Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 2/8 kr. 21-23
  • Hwɛ Yiye Wɔ Akenkan Ho Anihaw Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hwɛ Yiye Wɔ Akenkan Ho Anihaw Ho
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akenkan So Mfaso Horow
  • Adwene a Ɛkari Pɛ
  • Sɛnea Awofo Betumi Aboa
  • Bible—Mmoa a Ɛkyɛn So
  • Nea Enti a Ehia Sɛ Mmofra Kenkan Ade—Ɔfã 1: Wobɛkan Ade Anaa Wobɛhwɛ Biribi?
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Bata Akenkan Ho
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Menkenkan? Dɛn Ntia?
    Nyan!—1984
  • Bible a Yɛbɛkenkan no Daa so Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 2/8 kr. 21-23

Hwɛ Yiye Wɔ Akenkan Ho Anihaw Ho

AKENKAN ho haw foforo bi rekɔ so wɔ yɛn wiase yi mu. Wɔfrɛ no akenkan a wɔmpɛ. Wɔkyerɛ ase sɛ “su anaa tebea a obi wom a otumi kenkan ade nanso [n’ani] nnye ho sɛ ɔbɛyɛ saa.a (Merriam-Webster’s Collegiate Dictionary, Tenth Edition) Yiw, akenkan—a bere bi na wobu no anigyede no—yɛ biribi a wɔtaa bu no adwumaden nnɛ. Abeawa bi a wadi mfe 12 nwiinwii sɛ: “Ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden ansa na woatumi akenkan ade, na ɛno nyɛ anigye.”

Mpanyimfo pii nso mpɛ akenkan. Sɛ nhwɛso no, United States hoahoa ne ho sɛ ɔman no mu nnipa ɔha biara mu nkyem 97 na wonim akyerɛw ne akenkan; nanso mpanyimfo a wɔwɔ Amerika no mu bɛyɛ fã ntaa nkenkan nhoma anaa nsɛmma nhoma! Ɛda adi pefee sɛ, tumi a wotumi kenkan ade ne ɔpɛ a wɔde kenkan ade no nyɛ pɛ bere nyinaa. Eyi yɛ nokware mpo wɔ nnipa a wɔn nhomanim akɔ anim yiye no fam. Aberante bi a wawie Harvard Sukuupɔn ka sɛ: “Sɛ mifi adwuma ba fie a mabrɛ no a, sɛ́ anka mɛfa nhoma no mesɔ TV. Ɛno yɛ mmerɛw.”

Dɛn na aba akenkan so? Wɔ nnansa yi mfe mu no, nsɛm ho amanneɛbɔ a egye nnipa adwene no abunkam akenkan a na nnipa dodow no ara pɛ so. Stratford P. Sherman kyerɛw wɔ Fortune nsɛmma nhoma mu sɛ: “Mprempren a yɛwɔ MTV—ne yɛn VCR ne Nintendo ne Walkman no—ɛte sɛ nea akwanhwɛ a ɛne mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yɛbɛkenkan nhoma no nyɛ mmerɛw te sɛ mmere a na emu dwumadi nnɔɔso no.” Ebia ade a egye bere sen biara a ɛne akenkan si akan ne television. Nokwarem no, ebedu bere a Amerikani biara bedi mfe 65 no, na ɔde ne nkwa nna mu mfe akron ahwɛ TV!

Esiane sɛ wɔtaa de TV hwɛ si mfaso a wobenya afi akenkan mu ananmu nti, ɛbɛyɛ papa sɛ yebesusuw nsɛm a edidi so yi ho.

Akenkan So Mfaso Horow

Akenkan kanyan nsusuwii. Television susuw ade ho ma wo. Ɛma biribiara mu da hɔ: anim hwɛbea, nne a wɔde kasa, ne nneɛma ho mfonini.

Nanso, ɛdefa akenkan ho no, wopaw agoru no mu nnipa no, wohwehwɛ adehwɛ pon, na wokyerɛ dwumadi no kwan. Abarimaa bi a wadi mfe 10 ka sɛ: “Wowɔ ahofadi pii. Wubetumi ama nnipa no mu biara ayɛ wɔn ho sɛ nea wopɛ. Sɛ wokenkan ade a, wowɔ nneɛma so tumi kɛse sen sɛ wohwɛ biribi wɔ TV so.” Sɛnea Oduruyɛfo Bruno Bettelheim kae no, “television nya nsusuwii so tumi nanso ɛmma ɛnne ne ho. Nhoma a ɛfata kanyan adwene no mpofirim na ɛma ɛde ne ho.”

Akenkan ma obi ho kokwaw kasa mu. Reginald Damerall a ɔwɔ Massachusetts Sukuupɔn mu ka sɛ: “Abofra anaa ɔpanyin biara nni hɔ a television a ɔhwɛ no pii ma otumi hu sɛnea wɔhwɛ no yiye. Ahokokwaw biara a egye no yɛ ketewa bi araa ma yɛntee sɛ obi nnim sɛnea wɔhwɛ television.”

Nea ɛne no bɔ abira no, akenkan gye kasa mu ahokokwaw na ɛma enya nkɔanim; wɔde bata ɔkasa ne akyerɛw ho ɔkwan biara so. Obi a ɔkyerɛ Engiresi kasa wɔ ntoaso sukuu bi mu ka sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ wubedi nkonim sɛ osuani a, egyina wo nsɛmfua dodow a wunim so kɛse, wɔ nea wubetumi ate ase bere a wokenkan ade ne sɛnea wususuw nsɛm ho bere a wokyerɛw ade mu, na ɔkwan biara nni hɔ a wobɛfa so anya nsɛmfua a eye pii sen sɛ wobɛkenkan ade—ebi nni hɔ.”

Akenkan de boasetɔ ba. Mfonini bɛboro apem betumi aba TV so wɔ dɔnhwerew biako pɛ mu, na ɛmma nea ɔrehwɛ no nnya bere pii a ɔde besusuw nea ɔrehwɛ no ho. Oduruyɛfo Matthew Dumont ka sɛ: “Bere kakraa bi pɛ na saa adeyɛ yi ma nea ɔrehwɛ no nya de susuw nsɛm ho ankasa.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ, nhwehwɛmu ahorow bi kyerɛ sɛ gyinae ahorow a wɔpere wɔn ho si ne peterepetereyɛ fi TV a wɔhwɛ no mmoroso—wɔ mmofra ne mpanyimfo nyinaa mu.

Akenkan gye boasetɔ. Nkɔmmɔbɔ ho ɔbenfo Neil Postman kyerɛw sɛ: “Ɔkasamufa, nkyekyem, ne nkratafa no da adi nkakrankakra toatoa so, na ɛne ntease a ennyina nkate so koraa hyia.” Wɔ sɛnea ɔkenkanfo no ankasa pɛ no ntɛm mu no, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ nea ɛwɔ kratafa no mu no ase, ɔkari hwɛ, na osusuw ho. Akenkan yɛ ɔkwan dennen bi a wɔfa so te biribi ase a egye—boasetɔ—na ɛma enya nkɔso.

Adwene a Ɛkari Pɛ

Ɛmfa ho sɛ akenkan de mfaso ba no, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ mfaso wɔ television nso so. Ebetumi de nsɛm bi ama sen akenkan.b TV so dwumadi bi a ɛyɛ anigye betumi akanyan akenkan ho anigye mpo. The Encyclopedia Americana ka sɛ: “Wɔbɔ amanneɛ sɛ TV so dwumadi a ɛfa nhoma ahorow ne adebɔ ho nyansahu ho no nya mmofra so nkɛntɛnso ma wɔhwehwɛ ne nsɛmti a ɛte sɛ ɛno ho nhoma.”

Adwene a ɛkari pɛ ho hia. Nhoma a wɔatintim ne television yɛ nsɛm ho amanneɛbɔ akwan abien a ɛsono emu biara. Emu biara so wɔ mfaso horow ne nneɛma a entumi nyɛ. Wobetumi de emu biara adi dwuma—anaa wɔde adi dwuma ɔkwammɔne so. Yiw, akenkan mmoroso a ɛma obi tew ne ho no betumi apira no te sɛ TV a wɔhwɛ no mmoroso ara pɛ.—Mmebusɛm 18:1; Ɔsɛnkafo 12:12.

Nanso, mpɛn pii no, wommu akenkan kɛse sɛ nneɛma a wɔhwɛ. Nsɛm ho ɔmanneɛbɔfo bi a ofi Japan bɔ abubuw sɛ: “Yɛregyae akenkanfo a yɛyɛ no akɔyɛ adehwɛfo.” Wohu eyi titiriw wɔ mmofra mu. Nea efi mu ba ne sɛ, wɔn mu pii nyinyin a wɔmpɛ akenkan na akyiri yi wohu ho amane. Enti, ɔkwan bɛn so na awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛkenkan ade?

Sɛnea Awofo Betumi Aboa

Yɛ nhwɛso. Newsweek mu asɛm bi a wɔato din “Sɛnea Wɔtete Mmofra Ma Wɔyɛ Akenkanfo Pa” no de afotu a emu da hɔ yi ma: “Sɛ wudi bere pii wɔ TV anim a, akyinnye biara nni ho sɛ wo ba nso bɛyɛ saa ara. Wɔ ɔkwan foforo so no, sɛ wohu sɛ wode anigye moamoa wo ho kenkan nhoma pa a, wobenya adwene sɛ wonka akenkan ho asɛm nko, na mmom woyɛ nea woka no nso.” Nea eye mpo ne sɛ, awofo bi kenkan ade den kyerɛ wɔn mma. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛde abusuabɔ a emu yɛ hyew ba—biribi a ayera wɔ mmusua pii mu nnɛ wɔ ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow so.

Yɛ nhomakorabea. Oduruyɛfo Theodore Isaac Rubin ka sɛ: “Nya nhoma wɔ wo ho—nhoma ahorow pii. Mekae sɛ na mekenkan efisɛ na ɛwɔ hɔ, na na obiara nso kenkan bi.” Sɛ nhoma wɔ hɔ a, mmofra bɛkenkan. Sɛ wɔwɔ nhoma no bi wɔ wɔn ankasa nhomakorabea a, ɛbɛkanyan wɔn kɛse ma wɔakenkan.

Ma akenkan nyɛ anigye. Wɔaka sɛ sɛ abofra bi pɛ akenkan a, na wɔadi mmɔden a wɔbɔ sua ade no mu fã mu nkonim. Enti ma akenkan nyɛ anigye mma wo ba. Ɔkwan bɛn so? Nea edi kan no, to bere a ɔde hwɛ television ano hye; ɛkame ayɛ sɛ ebedi akenkan anim kan daa. Nea ɛto so abien no, nya tebea a ɛfata ma akenkan; kommyɛ ne mmeae te sɛ mo ankasa nhomakorabea a nkanea a ɛfata wɔ hɔ, kanyan akenkan ho anigye. Nea ɛto so abiɛsa no, mma akenkan nnyɛ ɔhyɛ. Ma abofra no nnya nhoma ne hokwan a ɔde bɛkenkan ade, nanso ma onnya ɔpɛ no.

Awofo bi fi ase kenkan ade kyerɛ wɔn mma bere a wosusua no. Eyi betumi ayɛ mfaso. Abenfo bi ka sɛ ebedu bere a abofra bedi mfe abiɛsa no, na ɔte nsɛmfua a ɔne mpanyimfo de bedi nkɔmmɔ no mu dodow no ara ase—ɛwom sɛ na n’ano nnya nkokwaw saa nsɛmfua yi so de. The First Three Years of Life nhoma no ka sɛ: “Mmofra fi ase sua kasa te ase ntɛm sen nea wɔbɛka.” Bible ka fa Timoteo ho sɛ: “Wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no.” (2 Timoteo 3:15) Asɛmfua abofra no fi Latin asɛmfua infans, a nea ɛkyerɛ ankasa ne “nea ɔnkasa” mu. Yiw, Timoteo tee kyerɛwsɛm mu nsɛm bere tenten ansa na ɔretumi aka.

Bible—Mmoa a Ɛkyɛn So

The Bible in Its Literary Milieu nhoma no ka sɛ: “Bible no yɛ nhoma ahorow a ɛda nsow yiye a wɔde abom.” Nokwarem no, anwensɛm, nnwom, ne abakɔsɛm a mmofra ne mpanyin nyinaa betumi asua wɔ ne nhoma 66 no mu. (Romafo 15:4) Bio nso, Bible no “fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn.”—2 Timoteo 3:16.

Yiw, nhoma a ɛho hia sen biara a ɛsɛ sɛ yɛkenkan ne Onyankopɔn Asɛm, Bible. Wɔ ntease pa mu no, na ɛsɛ sɛ Israel hene biara nya Kyerɛwnsɛm no bi na ‘ɔkenkan mu ne nkwa nna nyinaa.’ (Deuteronomium 17:18, 19) Na wɔhyɛɛ Yosua sɛ ɔnkenkan kyerɛw nsɛm no “wɔ ne tirim, NW”—ɛne sɛ, ɔno ankasa nkenkan no bɔkɔɔ—“awia ne anadwo.”—Yosua 1:8.

Yebegye atom sɛ, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛkenkan Bible no afã ahorow. Ebehia ama nsusuwho. Kae, Petro kyerɛwee sɛ: “Mompɛ asɛm no nufusu kronkron, sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn mprempren.” (1 Petro 2:2, Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Sɛ yɛde di dwuma a, Onyankopɔn Asɛm no “nufusu” a yebenya ho akɔnnɔ no betumi abɛyɛ yɛn su te sɛ abofra a ɔrepɛ ne nã nufu anom. Yebetumi anya Bible a yɛbɛkenkan ho anisɔ.c Mmɔden a yɛbɛbɔ ayɛ saa no fata yiye. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.” (Dwom 119:105) So yɛn nyinaa nhia akwankyerɛ a ɛte saa wɔ yɛn mmere a ɔhaw wom yi mu?

[Ase hɔ nsɛm]

a Ɛnsɛ sɛ yedi mfomso bu “akenkan a obi nnim,” a ɛne sɛ “ontumi nkyerɛw anaa ɔnkenkan ade” no sɛ ɛyɛ akenkan a wɔmpɛ.

b Esiane sɛ Ɔwɛn Aban Asafo nim eyi nti, ɛde videocassette ahorow a ɛfa Bible mu nsɛm ho aka nhoma a etintim no ho wɔ nnansa yi mfe mu.

c Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔaboa mmofra ma wɔanya Bible mu nimdeɛ ho akɔnnɔ no, Ɔwɛn Aban Asafo no ayɛ nhoma ahorow a wɔde sua Bible no a asete nyɛ den, te sɛ Me Nhoma a Ɛka Bible mu Nsɛm ne Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no a Yebetie No. Nhoma abien no nyinaa san wɔ audiocassette ahorow so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena