Dɛn Ne Ano Aduru?
EGYPTAIR wimhyɛnkafo Hani Galal kaa tow a asraafo no tow hyɛɛ wimhyɛn a wɔafa emufo nnommum no so ho asɛm sɛ, “Na ɛno ara ne ano aduru.” Nanso so ɛyɛ ano aduru ankasa bere a wokunkum akwantufo a wɔn ho nni asɛm anaasɛ wopirapiraa wɔn kɛse mpo no?
Nokwarem no, wɔn a asɛm no fa wɔn ho no mu biara nni hɔ a onim nsɛmmɔnedi ano aduru. Ebetumi aba wɔ akwan horow piiso ne mmeae ahorow pii. Brian Jenkins a ɔyɛ nsɛmmɔnedifo ho nsɛm ho ɔbenfo no ka sɛ, “Nsɛmmɔnedi te sɛ anansesɛm mu aboa bi a wɔfrɛ no Hydra no. Bere biara a wutwa ne ti no, abien fifi wɔ ananmu.”
Nnipa kakraa bi anaasɛ biako pɛ mpo betumi ama ehu aka nnipa ɔpepem pii. Awuduru a nnansa yi wɔde guu ade a wɔde yɛ atipae aduru a wɔfrɛ no Tylenol mu wɔ United States no mu a wɔkaa ho asɛm sɛ “nsɛmmɔnedi a ɛho tew na ɛyɛ mmerɛw” no yɛ nhwɛso biako. Aban mpanyimfo nnim ɔkwan a wɔbɛfa so adi nea abɛyɛ atua a wɔtew tia adesamma abusua no ho dwuma.
Nanso dɛn nti na wɔtew atua yi? Dɛn na ɛma wodi nsɛmmɔne? Nkurɔfo te nka sɛ wɔhyɛ wɔn so na nsisi ahorow ama wɔayɛ basaa, enti wobu nsɛmmɔnedi sɛ ebia ɛne nea wobetumi de adi ho dwuma. Wɔn a wɔfaa TWA Flight 847 akwantufo no nnommum wɔ ahohuru bere a etwaam no mu de wɔn nsa hyɛɛ wɔn asɛm yi ase: “Nnipa a wɔhyɛ wɔn so wɔ asase so.” Ampa, TWA wimhyɛnkafo no ka kyerɛɛ obi a obisabisaa no nsɛm wɔ television so no sɛ: “Saa nnipa yi asɛm teɛ.”
Wɔ Rome wimhyɛn gyinabea wɔ awɔwbere a etwaam no mu no, na nsɛmmɔnedifo a wokum wɔn no mu biako akyerɛw asɛm bi wɔ krataa so de ahyɛ ne ho a ɔde rekɔma “Sionfo” a ɛkenkan sɛ: “Esiane sɛ moasɛe yɛn asase, yɛn nidi, yɛn nkurɔfo nti, yɛ nso yɛbɛsɛe biribiara, mo mma mpo na ama moate awerɛhow a yɛn mma di no nka. Yɛde mogya besi su a yɛasu no ananmu.” Na wɔde wɔn nsa ahyɛ krataa no ase sɛ: “Mogya Adansefo a wɔwɔ Palestina.”
Nanso so Palestinafo yi yɛ mogya adansefo anaasɛ nsɛmmɔnedifo? Ná asraafo kuw bi a United States gyina wɔn akyi wɔ Nicaragua no nso—so wɔyɛ nnipa a wɔreko apere ahofadi anaasɛ nsɛmmɔnedifo? Nokwarem no, nea obi bu no sɛ ɔyɛ nsɛmmɔnedifo no yɛ nea ɔfoforo nso bu no sɛ ɔyɛ obi a ɔreko apere ahofadi.
Nanso wɔ din a wɔde frɛ wɔn no nyinaa akyi no, obiara nni hɔ nnɛ a wɔrentumi nni no nsɛmmɔne. Ahobammɔ ho nhyehyɛe ahorow—dɔla ɔpepepem 5 a United States aban no resɛe de abɔ n’adan a ɛwɔ amannɔne ho ban no mpo—nyɛ ano aduru ankasa. Nhyehyɛe ahorow yi rentumi ntu nea ɛde nsɛmmɔnedi ba no ase. Nanso ano aduru wɔ hɔ. Na bere a onipa rentumi mfa mma no, Onyankopɔn betumi.
Nsɛmmɔnedi a wɔdan kɔ so no rentumi mma nnipa a wɔhyɛ wɔn so wɔ asase so no nnya ahotɔ na mmom Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛbɛbam no na ɛbɛma wɔanya ahotɔ: “Na tẽefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase so, na wɔatu nkontompofo afi so.”—Mmebusɛm 2:21, 22.
Ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɔhyɛ yi bɛbam. Ne sodifo a ɔne Yesu Kristo a wɔanyan no afi owu mu no bɛhwɛ ma aba mu. Bible nkɔmhyɛ bi ka wɔ Oyi ho sɛ: “Na trenee na ɔde bebu atɛn ama mmɔboroni, na ɔde asɛntrenee adi ama asase so amanehunufo; na ɔde n’anom honhom akum abɔnefo.”—Yesaia 11:4.
Yiw, ɛrenkyɛ biara, Onyankopɔn Ba Yesu Kristo beyi nsisi ne wɔn a wɔde ba nyinaa afi hɔ. Wɔ Onyankopɔn trenee nhyehyɛe foforo no mu no, nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ biara bɛyɛ nea atwam. Afei obiara bɛtra ase wɔ ahotɔ mu a onsuro sɛ biribi bepira no.—Adiyisɛm 21:3, 4.