɔresi ɔdan bi a ɛbɛn yɛn fi. Na adansi adwuma no wura ayɛ nhyehyɛe sɛ wɔmmɛtwe anyinam ahoɔden mfi yɛn fi na wɔmfa nyɛ adwuma no. Wɔ bere ne bere mu no, sɛ wɔde anyinam ahoɔden no di dwuma ma ɛboro so a, odwumayɛfo bi san ba yɛn fi besiesie. Na ɛyɛ nhyehyɛe pa, nanso na nyansa nnim.

Ɛda adi sɛ ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛtow ahyɛ me so bere a m’ani nna me ho so. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔhwɛ kwan sɛ ehu bɛka me na mapene so a merenka hwee. Me ho dwiriw me bere a ɔretow ahyɛ me so no, nanso mansuro. Meyɛɛ ho biribi ntɛm ara. Mifii ase teɛteɛɛm, mititii no, mede me nan pem no na mekaa no ntɛm ara. Na ɛyɛ ade a eye sen biara a matumi ayɛ efisɛ ko a me ne koe no maa ne ho dwiriw no. Ɛma minyaa adwene fii mfiase sɛ onni n’ankasa anaasɛ me so tumi. Ɛma misii me bo kɛse sɛ me ne no bɛko na ɛhyɛɛ anidaso a na mewɔ sɛ metumi adi nkonim no mu den.

M’ani so tetee me bere a na meda akongua a ɛwɔ kar bi a ɛrekɔ anim so no. Na ɔde abɔso no akyekyere me kɔn te sɛ ɔkraman bi na na okura mu denneennen bere a ɔreka kar no. Bere a m’adwenem mu fii ase daa hɔ no, faako a mihui sɛ mewɔ ne nea ɛyɛe a mewɔ hɔ no maa me bo fuwii ntɛm ara.

Wɔ mmɔden kɛse a mebɔe sɛ mɛma kar no ahwe ase no mu no, mede m’abatwɛw pem stia no. Na migye di sɛ afei de ɔbɔdamfo yi ani gye ho kɛse sɛ obekum me na ɛnyɛ sɛ ɔbɛto me mmonnaa. Obekum me sɛnea ɛbɛyɛ a merentumi nkyerɛ n’akyi kwan akyiri yi. Ɛwom sɛ kɔ a mekɔɔ so ne no peree bɛyɛ dɔnhwerew fa no ama mabrɛ de, nanso na ama ɔno nso abrɛ. Esiane sɛ na ɔno nso abrɛ na wayɛ basaa nti, awiei koraa no ogyinae wɔ lɔre kwan no ho na ɔpiaa me fi kar no mu. Ofirikafo foforo gyinae na ɔde me kɔɔ ayaresabea.

Nanso na madi nkonim! Wanto me mmonnaa! Na me na madi nkonim! Na m’ahonim nhaw me na na meda so ara wɔ obu ma me ho. Na makura me mudi mu ama Ade Nyinaa so Tumfoɔ, Yehowa!

Ɛno nkyerɛ sɛ m’ani gyei kɛse bere a na meda ayaresabea hɔ wɔ nna kakraa a na edi hɔ no mu no. Ehu kɛse kaa me, me ho nyinaa yɛ me yaw na na mayɛ basaa kɛse. Afei ehu a anka me bere a ɔtow hyɛɛ me so no kaa me kɛse. Mekɔɔ so susuwii nea anka ɛbɛto me no ho. Wɔ saa bere yi mu no, polisifo bisabisaa me nsɛm na ehuu kaa me bere a metee sɛ bɛyɛ adapɛn asia pɛ a woyii no fii afiase esiane mmonnaa a ɔtoo obi nti no.

Da a woyii me fii ayaresabea no, na ɛsɛ sɛ mekɔ polisifo atrae kɔkyerɛ ɔbarima yi wɔ nnipa a polisifo ama wɔato santen no mu. Yiw, na mepɛ sɛ wɔbɔ no sobo. Metee nka sɛ n’aso a mɛma wɔatwe no yɛ ade a ɛsɛ sɛ meyɛ de boa me mfɛfo mmea a ebia ɔbɛto ahyɛ wɔn so no ne ɔkwan a mɛfa so adi nea atoto no ho dwuma na makyekye me werɛ sɛ na me wɔ m’asetra so tumi. Na ɛnyɛ den mma me sɛ mɛkyerɛ no wɔ nnipa a wɔato santen no mu. Na ɔne nea ɔde plasta atetare n’anim ne ne nsa ho no!

Wɔ adapɛn a edi hɔ no mu no, me mfɛfo gyidifo a wɔwɔ Yehowa Adansefo Asafo a ɛwɔ kurow no mu no mu nkrataa ne sra a wɔbɛsraa me wɔ ayaresabea hɔ ne fie no ma minyaa awerɛkyekye. Ebinom kae sɛ wɔn ani agye me ho kɛse. Na ebinom nnim nea wɔbɛka nanso wɔkyerɛe sɛ wosusuw me ho denam ba a wɔba bɛhwɛɛ me no so. Ebinom nso kae sɛ meyɛ ɔbea a ɔyɛ ɔkatakyi nanso wɔ nokwarem no, ɛnte saa ankasa. Bere a mihyiaa ɔhaw no, mede nea masua wɔ Bible adesua a meyɛ no mu dii dwuma na ɛyɛɛ yiye.

Esiane sɛ meyɛ onipa nti, na ɛho hia sɛ wɔkyekye me werɛ mpɛn pii wɔ bere a na merenya ahoɔden no mu. Ɛtɔ bere bi a midi awerɛhow kɛse. Na mempɛ sɛ mefi adi kosi bere bi. Bere a mitumi daa akokoduru adi wɔ mmere horow bi mu no, me kunu betumi aka akyerɛ wo sɛ ɛtɔ bere bi a me ho wosow na midi awerɛhow bere a m’adwene ne me koma bɔ mmɔden sɛ ɛbɛma me werɛ afi ade a ɛyɛ hu yi no. Ebia ade biako a ɛboaa me kɛse ma me ho tɔɔ me ne nim a na minim sɛ ɛdenam Yehowa mmoa so no mayɛ nea ɛteɛ sɛnea metumi no. Wɔ bere a m’ani agye mu no, minyaa biribi kakraa a megyina so adi ahurusi. Na Bible nkyekyem ahorow yi na na mede kyekye me werɛ wɔ bere ne bere mu!

“Sɛ wɔde abofra a ɔyɛ ɔbaabun ma ɔbarima bi aware na ɔbarima bi hu no kurow mu na ɔne no da a, ɛnde momfa wɔn baanu no mfi adi nkɔ kurow no abobonim, na munsiw wɔn abo ma wonwuwu: ababaa no, sɛ ɔwɔ kurow mu na wanteɛm, ne ɔbarima no, sɛ wabrɛ ne yɔnko yere ase nti; na yi bɔne no fi wo mu. Na sɛ ɔbarima bi hu ababaa a wɔagye no aware wɔ wuram, na ɔbarima no kyere no ne no da a, ɛnde ɔbarima a ɔne no dae no nko na onwu, na ababaa no de, nyɛ no hwee, bɔne a ɛsɛ sɛ owu nni ababaa no so, efisɛ sɛnea onipa sɔre hyɛ ne yɔnko kum no no, saa na asɛm yi te: Efisɛ wuram na ohuu no, na ababaa a wɔagye no mmra no teɛɛm, na obi a obegye no nni hɔ.”​—Deuteronomium 22:23-27.

Mede aseda kɛse mae sɛ minim nsɛm yi. Akyerɛ me abrabɔ fam asɛyɛde a mewɔ. Amma manyɛ basaa. Esiane eyi nti, na minim nea ɛsɛ sɛ meyɛ. Meteɛteɛm na meko tiaa no nso. Mede me ho to afotu a ɛwɔ Bible mu no so na mihui sɛ ɛyɛ me botantim. Na me ne me kunu taa bɔ mpae; mesan nyaa ahoɔden.

Ɛyɛ me pɛ sɛ ɔbea foforo biara renhyia obi a ɔbɛpɛ sɛ ɔbɛto no mmonnaa anaasɛ ɔbɛto no mmonnaa ankasa. Sɛnea Uniform Crime in the United States, 1983 de, kratafa 5 a U.S. Asoɛe a ɛhwɛ nsɛmmɔnedi ho nhwehwɛ mu ho nsɛm so tintimii kyerɛ no, wɔto obi mmonnaa wɔ simma 7 biara mu wɔ United States. Wɔ me fam no, mede me ho too Yehowa so, mekaee ne nsɛm na meteɛteɛɛm. Ɛde ka ho no, meko tiaa no.

Ankyɛ biara wodii ɔmmonnaatofo a ɔtow hyɛɛ me so yi asɛm. Wɔ February 7 wɔ afe yi mu no, wobuu no fɔ wɔ nsɛmmɔnedi ahorow a edidi so yi ho: ɔbɔɔ mmɔden sɛ obedi awu; obewia ade; ɔbɛto mmonnaa; ne sɛ ɔbɛkyere obi asie.

Enti ɛsɛ sɛ akokoduru mu a yefi de yɛn ho to Yehowa so bere nyinaa no bunkam onipa ho suro biara so. Momma yɛn nso yɛmfa Dawid dwom no nyɛ yɛn de bere a yɛde yɛn ho to so a yenhinhim: “Onyankopɔn so na mede me ho mɛto, minsuro, onipa betumi ayɛ me dɛn?”​—Dwom 56:11.​—Wɔkyerɛw mae.

[Box on page 31]

Ɔbarima a ɔfa ɔbarima bi yere na ɔne ne yɔnko yere sɛe aware no, okum no wonkum ɔbarima ne ɔbea awaresɛefo no. Na ɔbarima a ɔne n’agya yere da no, woyi n’agya adagyaw so; okum no wonkum wɔn baanu nyinaa; wɔn mogya gu wɔn atifi. Na ɔbarima a ɔne n’ase a ɔyɛ ne ba yere da no, okum na wonkum wɔn baanu nyinaa; wɔayɛ akyide; wɔn mogya gu wɔn atifi. Na ɔbarima a ɔne ɔbarima bi da ɔbea nna no, wɔn baanu ayɛ akyide, okum na wonkum wɔn; wɔn mogya gu wɔn atifi. Sɛ ɔbarima bi fa ɔbea ne ne na nyinaa a, ɛyɛ abusude; wɔmfa ogya nhyew ɔno ne wɔn nyinaa, na abusude antra mo mu.​—Leviticus 20:10-14.

[Kratafa 30 adaka]

Nea enti a ɛsɛ sɛ woko tia obi a ɔtow hyɛ wo so ntɛm ara

1. Ehu betumi aka no ma wagyaw wo hɔ akɔ

2. Wubetumi adi no so na woaguan

3. Nna ho nkate a wanya no ano betumi adwudwo anaasɛ ɔbɛbrɛ na waguan

4. Wubetumi ama afoforo ate wo nka na wɔabɛboa wo

5. W’ahonim renhaw wo. (Sɛ ɔto wo mmonnaa mpo a, worenhwere obu a wowɔ ma wo ho anaasɛ tew a Onyankopɔn bu wo sɛ wo ho tew no)

6. Pira a wubepira no no bɛma polisifo ahu no akyiri yi (sɛ nhwɛso no, ne honam a ɛbɛka w’awerɛw mu no)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena